-
Tra A Mo Ne Mo Ho Mo Ho Bɛtra Wɔ Ɔdɔ MuWubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
-
-
ɛbɛbɔ ahohora anaasɛ ɛbɛhyɛ abufuw. Enti na Yesu rehyɛ n’akyidifo sɛ wɔntwe wɔn ho mfi ntɔkwaw anaa akyinnyegye mu a wɔbɛtwetwe wɔn akɔ ho. Sɛ́ anka ‘wode bɔne betua bɔne so ka, na wode ɔyaw atua ɔyaw so ka no,’ ɛsɛ sɛ ‘wohwehwɛ asomdwoe na wudi akyi.’—1 Petro 3:9, 11; Romafo 12:14.
18. Dɛn na ɛsɛ sɛ yesua fi nhwɛso a Onyankopɔn yɛ sɛ ɔdɔ nnipa nyinaa no mu?
18 Kae sɛ ɛsɛ sɛ ‘yenya ɔdɔ ma anuanom no nyinaa.’ (1 Petro 2:17) Yehowa Nyankopɔn yɛ nhwɛso no. Ɔnyɛ nyiyim. Mmusua nyinaa yɛ pɛ wɔ n’anim. (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35; 17:26) Wɔn a wɔbɛbɔ wɔn ho ban wɔ “ahohiahia kɛse” a ɛreba no mu no fi “aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu.” (Adiyisɛm 7:9, 14-17) Enti, wɔ Onyankopɔn a yesuasua no mu no, ɛnsɛ sɛ yenya ɔdɔ a esua ma afoforo esiane sɛ ɛsono abusua anaa ɔman a wofi mu, anaa wɔn gyinabea wɔ asetra mu, anaasɛ ɛsono wɔn honam ani hwɛbea nti.
19. (a) Ɛsɛ sɛ yebu mfɛfo Kristofo dɛn na yɛne wɔn di wɔ ɔkwan bɛn so? (b) Hokwan kɛse bɛn na ebetumi ayɛ yɛn de?
19 Hu wɔn a wɔwɔ Kristofo asafo no mu no nyinaa yiye, na wubenya wɔn ho dɔ ne anisɔ. Bu mpanyimfo sɛ agyanom ne ɛnanom, mmerante ne mmabaa sɛ anuanom mmarima ne mmea. (1 Timoteo 5:1, 2) Ɛyɛ hokwan ampa sɛ yɛbɛyɛ Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu a ɛte sɛ abusua, a emufo ne wɔn ho nantew fɛfɛɛfɛ wɔ ɔdɔ mu no mufo. Hwɛ fɛw ara a ɛbɛyɛ sɛ yɛne abusua a ɔdɔ wom sɛɛ bɛtra ase daa wɔ paradise wɔ asase so!—1 Korintofo 13:4-8.
-
-
Abusua Asetra A Wɔbɛma Ayɛ YiyeWubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
-
-
Ti 29
Abusua Asetra A Wɔbɛma Ayɛ Yiye
1. (a) Ɔkwan bɛn so na abusua no fii ase? (b) Ná dɛn ne Onyankopɔn atirimpɔw wɔ abusua no ho?
BERE a Yehowa Nyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea a wodi kan no, ɔkaa wɔn boom de hyehyɛɛ abusua. (Genesis 2:21-24; Mateo 19:4-6) Ná ɛyɛ Onyankopɔn atirimpɔw sɛ awarefo yi bɛdɔ denam mma a wɔbɛwo so. Afei, sɛ mmofra no nyinyin a, na wɔbɛwareware na wɔahyehyɛ wɔn ankasa mmusua horow. Ná ɛyɛ Onyankopɔn atirimpɔw sɛ, bere bi akyi no, mmusua horow a wɔwɔ anigye bɛtra asase so baabiara. Wɔbɛma asase adan paradise fɛfɛɛfɛ wɔ baabiara.—Genesis 1:28.
2, 3. (a) Dɛn nti na wontumi nnunu Onyankopɔn wɔ abusua mu ɔhaw ahorow ho? (b) Dɛn na ɛho hia na yɛanya abusua asetra a anigye wom?
2 Yiw, ɛnnɛ, mmusua mu retetew, na bebree a wɔda so wɔ hɔ no yɛ nea anigye nni mu. Enti obi betumi abisa sɛ: ‘Sɛ Onyankopɔn na ɔhyehyɛɛ abusua no ampa a, so ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ nneɛma pa na ebefi mu aba?’ Nanso, yɛrentumi nnunu Onyankopɔn wɔ sɛe a mmusua horow sɛe no ho. Odwumayɛfo betumi ayɛ biribi ma ɔde sɛnea wɔde di dwuma no ho akwankyerɛ aka ho. Nanso sɛ dekode no sɛe esiane sɛ onii a ɔtɔe no anni akwankyerɛ no akyi nti a, so ɛyɛ onii a ɔyɛɛ dekode no mfomso? Dabida. Dekode no, sɛ edi mu mpo a, ɛbɛsɛe efisɛ wɔmfa nni dwuma yiye. Ɛte saa wɔ abusua no fam.
3 Yehowa Nyankopɔn de abusua asetra ho akwankyerɛ ama wɔ Bible mu. Na sɛ wobu ani gu akwankyerɛ horow yi so a, dɛn na ɛbɛba? Ɛwom sɛ abusua nhyehyɛe no yɛ pɛ, nanso ebetumi asɛe. Abusua no mufo ani rennye. Nanso, sɛ wodi akwankyerɛ a ɛwɔ Bible mu no akyi a, eyi bɛma abusua no adi yiye na wɔanya anigye. Enti, ɛho hia sɛ yɛte sɛnea Onyankopɔn yɛɛ abusua no mufo ahorow ne dwuma a ɔpɛe sɛ wodi no ase.
-