Ti 13
Onyankopɔn Asomdwoe Nniso No
1. Dɛn na nnipa nniso ntumi nyɛe?
SO WOAHYƐ NO NSOW sɛ nnipa nniso horow, wɔn a wokura adwempa mpo no, ntumi mmaa nkurɔfo nnyaa nea wohia ankasa? Emu biara nni hɔ a atumi ayi awudi ne ɔtan a ɛwɔ mmusua horow ntam no afi hɔ anaasɛ ɛde aduan ne adan pa ama wɔn nkurɔfo nyinaa. Wontumi mmaa wɔn nkurɔfo nnee wɔn ho mfii ɔyare ho koraa. Na aban biara ntumi nsiw mpanyinyɛ anaa owu ano, anaa sɛ ɛde wɔn a wowuwu no bɛsan aba nkwa mu bio. Emu biara nni hɔ a atumi de asomdwoe ne ahotɔ a enni awiei abrɛ ne nkurɔfo. Nnipa nniso horow ntumi nni nsɛm akɛse a emu yɛ den a nkurɔfo hyia no ho dwuma.
2. Dɛn na Bible no ka ho asɛm titiriw?
2 Yɛn Bɔfo no nim sɛnea yehia trenee nniso a ɛbɛma ayɛ yiye sɛ nnipa nyinaa benya asetra pa a anigye wom. Ɛno nti na Bible ka nniso a ɛwɔ Onyankopɔn akwankyerɛ ase ho asɛm no. Nokware mu no, saa nniso a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ yi ne nea Bible no ka ho asɛm titiriw.
3. Dɛn na Yesaia 9:6, 7 ka wɔ Onyankopɔn nniso ho?
3 Nanso ebia wubebisa sɛ: ‘Ɛhe na Bible no ka Onyankopɔn nniso ho asɛm?’ Sɛ nhwɛso no, ɛyɛ saa wɔ Yesaia 9:6, 7. Wɔ Twi Bible foforo no mu no, nkyekyem ahorow yi kenkan sɛ: “Na wɔawo akokoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin; na n’ahenni bɛda ne mmati so, na wɔafrɛ ne din sɛ: Nwonwa, Ɔfotufo, Onyankopɔn-tumfoɔ, Daa-agya, Asomdwoe-hene; na n’ahenni mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba.”
4. Hena ne ɔba a ɔba bɛyɛ Onyankopɔn ahenni no sodifo no?
4 Bible no reka ɔbabanin bi, ɔhene bi, awo ho asɛm wɔ ha. Bere bi akyi no na ‘ɔhene ba’ yi bɛba abɛyɛ sodifo kɛse, “Asomdwoe-hene.” Obedi ahenni a ɛyɛ nwonwa ankasa so. Saa nniso yi de asomdwoe bɛba asase so nyinaa, na asomdwoe no bɛtra hɔ daa. Ɔbabanin a wɔkaa n’awo ho asɛm siei wɔ Yesaia 9:6, 7 no ne Yesu. Bere a ɔreka n’awo ho asɛm akyerɛ ɔbaabun Maria no, ɔbɔfo Gabriel kae wɔ Yesu ho sɛ: “Obedi . . . hene . . . na n’ahenni no to rentwa da.”—Luka 1:30-33.
AHENNI NO HO HIA A EHIA SO DUA A WOSI
5. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔkyerɛ hia a Ahenni no ho hia wɔ Bible mu? (b) Dɛn ne Onyankopɔn ahenni, na dɛn na ɛbɛyɛ?
