Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Nokware Kristofo Yɛ Ahenni Asɛnkafo
    Ɔwɛn-Aban—1986 | April 1
    • mu ho no.​—2 Timoteo 3:1; Asomafo no Nnwuma 15:23, 28.

      20. (a) Dɛn nti na yebetumi agye atom sɛ Onyankopɔn pene ɔkwan a Yehowa adansefo fa so ka asɛm no so?(b) Su bɛn na ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo nyinaa nya wɔ Ahenni asɛnka adwuma no ho?

      20 Ɛda adi sɛ ɔkwan a Yehowa Adansefo fa so yɛ asɛnka adwuma no yɛ nea ɛnam ɔsoro akwankyerɛ so, efisɛ Onyankopɔn ama mmɔdenbɔ yi ayɛ yiye kɛse na wɔanya nhyira pii. (Mmebusɛm 10:22) Nnipadɔm pii regye nokware som atom na wɔde wɔn ho rebɔ Yesu akyidifo a wɔasra wɔn nkaefo no ho sɛ ahyehyɛde koro pɛ a ɛhyɛ Yehowa din kronkron no anuonyam na ɛde akokoduru ka Ahenni a wɔde asi hɔ wɔ soro no ho asɛmpa kyerɛ no fã. Enti ɛmmra sɛ Yehowa asomfo nyinaa bɛkɔ so ayere wɔn ho wɔ asuafoyɛ adwuma no mu bere a nhyehyɛe yi bɛn n’awiei no. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ eyi wɔ nokwaredi mu, efisɛ akyinnye biara nni ho sɛ nokware Kristofo yɛ Ahenni asɛnkafo.

  • Fa Ahokokwaw Ne Nnamyɛ Kyerɛkyerɛ
    Ɔwɛn-Aban—1986 | April 1
    • Fa Ahokokwaw Ne Nnamyɛ Kyerɛkyerɛ

      “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. . . . Na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.”​—MATEO 28:19, 20.

      1. Dɛn na Mmebusɛm 22:29 hyɛ ho nkuran, na ɔkwan bɛn so na ɛte saa?

      YEHOWA ASƐM no hyɛ ahokokwaw ne nsiyɛ ho nkuran. Sɛ nhwɛso no, ɛka sɛ: “Sɛ wuhu onipa a ɔyɛ n’adwuma ho nsi a, ahene anim na obegyina, ɔrennyina mpapahweka anim.” (Mmebusɛm 22:29) Ɛwom, biribiara nni hɔ a ɛyɛ bɔne wɔ yɛ a wɔbɛyɛ adwuma ama “mpapahwekwa” no ho. Nanso odwumfo a ne ho akokwaw adwuma a ɛyɛ fɛ no renyɛ nea wonhu. Ɛdɛn, ebia n’ahokokwaw no ho asɛm bedu ɔhene asom na ebia ɔbɛpɛ sɛ ɔyɛ adwuma ma no!

      2. (a) Sɛ obi ho bɛkokwaw wɔ adwuma bi mu a, dɛn na ɛho hia? (b) Dɛn nti na Kristoni somfo ho a ɛbɛkokwaw sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no ho hia saa?

      2 Nimdeɛ ne ahokokwaw ho hia wɔ adwuma biara mu. Ebia obi besua duadwumfo adwuma, na ɛyɛ nea obetumi ahu pii denam wɔn a wɔn ho akokwaw wɔ saa adwuma no mu a ɔbɛhwɛ wɔn no so. Nanso sɛ ne ho bɛkokwaw a, ɛsɛ sɛ ɔde nimdeɛ a wanya no yɛ adwuma. Oduruyɛfo a ɔyɛ oprehyɛn no hia ntetee. Nanso sɛ ne ho bɛkokwaw a, ɛsɛ sɛ ɔde ne nimdeɛ no di dwuma wɔ oprehyɛn dan mu. Na wɔ saa adwuma no mu no, ahokokwaw ho hia kɛse, efisɛ mpɛn pii ahokokwaw no betumi akyerɛ nkwa anaa owu ama ɔyarefo no. Nanso nea ɛho hia kɛse sen saa ne obi ho a ɛkokwaw sɛ ɔsomfo no. Dɛn ntia? Efisɛ ɔsomfo no ho a ɛkokwaw sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no betumi aka ɔkwan a nkurɔfo fa so gye asɛmpa no tom no. Saa ara na ɔkwan a wɔfa so gye tom no betumi akyerɛ daa nkwa anaa daa owu ama wɔn.​—Deuteronomium 30:19, 20; Yohane 17:3.

      3. Asuafo a wɔbɛyɛ no gye dɛn?

      3 Nkyerɛkyerɛ ka ahyɛde a Yesu Kristo de maa n’akyidifo no ho. Ɔkae sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne ɔba ne honhom kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.” (Mateo 28:19, 20) Ampa, ahokokwaw ho hia na wɔde akyerɛkyerɛ nnipa koma pafo nneɛma a Yesu hyɛe no nyinaa.

      4. (a) Su bɛn na ɛsɛ sɛ wɔde kyerɛkyerɛ wɔ ahokokwaw mu? (b) Ɔkwan bɛn so na Apolo nyaa mfaso wɔ bere a ɔde ne ho bɔɔ Akwila ne Priskila no mu?

      4 Ɛsɛ sɛ wɔde nnamyɛ yɛ saa ahokokwaw ɔkyerɛkyerɛ adwuma no. Yiw, ɛsɛ sɛ Kristofo ‘bɔ nnwuma pa ho mmɔden,’ na ɛda adi sɛ nea ɛka eyi ho ne honhom mu nkyerɛkyerɛ a wɔde bɛma wɔ ɔsom adwuma no mu ne wɔ asafo no mu. (Tito 2:14) Sɛ akyerɛkyerɛfo a wɔn ho akokwaw no, Akwila ne Priskila ‘faa [Apolo] baa wɔn nkyɛn [wɔ Efeso], na wɔkyerɛɛ no Onyankopɔn kwan pɛpɛɛpɛ.’ Eyi boaa Apolo kɛse, efisɛ akyiri yi bere a na ɔwɔ Akaia no, “ɔde n’asɛm kaa Yudafo no gui gua so nam kyerɛw nsɛm so kyerɛe pefee sɛ Yesu ne Kristo no.” (Asomafo no Nnwuma 18:24-28) Ɛda adi sɛ Apolo de ahokokwaw ne nnamyɛ kyerɛkyerɛe.

      ‘Ma W’ani Mmra Wo Kyerɛ No So’

      5. Sɛnea 1 Timoteo 4:16 kyerɛ no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛde ahokokwaw ne nnamyɛ kyerɛkyerɛ?

      5 Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ ne yɔnko Kristoni Timoteo sɛ: “Ma w’ani mmra wo ho ne kyerɛ no so na tra mu, efisɛ woyɛ saa a, wubegye wo ho ne w’atiefo nkwa.” (1 Timoteo 4:16) Esiane sɛ ɛyɛ nea ɛfa ɔkyerɛkyerɛfo ne osuani no nyinaa nkwagye ho nti, ɛyɛ nea ɛsɛ sɛ wɔde nkyerɛkyerɛ yi ma wɔ ahokokwaw ne nnamyɛ mu.

      6. Ɔkwan bɛn so na wo ho betumi akokwaw wɔ Kyerɛwnsɛm a wɔde di dwuma mu, na nsemmisa a ɛfata bɛn na wubetumi asusuw ho?

      6 Ampa, ɛsɛ sɛ dua adwumfo ne nnuruyɛfo a wɔyɛ oprehyɛn ma wɔn ani ba wɔn ho so. Ɛsɛ sɛ wotumi de wɔn nnwinnade di dwuma yiye. Saa ara na ɛsɛ sɛ Kristoni somfo a n’adwinnade titiriw ne ‘honhom nkrante a ɛne Onyankopɔn Asɛm’ no yɛ. (Efesofo 6:17) Ɔkwan bɛn so na wo ho betumi akokwaw wɔ Kyerɛwnsɛm a wɔde di dwuma mu? Ɛdenam sua a wubesua daa na wode adi dwuma no so. Enti, so woakenkan Bible no fi ti akɔpem ti na woagye bere asusuw emu afotu pa no ho? So wokenkan da biara? So wode di dwuma daa wɔ asɛnka mu? Na so wode honhom fam aduan pa a Yehowa nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so de ma no di dwuma kɛse?​—Mateo 24:45-47.

      7. Nyansahyɛ ahorow bɛn na wɔde ma wɔ bere a wɔde sua ade ho, na ɔkwan bɛn so na wubetumi afi Kyerɛwnsɛm mu akyerɛ hia a adesua ho hia no?

      7 Hwɛ sɛ wubeyi bere asi hɔ ama Onyankopɔn Asɛm no ne nokware Kristofo nhoma ahorow sua. Eyi bɛma wode nsɛm a eye a ɛho bɛba wo mfaso ahyɛ w’adwenem na wubetumi de abua wɔn a wɔde nokwaredi bisa nsɛm ahorow no. (1 Petro 3:15) Ɛsono mmere ahorow a mmusua ne ankorankoro de yɛ adesua. Ebia ebinom behu sɛ eye sɛ wɔbɛyɛ adesua yi wɔ da no awiei. Ebia afoforo betumi ayɛ eyi kɛse bere a wɔasɔre. Ebia afoforo nso behu sɛ awia na eye ma wɔn. Wɔ emu biara mu no, yɛ a wɔbɛyɛ no daa ne nsiyɛ ne nea ehia titiriw. Ná ɛsɛ sɛ Yosua ne Israel ahemfo kenkan Onyankopɔn Asɛm no daa.​—Yosua 1:7, 8; Deuteronomium 17:18-20.

      Bɔ Mmɔden Na Yɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Pa

      8. Ɔkwan bɛn so na adwenem ntotoho betumi ama w’ahokokwaw wɔ ɔkyerɛkyerɛ mu anya nkɔso?

      8 Ɔkyerɛkyerɛ mu ahokokwaw a enya nkɔso gye adwumaden. Ɔkwan biako a wubetumi afa so atrɛw wo mmɔdenbɔ sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no mu ne sɛ wode adwenem ntotoho bedi dwuma bere a wusua Bible anaasɛ Kristofo nhoma ahorow no. Fa nneɛma afoforo a woasua no toto nea wunim dedaw no ho. Eyi bɛboa ma asɛm no aka w’adwenem sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi akyerɛkyerɛ mu yiye bere a worekyerɛkyerɛ afoforo no. Akyinnye biara nni ho sɛ na woyɛ ntotoho ahorow bere a woresua ade wɔ mmere a atwam no mu no. Sɛ nhwɛso no, ebia wɔ bere bi mu no na wunnim sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo brɛ wɔn ho ase hyɛ nniso a ɛyɛ “tumi a ɛwɔ anuonyam” no ase wɔ anohyeto mu. Nanso afei de woahu sɛ ɛsɛ sɛ osetie ma Onyankopɔn na edi kan. (Romafo 13:1-8; Marko 12:17; Asomafo no Nnwuma 5:29) Wote eyi ase efisɛ wode nsɛm afoforo totoo nea wunim dedaw no ho.

      9. Yɛ sɛnea wubetumi ayɛ asɛm bi a esii a wɔakyerɛw wɔ Bible mu mfonini wɔ w’adwenem ho nhwɛso.

      9 Ɔkwan foforo a wubetumi afa so ama wo nkyerɛkyerɛ mu mmɔdenbɔ mu atrɛw ne sɛ wobɛyɛ nsɛm ahorow a esisii a wɔakyerɛw wɔ Bible mu no ho mfonini wɔ w’adwenem. Dɛn nti na wonyɛ saa wɔ Atemmufo 7:19-22 ho mprempren ara? Wɔ ɔdasum no, Gideon ne ne mmarima 300 twa Midianfo nsra ho hyia mfiase a wɔde awɛmfo gyinagyinae ara pɛ. Mpofirim ara, wote sɛ Gideon mmarima 100 a wɔka ne ho hyenhyɛn ntorobɛnto na wuhu sɛ wɔbobɔ nkuruwa a wokurakura no. Israelfo 200 a wɔka ho no yɛ saa ara. Na bere a wɔn nyinaa ma agyatɛn a ɛredɛw so kɔ soro no, wote sɛ wɔreteɛm sɛ: “[Yehowa] ne Gideon nkrante!” Bere a Midianfo a ehu aka wɔn no fi ase guan no, Gideon ne ne mmarima ahasa no kɔ so ara hyɛn wɔn ntorobɛnto no, na wuhu sɛ Yehowa ma atamfo a wɔreguan no ma wɔn nkrante so hyɛ wɔn yɔnkonom. Esiane sɛ woayɛ eyinom ho mfonini wɔ w’adwenem nti, akyinnye biara nni ho sɛ wobɛkae eyi yiye na wubetumi de adi dwuma bere a worekyerɛkyerɛ afoforo no. Ampa, ade biako a ɛkyerɛ ne sɛ Yehowa betumi agye ne nkurɔfo a nnipa asraafo dɔm a wɔwɔ ahoɔden ho nhia.​—Dwom 94:14.

      10. Wɔ ɔkyerɛkyerɛ mu no, ɔkwan bɛn so na wubetumi de mfatoho a ɛwɔ Atemmufo 9:8-15 no adi dwuma?

      10 Mfatoho pa a nea ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu ka ho nso betumi ama w’ahokokwaw sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no anya nkɔso. Sɛ nhwɛso no, susuw Atemmufo 9:8-15 ho. Gideon ba Yotam kaa bere bi a nnua kɔe sɛ wɔkɔsra obi asi wɔn so hene ho asɛm. Bere a ngodua, borɔdoma, ne obobe pow ahenni no, nsɔe de ahopere gyei. Nnua a ɛsom bo no gyina hɔ ma nnipa a wɔfata a wɔampɛ sɛ wobedi wɔn mfɛfo Israelfo so hene no. Nanso, na nsɔe a mfaso a ɛwɔ so ara ne sɛ wɔde sɔ ogya no gyina hɔ ma Abimelek ɔhantanni ne owudifo a ɔpɛe sɛ obedi afoforo so nanso awiei a ɛyɛ awerɛhow baa no so de maa Yotam nkɔmhyɛ no baa mu no ahenni no. (Atemmufo 9:50-57) Yebetumi de mfatoho yi adi dwuma de asi hia a ɛho hia sɛ yɛbɛyɛ nea ɛteɛ na yɛabrɛ yɛn ho ase a yɛnyɛ ahantan no so dua.​—Dwom 18:26, 27; 1 Petro 5:5.

      11. (a) Nsɛm bɛn na Yesu mfatoho a wɔakyerɛw wɔ Mateo 13:45, 46 no si so dua? (b) Sɛnea saa mfatoho no te no de nyansahyɛ bɛn ma wɔ mfatoho a Kristofo akyerɛkyerɛfo de di dwuma no ho?

      11 Wonim Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse, Yesu Kristo, yiye esiane ne mfatoho ahorow a eye no nti. Sɛ nhwɛso no, susuw n’asɛm yi ho: “Ɔsoro ahenni te sɛ oguadini bi a ɔhwehwɛ nhene pa; na ohuu ahene biako a ne bo yɛ den no, ɔkɔtɔn nea ɔwɔ nyinaa de kɔtɔe.” (Mateo 13:45, 46) Yesu nam eyi so yɛ bo a Ahenni no som ho mfatoho na ɔkyerɛe sɛ obi a ohu bo a ɛsom ankasa sɛ obenya no bɛpɛ sɛ ogyaw biribiara hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ saa. Na saa mfatoho no nyɛ nea emu yɛ den, na Kristofo akyerɛkyerɛfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma saa gyinapɛn no atra wɔn adwenem bere a wɔde mfatoho redi dwuma sɛ ɔkyerɛkyerɛ mmoa no.

      Nhyiam Horow Betumi Ama Yɛn Ho Akokwaw Kɛse

      12. Ɔkwan bɛn so na baguam kasa ase a wobɛkɔ betumi aboa wo ma woanya nkɔso wɔ ɔkyerɛkyerɛ mu?

      12 Kristofo nhyiam boa kɛse wɔ Yehowa asomfo a wɔma wɔyɛ akyerɛkyerɛfo a wɔn ho akokwaw na wɔyɛ nnam no mu. Sɛnea Yesu Bepɔw so Asɛnka no kyerɛ no, baguam ɔkasa yɛ ɔkwan pa a wɔfa so de honhom fam ɔkyerɛkyerɛ ma. (Mateo 5:1-7:29) Enti baguam ɔkasa ka Yehowa Adansefo nhyiam ahorow no ho nnɛ. So wokɔ bere nyinaa? So wutie no yiye? So wubue wo Bible no bere a ɔkasafo no kenkan kyerɛw nsɛm no? So wotaa kyerɛw emu nsɛntitiriw no to hɔ? Eyinom ne akwan a wubetumi afa so ama mmɔden a wobɔ sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no anya nkɔso, na ɛsɛ sɛ Kyerɛwnsɛm mu ɔkyerɛkyerɛ pa no ma w’ahokokwaw ne wo nnamyɛ sɛ osuani no nya nkɔanim.

      13, 14. (a) Bere bɛn na asuafoyɛ adwuma no bɛyɛɛ nea ɛkyerɛ biribi titiriw wɔ Yehowa asomfo mu? (b) Nsɛm bɛn na wobetumi abisa ama afata wɔ Ɔwɛn-Aban adesua ne Asafo Nhoma Adesua ho?

      13 Asuafoyɛ adwuma no bɛyɛɛ nea ɛkyerɛ biribi titiriw wɔ Yehowa asomfo mu bere a wɔde ɔfrɛ a ɛne ‘Mommɔ Ɔhene no ne N’Ahenni no ho Dawuru’ no mae nea edi kan wɔ wɔn nhyiam a wɔyɛe wɔ Cedar Point, Ohio, no ase wɔ 1922 mu no. Saa afe no ara mu na wofii ase yɛɛ Ɔwɛn-Aban kuw adesua ho nhyehyɛe. Saa nsɛmma nhoma yi ama Bible ɔkyerɛkyerɛ ne Ahenni asɛnka adwuma no abɛyɛ nea ɛho hia titiriw, a ne din ankasa ne Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ. So woyɛ obi a ɔkenkan Onyankopɔn Asɛm no kɛse denam Ɔwɛn-Aban no mmoa so? So wode wo ho hyɛ dapɛn dapɛn Ɔwɛn-Aban adesua no mu kɛse?

      14 Asafo Nhoma Adesua a wɔyɛ no dapɛn biara no nso ma wunya hokwan ahorow a ebetumi ama mmɔden a wobɔ sɛ asɛmpa no ho kyerɛkyerɛfo no anya nkɔso. Sɛ worema nsemmisa ho mmuae wɔ nhyiam ketewa yi ne afei Ɔwɛn-Aban adesua no ase a, so woda no adi wɔ w’ankasa nsɛm mu? So mmuae a woma no da nea wugye di wɔ wo komam adi?

      15. Ɔsom Nhyiam atirimpɔw ne dɛn, na ɔkwan bɛn so na wɔde ho akwankyerɛ ma?

      15 Ansa na 1922 reba no, na Yehowa asomfo taa hyiam ma dapɛn mfinimfini Mpaebɔ, Ayeyi, ne Adansedi nhyiam. Na ɛyɛ bere e wɔde tow nnwom, de adanse ahorow ma, ne mpaebɔ. Nanso bere a wɔkɔɔ so sii afie afie Ahenni dawurubɔ no so dua kɛse no, saa nhyiam yi bɛdanee Ɔsom Nhyiam a esi asɛnka adwuma no so dua. Nea ɛboae titiriw ne Bulletin a asɛnka adwuma ho ɔkyerɛkyerɛ ne “dawurubɔ,” anaa adansedi ahorow a wobetumi de adi dwuma wɔ ɔsom adwuma no mu wom no. Ɛnnɛ, Yɛn Ahenni Som no de mmoa a ɛte saa ara ma, ne afei dapɛn dapɛn “Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo” no ho akwankyerɛ. So wode wo ho hyɛ nhyiam yi mu daa? So wode afotu a wɔasiesie na aboa wo ma wode ahokokwaw ne nnamyɛ akyerɛkyerɛ no redi dwuma?

      16. Sɛnea wɔdaa no adi wɔ ne mfiase no, Teokrase Ɔsom Sukuu no atirimpɔw ne dɛn?

      16 Sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkyerɛkyerɛ wɔ ahokokwaw mu no, wɔde Teokrase ɔsom Sukuu no sii hɔ wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow no mu wɔ 1943 mu. Ɛdefa sukuu no atirimpɔw titiriw ho no, ɛho akwankyerɛ nhoma a edi kan no kae sɛ: “Saa ntetee yi nyɛ nea wɔde rema de agye mo bere a mode yɛ asɛnka adwuma no, mmom no wɔayɛ ho nhyehyɛe na ama mo ho akokwaw kɛse wom. Sɛ yɛbɛka no pɔtee a, ‘Ntetee wɔ Teokrase Ɔsom Adwuma mu’ yi botae ne sɛ yebesiesie ‘gyidifo’ nyinaa, wɔn a wɔate Onyankopɔn Asɛm no na wɔakyerɛ gyidi a wɔwɔ wom sɛ ‘wobetumi akyerɛkyerɛ afoforo’ denam afie afie a wɔbɛkɔ, sankɔhwɛ a wɔbɛyɛ, sɛnea wɔyɛ adesua ne nhoma adesua a wɔbɛyɛ, ne wɔ ne tiawa mu no, Ahenni som adwuma no nyinaa a wɔde wɔn ho bɛhyem so no. Ɛyɛ ɔkwan biako a wɔbɛfa so ama obiara ayɛ Teokrase somfo a ne ho akokwaw kɛse de ahyɛ Awurade no din anuonyam; sɛ obetumi asiesie ne ho yiye sɛ ɔbɛda anidaso a ɛwɔ ne mu no adi baguam; sɛ obetumi ‘asiesie ne ho sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ, wɔ boasetɔ mu, wɔ ahobrɛase a wɔde kyerɛkyerɛ mu’. (2 Timoteo 2:24, 25) Mommma obiara mmmu n’ani ngu ntetee no atirimpɔw titiriw yi so.” (Course in Theocratic Ministry, kratafa 4) Eyi da so ara yɛ Teokrase ɔsom Sukuu no atirimpɔw titiriw. So wode nsɛm a eye a ɛfa ɔkyerɛkyerɛ, akenkan, baguam ɔkasa, ne nea ɛtete saa ho a epue wɔ sukuu no ho nhoma mu no di dwuma?a So woakyerɛw wo din? So wode anisɔ gye wo dwumadi wɔ sukuu no mu tom na woba bɛyɛ? Nsiesiei a Yehowa nam n’ahyehyɛde no so ayɛ yi betumi aboa wo ma woabɛyɛ ɔsomfo a ne ho akokwaw a ɔyɛ nnam.

      Ntetee Ma Ɔkyerɛkyerɛfo A Wɔyɛ No Nnam So

      17. Honhom fam nsiesiei ahorow bɛn na Yehowa ayɛ ama wɔn a wɔkyerɛkyerɛ afoforo ne nokware kronkron no?

      17 Yehowa reyɛ honhom mu nsiesiei ahorow pii ama wɔn a wɔanya hokwan sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ afoforo ne nokware kronkron no. Nea ɛka nneɛma afoforo ho no, ɔma yɛn Bible nhoma ahorow, dapɛn dapɛn nhyiam ahorow, ne nhyiam akɛse. Nsiesiei fɛfɛ a ɛte sɛɛ yi ma n’Adansefo a wɔahyira wɔn ho so no tumi bɛyɛ akyerɛkyerɛfo a wɔn ho akokwaw a wɔyɛ nnam.

      18. Bere a wodi Yesu ne Paulo nhwɛso akyi no, nhyehyɛe ahorow bɛn na mpanyimfo betumi ayɛ de ama asɛnka dwuma anya nkɔso nnɛ?

      18 Na sɛ wɔapaw yɛn sɛ mpanyimfo anaasɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ osuahu kɛse nso ɛ? Ɛnde ɛsɛ sɛ ɔdɔ ma afoforo ka yɛn ma yɛboa afoforofo ne Kristofo a wonnyaa osuahu pii no ma wɔbɛyɛ akyerɛkyerɛfo a wɔn ho akokwaw na wɔyɛ nnam kɛse. Eyi yɛ nokware, efisɛ Yesu de asuafo 70 no som adwuma ho akwankyerɛ maa wɔn ansa na ɔresoma wɔn. (Luka 10:1-24) Paulo kyerɛkyerɛɛ Efeso ahwɛfo no wɔ “gua so ne afi mu” na nea ebia ɛka eyi ho ne ntetee a ɔde maa wɔn na ama wɔadi wɔn a wonnye nni adanse bere a wɔkɔ afie afie wɔ asɛnka mu no. (Asomafo no Nnwuma 20:20, 21) Saa ara na mpanyimfo, ne afoforo betumi de anigye atete mfɛfo Adansefo wɔ asɛnka adwuma mu nnɛ. So wote nka sɛ wuhia ntetee a ɛte sɛɛ? Ɛnde hwehwɛ akyi kwan na gye tom. So woyɛ ɔpanyin? Ɛnde yɛ nhyehyɛe fa tete afoforo wɔ ɔsom adwuma no mu bere a w’ankasa wudi asɛnka adwuma no anim nnam so no.

      Kɔ So Ara Ma Wo Ho Nkokwaw

      19. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn som adwuma no ho mpae?

      19 Nnuruyɛfo a wɔyɛ oprehyɛn, dua adwumfo ne afoforo ho betumi akokwaw kɛse denam kɔ a wobɛkɔ so asua ade ne nimdeɛ a wɔanya no a wɔde bedi dwuma so. Saa ara na ɛte wɔ asomfo a wɔyɛ nokware Kristofo fam. Enti, hwɛ hia a ɛho hia sɛ Yehowa ɔdansefo a wahyira ne ho so biara bɛyɛ adwumaden de ama ne ho akɔ so akokwaw sɛ asɛmpa no ho ɔkyerɛkyerɛfo! Na esiane sɛ eyi yɛ Yehowa adwuma nti, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea yɛbɔ ho mpae kɛse. Sɛ yɛsrɛ Yehowa mmoa ne n’akwankyerɛ a, yebetumi anya ahotoso sɛ obehyira yɛn som adwuma a yɛyɛ no nnam so no so. Sɛnea ɔsomafo Yohane kae no: “Biribiara a yɛsrɛ no, yenya fi [Yehowa Nyankopɔn] nkyɛn, efisɛ yedi n’ahyɛde so, na yɛyɛ nea ɛsɔ n’ani.”​—1 Yohane 3:22.

      20. Sɛ Yehowa Adansefo no, dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn tirim a yɛabɔ bere a nhyehyɛe yi bɛn n’awiei no?

      20 Enti bere a mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne yi bɛn n’awiei no, momma yɛnyere yɛn ho kɛse wɔ ɔsom adwuma no mu. Momma yɛn ‘ani mmra yɛn ho ne yɛn kyerɛ no so’ mfa nnye yɛn ho ne wɔn a wotie Ahenni asɛm no nkwa. Yiw, momma yɛmmɔ mmɔden biara a yebetumi mfa ahokokwaw ne nnamyɛ nkyerɛkyerɛ.

      [Ase hɔ asɛm]

      a Sɛ nhwɛso no, yɛsrɛ wo hwɛ Theocratic Ministry School Guidebook ne Qualified to Be Ministers a Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo a ɛwɔ New York no tintimii no mu.

      Dɛn Na Wobɛka?

      ◻ Wɔ asɛnka akyi no, asuafoyɛ adwuma no gye dɛn?

      ◻ Dɛn nti na ɛho hia kɛse sɛ ‘wobɛma w’ani aba kyerɛ no so’?

      ◻ Dɛn ne akwan horow bi a wubetumi afa so ama w’ahokokwaw wɔ nkyerɛkyerɛ mu anya nkɔso?

      ◻ Ɔkwan bɛn so na Kristofo nhyiam horow betumi aboa yɛn ma yɛayɛ Onyankopɔn Asɛm no ho akyerɛkyerɛfo a wɔn ho akokwaw a wɔyɛ nnam?

      ◻ Dɛn na mpanyimfo ne Adansefo afoforo a wɔn ho akokwaw betumi ayɛ wɔ asɛnka adwuma no ho?

      [Kratafa 15 mfoni]

      Bible mu nsɛm a esisii a wobɛyɛ ho mfonini wɔ w’adwenem betumi aboa wo ma woayɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa

      [Kratafa 17 mfoni]

      Teokrase Ɔsom Sukuu kyerɛkyerɛfo no boa asuafo no mo wɔn ho kokwaw wɔ Ahenni adwuma no mu

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena