Ɛrekɔ So Dɛn?
Wɔawie Ahenni Asa no so nkonnua bɛyɛ 200. Wɔahyehyɛ mmorɔn so akanea no bi awie na wogu so reyɛ lɔre akwan ne akwan afoforo a wɔde concrete regu so no ho adwuma. Ka a wɔbɔe wɔ February mu yɛ ¢3,913,325.20. Ɛho ka a wɔabɔ besi saa bere yi yɛ ¢187,257,344.74. Yɛda mo ase kɛse wɔ mo mmoa a mugu so de rema no ho.