5 Bere a wɔwɔ asase so no, adwuma titiriw a Yesu Kristo ne n’akyidifo yɛe ne sɛ wɔbɛka Onyankopɔn ahenni a ɛreba no ho asɛm na wɔakyerɛkyerɛ (Luka 4:43; 8:1) Wɔtwe adwene si saa ahenni no so bɛyɛ mpɛn 140 wɔ Bible mu. Yesu kyerɛɛ n’akyidifo mpo sɛ wɔmmɔ Onyankopɔn mpae sɛ: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mateo 6:10) So saa ahenni a Kristofo bɔ ho mpae no yɛ nniso ankasa? Ebia na wunsusuwii sɛ ɛte saa, nanso saa na ɛte. Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo ne Ahenni no Hene. Asase nyinaa bɛyɛ nea odi so. Hwɛ fɛ ara a ɛbɛyɛ bere a nkurɔfo mu rempaapae nyɛ aman pii a wɔne wɔn ho wɔn ho nka, na mmom nnipa bɛyɛ biako wɔ asomdwoe mu wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso ase no!
6. Bere a Yesu wɔ asase so no, dɛn nti na wɔkae sɛ Ahenni no “abɛn” na ɛwɔ “mo mu” anaasɛ “mo mfinimfini”?
6 Yohane Osuboni no fii ase kaa saa nniso yi ho asɛm, ka kyerɛɛ nkurɔfo sɛ: “Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn.” (Mateo 3:1, 2) Dɛn nti na na Yohane betumi aka eyi? Efisɛ na aka kakraa ma wɔabɔ onii a ɔbɛyɛ Onyankopɔn soro ahenni no sodifo no asu na wɔde Onyankopɔn honhom kronkron asra no. Enti wutumi te nea enti a Yesu ka kyerɛɛ Farisifo no akyiri yi sɛ: “Hwɛ! Onyankopɔn ahenni no wɔ mo mfinimfini” no ase. (Luka 17:21, New World Translation) Efisɛ na Yesu, a Onyankopɔn apaw no sɛ ɔhene no, ne wɔn wɔ hɔ. Wɔ ne mfirihyia abiɛsa ne fã asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu no, Yesu nam ne nokwaredi ma Onyankopɔn kosi owu mu no so dii fata a ɔfata sɛ ɔyɛ ɔhene no ho adanse.
7. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na Ahenni no yɛ ɔsɛmpɔw a ɛho hia bere a Yesu wɔ asase so no?
7 Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛahu sɛ Onyankopɔn ahenni no ne ɔsɛmpɔw a na ɛho hia wɔ Kristo som adwuma no mu no, ma yensusuw nea ɛbae da a etwa to ansa na ɔrewu no ho. Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ nkurɔfo no tõtoo Yesu ano, sɛ: “Yɛahu sɛ onipa yi resɛe yɛn man, na wabara sɛ wonnyi Kaesare tow, na ɔka sɛ ɔno ankasa ne ɔhene Kristo no.” Bere a ɔtee eyi no, Roma amrado Pontio Pilato bisaa Yesu sɛ: “Wo ne Yudafo hene anaa?”—Luka 23:1-3.
8. (a) Mmuae bɛn na Yesu de mae bere a wobisaa no sɛ ɔyɛ ɔhene anaa no? (b) Dɛn na na Yesu kyerɛ bere a ɔkae sɛ n’ahenni “mfi ha” no?
8 Yesu ammua Pilato asɛm no tẽe, na mmom ɔkae sɛ: “M’ahenni mfi wi yi ase. Sɛ m’ahenni fi wi yi ase a, anka m’asomfo bɛko na wɔamfa me anhyɛ Yudafo no nsa. Nanso m’ahenni mfi ha.” Yesu buae wɔ saa kwan yi so efisɛ na n’ahenni no renyɛ asase so de. Ná obedi hene afi soro, ɛnyɛ te sɛ onipa a ofi asase so ahengua bi so bedi tumi. Esiane sɛ na asɛm no ne sɛ ebia Yesu wɔ hokwan sɛ odi tumi sɛ ɔhene anaa dabi nti, Pilato bisaa Yesu bio sɛ: “Na woyɛ ɔhene nen?”
9. (a) Nokware a ɛso nni bɛn na Yesu daa no adi? (b) Dɛn ne nsemmisa akɛse a ɛwɔ hɔ nnɛ?
9 Ɛda adi pefee sɛ na wɔredi Yesu asɛm a ebetumi akowie owu mu esiane sɛ na ɔka nniso foforo bi ho asɛm na ɔkyerɛkyerɛ ho ade nti. Enti Yesu buaa Pilato sɛ: “Wo ankasa woreka sɛ meyɛ ɔhene. Eyi nti na wɔwoo me, eyi nti na mebaa wiase, sɛ merebedi nokware no ho adanse.” (Yohane 18:36, 37, New World Translation) Yiw, na Yesu de bere a ɔde traa asase so no aka Onyankopɔn Ahenni nniso no ho nokware ahorow a ɛyɛ nwonwa no akyerɛ nkurɔfo. Ná ɛno ne n’asɛm titiriw. Na ahenni no da so ara yɛ ɔsɛmpɔw a ɛho hia sen biara nnɛ. Nanso, nsemmisa yi da so wɔ hɔ sɛ: Nniso bɛn na ɛho hia sen biara wɔ onipa asetra mu? So ɛyɛ nnipa nniso bi, anaasɛ ɛyɛ Onyankopɔn ahenni a Kristo ne ne sodifo no?
NHYEHYƐE A WƆYƐ MA ASASE YI NNISO FOFORO
10. (a) Bere bɛn na Onyankopɔn hui sɛ nniso foforo ho hia? (b) Bible mu no, ɛhe na wɔadi kan aka biribi a ɛfa nniso yi ho? (d) Ɔwɔ no gyina hɔ ma hena?
10 Ɛyɛ bere a Satan nyaa Adam ne Hawa ma wɔkɔkaa ne ho wɔ n’atuatew no mu no na Yehowa huu hia a nniso foforo a ebedi adesamma so ho hia. Enti ɛhɔ ara Onyankopɔn kaa n’atirimpɔw sɛ ɔde nniso a ɛte saa besi hɔ ho asɛm. Ɔtwee adwene kɔɔ saa nniso yi so bere a ɔkaa atemmu a ɛbɛba ɔwɔ no so ho asɛm no, na ɔhyɛɛ da ka kyerɛɛ Satan Ɔbonsam sɛ: “Mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ne w’asefo ne n’asefo ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.”—Genesis 3:14, 15.
11. Ná henanom ntam na ɔtan bɛda?
11 Nanso ebia wubebisa sɛ: ‘Dɛn na wɔaka wɔ ha a ɛfa nniso ho?’ Ma yensusuw saa asɛm yi ho yiye na yebehu. Kyerɛwsɛm no se ɔtan bɛda Satan ne “ɔbea no” ntam. Bio nso, ɔtan bɛda Satan “asefo,” anaasɛ ne mma, ne ɔbea no “asefo,” anaasɛ ne mma ntam. Nea edi kan no, ɛho hia sɛ yehu nea “ɔbea no” yɛ.
12. Dɛn na wɔka wɔ “ɔbea no” ho wɔ Adiyisɛm ti 12?
12 Ɔnyɛ ɔbea a ɔwɔ asase so. Satan nnyaa ɔtan soronko bi mmaa ɔdesani bea biara. Mmom no, eyi yɛ sɛnkyerɛnne kwan so ɔbea. Kyerɛ sɛ, ogyina hɔ ma biribi foforo. Eyi da adi wɔ Bible mu nhoma a etwa to a ɛne Adiyisɛm no mu, faako a wɔde ne ho nsɛm afoforo ma no. Ɛhɔ no wɔka “ɔbea no” ho asɛm sɛ “ofura owia, na ɔsram wɔ ne nan ase, na nsoromma dumien abotiri bobɔ ne ti.” Sɛnea ɛbɛyɛ na aboa yɛn ma yɛahu nea “ɔbea” yi gyina hɔ ma no, hyɛ nea Adiyisɛm kɔ so ka wɔ ne ba no ho no nsow: “[Ɔbea no] woo ɔbabanin a ɔde dade poma rebɛyɛn amanaman nyinaa. Na wɔfaa ne ba no de no kɔɔ Onyankopɔn ne n’ahengua no nkyɛn.”—Adiyisɛm 12:1-5.
13. Henanom anaasɛ dɛn na “ɔbabanin” ne “ɔbea no” gyina hɔ ma?
13 Nea “ɔbabanin” no yɛ a yebehu no bɛboa yɛn ma yɛahu nea “ɔbea no” gyina hɔ ma. Ɔba no nyɛ onipa ankasa, sɛnea ɔbea no nso nyɛ ɔdesani bea ankasa no. Kyerɛwnsɛm no da no adi sɛ saa “ɔbabanin” yi “rebɛyɛn amanaman nyinaa.” Enti “ɔba” no gyina hɔ ma Onyankopɔn ahenni a Yesu Kristo di so sɛ Ɔhene no. Na “ɔbea no” gyina hɔ ma Onyankopɔn ahyehyɛde a ɔsoro abɔde anokwafo wɔ mu no. Sɛnea “ɔbabanin” no fi “ɔbea no” mu na ɛbae no, saa ara na Ɔhene, Yesu Kristo, fi ɔsoro ahyehyɛde, honhom abɔde anokwafo kuw a wɔwɔ soro a wɔbom yɛ Onyankopɔn atirimpɔw ho adwuma, no mu bae. Galatifo 4:26 frɛ saa ahyehyɛde yi “Yerusalem a ɛwɔ soro.” Ɛnde, bere a Adam ne Hawa dii kan tew atua tiaa Onyankopɔn tumidi no, Yehowa yɛɛ Ahenni nniso a ɛde anidaso bɛma trenee adɔfo ho nhyehyɛe.
YEHOWA KAE NE BƆHYƐ
14. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa kyerɛe sɛ ɔkaee ɛbɔ a ɔhyɛe sɛ “aseni” bi bɛbɔ Satan ti no? (b) Hena ne “aseni” a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no?
14 Yehowa werɛ amfi ɛbɔ a ɔhyɛe sɛ ɔbɛma “aseni” bi aba a ɔbɛyɛ Onyankopɔn ahenni no sodifo no. Saa sodifo yi bɛsɛe Satan denam ne ti a ɔbɛbɔ so. (Romafo 16:20; Hebrifo 2:14) Akyiri yi, Yehowa kae sɛ aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no nam gyidini Abraham so na ɛbɛba. Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ: “W’aseni so na asase so aman nyinaa nam behyira wɔn ho.” (Genesis 22:18, New World Translation) Hena ne saa “aseni” a wɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔnam Abraham so bɛba no? Bible de mmuae no ma akyiri yi sɛ: “Na Abraham ne n’aseni na wɔhyehyɛɛ wɔn bɔ no. Ɔnka sɛ: Na w’asefo, sɛnea ɛyɛ nnipa bebree, na mmom ose obiako: na w’aseni, a ɔne Kristo.” (Galatifo 3:16) Yehowa ka kyerɛɛ Abraham ba Isak ne ne nena Yakob nso sɛ Onyankopɔn “bea” no “aseni” no bɛba wɔ wɔn asefo mu.—Genesis 26:1-5; 28:10-14.
15, 16. Dɛn na edi adanse sɛ na “aseni” no bɛyɛ ɔhene?
15 Ɔreda no adi sɛ saa “aseni” yi bɛyɛ ɔhene no, Yakob kaa saa asɛm yi kyerɛɛ ne babarima Yuda sɛ: “Ahempoma [anaa tumidi] remfi Yuda nsa, na mmarahyɛ poma remfi n’anan ntam, kosi sɛ ɛsodifo [Silo] a aman bɛyɛ osetie ama no no bɛba.” (Genesis 49:10) Ná Yesu Kristo fi Yuda abusua mu. Ɛdaa adi sɛ ɔno ne “Silo” anaa “ɛsodifo” a “amanaman bɛyɛ osetie ama no” no.—Hebrifo 7:14.
16 Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ Yuda no akyi bɛyɛ mfe 700 no, Yehowa kae wɔ Dawid a ofi Yuda abusua mu no ho sɛ: “Mahu m’akoa Dawid, . . . mede n’aseni besi hɔ daa, ne n’ahengua sɛ ɔsoro nna.” (Dwom 89:20, 29, New World Translation) Bere a Onyankopɔn ka sɛ ɔde Dawid “aseni” besi hɔ “daa,” ne “n’ahengua” sɛ́ “ɔsoro nna” no, na ɔkyerɛ dɛn? Ná Yehowa Nyankopɔn retwe adwene akɔ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ n’ahenni nniso a ɛwɔ ɛsodifo a wapaw no, Yesu Kristo, nsam no bɛtra hɔ daa no so. Yɛyɛ dɛn hu?
17. Yɛyɛ dɛn hu sɛ sodifo a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no ne Yesu Kristo?
17 Wiɛ, kae nea Yehowa bɔfo Gabriel ka kyerɛɛ Maria wɔ abofra a na ɔrebɛwo no no ho no. Ɔkae sɛ: ‘Wobɛto ne din Yesu.’ Nanso na Yesu renkɔ so nyɛ abofra anaa mpo onipa ara wɔ asase so. Gabriel kɔɔ so kae sɛ: “Ɔbɛyɛ ɔkɛse, na wɔafrɛ no nea ɔwɔ sorosoro no ba; na [Yehowa] Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no, na obedi Yakob fi so hene daapem, na n’ahenni no to rentwa da.” (Luka 1:31-33) So ɛnyɛ anigye ankasa sɛ Yehowa ayɛ nhyehyɛe sɛ ɔde trenee nniso besi hɔ ma ɛho aba wɔn a wɔdɔ no na wɔde wɔn ho to no so no mfaso daa anaa?
18. (a) Bible no ka asase so nniso horow awiei ho asɛm dɛn? (b) Dɛn na Onyankopɔn nniso bɛyɛ ama nnipa?
18 Afei de bere no abɛn sɛ Onyankopɔn Ahenni nniso bedi dwuma na asɛe wiase nniso horow nyinaa. Afei Yesu Kristo bedi dwuma sɛ́ Ɔhene nkonimdifo. Ɛreka ɔko yi ho asɛm no, Bible se: “Ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da . . . bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asa, na ɛno de, ebegyina daa.” (Daniel 2:44; Adiyisɛm 19:11-16) Bere a wayi nniso horow nyinaa afi hɔ no, Onyankopɔn nniso no bɛma nnipa anya nneɛma a wohia ankasa. Ɛsodifo, Yesu Kristo, bɛhwɛ sɛ ne manfo anokwafo mu biara renyare, wɔremmɔ nkwakora anaasɛ wɔrenwu. Awudi, adan pa a wonnya, ɔkɔm ne nsɛm a emu yɛ den a ɛtete sɛɛ nyinaa befi hɔ. Asomdwoe ne ahotɔ ankasa bɛba asase so nyinaa. (2 Petro 3:13; Adiyisɛm 21:3-5) Nanso, ɛho hia sɛ yesua wɔn a wɔbɛyɛ sodifo wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso yi mu no ho ade pii.
[Kratafa 112, 113 mfoni]
Yesu somaa n’akyidifo ma wokɔyɛɛ Onyankopɔn ahenni ho asɛmpaka adwuma a ɛho hia no
[Kratafa 114 mfoni]
Bere a wɔredi n’asɛm a na ɛfa ne nkwa ho no, Yesu kɔɔ so kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛm
[Kratafa 119 mfoni]
Wubu Yesu dɛn—ɔhene nkonimdifo anaa akokoaa a ontumi nyɛ ne ho hwee?