Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w85 2/1 kr. 23-29
  • “Nguan Foforo” Ne Awurade Anwummeduan No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Nguan Foforo” Ne Awurade Anwummeduan No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsakrae Horow Wɔ Adwene a Wokura Mu
  • Twam No Ne Nkaedi No
  • Nkaedi No Ase a Wɔbɛkɔ Ho Hia a Ehia
  • Ɔdɔ Mu a Wobefi Asusuw Obiara Ho
  • Hia a Ɛho Hia Sɛ Obi Bɛhwehwɛ Ne Ho Mu
  • Ne Di Wɔ 1985 Mu
  • Awurade Anwummeduane No​—Nea Enti a Yɛhyɛ Ho Fã
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • ‘Yɛn Ho Atɛn A Yebebu’ Wɔ Nkaedi Bere Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • ‘Monyɛ Eyi Mfa Nkae Me’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛhyɛ Awurade Anwummeduan No Ho Fa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
w85 2/1 kr. 23-29

“Nguan Foforo” Ne Awurade Anwummeduan No

“[Yesu] ne yɛn bɔne ho mpatu, no ɛnyɛ yɛn de ho nko, na mmom wiase nyinaa de ho bi.”​—1 YOHANE 2:2

1. Nneɛma pa bɛn na afi ‘ahenni no ho asɛmpa a wɔka’ no mu aba?

YESU kae sɛ: “Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Afe 1914 awo ntoatoaso no mufo bi da so ara wɔ hɔ a wobedi adanse sɛ Yehowa Adansefo adi ahyɛde yi so nokwaredi mu. Esiane eyi nti, nnipa koma pafo mpem ɔhaha pii a wiase yi mu huammɔdi ahorow ama wɔayɛ basaa no de adwempa agye asɛmpa no so. Wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa Nyankopɔn na wɔde wɔn ho nyinaa ma n’Ahenni no, na wɔma wohu wɔn ahosohyira no denam nsu mu asubɔ so. Nnipa a wɔn dodow yɛ 179,421 faa ɔkwan a nyansa wom yi so wɔ 1984 mu. Nea ɛkyerɛ ne sɛ, wɔka kyerɛɛ nnipa a Onyankopɔn din da wɔn so no sɛ: “Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ne mo na ɛte.”​—Sakaria 8:23.

2. Dɛn na ɛkyerɛ bere a Yesu boaboa ne “nguan foforo” no ano?

2 “Nnipakuw kɛse” a wɔn dodow rekɔ anim bere nyinaa a wɔresom yi ka wɔn a Yesu kaa wɔn ho asɛm sɛ ne “nguan foforo” no ho. (Adiyisɛm 7:9, 15; Yohane 10:16) Wɔwɔ anidaso kɛse a ɛne sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ asase so paradise (Dwom 37:29) Yesu ka too hɔ sɛ ɔbɛka n’akyidifo anokwafo yi abom bere a madi kan de n’adwene nyinaa asi “kuw ketewa” a wɔte sɛ nguanten a wɔn nti na ɔyɛ apam foforo no ntamgyinafo no ano a wɔboaboa no so dom no. (Luka 12:32; Hebrifo 9:15) Bere a nnipakuw ahorow abien a wɔte sɛ nguanten a wɔbɛboaboa wɔn ano ayɛ wɔn “kuw biako” yi wɔ yɛn adwene mu no, yebetumi ate nea enti a ɔsomafo Yohane kae sɛ Yesu Kristo “ne yɛn bɔne ho mpata, na ɛnyɛ yɛn de ho nko, na mmom wiase nyinaa de ho bi” no ase.​—1 Yohane 2:1, 2.

Nsakrae Horow Wɔ Adwene a Wokura Mu

3, 4. (a) Adwene mu nsakrae bɛn na pii anya wɔ Awurade Anwummeduan afahyɛ no ho? (b) Bere a Paulo kae sɛ, “Bere biara a mubedi . . . na mobɛnom” no, na ɔkyerɛ dɛn?

3 Ná “nguan foforo” no mufo afoforo a wɔaboaboa wɔn ano no mu pii taa bɔ Mass anaasɛ wɔkɔ Communion, a mpɛn dodow a wɔyɛ no ne ɔkwan a wɔfa so yɛ no no gyina nyamesom ahyehyɛde pɔtee a wɔwom no gyidi ahorow so. Nanso mprempren eyinom abehu sɛ ɛsɛ sɛ wɔhyɛ Awurade Anwummeduan ho fa no pɛnkoro pɛ afe biara. Dɛn nti na eyi te saa? Ná wodi Yudafo Twam afahyɛ no pɛnkoro pɛ wɔ afe biara mu, na Yesu fii Nkaedi no ase saa Twam anadwo no ara a ɛyɛ Nisan 14. Afei ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae!” Paulo de ka ho sɛ: “Na bere biara a mubedi abodoo yi na mobɛnom kuruwa yi ano no, monka Awurade wu no nkosi sɛ ɔbɛba.” (1 Korintofo 11:24-26, NW) Ná Yesu kyerɛ pefee sɛ ɛsɛ sɛ n’asuafo no di ne wu afahyɛ no Twam Da a ɛba pɛnkoro afe biara no. Enti, wɔahyɛ fa yi “bere biara” wɔ bere tenten a Kristofo asafo no de atra ase no mu. Nokwarem no, wɔahyɛ Nkaedi ho fa no mpɛn 1,952 dedaw.

4 Adwene mu nsakrae foforo a ɛho hia wɔ hɔ a “nguan foforo” kuw no aba abehu. Sɛ́ anka wobedi abodoo no na wɔanom bobesa no sɛnea na kan wɔn mu pii yɛ wɔ asɔre binom mu no, afei de wohu sɛ wɔn tebea no ‘asesa’ abɛyɛ bɛhwɛadefo de. Dɛn nti na eyi te saa, na so yɛwɔ Kyerɛwsɛm mu nnyinaso a ɛma ho kwan ma wonya bɛhwɛadefo ne wɔn a wonya ne di ne ne nom mu kyɛfa?​—2 Korintofo 13:11, NW; 2 Timoteo 3:16, 17.

5. (a) Kyerɛ nneɛma atitiriw a ɛsɛ sɛ obi yɛ na ama wanya Yesu afɔrebɔ no mu mfaso no. (b) Dɛn nti na Onyankopɔn ayɛ ade wɔ Kristo Yesu akyidifo 144,000 no ho titiriw?

5 Sɛ obi benya Kristo Yesu “mpata” no mu mfaso a, nneɛma ahorow bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ɔyɛ, ɛmfa ho sɛ oniiko no wɔ ɔsoro asetra ho anidaso anaasɛ ɔwɔ asetra wɔ asase so Paradise ho anidaso. Nneɛma atitiriw a ɛsɛ sɛ ɔyɛ no ne nea edidi so yi: (1) Onyankopɔn Asɛm no mu nimdeɛ a edi mũ a obenya (Romafo 10:13-15) ; (2) gyidi a obenya (Hebrifo 11:6) ; (3) ahonu (Mateo 4:17, NW) ; adwensakra (Asomafo no Nnwuma 3:19) ; (5) ahosohyira (Luka 9:23) ; ne (6) asubɔ (Mateo 28:19) . Ɛyɛ bere a wayɛ nneɛma yi akyi na Onyankopɔn yɛ ade wɔ ɔkwan titiriw bi so wɔ obi a ɔpaw no ma ɔbɛyɛ 144,000, anaa “kuw ketewa” no mufo biako no so. Dɛn ntia? Sɛnea ɛbɛyɛ a onipa no bɛba abɛyɛ Onyankopɔn honhom mu ba a ɔhwɛ kwan sɛ ɔbɛyɛ ɔsɔfo ne ɔhene aka Kristo Yesu ho. (Adiyisɛm 20:4, 6) Honhom mu mma yi nkaefo kakraa bi na wɔte ase mprempren, na eyinom ne wɔn a wodi abodoo no na wɔnom bobesa no ma ɛfata. Ɛnde eyi nti na Yehowa Adansefo mu fã kɛse no ara yɛ bɛhwɛadefo a wonni na wɔnnom bi no.

Twam No Ne Nkaedi No

6. Dɛn nti na ebinom aka sɛ ɛsɛ sɛ “nguan foforo” no di abodoo no na wɔnom bobesa no bi, na asemmisa bɛn na eyi ma ɛsɔre?

6 Ebinom aka sɛ ɛsɛ sɛ “nguan foforo” a wɔn dodow rekɔ anim no di abodo no na wɔnom bobesa no bi. Wɔn adwene ne sɛ: Esiane sɛ “Mmara no kura nnepa a ɛbɛba no sunsuma” na nea Mmara no hwehwɛ biako ne sɛ Israelfo ne ahɔho a wɔatwa wɔn twetia nyinaa bedi Twam no nti, eyi bɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ akuw abien a wɔte sɛ nguanten wɔ “kuw biako” mu wɔ “ɔhwɛfo biako” ase no nyinaa di Nkae abodoo no na wɔnom nsa no bi. (Hebrifo 10:1; Yohane 10:16; Numeri 9:14) Eyi ma asemmisa titiriw bi sɔre: So na Twam no yɛ Nkaedi no nsɛso?

7. Nneɛma bɛn mu na na Twam no yɛ “nnepa a ɛbɛba no sunsuma”?

7 Ɛyɛ nokware sɛ Twam a wodii wo Misraim no afã binom nyaa mmamu wɔ Yesu mu a akyinnye biara nni ho. Paulo de Yesu totoo Twam guammaa ho, na ɔkae sɛ, “Wɔakum yɛn twam guan Kristo no.” (1 Korintofo 5:7) Twam guammaa no mogya a wɔde petee wɔn apon ne mfɛnsere anim no sii nkwa a abakan a ɔwɔ Israelni biara fi benya no so dua. Saa ara na ɛdenam Kristo mogya a wɔde pete no so no “mmakan a wɔakyerɛw wɔn din wɔ ɔsoro no bagua” no nya nkwa, anaa ‘ogye denam agyede so.’ (Hebrifo 12:23, 24; Efesofo 1:3, 7, NW) Bio nso na ɛnsɛ sɛ wobu Twam guammaa no dompe biara mu, na eyi nso nyaa mmamu wɔ Kristo Yesu mu. (Exodus 12:46; Dwom 34:20; Yohane 19:36) Enti, ɛyɛ nokware sɛ wɔbɛka sɛ wɔ nneɛma binom mu no, na Twam no yɛ Mmara no mu nneɛma ahorow pii a ɛyɛɛ “nnepa a ɛbɛba no sunsuma” no mu biako. Nneɛma ahorow yi nyinaa twee adwene sii Kristo Yesu, “Onyankopɔn guammaa” no so.​—Yohane 1:29.

8-10. (a) Ade titiriw a ɛfa mogya ho bɛn mu na na ɛsono Twam no wɔ Nkaedi no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na apam ahorow a ɛbata Nkaedi no ho no si nsonsonoe foforo so dua? (d) Eyi ma yɛde asɛm no ba awiei dɛn?

8 Nanso, na Twam no nyɛ Awurade Anwummeduan no nsɛso ankasankasa. Dɛn ntia? Bere a wɔde Twam no sii hɔ wɔ Misraim no, wɔwee oguammaa nam a wɔatoto no, nanso wɔanni Twam guammaa no mogya biara. Nea ɛne eyi bɔ abira no, bere a Yesu de ne wu Nkaedi no sii hɔ no, ɔhyɛɛ da ka kyerɛɛ wɔn a na wɔwɔ ho saa bere no sɛ wonni ne nam na wonnom ne mogya a ɔde abodoo ne bobesa yɛɛ ho sɛnkyerɛnne no. (Exodus 12:7, 8; Mateo 26:27, 28) Wɔ ade a ɛho hia titiriw ​—mogya​—no mu yi, na Twam no nyɛ Awurade Anwummeduan no nsɛso.

9 Biribi foforo nso wɔ hɔ a ɛnsɛ sɛ yebu ani gu so. Yesu ne n’asuafo no susuw apam ahorow abien ho, “apam foforo” no ne ‘ahenni apam’ no. (Luka 22:20, 28-30, NW) Apam ahorow abien no nyinaa fa wɔn a wodi na wɔnom a wɔne Kristo Yesu bɛyɛ asɔfo ne ahene no ho, Nanso wɔ Israel no, na ɔhɔho a wɔatwa no twetia biara rentumi mmɛyɛ ɔsɔfo anaa ɔhene da. Wɔ eyi mu nso yehu nsonsonoe a ɛda Twam afahyɛ wɔ Israel ne Awurade Anwummeduan no ntam no.

10 Enti eyi ma yɛde asɛm no ba awiei dɛn? Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɔhɔho a wɔatwa no twetia dii abodoo a mmɔkaw nnim ne nhaban a ɛyɛ nwene na wɔwee Twam guammaa no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ Awurade no “nguan foforo” nnɛ a wɔba Nkaedi no ase no di abodoo no na wɔnom bobesa no bi.

Nkaedi No Ase a Wɔbɛkɔ Ho Hia a Ehia

11. Ntease atitiriw bɛn nti na ɛsɛ sɛ “nguan foforo” no ba Nkaedi no ase?

11 Nanso, so eyi kyerɛ sɛ ɛho nhia sɛ wɔn a wɔyɛ “nguan foforo” kuw no ba Nkaedi afahyɛ no ase? Ɛnte saa koraa! Eyi yɛ bere a ɛsɛ sɛ Yesu akyidifo a wɔte sɛ nguanten no nyinaa kae Yesu wɔ ntease titiriw bi mu. Wɔ saa bere yi mu no, “nguan foforo” no kae sɛ wɔanya mu mfaso dedaw esiane gyidi a wɔwɔ wɔ Kristo mogya a ohwie gui no mu a enti mprempren Yehowa bu wɔn sɛ “wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya no mu” no. Eyi nti na wotumi de ‘ɔsom kronn ma awia ne anadwo [Onyankopɔn] asɔredan mu’ no. (Adiyisɛm 7:14, 15, NW) Wobetumi akae nso sɛ ɛsɛ sɛ wɔkɔ so ‘hwehwɛ Yehowa, ne trenee ne ahobrɛase’ a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛkora wɔn so “Yehowa abufuw da” no, na ɛno akyi wɔanya anigye a ɛne ɔdesani pɛyɛ ho a wobedu. Awiei koraa no Yehowa betumi abu wɔn atreneefo, a ɛno bɛyɛ bere a Yesu san de Ahenni no ma n’Agya no akyi.​—Sefania 2:2, 3; 1 Korintofo 15:24; Adiyisɛm 20:5.

12. Mfaso bɛn na wonya fi Nkaedi ɔkasa no a wotie mu?

12 Ntease titiriw foforo nso nti a ɛsɛ sɛ wɔkɔ ase ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nokware ahorow a wosusuw ho wɔ Nkaedi ɔkasa no mu no ka “Onyankopɔn ade a emu dɔ,” ‘aduan a ɛyɛ den a ɛfata wɔn a wɔanyin’ no ho, na ɛnyɛ nufusu a ɛyɛ “mfiase asɛm” ara kwa no. (1 Korintofo 2:10; Hebrifo 5:13-6:1) Kyerɛwsɛm mu ɔkasa no bɛma anisɔ a wɔwɔ ma ɔdɔ a Yehowa yii no adi sɛ ɔde Ahenni nhyehyɛe a ɛyɛ nwonwa yi sii hɔ na ama adesamma abusua no anya nhyira no ayɛ kɛse. Ɛyɛ hokwan nso a wonya de ‘hwɛ yɛn gyidi ho Dwumayɛfo Panyin ne ne Pɛyɛfo, Yesu yiye kɛse.’ Ɛnsɛ sɛ yebu ɔdɔ a Yesu yii adi wɔ yɛn ho no ne amane ahorow a ohui no adewa., (Hebrifo 12:2, 3, NW) Bio nso, yɛn nyinaa betumi agye atom sɛ nsɛm ahorow a ɛsom bo a Yesu ne n’asomafo no susuw ho ​—nsɛm a ɛfa biakoyɛ, ɔdɔ, ne Yehowa din anuonyam a wɔbɛhyɛ ho​—no yɛ nea “nguan foforo” no ne “kuw ketewa” no nyinaa betumi asusuw ho.

Ɔdɔ Mu a Wobefi Asusuw Obiara Ho

13. Dɛn nti na ɛho hia sɛ wɔde abodoo ne bobesa no fa wɔn a wɔaba no nyinaa anim?

13 Ɛho hia sɛ wɔbɛma obiara a waba Awurade Anwummeduan no ase akae ɔkwan a wɔfa so yɛ no a Yesu de sii hɔ no. Abodoo ne bobesa no a wɔde fa ankorankoro biara anim ankasa no boa ma anisɔ a wonya ma akronkronne a wɔaka ho asɛm saa anwummere no yɛ kɛse. Ɛma obiara nso tumi kyerɛ ma wohu nkwa anidaso a ɔwɔ​—sɛ́ ɛyɛ ɔsoro de anaa asase so de.a Ɔkwan pa a wɔfa so yɛ no a wobedi akyi ma nea asafo no reyɛ ne nea wɔreyɛ wɔ wiase nyinaa saa anwummere no hyia.​—1 Korintofo 14:40.

14. Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo no betumi afi ɔdɔ mu asusuw wɔn a wɔasra wɔn no mu biako a ɔyare Nkaedi anadwo no ho?

14 Fa no sɛ wɔn a wɔasra wɔn no mu biako yare wɔ asafo bi mu ma enti wantumi amma Nkaedi no ase. Dɛn na wɔbɛyɛ? Ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden biara a wobetumi sɛ wɔbɛma mpanyimfo no mu biako de abodoo ne bobesa no akɔma saa Kristoni a ɔyare no, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɔpanyin no betumi aka asɛm kakraa bi a ɛfata ansa na ɔde ama no na ɔde mpaebɔ a ɛfata awie. Hwɛ nkuranhyɛ ara a ɛbɛyɛ ama ɔyarefo no! Ɔdɔ mu a wofi susuw afoforo ho yi de ɔdɔ honhom ba asafo no mu. (Hwɛ kratafa 30 nso.)​—Dwom 133:1.

15. Kyerɛ akwan afoforo bi a wobetumi afa so akyerɛ obu ama Awurade Anwummeduan no.

15 Nsemmisa afoforo a ɛyɛ anigye asɔre a ɛfa ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so yɛ no ne abodoo ne bobesa ko a ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma wɔ Nkaedi no ase ho. Wubenya nsemmisa yi ho mmuae wo kratafa 27 wɔ “Obu a Wɔbɛkyerɛ ama Awurade Anwummeduan No” ase. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo a ɛho asɛyɛde hyɛ wɔn nsa no bɔ mmɔden sɛ wobedi nea wɔakyerɛ wɔ hɔ no akyi pɛpɛɛpɛ.

Hia a Ɛho Hia Sɛ Obi Bɛhwehwɛ Ne Ho Mu

16, 17. (a) Asɛm bɛn na ebinom abisa afa kyɛfa a wobenya wɔ Nkaedi no mu ho, na hena nkutoo na obetumi ama ho mmuae? (b) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn de adanse a akyinnye biara nni ho ma wɔ wɔn a ɔde ne honhom awo wɔn no ho?

16 Ebinom wɔ hɔ a wɔn adwenem a ɛyɛ wɔn naa wɔ sɛ́ ebia wɔfata sɛ wodi na wɔnom bi no ho no ama wɔayɛ basaa. Ɛtɔ mmere bi a asemmisa yi sɔre bere a aka adapɛn bi na Awurade Anwummeduan afahyɛ foforo adu hɔ no. Mpɛn pii wɔn a nnansa yi ara na wɔde wɔn ho abɔ Yehowa Adansefo ho no na wobisa nsɛm yi. So woyɛ obi a adwenem naayɛ bi a ɛte sɛɛ sɔre wɔ wo mu? So wubetumi ahu ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ wofa so?

17 Paulo kamfo kyerɛe wɔ Awurade Anwummeduan no ho sɛ: “Nea edi kan no, ma onipa nsɔ ne ho nhwɛ nhu sɛ ɔfata, na ɔmfa so nni abodoo no bi na ɔnnom kuruwa no mu bi.” (1 Korintofo 11:28, 29) So wohyɛɛ no nsow sɛ Paulo se wo na ɛsɛ sɛ wohwɛ sɛ ‘wofata bere a woasɔ wo ho ahwɛ’ no? Ɛwom, ɛnyɛ mfomso sɛ wo ne Kristoni a ne ho akokwaw besusuw aniberesɛm a ɛte sɛɛ ho, nanso wo nkutoo na ɛsɛ sɛ wokyerɛ sɛnea wo ne Yehowa ne ne Ba no ntam abusuabɔ te. Onyankopɔn mma 144,000 no mu biara adwenem nyɛ no naa wɔ ɛno ho. Wosi so dua kyerɛ yɛn sɛ: “Honhom no ara ne yɛn honhom di adanse sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma.” Ɛyɛ Onyankopɔn honhom no na ɛma Kristo nipadua no muni biara gye di wɔ ne komam sɛ ɔyɛ Onyankopɔn honhom mu mma no mu biako. Nea wɔapaw no no nim eyi a ɛho nhia sɛ obebisa ɔfoforo wɔ asafo no mu ma wasi so dua ama no.​—Romafo 8:15, 16.

18. Abakɔsɛm mu nokwasɛm ahorow a ɛfa “nguan foforo” no ho bɛn na yɛn ani gye ho?

18 Yehowa Adansefo nnɛyi abakɔsɛm kyerɛ sɛ efi 1931 mu no, wofii ase de adwene sii “nguan foforo” no so kɛse denam Ahenni asɛm no so. Afei wɔ May 31, 1935 mu no, ɔkasa a ne ti ne “Nnipadɔm Kɛse”‘ a wɔmae no ma wohui pefee sɛ “nnipakuw kɛse” a ɔsomafo Yohane huu wɔn wɔ anisoadehu mu no ka “nguan foforo” no ho. Dɛn na asɛm foforo a wosii so dua yi kyerɛ? Nea na ɛkyerɛ ne sɛ “kuw ketewa” a wɔreboaboa wɔn ano no reba awiei na bere aso ama Yesu sɛ ɔnam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no dwumadi so bɛdan n’adwene aba “nguan foforo” no anoboaboa so.​—Mateo 24:45-47.

19. Obi ho mu a ɔbɛhwehwɛ bɛn na ɛbɛyɛ nea nyansa wom ma afoforofo a wɔkyerɛ sɛ wɔka wɔn a wɔasra wɔn no ho no?

19 Bere a nea yɛasusuw ho no wɔ yɛn adwene mu no, yɛka kyerɛ wɔn a nnansa yi ara na wɔde wɔn ho abɔ Yehowa nkurɔfo ho a ebia wɔakyerɛ sɛ wɔyɛ kuw a wɔasra wɔn no mufo bi nyinaa sɛ: Hwehwɛ wo ne Yehowa ntam abusuabɔ no mu yiye. Bisa wo ho sɛ, So ebia ɔsoro anidaso a mekyerɛ sɛ mewɔ no fi asɔre nkyerɛkyerɛ bi a na kan mikura mu sɛ, asɔre no mufo nyinaa bɛkɔ soro no mu? So m’anidaso no yɛ nea ɔkwan bi so efi ɔpɛ anaa nkate horow bi a pɛsɛmenkominya wom? Paulo kae sɛ: “Onyankopɔn ntumi nni . . . atoro.” (Hebrifo 6:18) Na saa ara na abagye honhom kronkron no ntumi nni atoro. Enti, obiara a Onyankopɔn honhom awo no ankasa no adwenem nkɔ so nyɛ no naa na mmom otumi di adanse wɔ ahonim pa nyinaa mu sɛ ɔyɛ Onyankopɔn mma no mu biako.

Ne Di Wɔ 1985 Mu

20. Nkaedi no ho hia Yehowa Adansefo dɛn?

20 Akyinnye biara nni ho sɛ Awurade Anwummeduan no ne afahyɛ kɛse a ɛsen biara wɔ afe no mu ma nokware Kristofo. Biribi foforo biara nni hɔ a ɛte sɛ ɛno wɔ hia a ɛho hia, n’atirimpɔw ne ɔkwan a wɔfa so yɛ no no mu. Enti, bere a asase kyim ne ho na ɛma owia no de nkakrankakra kɔto wɔ asase so nyinaa no, Yehowa Adansefo asafo biara, nketewa ne akɛse, ne kuw biara a atew ne ho wɔ baabi no behyiam de adi Owura no ahyɛde no so.

21. Su ne akwanhwɛ ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ 1985 mu Nkaedi no ma ɛsɔre wɔ Onyankopɔn nkurɔfo koma mu?

21 Enti asuafo a wɔte sɛ nguanten no nyinaa ani gye mmoroso bere a wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛbom ahyiam bio wɔ Nkaedi afahyɛ foforo ase no. Ɛmmra sɛ afe yi de yi bɛyɛ nkuranhyɛ bere kɛse ama Yehowa nkoa nyinaa. Ɛmmra sɛ ɛbɛma wɔanya ahotoso honhom koro no ara a wɔn nhwɛsofo, Yesu Kristo nyae no bi, a ɔno na ɔkae sɛ: “Momma mo bo ntɔ mo yam! Me na madi wiase so nkonim.”​—Yohane 16:33.

[Footnotes]

a Wɔ asafo kɛse biako mu no nea wɔyɛ ne sɛ wɔn a wɔde abodoo ne bobesa rema no gyina nkongua a wɔahyehyɛ no fã biako na wɔde wɔn nsa yɛ sɛnkyerɛnne bisa sɛ obi bɛpɛ sɛ odi bi. Ɛsɛ sɛ obi a ɔpɛ sɛ odi bi no yɛ biribi de kyerɛ ma nea ɔde rema no hu. Nanso, sɛnea wɔakyerɛ wɔ atifi hɔ no, eyi renyɛ nea ɛfata.

J. F. Rutherford a na saa bere no ɔyɛ Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo no titrani no na ɔmaa ɔkasa yi wɔ Washington, D.C.

So Wutumi Kae​—

◻ Nea enti a Twam no nyɛ Nkaedi no nsɛso no?

◻ Nneɛma asia a ɛsɛ sɛ obi yɛ ansa na wanya Yesu afɔrebɔ no mu mfaso no?

◻ Nea enti a Nkaedi no ase a wobɛkɔ ho hia kɛse no?

◻ Nea enti a obi ho mu a ɔbɛhwehwɛ ansa na Nkaedi no adu yɛ nea mfaso wɔ so no?

[Kratafa 27 adaka]

Obu a Wɔbɛkyerɛ ama Awurade Anwummeduan No

Nneɛma a Ɛsɛ sɛ Wɔde Di Dwuma

Abodoo a mmɔkaw nnim: Mubetumi de abodoo te sɛ Yudafo abodoo a asikresiam ne nsu nkutoo na wɔde yɛ no adi dwuma. Mommmfa abodoo a wɔde nneɛma afoforo te sɛ nkyene, asikre, atei, nkesua anaa gyeene agu mu nyɛ. Mo ankasa mubetumi atõ mo abodoo a mode nneɛma a edidi so yi na ayɛ: Monsaw asikresiam (sɛ ebi nni hɔ a, momfa ɛmo, aburow anaa awi asikresiam nyɛ) kuruwa biako ne fã na momfa nsu kuruwa biako mfɔtɔw. Afei mommɔ no tratra. Momfa nto kyɛnsee a wɔtõ ade wom mu na momfa biribi te sɛ adinam nwowɔ mu nketenkete. Montõ wɔ fononoo a ɛyɛ hyew mu nkosi sɛ ɛbɛyɛ den a wobu mu a ɛyɛ yiye.

Bobesa: Momfa bobesa kɔkɔɔ a wɔmfaa biribiara mfraa mu te sɛ Chianti ne Burgundy. Mommmfa bobesa a wɔde nsa afoforo afra mu nyɛ. Mommmfa nea wɔde atomde anaa nhaban ahorow aka ho te sɛ Dubonnet ne aperitif bobesa ahorow no nso nyɛ.

Ahenni Asa So Asiesie

Ɔpon a wɔde nneɛma no besisi so: Momfa ntama a ani tew nkata ɔpon no so na momfa mprɛte ne glase a ɛdɔɔso sɛnea ɛsɛ nsisi so. Mubetumi abubu abodoo no mu na moahwie bobesa no ansa na nhyiam no afi ase. Yesu ankyerɛ amanne kwan titiriw bi a ɛsɛ sɛ wɔfa so wɔ eyi mu. Sɛ ɛyɛ nea ɛho hia a, mubetumi de ntama a ani tew akata so sɛnea ɛbɛyɛ a mmoawa rensisi so.

Wɔn a wɔde bɛfa nnipa no anim: Munni kan nkyerɛkyerɛ wɔn ɔkwan a wɔbɛfa so adi nneɛma ho dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrenka akyi anaa nneɛma renyɛ basaa bere a wɔde refa nnipa no anim a ɔkasafo no ne wɔn ankasa ka ho no.

Wɔn a wogye ahɔho: Ɛsɛ sɛ wonya wɔn a wɔdɔɔso wɔ hɔ ansa na nhyiam no afi ase sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi agye obiara a ɔbɛba, ama no baabi atra.

Nhwiren a wode siesie hɔ: Wobetumi de bi asiesie hɔ nanso ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea ɛfata a ɛntra so.

Ɔkwan a Wɔfa So Yɛ Nhyiam No

Bere a wɔde hyɛ fa no: Ɛwom sɛ wobetumi afi ɔkasa no ase ntɛm de, nanso ɛnsɛ sɛ wɔde nneɛma no fa nni a no anim kosi sɛ owia bɛtɔ ansa. Ɛsɛ sɛ mo ankasa mohwɛ bere a owia bɛtɔ wɔ mo hɔ wɔ April 4 mu.

Nkaedi ɔkasa: Ɛsɛ sɛ ɔkasafo no siesie ne ho yiye sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi de n’asɛm no ama wɔ bere a wɔahyehyɛ no mu. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea emu da hɔ na ɛhyɛ wɔn a wɔaba no nyinaa nkuran.

[Kratafa 25 mfoni]

Nkaedi no ma ɔdɔ ma Yehowa ne ne Ba no yɛ kɛse

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena