Ti 27
Sɛnea Wubenya Mmoa Denam Mpaebɔ So
1. Mmoa bɛn na yehia fi Onyankopɔn nkyɛn, na ɔkwan bɛn so na yɛn nsa ka?
SƐNEA ƐBƐYƐ na yɛatumi atwe yɛn ho afi wiase yi nkɛntɛnso bɔne no ho no, ɛho hia titiriw sɛ Kristofo nya mmoa denam mpaebɔ so. Yesu kae sɛ: ‘Agya a ɔwɔ soro no de honhom kronkron bɛma wɔn a wobisa no.’ (Luka 11:13) Yehia Onyankopɔn honhom kronkron, anaasɛ n’adeyɛ tumi, sɛnea ɛho hia sɛ yesua n’Asɛm na yɛne n’ahyehyɛde no bɔ fekuw no. Nanso ansa na yɛn nsa bɛka honhom kronkron no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho mpae.
2. (a) Dɛn ne mpaebɔ? (b) Dɛn ne mpaebɔ ahorow a ɛwɔ hɔ? (d) Dɛn nti na mpaebɔ ho hia?
2 Mpaebɔ yɛ ɔkasa a nidi wom a yɛka kyerɛ Onyankopɔn. Ebetumi ayɛ abisade, te sɛ bere a yebisa nneɛma bi fi Onyankopɔn nkyɛn. Na mpaebɔ betumi ayɛ aseda anaa ayeyi a yɛde ma Onyankopɔn nso. (1 Beresosɛm 29:10-13) Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛne yɛn soro Agya no anya abusuabɔ pa no, ɛsɛ sɛ yɛkasa kyerɛ no daa wɔ mpaebɔ mu. (Romafo 12:12; Efesofo 6:18) N’adeyɛ tumi, a nsa ka denam bisa a yebisa so no, betumi ahyɛ yɛn den ma yɛayɛ n’apɛde a ɔhaw anaa sɔhwɛ a Satan anaa ne wiase no de bɛba yɛn so biara mfa ho.—1 Korintofo 10:13; Efesofo 3:20.
3. (a) Ahoɔden bɛn na yebetumi anya afi Onyankopɔn nkyɛn? (b) Ɔkwan bɛn so nkutoo na yebetumi ne Onyankopɔn anya abusuabɔ pa bere nyinaa?
3 Ebia woreko denneennen sɛ wubedi suban anaa adeyɛ bi a ɛnsɔ Onyankopɔn ani so nkonim. Sɛ saa a, hwehwɛ Yehowa mmoa. Kɔ ne nkyɛn wɔ mpaebɔ mu. Ɔsomafo Paulo yɛɛ saa, na ɔkyerɛwee sɛ: “Mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.” (Filipifo 4:13; Dwom 55:22; 121:1, 2) Ɔbea bi a otumi twee ne ho fii ahohwibɔ ho no kae sɛ: “Ɔno nkutoo na ɔwɔ tumi a ɛbɛboa wo ma woafi saa tebea no mu. Ɛsɛ sɛ wo ne Yehowa nya saa abusuabɔ no ankasa, na ɔkwan ara a wubetumi afa so akura saa abusuabɔ no mu ne sɛ wobɛbɔ mpae.”
4. Ɔkwan bɛn so na ɔbarima bi nam nyaa ahoɔden de twee ne ho fii sigaretnom ho?
4 Nanso ebia obi bɛka sɛ: ‘Mabɔ mpae asrɛ Onyankopɔn mmoa mpɛn pii, nanso mintumi ntwe me ho mfi bɔneyɛ ho ara.’ Nnipa a wɔnom sigaret aka eyi. Bere a wobisaa ɔbarima bi a ɔte saa sɛ: “Bere bɛn na wobɔ mpae?” no, obuae sɛ: “Anwummere, bere a merekɔda, anɔpa bere a meresɔre, ne bere a mayɛ mmerɛw na manom sigaret no, meka kyerɛ Yehowa sɛ ɛyɛ me yaw sɛ mayɛ saa.” N’adamfo no kae sɛ: “Bere a wuhia Onyankopɔn mmoa ankasa ne bere a worekɔfa sigaret no, ɛnte saa? Saa bere no na ɛsɛ sɛ wobɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔnhyɛ wo den.” Bere a ɔbarima no yɛɛ eyi no onyaa mmoa ma ogyaee sigaretnom.
5. (a) Dɛn na ɛho hia na yɛatumi asom Onyankopɔn yiye? (b) Dɛn na ɛda no adi sɛ adeyɛ bɔne a obi twe ne ho fi ho no taa yɛ nea ahohiahia wom?
5 Eyi nkyerɛ sɛ Onyankopɔn mpae a wobɛbɔ, sua a wubesua n’Asɛm na wo ne n’ahyehyɛde a aniwa hu abɔ fekuw no bɛma ayɛ mmerɛw ama wo sɛ wobɛyɛ nea ɛteɛ. Mmɔdenbɔ ho da so hia; yiw, ɔko a emu yɛ den, a ebi mpo a na ahohiahia wom. (1 Korintofo 9:27) Subammɔne betumi ama obi anya nea ɛnteɛ ho akɔnnɔ a emu yɛ den kɛse. Enti obi ho tumi hiahia no bere a ɔtwe ne ho fi adeyɛ bi a ɛyɛ bɔne ho. So ɛyɛ wo pɛ sɛ wo ho behiahia wo na woayɛ nea ɛteɛ?—1 Petro 2:20, 21.
MPAEBƆ A ONYANKOPƆN TIE
6. (a) Dɛn nti na ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wɔbɛbɔ mpae? (b) Dɛn na ɛho hia na wɔatie yɛn mpaebɔ?
6 Ɛyɛ nnipa pii den sɛ wɔbɛbɔ mpae. Ababaa bi kae sɛ: “Ɛyɛ me den sɛ mɛbɔ obi a minhu no mpae.” Esiane sɛ ɔdesani biara nhuu Onyankopɔn pɛn nti, ɛho hia sɛ yenya gyidi na yɛatumi abɔ mpae ma Onyankopɔn atie. Ɛho hia sɛ yegye di sɛ Yehowa wɔ hɔ ankasa, ne sɛ obetumi ayɛ nea yebisa. (Hebrifo 11:6) Sɛ yɛwɔ saa gyidi no, na sɛ yɛde koma pa kɔ Onyankopɔn anim a, yebetumi anya ahotoso sɛ ɔbɛboa yɛn. (Marko 9:23) Enti, ɛwom mpo sɛ na Roma asraafo panyin Kornelio nyɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no fã saa bere no de, nso bere a ɔde nokwaredi bɔɔ mpae hwehwɛɛ akwankyerɛ no, Onyankopɔn buaa ne mpaebɔ.—Asomafo no Nnwuma 10:30-33.
7. (a) Mpaebɔ bɛn na ɛsɔ Onyankopɔn ani? (b) Mpaebɔ bɛn na Onyankopɔn rentie?
7 Ɛyɛ nnipa binom den sɛ wɔde nsɛmfua bɛda wɔn adwene adi. Nanso, ɛnsɛ sɛ eyi siw wɔn kwan wɔ Onyankopɔn a wɔbɛkasa akyerɛ no wɔ mpaebɔ mu no ho. Yebetumi anya ahotoso sɛ onim yɛn ahiade, na ɔbɛte nea yɛpɛ sɛ yɛka no ase. (Mateo 6:8) Susuw ho hwɛ: Abofra anom asɛm bɛn na ɛyɛ wo dɛ kɛse—aseda tiaa a ofi n’ankasa ne komam de ma anaasɛ nsɛm pɔtee bi a obi ka kyerɛ no sɛ ɔnka? Yɛn Agya a ɔwɔ soro no nso ani sɔ nsɛm ntiantia a yefi yɛn ankasa koma mu ka kyerɛ no. (Yakobo 4:6; Luka 18:9-14) Nsɛmfua atitiriw anaa nyamesom mu kasa bi ho nhia. Ɔrentie wɔn a wɔde kasa soronko bi bɔ mpae na afoforo ahu wɔn mmɔdenbɔ, anaasɛ wɔn a wɔka asɛm koro no ara mpɛn pii ara kwa no.—Mateo 6:5, 7.
8. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn betumi ate mpae a obi bɔ a ommue n’ano? (b) So Bible no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yegyina gyinabea pɔtee bi anaasɛ yɛkɔ beae pɔtee bi na yɛabɔ mpae?
8 Sɛ wobɔ mpae a wummue w’anom mpo a, Onyankopɔn tumi te. Bere a Nehemia yɛɛ saa no, Onyankopɔn dii n’abisade a nokwaredi wom no ho dwuma, na ɔyɛɛ saa ara wɔ Hana ho. (Nehemia 2:4-8; 1 Samuel 1:11-13, 19, 20) Na ɛnyɛ ɔhonam fam gyinabea a obi paw bere a ɔrebɔ mpae no ne ade a ɛho hia. Wubetumi abɔ mpae wɔ gyinabea biara mu, bere biara ne baabiara. Nanso, Bible no da no adi sɛ gyinabea a ɛkyerɛ ahobrɛase, te sɛ si a obi si ne ti ase anaasɛ ɔkotow, yɛ nea ɛfata. (1 Ahene 8:54; Nehemia 8:6; Daniel 6:10; Marko 11:25; Yohane 11:41) Na Yesu kyerɛe sɛ eye bere a ankorankoro tumi bɔ wɔn mpae wɔ kokoam, a nnipa nhu wɔn.—Mateo 6:6.
9. (a) Hena nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛbɔ no mpae, na dɛn ntia? (b) Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛn mpaebɔ asɔ Onyankopɔn ani no, hena din mu na ɛsɛ sɛ yɛbɔ no?
9 Mpaebɔ ka yɛn som no ho. Ne saa nti yɛn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛbɔ no mpae, ɛnyɛ obi foforo biara. (Mateo 4:10) Na Bible no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo kɔ Onyankopɔn anim denam Yesu a ɔde ne nkwa mae na ɔde apopa yɛn bɔne no so. Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn mpae wɔ Yesu din mu.—Yohane 14:6, 14; 16:23; Efesofo 5:20; 1 Yohane 2:1, 2.
10. (a) Henanom mpaebɔ na ɛnsɔ Onyankopɔn ani? (b) Sɛ Onyankopɔn betie yɛn mpaebɔ a, dɛn titiriw na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
10 Nanso, so mpaebɔ nyinaa sɔ Yehowa ani? Bible se: “Nea oyi n’aso fi mmara tie ho no, ne mpaebɔ mpo yɛ akyide.” (Mmebusɛm 28:9; 15:29; Yesaia 1:15) Enti sɛ yɛpɛ sɛ Onyankopɔn tie yɛn mpaebɔ a, ade a ɛho hia titiriw ne sɛ yɛbɛyɛ n’apɛde, sɛ yebedi ne mmara so. Anyɛ saa a Onyankopɔn rentie yɛn, sɛnea ɔtreneeni rentie radio so dwumadi a ɛfa abrabɔ bɔne ho no. Bible se: “Biribiara a yɛsrɛ no, yenya fi ne nkyɛn, efisɛ yedi n’ahyɛde so, na yɛyɛ nea ɛsɔ n’ani.”—1 Yohane 3:22.
11. Sɛ́ yɛbɛyɛ ade a yɛbɔ ho mpae no ho adwuma no kyerɛ dɛn?
11 Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yɛbɔ ho mpae no ho adwuma. Sɛ nhwɛso no, ɛbɛyɛ mfomso sɛ obi bɛsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa no mma onnyae tawa anaasɛ wii nom na afei wafi adi akɔtɔ bi. Saa ara nso na ɔrentumi nsrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no mma ɔntwe ne ho mfi aguamammɔ ho na afei wakenkan nhoma anaasɛ wahwɛ sini anaa TV so dwumadi a ɛfa aguamammɔ ho. Anaa, sɛ kyakyatow ne obi mmerɛwyɛ a, ɔrentumi mmɔ mpae sɛ Onyankopɔn mmoa no mma onnyae na afei wakɔ mmeae a kyakya na wɔtow wɔ hɔ. Sɛnea ɛbɛyɛ na Onyankopɔn atie yɛn mpaebɔ no, ɛho hia sɛ yɛnam yɛn nneyɛe so ma ohu sɛ nea yɛka no yɛ yɛn aniberesɛm ankasa.
12. (a) Dɛn ne nneɛma a yebetumi de aba yɛn mpaebɔ mu? (b) Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛn mpaebɔ asɔ Onyankopɔn ani no, dɛn na ɛsɛ sɛ yesua?
12 Ɛnde, dɛn ne nneɛma bi a ɛfa yɛn ankasa ho a yebetumi de aba Yehowa mpae a yɛbɔ no mu? Nokwarem no, biribiara a ɛbɛka yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ no yɛ nea ɛfata sɛ yɛbɔ ho mpae, a yɛn honam fam akwahosan, ne mmofra a yɛbɛtete wɔn ka ho. (2 Ahene 20:1-3; Atemmufo 13:8) Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Yɛsrɛ no biribiara sɛnea ɔpɛ a, otie yɛn.” (1 Yohane 5:14) Enti ade a ehia ne sɛ yɛn abisade no ne Onyankopɔn apɛde behyia. Eyi kyerɛ sɛ ɛho hia sɛ yedi kan sua nea ɛyɛ n’apɛde. (Mmebusɛm 3:5, 6) Afei bere a yesusuw Onyankopɔn apɛde ne n’atirimpɔw ho bere a yɛbɔ mpae, a yensusuw yɛn ankasa nneɛma ho nkutoo no, yɛn mpaebɔ bɛsɔ Yehowa ani. Ɛfata sɛ yɛda Yehowa ase daa wɔ nneɛma pa a ɔde ma no ho.—Yohane 6:11, 23; Asomafo no Nnwuma 14:16, 17.
13. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea ɛho hia kan wɔ yɛn mpaebɔ mu? (b) Dɛn ne nneɛma a edi hɔ a ɛho hia a ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho mpae?
13 Yesu de mpaebɔ nhwɛso bi maa n’akyidifo na aboa wɔn ma wɔahu mpaebɔ a ɛsɔ Onyankopɔn ani. (Mateo 6:9-13) Saa mpaebɔ yi kyerɛ sɛ Onyankopɔn din, n’ahenni ne n’apɛde a wɔbɛyɛ wɔ asase so no di kan. Nea edi hɔ no, yebetumi abisa nneɛma a ɛho hia yɛn ankasa, te sɛ yɛn daa aduan, yɛn bɔne a wɔde befiri yɛn, ne gye a wobegye yɛn afi sɔhwɛ mu ne ɔbɔnefo, Satan Ɔbonsam, nsam.
MPAE A WƆBƆ DE BOA AFOFORO
14. Ɔkwan bɛn so na Bible no kyerɛ hia a ɛho hia sɛ yɛbɔ mpae ma afoforo?
14 Yesu nam ne nhwɛso so kyerɛɛ hia a ehia sɛ yɛbɔ mpae ma afoforo. (Luka 22:32; 23:34; Yohane 17:20) Ná ɔsomafo Paulo nim ɛbo a mpaebɔ a ɛte saa som, na mpɛn pii no ɔsrɛɛ afoforo sɛ wɔmmɔ mpae mma no. (1 Tesalonikafo 5:25; 2 Tesalonikafo 3:1; Romafo 15:30) Bere a ɔda afiase no ɔkyerɛwee sɛ: “M’ani da so sɛ ɛnam mo mpaebɔ so na wɔde me bɛkyɛ mo.” (Filemon 22; Efesofo 6:18-20) Esiane sɛ ankyɛ na woyii Paulo fii afiase no da mfaso a na ɛwɔ mpae a wɔbɔ maa no no so no adi.
15. Nneɛma bɛn na yebetumi abisa ama nnipa a yɛdɔ wɔn?
15 Paulo nso bɔɔ mpae a ɛho wɔ mfaso maa afoforo. Ɔkyerɛwee sɛ: “Yɛbɔ mpae ma mo daa, sɛ yɛn Nyankopɔn mmu mo sɛ mosɛ ɔfrɛ no.” (2 Tesalonikafo 1:11) Na ɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ asafo foforo nso sɛ: “Yeyi Nyankopɔn mpae sɛ monnyɛ bɔne bi . . . na mmom no, mobɛyɛ nea ɛyɛ fɛ.” (2 Korintofo 13:7) Nokwarem no eye sɛ yedi Paulo nhwɛso akyi na yɛbɔ mpae srɛ nneɛma pɔtee ma nnipa a yɛdɔ wɔn. Ampa, “onipa trenee adesrɛ a emu yɛ den tumi yɛ ade bebree.”—Yakobo 5:13-16.
16. (a) Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛanya mmoa a ɛho hia no, bere bɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae? (b) Dɛn nti na mpaebɔ yɛ hokwan kɛse saa?
16 Bere a ɔreyɛ Bible adesua no, ɔsomfo bi taa bisa sɛ: “So mobɔ mpae mmere afoforo ka mo dapɛn biara Bible adesua de no ho?” Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛanya mmoa a ɛho hia no, ɛho hia sɛ yɛkasa kyerɛ Onyankopɔn mpɛn pii wɔ mpaebɔ mu. (1 Tesalonikafo 5:17; Luka 18:1-8) Sua sɛ wobɛkasa akyerɛ no ahobrɛase mu sɛnea wo ne adamfo bi a wodɔ no na wowɔ no mu ahotoso bɛkasa. Nokwarem no, hokwan bɛn ara na ɛyɛ sɛ wubetumi abɔ amansan nyinaa Sodifo nuonyamfo, mpaebɔ Tiefo, no mpae, a wunim sɛ otie wo!—Dwom 65:2.
[Kratafa 227 mfoni]
Dɛn na ɛsɛ sɛ obi yɛ bere a ohyia sigaretnom ho sɔhwɛ no —so ɛsɛ sɛ ɔbɔ mpae srɛ mmoa anaa ɛsɛ sɛ ɔnom?
[Kratafa 229 mfoni]
So wobɔ mpae srɛ mmoa na afei wode wo ho ahyɛ nneyɛe a etumi kowie bɔneyɛ mu mu anaa?
[Kratafa 230 mfoni]
So wo nkutoo wobɔ mpae anaa gye bere a afoforo ka wo ho?