Sɛnea Wubetumi Adi Yiye Wɔ Akwampae Adwuma No Mu
So AKWAMPAE adwuma no ne w’adwuma? Sɛ woyɛ ɔkwampaefo, anaa bere nyinaa Ahenni ɔdawurubɔfo a, akyinnye biara nni ho sɛ w’ani gye ho sɛ wubedi yiye. Nanso yiyedi hwehwɛ pii sen bere a wubetumi de adi dwuma wɔ adwuma bi mu ara kwa. Ɛsɛ sɛ obi a odi yiye no gye ntetee tom na ɔkɔ so ma sɛnea otumi yɛ biribi no nya nkɔanim.
Ɛnde, ɔkwan bɛn so na ɛnyɛ ɔkwampaefo nko na wubetumi akɔ so ayɛ na mmom wubenya nkɔanim wɔ w’adwuma no mu nso? Nsemmisa atitiriw pii wɔ hɔ a wubetumi asusuw ho.
Me ne Onyankopɔn Ntam Abusuabɔ mu yɛ Den Dɛn?
Nokwasɛm ahorow a ɛho hia sen biara wɔ yiye a wubedi sɛ ɔkwampaefo no mu ne sɛ wo ne Yehowa Nyankopɔn benya abusuabɔ a emu yɛ den. Wɔ eyi mu no, yebetumi asua biribi afi odwontofo Dawid nkyɛn. Ɔsrɛe sɛ: “[Yehowa], kyerɛ me w’akwan, na fa me fa w’atempɔn so. Ma mennantew wo nokware mu, na kyerɛkyerɛ me, na wone me nkwagye Nyankopɔn, m’ani da wo so daa nyinaa.”—Dwom 25:4, 5.
Dawid de ne ho too ‘ne nkwagye Nyankopɔn’ no so koraa. Ɔpɛe sɛ Yehowa kyerɛ no ‘N’akwan.’ So wuntumi nhu ɔpɛ a emu yɛ den a na Dawid wɔ sɛ ɔbɛsɔ Onyankopɔn ani no? Na eyi yɛ nea ɛsen ade a ɔpɛ ara kwa, efisɛ Dawid kae sɛ: “M’ani da wo so daa nyinaa.”
Nanso ɔkwan bɛn so na wubetumi akura wo ne Yehowa ntam abusuabɔ a emu yɛ den saa mu? Hyɛ no nsow sɛ nea yɛadi kan aka ho asɛm no yɛ Dawid mpaebɔ mu nsɛm. Yiw, nkitahodi denam mpaebɔ so no ne obi ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ pa fapem.
Na yebetumi anya awerɛkyekye afi nim a yenim sɛ ɛho nhia sɛ ɛsɛ sɛ wudi kan bisa kwan fi yɛn soro Agya no hɔ no mu. Yebetumi abɛn no bere biara. Sɛnea Dawid kae no: “Wo na misu mefrɛ wo daa adesae.” (Dwom 86:3) Onyankopɔn ankasa Ba a ɔbaa asase so sɛ onipa a ɔyɛ pɛ no mpo hui sɛ sɛ n’Agya mmoa nnim a, ɔrentumi nni yiye. Yesu kasa kyerɛɛ no wɔ mpaebɔ mu ɛda mũ nyinaa—anɔpatutu, awia, ne anadwo.—Marko 1:35; Luka 11:1; 6:12.
Sɛ́ Kristofo no, sɛ yebetumi adi yiye wɔ yɛn som adwuma no mu a, ɛho hia sɛ yedi Yesu nhwɛso akyi. (Hebrifo 5:7) Ɛdefa mpaebɔ ho no, Kristoni ɔbea bi a wadi yiye wɔ akwampae adwuma no mu mfe 30 kaa no saa kwan yi so: “Mihu sɛ sɛ metumi adi yiye sɛ ɔkwampaefo a, mpaebɔ ho hia. Aboa me ma mede me ho ato Yehowa so koraa, na mihu sɛ m’ankasa merentumi nyɛ. Mesrɛ Yehowa daa sɛ ɔmmoa me ma menkɔ so nyɛ.”
Yiw, sɛ wubetumi adi yiye wɔ akwampae adwuma no mu a, ɛho hia sɛ wukura wo ne Yehowa ntam abusuabɔ a emu yɛ den mu, wode wo ho to no so koraa denam mpaebɔ so. Nanso, nea edi so yi yɛ asemmisa a ɛho hia a ɛsɛ sɛ wubisa wo ho.
Medɔ Nnipa Yiye Dɛn?
Akwampae adwuma yɛ ɔdɔ a wɔda no adi. Dɛn ntia? Efisɛ bere nyinaa som adwuma no hwehwɛ ho a wɔde bɔ afɔre honhom. Sɛ ɔkwampaefo no, wode wo bere ne w’ahoɔden boa afoforo daa. Nanso sɛ wubetumi akɔ so ayɛ eyi a, ɛsɛ sɛ wunya afoforo ahiade ho nokware anigye. Bere a Yesu Kristo wɔ asase so no, ɔdaa ɔdɔ a ɛte saa a ɔwɔ ma nnipa no adi. Sɛ nhwɛso no, bere bi bae a na ɔne n’asuafo no de ɔkorow rekɔ baabi a ɛhɔ yɛ komm ‘akɔhome kakra.’ Nanso, nkurɔfokuw no dii wɔn anim kɔɔ hɔ. “Na Yesu sii fam no, ohuu nkurɔfokuw pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, efisɛ na wɔte hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo; na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.”—Marko 6:30-34.
Te sɛ Yesu no, sɛ́ akwampaefo no, ɛsɛ sɛ yenya ɔdɔ a ɛkɔ akyiri ma nnipa. Ɔdɔ a ɛte saa no kanyan yɛn ma yɛyere yɛn ho boa wɔn. Sɛnea ɔkyerɛwfo bi ka kyerɛɛ Yesu no: “Sɛ wobɛdɔ [Onyankopɔn] afi koma nyinaa ne adwene nyinaa ne ɔkra nyinaa ne ahoɔden nyinaa mu, na wobɛdɔ wo yɔnko sɛ wo ho, sen ɔhye afɔre ne mogya afɔre nyinaa.” (Marko 12:33) Saa nsɛm yi boa yɛn ma yehu sɛ ɛnyɛ nea yɛyɛ wɔ yɛn som adwuma mu no nkutoo na ɛho hia na mmom nea enti a yɛyɛ no nso.
Sɛ́ ɔkwampaefo no, wode bere pii yɛ asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no sen sɛnea afoforo yɛ. Wote nka dɛn wɔ wɔn ho? Ɔkwampaefo bi kae sɛ: “Minim sɛ ɔdɔ yɛ Onyankopɔn honhom no aba. Enti sɛ ennim a, anka minni nokware no mu koraa, ɛnkanka sɛ medi yiye sɛ ɔkwampaefo. Ɔdɔ ma midwen nnipa ho, mihu wɔn ahiade, na m’ani sɔ sɛ nkurɔfo yɛ ɔdɔ ho ade. Nokwarem no, mmere bi wɔ hɔ a wɔbɛsɔ ɔdɔ a wowɔ ma nkurɔfo no ahwɛ esiane wɔn su ne wɔn nneyɛe nti. Saa bere no titiriw na mebɔ mmɔden sɛ metie na mayi boasetɔ adi akyerɛ.”
So saa na wote nka wɔ nnipa a wɔwɔ w’asasesin mu no ho? Sɛ wubetumi ayɛ ɔkwampaefo a odi yiye a, ɛsɛ sɛ wodɔ nnipa. (1 Tesalonikafo 2:6-8) Nanso, sɛ wubetumi atu mpɔn wɔ w’akwampae adwuma no mu a, wuhia nhyehyɛe pa nso. Enti, bisa wo ho sɛ:
So Mewɔ Nhyehyɛe a Ɛkari Pɛ?
Sɛ ɔkwampaefo betumi akɔ so wɔ bere nyinaa som adwuma no mu a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne nhyehyɛe yiye. Sɛ onni n’ankasa nhyehyɛe pa bi a, akwampae adwuma no betumi ama wayɛ basaa. Nokwarem no, ɛnyɛ nea ɛwom nyinaa ne sɛ wubenya nhyehyɛe bi a ɛma wutumi de bere pɔtee bi kɔ asɛnka.
Ɔkwampaefo hia nhyehyɛe a ɛkari pɛ. So wowɔ bi? Wubetumi abisa wo ho sɛ: So mede bere a ɛsɛ redi ɔsom adwuma no afã horow ho dwuma? So metumi aka sɛ merebɔ mmɔden biara de adu nkurɔfo a wɔwɔ asasesin no mu no nkyɛn? So mereyɛ nsakrae ahorow a ɛho hia wɔ me nhyehyɛe no mu sɛnea ɛbɛyɛ a mɛkɔ wɔn nkyɛn bere a wɔwɔ fie no? So meyɛ sankɔhwɛ ahorow a etu mpɔn? Yesu kae sɛ: ‘Enti monkɔ nkɔyɛ asuafo na monkyerɛkyerɛ wɔn.’ (Mateo 28:19, 20) Asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ nyinaa yɛ yɛn som adwuma no afã horow a ɛho hia. So woma nhoma ahorow a wode bɛmoma nkutoo dɔɔ wo so, anaasɛ wosan kɔ wɔn a wɔkyerɛɛ anigye no nkyɛn, sɛ wogyee nhoma anaasɛ dabi no? Ne tiatwa mu no, so worema wo bere no ayɛ nea mfaso wɔ so?
So Meyɛ Ɔkyerɛkyerɛfo a Onya Nkɔanim?
Ɛno yɛ asemmisa foforo a ɛho hia. Paulo kyerɛwee wɔ 2 Timoteo 4:2, NW, sɛ: “Ka asɛm no, gyina mu bere a eye ne nea enye mu, . . . abodwokyɛre nyinaa ne ɔkyerɛkyerɛ su mu.” Nea ɛbɛyɛ na akwampaefo a wodi yiye atumi aka asɛm no wɔ asafo no mu ne asafo no akyi no, wɔbɔ mmɔden sɛ wobenya ɔkyerɛkyerɛ su na wɔama anya nkɔanim bere nyinaa. Dɛn nti na Paulo frɛ ɔkyerɛkyerɛ sɛ ɛyɛ su? Efisɛ ɔkyerɛkyerɛ hwehwɛ ahokokwaw ne asuasua.
Ɔkwan bɛn so na wobɛma w’ahokokwaw sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no anya nkɔanim? Ɔsomafo Paulo ma mmuae sɛ: “Dwen eyinom ho; fa wo ho hyem koraa, na wo nkɔso ada adi nnipa nyinaa anim.” (1 Timoteo 4:15, NW) Yiw, ɛsɛ sɛ akwampaefo gye bere de yɛ kokoam adesua, wosusuw ho na wodwen ho kɔ akyiri. Nea ɛka eyi ho ne nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ nhoma te sɛ Reasoning From the Scriptures, Yɛn Ahenni Som, ne Theocratic Ministry School Guidebook mu no a wode bedi dwuma yiye.a
Enti, sɛ wubetumi adi yiye wɔ akwampae adwuma no mu a, kura wo ne Yehowa Nyankopɔn ntam abusuabɔ a emu yɛ den mu. Eyi nso bɛkanyan wo ma woahwehwɛ ɔdɔ a akɔ akyiri ama nnipa na woada no adi. Nokwarem no, sɛ wubetumi ada saa ɔdɔ yi adi a, ɛnyɛ bere dodow a ɛsɛ sɛ woda yɛ ɔsom adwuma no nkutoo na ɛsɛ sɛ woma w’ani ba so, na mmom ɛsɛ sɛ wunya ɔpɛ nso sɛ wobɛma wo bere no ayɛ nea mfaso wɔ so. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam mmɔden a ɛho hia a wobɛbɔ de Ahenni nkrasɛm no adu nnipa dodow biara a ɛbɛyɛ yiye nkyɛn no so. Awiei koraa no, kɔ so yɛ ɔkyerɛkyerɛfo a onya nkɔanim denam akwan horow a ɛsonsonoe a wɔfa so kɔ nkurɔfo nkyɛn wɔ ɔsom adwuma no mu a wubesua no so na fa nsiyɛ sua Bible no a adwene no ne sɛ wobɛma wo ɔkyerɛkyerɛ su anya nkɔanim.
[Ase hɔ asɛm]
a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. na wotintimii.