Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Yehowa Mu Ahotoso Ma Obi Hyira Ne Ho So Gye Asubɔ
    Ɔwɛn-Aban—1988 | March 1
    • mu’ bere a wɔbɔɔ no asu no akyi. Eyi kyerɛ pefee sɛ wɔde no wuraa nsu no mu. (Marko 1:9, 10) Nokwarem no, biribi foforo biara nni hɔ a wɔbɛkyerɛ sɛ ɛyɛ asubɔ, efisɛ Hela asɛmfua a wɔakyerɛ ase “asubɔ” no kyerɛ sɛ wɔde “benu mu, wɔde bɛhyɛ mu.”​—Asomafo no Nnwuma 8:36-39.

      18. Dɛn nti na nsu mu asubɔ yɛ obi ho so a ohyira ma Onyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne a ɛfata?

      18 Asubɔ a ɛte saa no yɛ ahosohyira ho sɛnkyerɛnne a ɛfata sen biara. Nsu no ase a obi bɛkɔ no kyerɛkyerɛ wu a wawu ama ne kan nneyɛe no mu yiye. Ma a wɔma no so fi nsu no mu no yɛ ma a wɔma no so ba asetra foforo mu ho mfonini. Sɛnea ayeforohyia boa ma wosi yɛ a ayeforo no ne ayeforo kunu no abɛyɛ awarefo no so dua kyerɛ wɔn mpo no, saa ara nso na ebetumi aba sɛ nsu mu asubɔ wɔ adansefo anim no bɛka nea wɔbɔ no asu no daa. Akyinnye biara nni ho: Ɛdenam asubɔ so no, ɛsɛ sɛ obi ho so a ohyira ma Yehowa no tra n’adwene mu bere nyinaa na ɔkae sɛ ɛyɛ ade a ɛho hia sen biara wɔ n’asetra mu. Ɛhyɛ bere a ogyaee ne ho som kɔsom Yehowa Nyankopɔn no nsow.

      19. Biribi foforo bɛn nti na ɛsɛ sɛ obi bɔ asu?

      19 Mommma yemmmu yɛn ani nngu nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nsu mu asubɔ yɛ ade a wogyina so nya ahonim pa wɔ Yehowa anim no so. Wɔada eyi adi pefee wɔ 1 Petro 3:21, faako a ɛkenkan sɛ: “Ɛno na afei ne nsɛso gye mo nso nkwa; ɛne asubɔ a ɛnyɛ ɔhonam ho fi yi, na mmom ɛyɛ ahonim pa ho adebisa a Yesu Kristo wusɔre nti yɛnam so yɛ Onyankopɔn de.”

      Mfe Ahe Na Ɛsɛ sɛ Obi Di Ansa na Wɔabɔ no Asu?

      20. Dɛn nti na nkokoaa rentumi mfata mma asubɔ?

      20 Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 28:19, 20 no kyerɛ sɛ ɛyɛ wɔn a wɔayɛ wɔn n’asuafo no na ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔn asu. Enti, ɛkyerɛ sɛ akokoaa anaasɛ abofra ketewaa biara nni hɔ a obetumi adu Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde ma asubɔ no ho. Akokoaa rentumi nkyerɛ Onyankopɔn Asɛm, Onyankopɔn a ɔyɛ Ɔbɔadeɛ no, ne ne Ba Yesu Kristo no mu gyidi. Akokoaa rentumi nte ase sɛ honhom kronkron no yɛ Onyankopɔn adeyɛ tumi; saa ara nso na ɔrentumi nnya adwensakra wɔ ne kan bɔne ho na wahyɛ bɔ a anibere wom sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde.

      21. So eye sɛ mmofra bɛbɔ asu?

      21 Nanso ɛte sɛ nea Yehowa nkurɔfo mu binom adi ho dwuma ma atra so. Kristofo awofo pii twɛn kosi sɛ aka kakraa bi ma wɔn mma anya mfe aduonu ansa na wɔne wɔn asusuw asubɔ ho. Mpɛn pii yɛte mmofra a wofi wɔn ankasa pɛ mu yɛ ahosohyira a eye ho asɛm. Sɛ nhwɛso no, na ɔpanyin bi babarima a onnii mfe dumiensa pɛ sɛ wɔbɔ no asu. Enti n’agya maa mpanyimfo afoforo baasa ne abofra no susuw nsemmisa a wɔasiesie ama wɔn a wɔresusuw asubɔ ho no.” Wɔn gyinae a wosii ne sɛ ɛwom sɛ onnyinii pii de, nanso ɔfata sɛ wɔbɔ no asu sɛ Yehowa Nyankopɔn somfo. Na wɔn a wɔkɔɔ Akwampaefo Sukuu no wɔ Bahamas nnansa yi no mu bere nyinaa asomfo baanu wɔ abeawa a wadi mfe du a wɔabɔ no asu!

      22. Sɛ awofo to Kristofo nipasu wɔ wɔn mma mu a, dɛn na wobetumi ahwɛ kwan afi wɔn mma no hɔ?

      22 Wɔ eyi mu no, ɛte sɛ nea awofo binom mmɔ ho mmɔden. Wɔde ‘nneɛma a ogya ntumi nhyew’ reto Kristofo nipasu wɔ wɔn mma mu akodu he? (1 Korintofo 3:10-15) Nea edi kan koraa no, saa a wɔbɛyɛ no hwehwɛ sɛ awofo no bɛma Yehowa ɔsom kronn no ayɛ ade a ɛho hia sen biara wɔ wɔn asetra mu. Bio nso, ɛsɛ sɛ awofo no tie afotu pa a wɔde ama wɔ Deuteronomium 6:6, 7 ne Efesofo 6:4 no. Ebia nea ebefi mu aba ne sɛ ɛho behia sɛ awofo no siw wɔn mma no kwan wɔ bɔ a wɔbɛbɔ wɔn asu ntɛm dodo no ho sen sɛ ɛho behia sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn akyiri yi.

      23. Bere a obi adu baabi a ɛsɛ sɛ ohyira ne ho so gye asubɔ no, dɛn bio na wɔhwehwɛ?

      23 Bere a obi nam ahosohyira ne nsu mu asubɔ so ada ahotoso a ɔwɔ wɔ Yehowa mu no adi no, ɛsɛ sɛ ɔkɔ so da saa ahotoso no adi. Asɛm a edi so yi a ɛne “Som a Yɛbɛsom Yehowa sɛ Mfɛfo Adwumayɛfo a Wɔwɔ Ahotoso” no bɛboa yɛn ma yɛahu nea ɛwɔ eyi mu.

  • Som A Yɛbɛsom Sɛ Yehowa Mfɛfo Adwumayɛfo A Wɔwɔ Ahotoso
    Ɔwɛn-Aban—1988 | March 1
    • Som A Yɛbɛsom Sɛ Yehowa Mfɛfo Adwumayɛfo A Wɔwɔ Ahotoso

      “Wɔaka nea eye akyerɛ wo, onipa, ne nea [Yehowa] hwehwɛ wo hɔ: ɛnyɛ biribiara sɛ adetreneeyɛ ne adɔepɛ ne ahobrɛase a wode ne wo Nyankopɔn nantew.”​—MIKA 6:8

      1. Kyerɛwsɛm bɛn na wobetumi agyina so afrɛ Yehowa nkoa a wɔwɔ hɔ nnɛ nyinaa sɛ ‘n’adwumayɛboafo’?

      KRISTONI ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: Monhwɛ ɔdɔ ko a agya no de akyɛ yɛn, sɛ wɔmfrɛ yɛn Nyankopɔn mma, na yɛyɛ nso.” (1 Yohane 3:1) Na ɔsomafo Paulo kaa ɔne ne yɔnko Apolo ho asɛm sɛ: “Yɛyɛ Onyankopɔn adwumayɛboafo.” (1 Korintofo 3:9) Yesu Kristo akyidifo a wɔasra wɔn na wɔkaa nsɛm abien yi nyinaa na ɛfa wɔn ho nso. Nanso wɔ nnyinasosɛm mu no, ɛfa Onyankopɔn nkoa anokwafo nyinaa ho. Enti wobetumi de wɔn ankasa nsɛm aka sɛ: ‘Monhwɛ ɔdɔ nko a agya no ayi adi akyerɛ yɛn sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ Yehowa mfɛfo adwumayɛfo.’

      2. Dɛn nti na Yehowa nkoa betumi ayɛ ne mfɛfo adwumayɛfo?

      2 Ɔkwan bɛn so na ebetumi ayɛ yiye sɛ nnipa a wɔyɛ mmerɛw na wɔnyɛ pɛ no bɛyɛ Ɔbɔadeɛ kɛse a ne tumi ne nyansa nni ano, na n’atemmu yɛ pɛ na ɔyɛ ɔdɔ ho nhwɛso no mfɛfo adwumayɛfo? Eyi tumi yɛ yiye efisɛ wɔbɔɔ yɛn awofo a wodi kan no wɔ Ɔbɔadeɛ no ne ne yɔnko dwumayeni a ɔne Asɛm no anaasɛ Logos no suban ne wɔn sɛso so. (Genesis 1:26, 27; Yohane 1:1) Enti wɔmaa yɛn awofo a wodi kan no

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena