W’afa Wɔ Nhyiam Horow a Wɔbɛma Ayɛ Nea Mfaso Wo So Mu
1 Yɛn nhyiam horow no boa yɛn ma yehu Yehowa yiye. Ɛboa yɛn ma yɛte ne mmara ne ne nnyinasosɛm ahorow ase na ɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛde tra ase. Nhyiam horow siesie yɛn ma yenya nkwagye asɛnka adwuma no mu kyɛfa nnam so kɛse. Na ɛboa yɛn ma yedu yɛn botae a ɛne daa nkwa wɔ Onyankopɔn wiase foforo mu no ho. Sɛ́ ankorankoro no, sɛ yɛyɛ yɛn fam de de ma nhyiam horow no yɛ nea mfaso wɔ so a, nnɔnhwerew a yɛbom de yɛ nhyiam horow no ho bɛba yɛn mfaso kɛse.
2 Nneɛma abiɛsa na ɛma nhyiam yɛ nea mfaso wɔ so—ahosiesie, emu kyɛfa a wonya, ne dwuma ankasa a wɔde di. Eyinom ne wɔn ho wɔn ho wɔ abusuabɔ. Ahosiesie pa ma emu kyɛfa a wobenya no yɛ mmerɛw na ɛyɛ anigye. Gyidi nsɛm a wɔde anigye ka no hyɛ wɔn a wotie no nkuran na ɛkanyan wɔn. (Efe. 4:29) Ɛda adi yiye sɛ sɛ wɔn a wɔba no te nea wɔka no ase na wɔboa wɔn ma wohu sɛnea wobetumi de amanneɛbɔ no adi dwuma ankasa wɔ wɔn ankasa asetra mu ne sɛnea wɔde bɛboa afoforo ma wɔabɛyɛ asuafo no a, wɔde bedi dwuma.
ƆWƐN-ABAN NE ASAFO NHOMA ADESUA
3 Ɔwɛn-Aban Adesua ne Asafo Nhoma Adesua yɛ nhyiam horow a ɛho hia kɛse efisɛ ɛno so na “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no nam ma gyidi fifo no aduan. (Mat. 24:45-47) So wugye bere de sua emu asɛm a wobesusuw ho no? Wusiesie wo ho sɛ wobɛkasa wɔ nhyiam no ase? Ɛda adi sɛ wudi ɔfã titiriw bi ho dwuma wɔ eyi mu.
4 Sɛ woasua Ɔwɛn-Aban Adesua anaasɛ Asafo Nhoma Adesua no mu nsɛm yiye a, ɛbɛyɛ nea woasiesie wo ho sɛ wubenya ɔma mu anigye kɛse no bi. (Aso. 20:35) Pii hu sɛ ɛboa sɛ wobetwitwa nsɛmfua atitiriw no ase. Sɛ wokenkan kyerɛw nsɛm a wɔamfa ɛhɔ nsɛm anka na wususuw sɛnea eyinom di dwuma no ho a, wobɛte Kyerɛwsɛm mu nnyinaso a mmuae no wɔ no ase. So wubetumi de w’ankasa nsɛm abua, anaasɛ ɛsɛ sɛ wokenkan mmuae no? Teokrase adesua mu botae atitiriw ne sɛ wode nsɛm no bɛyɛ w’ankasa de na wode komam anisɔ ne ntease ayɛ ho adwuma.—Mmeb. 2:5; 4:7, 8.
TEOKRASE ƆSOM SUKUU NE ƆSOM NHYIAM
5 So wubu wo osuani kasa wɔ sukuu no mu sɛ dwumadi a efi Yehowa hɔ na woda eyi adi wɔ sɛnea wusiesie wo ho no mu? Hwɛ hu sɛ wote asɛm no ase na wubetumi aka no ɔkwan a ɛka koma so. Nanso sɛ wunni dwumadi pɔtee mpo a, sua denam Bible atiri ne nneɛma afoforo a wobedi ho dwuma Dapɛn biara no a wobɛkenkan no so. Saa ara na ɛsɛ sɛ woyɛ wɔ Ɔsom Nhyiam no ho. Sɛ woyɛ eyi bere tenten a, wɔ nhyiam no ase no, wubetumi adwen nea wɔreka no ho yiye mmom sen sɛ wubedi apere sɛ wubehu nea wɔka no mu bere a edi kan mu no.
6 Ɛsɛ sɛ ɔsom nhyiam mu ɔyɛkyerɛ ne asuafo kasa nhyehyɛe ahorow yɛ nea ntease wom, na ɛfa mo hɔ tebea a obiara betumi ate ase ho. Suasua w’afa yiye. Afei nso. siesie wo ho sɛnea ɛfata na ama w’ahosiesie ayɛ nhwɛso pa ama afoforo.
7 Fa afã a wosiesie no yiye na wɔde ma anigye so yɛ wo botae. Awofo, mommoa mo mma na wɔmfa wɔn ankasa nsɛm mma mmuae bere a wonya hokwan no. Ampa ara, sɛ obiara de yɛ n’ankasa ahiasɛm sɛ ɔbɛba yɛn nhyiam horow no ntɛm na wasiesie ne ho sɛ obenya mu kyɛfa a, nsɛm a ɛho hia na ɛkanyan a wɔde ma wɔ ɔkwan a ɛtwe atiefo adwene so bɛyɛ nea ahyɛ yɛn nhyiam horow no ma. So wobɛyɛ wo fam de wɔ eyi mu sɛnea ɛbɛyɛ a ‘ne nyinaa bɛyɛ nea ɛma afoforo a wo ne wɔn ahyiam no nkɔso’?—1 Kor. 14:26.