Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w84 9/1 kr. 26-31
  • Biakoyɛ Wɔ Ɔsom Mu Wɔ Yɛn Guanhwɛfo A Ɔyɛ Ɔhene No Ase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Biakoyɛ Wɔ Ɔsom Mu Wɔ Yɛn Guanhwɛfo A Ɔyɛ Ɔhene No Ase
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Biakoyɛ Wɔ Ɔsom Mu
  • Ɔhene No A Yebegye Ɔno Atom
  • Yehowa “Asomdwoe Apam”
  • “Mɛyɛ Wɔn Ɔman Baako”
    Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
  • ‘Na Wobehu Sɛ Mene Yehowa’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • ‘Mede Oguanhwɛfo Baako Besi Wɔn So’
    Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
  • Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo Wɔ Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
w84 9/1 kr. 26-31

Biakoyɛ Wɔ Ɔsom Mu Wɔ Yɛn Guanhwɛfo A Ɔyɛ Ɔhene No Ase

“Sɛ [Yehowa] Nyankopɔn se ni: Hwɛ, merekɔfa Israel mma . . . na ɔhene biako adi wɔn nyinaa so hene.”​—HESEKIEL 37:21, 22.

1, 2. (a) Dɛn no nnua abien a wɔkaa ho asɛm wɔ Hesekiel 37:16 no gyina hɔ ma? (b) Dɛn na ɛbaa “nnua” abien yi so?

YƐKA sɛ, Ahenni biakoyɛ. Na eyi ne Hesekiel nkɔmhyɛ a ɛwɔ ti 37 no fã a etwa to no hyia pɛpɛɛpɛ. Ɛhɔ, wɔ nkyekyem 16 na Yehowa ka kyerɛ Hesekiel sɛ ɔmfa nnua abien. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛw biako ho sɛ, “Yuda ne Israelfo a wɔka ne ho no de.” Na ɔkyerɛw biako a aka no ho sɛ, “Yosefo a ɔne Efraim, ne Israel fi a wɔka ne ho no nyinaa dua.” Dɛn na nnua yi gyina hɔ ma?

2 Egyina hɔ ma Israel ahenni no afã horow abien a emu pae bɛyɛɛ Yuda a na ɛwɔ kesee fam ne Efraim a ɛwɔ kusuu fam no. Emu biara kɔɔ nnomumfa mu​—kusuu fam ahenni no wɔ 740 A.Y.B. mu ne kesee fam ahenni no wɔ 607 A.Y.B. mu. Nanso wɔ 537 A.Y.B. mu no, nkaefo a wofi Israel mmusuakuw 12 no nyinaa mu san baa Yerusalem, na wɔsan de Yehowa biakoyɛ som besii hɔ. Ɔkwan bɛn so na wɔda eyi adi wɔ Hesekiel nkɔmhyɛ no mu?

3. Sɛnea Hesekiel 37:19 yɛɛ ho mfonini no, dɛn na ɛsɛ sɛ ɛkɔ so wɔ Onyankopɔn nkurɔfo a wasan de wɔn aba no mu.

3 Tie Yehowa asɛm a ɔka kyerɛɛ Hesekiel no wɔ nkyekyem 19:

“Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ [Yehowa] Nyankopɔn se ni: Hwɛ, merefa Yosef dua a ɛwɔ Efraim nsam no ne Israel mmusuakuw a wɔka ne ho no, mede wɔn maka Yuda dua no ho, na mayɛ wɔn dua koro, na wɔayɛ biako, me nsam.”

Na ɛsɛ sɛ biakoyɛ kɔ so wɔ Yehowa nkurɔfo a wɔasan de wɔn aba no mu!

Biakoyɛ Wɔ Ɔsom Mu

4. Ɔkwan bɛn so na Hesekiel 37:21 nyaa mmamu (a) wɔ 537 A.Y.B. mu? (b) wɔ nnɛ bere yi mu?

4 Ná wɔrempae Onyankopɔn nkurɔfo mu nyɛ wɔn aman abien a ɛbɛma nokwaredi ayɛ nea ɛsɛ sɛ wɔkyem ma ahenni a ɛwɔ kusuu fam ne kesee fam no bio, na mmom wɔbɛyɛ “ɔman koro, asase no so” ankasa. Hesekiel ka awerɛkyekyesɛm kyerɛ wɔn sɛnea Yehowa kae no:

“Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ [Yehowa] Nyankopɔn se ni: Hwɛ, merekɔfa Israel mma afi amanaman a wɔakokɔ hɔ no mu, na maboa wɔn ano afi mmaa nyinaa ahyia, na mede wɔn makɔ wɔn asase so, na ɔhene biako adi wɔn nyinaa so hene.” (Hesekiel 37:21, 22)

Sɛnea saa nsɛm yi baa mu wɔ Israel nkaefo a wɔyɛ biako no so bere a wɔsan fii nnomumfa mu wɔ 537 A.Y.B. mu no, saa ara na nnɛyi Adansefo a wɔasra wɔn nkaefo a wɔasan de wɔn aba no anya biakoyɛ wɔ wɔn honhom fam yiyedi paradise asase no so no mu anigye.​—Hwɛ Hesekiel 36:33-36 nso.

5. Ɔkwan bɛn so na wɔatew Onyankopɔn nkurɔfo ho wɔ efĩ biara ho?

5 Bere koro no ara mu no, wɔatew Onyankopɔn nkurɔfo ho wɔ efĩ a Satan wiase atoro som ahemman, “Babilon Kɛse” ma ɛbae no ho. (Adiyisɛm 17:5; 18:2, 4) De a wɔdee wɔn ho fii atoro nyamesom nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe ahorow ho no yɛ nkɔmhyɛ a na ɛfa tete Israel ho wɔ ɔkwan a esua so, bere a woyii wɔn fii nnomumfa mu wɔ Babilon ankasa no nnɛyi mmamu kɛse:

“Na wɔremfa wɔn abosonhuhuw ne wɔn atantanne ne wɔn mmaratode nyinaa ngu wɔn ho fĩ bio, na megye wɔn nkwa, wɔn trabea nyinaa a wɔayɛ hɔ bɔne no, na matew wɔn ho, na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn.”​—Hesekiel 37:23.

6. (a) Dɛn nti na honhom mu Israel ne ne Nyankopɔn nya abusuabɔ mu anigye mprempren? (b) Sɛ obi fi nokware no ho mpo a, biakoyɛ bɛn na ɛsɛ sɛ yekura mu?

6 Yehowa nkurɔfo a wasan de wɔn aba no atwe wɔn ho afi Kristoman ne abosonsomfo ahonisom a ɛyɛ atantanne no ho. Wɔmfa abɔde ahorow nyɛ anyame bio na saa ara na wonni wiase nyamesom amanne ahorow akyi bio, te sɛ “nnapɔnna ahorow” a egu Onyankopɔn ho fĩ a wobedi. Ɔsom a wɔde ma no nyɛ nea wɔkyekyem ma anyame baasa wɔ biako mu, nea wɔfrɛ no Baasakoro a wɔnte ase no, na mmom wɔaka abom sɛ nnipa biako a wɔsom Onyankopɔn biako a ɔne Yehowa no. Wɔde nne koro yi Amansan Hene no ayɛ, na eyi ka wɔn bom wɔ biakoyɛ bi a nnipa afoforo biara nnim wɔ asase so mu! (Yesaia 52:8) Sɛ obi a na kan ɔde ne ho abɔ yɛn mpo ba benya ahonim bɔne na ofi nokware ahorow a Yehowa de ama yɛn no ho a, yɛne Onyankopɔn ahyehyɛde no bom yɛ biako wɔ n’adwuma ne abusuabɔ a ɛsom bo a yɛne yɛn Nyankopɔn benya no mu.​—Mmebusɛm 3:32; Hebrifo 10: 22, 23.

Ɔhene No A Yebegye Ɔno Atom

7. Sɛ́ nea ɛka nokware som ho no, biakoyɛ tumi foforo bɛn na wɔde ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo bɔ?

7 Bere a wɔsan de tete Israel baa ‘n’asase’ so no, nokware som bɛyɛɛ tumi a ɛkaa wɔn boom. Nanso wɔansan amfa ahenni no ansi hɔ. Ɛnde, dɛn nti na Yehowa ka “ɔhene” a obedi wɔn so ho asɛm wɔ Hesekiel ti 37 nkyekyem 22 ne 24? Nkyekyem 24 ne 25 kenkan sɛ:

“Na m’akoa Dawid bedi wɔn so hene, na oguanhwɛfo koro adi wɔn nyinaa so, na wɔanantew m’atemmude mu, na wɔahwɛ m’ahyɛde ayɛ, na wɔatra asase a mede memaa m’akoa Yakob a mo agyanom traa so no so, wɔne wɔn mma ne wɔn mma mma akosi daa, na m’akoa Dawid bɛyɛ wɔn obirɛmpɔn akosi daa.”

8. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ nkyekyem ahorow yi yɛ nea ɛfa honhom mu Israel ho? (b) Yɛyɛ dɛn hu bere a enyaa mmamu?

8 Saa nkɔmhyɛ no fã yi mmaa mu wɔ honam fam Israel so, na ɛremma mu wɔ wɔn so nso. Enti ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea ɛfa honhom fam Israel ho. Nanso bere bɛn? Wiɛ, bere bɛn na ɔhene a “hokwan wɔ no mmara kwan so” asan abɛtra Dawid ahengua so? Eyi bae bere a “amanaman mmere a wɔahyɛ” no baa awiei wɔ yɛn bere yi mu wɔ 1914 mu no. Bere a Amanaman Mmere no baa awiei no, ‘wiase ahenni bɛyɛɛ [Yehowa] ne Kristo,’ Nea Dawid yɛɛ ne ho mfonini “no de, na obedi hene daa daa.”​—Hesekiel 21:26, 27; Luka 21:24, New World Translation; Adiyisɛm 11:15.

9. Nneɛma abien bɛn na ɛma yɛyɛ biako ankasa nnɛ?

9 Enti, ɛnnɛ, ɛnyɛ nokware som nko na aka Yehowa Adansefo abom​—ɛwom sɛ ɔsom a ɛte sɛɛ ho hia de​—na mmom wɔaka yɛn abom nso wɔ boa a wɔaboaboa yɛn ano wɔ yɛn “Obirɛmpɔn” a ɔyɛ Ɔhene no ase no mu! Yɛn som ne Ahenni no yɛ paara ma yɛn. Na n’abien nyinaa ka yɛn bom wɔ yɛn wiase nyinaa nuayɛ no mu.

10. (a) Yebu yɛn Guanhwɛfo a ɔyɛ Ɔhene no dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na yedi Yehowa “atemmude” so?

10 Hwɛ sɛnea yɛdɔ yɛn Hene no! Wɔ yɛn nyinaa fam de ɔyɛ “oguanhwɛfo biako”​—Oguanhwɛfo a ɔwɔ ayamye a ɔde yɛn kɔ daa nkwa nsu ho. Onim yɛn mu biara din na ɛyɛ n’anigye sɛ ɔbɛfrɛ yɛn na ɔde yɛn akɔ honhom mu adidibea pa. Nanso te sɛ nguan wɔ nguankuw mu no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ biako, na ‘yedi Yehowa atemmude so.’ Ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi Satan ahyehyɛde no afã horow abiɛsa a edidi so yi ho: n’amammuisɛm a aporow, n’adifudepɛ aguadi ne ne nyamesom a ɛyɛ abosonsom no. Wɔ biakoyɛ a ɛte sɛ Yesu ne n’asuafo a wodi kan de no mu no, yɛkyerɛ sɛ “yemfi wiase.” Na nea ɛka eyi ho nso ne twe a yɛbɛtwe yɛn ho afi wiase no abrabɔ bɔne no ho. (Yohane 17:14, 16. 20, 21; 18:36) Bere a yetie Yehowa ahyɛde ahorow na ‘yedi so’ no, ɛnsɛ sɛ mpaapaemu biara ba yɛn mu.

11. Ɔkwan bɛn so na ɛsono yɛn asetra kwan wɔ wiase nyamesomfo de ho?

11 Hwɛ sɛnea saa asetra kwan yi yɛ soronko wɔ wiase nyamesomfo de ho! Wɔ wɔn fam de, mpɛn pii wɔyɛ nea wɔpɛ. Wɔma ahofadi a ɛwɔ wiase no mu ne ne bra bɔne no kwan. Mpɛn pii wɔtaa nya gyinapɛn soronko ma wiase afã horow biara. Sɛ nhwɛso no, wɔ aman a wodi yiye so no, wokura nhyehyɛe a ɛne okunu biako​—ɔyere biako​—no mu; wɔ mmeae afoforo nso wogye wɔn a wɔwareware yerenom pii na wɔda so ara yɛ saa ba asɔre no mu. (Fa toto Mateo 19:4-6; 1 Timoteo 3:2, 12 ho.) Nanso yɛn a yɛyɛ biako wɔ Kristo, Oguanhwɛfo a ɔyɛ Ɔhene no ase no, di Bible mmara ne nnyinasosɛm ahorow akyi wɔ wiase nyinaa. Na sɛ aman ahorow no kɔ ɔko a, yɛpow sɛ yebekum yɛn nuanom a wɔwɔ ɔman foforo so, efisɛ wɔ Yesaia asɛm no mu no wɔka yɛn ho asɛm sɛ: “Wɔrensua akodi bio.”​—Yesaia 2:3, 4.

12. Ɔkwan bɛn so na yɛda yɛn ho adi sɛ yɛyɛ biako, “sɛ nguan nguamman mu”?

12 Saa honhom mu Israelfo nkaefo no biakoyɛ yi yɛ nea wɔkaa ho asɛm fɛfɛɛfɛ too hɔ wɔ Mika 1:12, faako a Yehowa se: “Mɛka wɔn mabom sɛ nguan nguamman mu, sɛ mmoakuw wɔn didibea so, nnipa dodow a wɔyɛ hoo.” Eyi yɛ biribi a yehu wɔ Yehowa nkurɔfo nhyiam horow ase: Nnipa mpempem pii a wɔayɛ aso retie, a wɔn ho pere wɔn sɛ wɔbɛte asɛm biara a wɔka bere a yedidi wɔ Yehowa ne ne Guanhwɛfo a ɔyɛ ɔhene no hwɛ ase no. Apuei Famfo, abibifo, aborɔfo​—nkaefo a wɔasra wɔn ne “nguan foforo”​—no nyinaa yɛ biako wɔ kuw yi mu. Yɛn nhyiam akɛse ne nketewa, yɛn asafo mu nhyiam horow de adanse a akyinnye biara nni ho ma sɛ Ahenni biakoyɛ yɛ paara wɔ wiase nyinaa nnɛ!

13. Ɔkwan bɛn so na nguankuw no ayɛ “nnipa dodow a wɔyɛ hoo”?

13 Na Mika asɛm a ese wɔyɛ “nnipa dodow a wɔyɛ hoo” no nso ɛ? Dɛn na yehu bere a yɛn nhyiam akɛse ne nketewa nnya mfii ase ne bere a wɔapɔn no? Ɛdɛn, hooyɛ a efi fekubɔ a anigye wom mu, bere a yɛbɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ dɛ na yenya anigye a efi Kristofo fekubɔ mu ba no mu kyɛfa na yɛka ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn no ho asɛm no. Na asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa no mu ‘yɛ hoo’ nso, esiane dɔ a ɛkɔ so ara dɔ no nti; bere a wɔkɔ so hyehyɛ asafo ahorow foforo no, biakoyɛ nne a wɔde to Yehowa ayeyi nnwom no mu yɛ den wɔ asase nyinaa so.​—Dwom 96:1-3.

14. Ma nhwɛso a ɛkyerɛ sɛnea wiase no hu yɛn biakoyɛ no.

14 Biakoyɛ a ɛyɛ anigye, te sɛ nguankuw wɔ nguamman mu yi nyɛ nea wiase no nhu. Sɛ nhwɛso no, bere a na wɔreyɛ Yehowa Adansefo 1983 “Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam Horow no, polisifo mpanyimfo a wɔwɔ Taegu, Korea no maa polisifo 30 baa nhyiambea hɔ da a edi kan no, nanso bere a wohuu sɛnea nneɛma rekɔ so pɛpɛɛpɛ ne sɛnea Adansefo no rekyerɛ kar ne lɔre ahorow kwan wɔ abɔnten no, polisifo baanu pɛ na wɔma wɔbae nnansa a aka no. Wɔ Taejõn no, nhyiambea no sohwɛfo panyin kae sɛ: “Ɛyɛ me sɛ wɔama mo honhom afi soro​—ɛyɛ nwonwa.” Waka ma atra so de, nanso ɔkaa nea ɔpɛ sɛ ɔka! Wɔ Rangoon, Burma no, Gandhi Hall boayifo no mu biako kae sɛ: “Sɛ wiase nyinaa wɔ asafo bi te sɛ mo de yi a, anka ɔhaw biara remma wiase.”

Yehowa “Asomdwoe Apam”

15. Asomdwoe a ɛyɛ anigye bɛn na wɔaka ho asɛm wɔ Hesekiel 37:26?

15 Wɔn a wɔwɔ nokware asomdwoe ne wɔn a yɛn Guanhwɛfo a ɔyɛ Ɔhene, Kristo Yesu di wɔn anim kɔ adidibea no. Ɛyɛ, asomdwoe a biakoyɛ na ɛde ba, na saa biakoyɛ no yɛ Ahenni no ade a ɛwɔ hɔ ampa wɔ Yehowa Adansefo mu wɔ asase nyinaa so nnɛ. Yehowa ka eyi ho asɛm wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so wɔ asɛm a ɔka kyerɛɛ Hesekiel wɔ ti 37 nkyekyem 26 no mu:

“Na me ne wɔn bɛpam asomdwoe apam, ɛbɛyɛ wɔn daa apam, na mɛma wɔatim na mama wɔafɛe, na mede me kronkronbea mesi wɔn mu akosi daa.”

Asomdwoe wɔ wɔne Onyankopɔn ntam! Asomdwoe a ebetumi ayɛ nea ɛwɔ hɔ daa, esiane ɔdɔ afɔre a yɛn Guanhwɛfo a ɔyɛ Ɔhene no bɔe bere a ɔwɔ asase so ha no nti!

16. Dɛn na ama “nguan” no dodow akɔ anim no?

16 Mprempren a honhom mu Israelfo a wɔn dodow yɛ 144,000 no aso no, nnipakuw kɛse a wɔyɛ “nguan foforo” ba bɛka eyinom ho wɔ ɔsom kronn mu wɔ Yehowa kronkronbea. “Nguan” no dodow nni ano​—wɔn dodow nenam ɔpepem mu dedaw! Wɔ biakoyɛ mu wɔ wiase nyinaa no, Ahenni adawurubɔfo yi kɔ afie afie mu. Saa baguam ɔsom yi yɛ paara na ɛyɛ nea atirimpɔw wom ma yɛn, na ɛda yɛn adi sɛ nkurɔfokuw biako wɔ asase nyinaa so a wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛma Yehowa din so na wɔabɔ n’asomdwoe Ahenni no ho dawuru. Hwɛ yɛn ani ara a agye sɛ yɛanya n’asomdwoe apam no mu kyɛfa!

17. (a) Nkuranhyɛ bɛn na Yehowa de ma wɔ Hesekiel 37:27, 28? (b) Yɛyɛ dɛn hu sɛ sohwɛ a Yehowa de ma no nyɛ nea ɛfa honhom mu Israel nkutoo ho?

17 Wɔ Hesekiel 37, nkyekyem 27 ne 28 no, yɛkenkan Yehowa nkuranhyɛ nsɛm a etwa to ma ne nguankuw a wɔyɛ biako no, sɛ:

“Na me trabea besi wɔn so, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso wɔayɛ me ɔman, na amanaman no ahu sɛ mene [Yehowa] a metew Israel ho, bere a me kronkronbea si wɔn mu kosi daa no.”

Hwɛ yɛn ani ara a agye sɛ wɔatrɛw Yehowa ahobammɔ mu wɔ ne nkurɔfo so te sɛ ntamadan! Saa ara na ɛnyɛ honhom mu Israel nko na enya sohwɛ a efi ɔdɔ mu yi, efisɛ yɛkenkan wɔ “nnipakuw kɛse” no ho sɛ “Nea ɔte ahengua no so no bɛkata wɔn so.” Yehowa abufuhyew biara remma wɔn so bio.​—Adiyisɛm 7:9-17.

18. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa ‘tew Israel ho’? (b) Ɔkwan bɛn so na “nnipakuw kɛse” no nso ba benya trenee gyinabea wɔ Onyankopɔn anim?

18 Hwɛ yɛn ani ara a agye nso sɛ Yehowa te honhom mu Israel mu, na wasi ne kronkronbea wɔ wɔn mfinimfini “kosi daa”! Sɛnea beae a wɔsom no yi yɛ kronkron no, saa ara nso na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔba hɔ bɛsom no yɛ kronkron, wɔtew wɔn ho, wɔpaw wɔn ma Nyankopɔn som. Wɔka Kristofo a wɔasra wɔn no ho asɛm sɛ ‘wɔaguare wɔn, . . . wɔatew wɔn ho, . . . wɔabu wɔn bem Awurade Yesu Kristo din ne yɛn Nyankopɔn honhom mu.’ (1 Korintofo 6:11) Na sɛnea kyerɛwsɛm a ɛwɔ atifi hɔ a ɛne Adiyisɛm 7:9-17 kyerɛ no, “nnipakuw kɛse” a wɔwɔ asase so anidaso no nso ‘ahohoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya no mu’ na wɔde ‘ɔsom kronn bɛma Onyankopɔn awia ne anadwo n’asɔredan mu.’ Adansedi kɛse bɛn ara na efi saa wiase nyinaa biakoyɛ som no mu ba sɛɛ yi!

19. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔbɛma amanaman no agye asɛm a ɛwɔ Hesekiel 38:23 no atom? (b) Enkosi saa bere no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn tirim sɛ yɛbɛyɛ?

19 Nanso, bere a yɛkɔ yɛn anim wɔ Ahenni biakoyɛ mu no, nea ɛyɛ yɛn anigye kɛse ne sɛ yebedu Yehowa da a ɔbɛsan ne ho no mu. Ɛno na wɔbɛtew ne din kɛse no ho​—wɔ ahohorabɔ kɛse a wɔde aba din no so no nyinaa mu. Wɔbɛma amanaman no ahu gye a wogye nkurɔfo a Yehowa din da wɔn so no. Nanso nea ɛho hia kɛse, sɛnea Amansan Hene no ankasa ka no: “Wobehu sɛ mene Yehowa.” (Hesekiel 38:23, New World Translation) Momma yenkura yɛn Ahenni biakoyɛ a mprempren ɛwɔ hɔ ankasa no mu denneennen nkosi sɛ wɔbɛtew Yehowa din kɛse no ho ankasa wɔ amansan nyinaa mu!

Ɔkwan bɛn so na Hesekiel 37:15-28 anya mmamu wɔ:

□ Yehowa nkurɔfo a wɔyɛ wɔn “dua biako” no mu?

□ ‘Ɔhene ne oguanhwɛfo biako’ a wɔde no si hɔ no mu?

□ “Asomdwoe apam” a Onyankopɔn ne ne nkurɔfo yɛ no mu?

□ Onyankopɔn ntamadan wɔ wɔn so” no mu?

[Kratafa 28 mfoni]

Yehowa “asomdwoe apam” no wɔ ne nkurɔfo a wɔyɛ biako no so mprempren na ɛma wonya yiyedi de kosi Paradise asase so mu ahotoso

[Kratafa 30 adaka]

“Yesu Kristo a mobɔɔ no asɛndua mu a Onyankopɔn nguan no fii awufo mu no. . . . Oyi ne ɔbo a mo abantofo ammu no na abedi twea ti. Na nkwagye nni obiara mu, na nso din foforo nni ɔsom ase a wode ama wɔ nnipa mu a ɛsɛ sɛ wogye yɛn nkwa wɔ mu.”​—Asomafo no Nnwuma 4:10-12.

OCTOBER DA BIARA DA ASƐM

(wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena