Nya adwene a ɛfata wɔ Onyankopɔn Mmɔborohunu Ho
NÁ ODURUYƐFO no yam ye na na odwen afoforo ho. Nea na osusuw sɛ ɛyɛ sen biara ne sɛ, ɔbɛyɛ nea ɔrehwɛ no yare no oprehyen ntɛm na ama watumi agye no nkwa. Bere a ɔyarefo no twentwɛn ne nan ase na ɔkaa mogya a wɔtwe ma nkurɔfo ho asɛm no, ɛyɛɛ oduruyɛfo no nwonwa. Bere a ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ esiane nyamesom gyidi nti, ontumi mma wɔnyɛ no oprehyen a wɔbema no mogya no, oduruyɛfo no ‘ho dwiriw no yiye. Oduruyɛfo no bɔɔ mmɔden susuw ɔkwan a obetumi afa so aboa no ho. Awiei koraa no osusuwii sɛ wanya bi. Ɔkae sɛ: “Wunim sɛ woannye mogya a, wubewu. Wompɛ sɛ wowu, ɛnte saa?” Ɔyarefo no kae sɛ: “Dabida.” “Nanso, sɛ wugye mogya a, ɛbɛyɛ te sɛ nea woabu wo nyamesom gyidi ahorow, a ɛno nso ho hia wo no so. Tie me nyansahyɛ yi. Dɛn nti na wunnye mogya mfa nnya nkwa. Afei ka kyerɛ Onyankopɔn sɛ wayɛ bɔne, na nu wo ho. Saa kwan no so no, wubetumi atoa wo som no so bio.”
Ná oduruyɛfo a ɔwɔ adwempa no susuw sɛ wanya ano aduru a edi mũ. Ná onim sɛ nea ɔrehwɛ no yare no gye Onyankopɔn mmɔborohunufo bi di. Akyinnye biara nni ho sɛ na eyi yɛ bere a ɛfata sɛ onya Onyankopɔn mmɔborohunu mu mfaso! Nanso so na nyansa wɔ n’afotu no mu ankasa?
So Ɛtɔ Da Bi a Yesusuw Nsɛm ho Sɛɛ
Ɛtɔ mmere bi a ebetumi aba sɛ yebesusuw nsɛm ho sɛnea oduruyɛfo no yɛe no. Ebia ɔsɔretia a yɛnhwɛ kwan a ɛsɔre wɔ sukuu anaa adwuma mu ma yɛn koma tu. Anaa ebia yɛba tebea a ɛyɛ den bi a ɛrehyɛ yɛn ma yɛayɛ nea ɛne yɛn ahonim nhyia. Esiane sɛ ɛba mpofirim nti, ebia ɛbɛma yɛapaw ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw koraa, na yɛayɛ nea yenim sɛ ɛnteɛ, a yɛn adwene ne sɛ yebebisa bɔne fafiri akyiri yi.
Anaasɛ ebia ankorankoro bi ankasa nsusuwii bɔne bɛsɔ wɔn ahwɛ. Sɛ́ nhwɛso no, aberante bi betumi akɔ tebea bi a ɛsɔ no hwɛ denneennen sɛ ɔmfa ne ho nhyɛ ɔbrasɛe mu. Sɛ́ anka ɔbɛkɔ atia akɔnnɔ a ɛnteɛ no, ebia obegyaa ne ho mu, a adwene no ne sɛ akyiri yi ɔbɛsrɛ Onyankopɔn hɔ fafiri. Ebinom mpo akɔ akyiri araa de wɔn ho ahyɛ bɔne a anibere wom mu ɛmfa ho sɛ wonim sɛ ebia wobetu wɔn afi Kristofo asafo no mu. Ebia wosusuwii sɛ: ‘Mɛma bere kakra atwam. Afei mɛsakra na wɔasan agye me.’
Nneɛma abien na ɛda adi wɔ tebea ahorow yi nyinaa mu. Nea edi kan no, ankorankoro binom gyaa wɔn ho mu sen sɛ wɔbɛyere wɔn ho ayɛ nea ɛteɛ. Nea ɛto so abien no, wosusuw sɛ bere a wɔayɛ bɔne akyi no, sɛ wobisa bɔne fafiri a, Onyankopɔn betie wɔn sɛnea ɛte biara.
Dɛn ne Adwene a Ɛteɛ?
So eyi yɛ Onyankopɔn mmɔborohunu ho anisɔ a ɛfata? Susuw saa mmɔborohunu no ho kakra. Yesu kae sɛ: “Na sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Ɔsomafo Yohane kyerɛkyerɛe ɔkwan a saa mmɔborohunu no fa so yɛ dwuma mu bere a ɔkaa eyi no: “Merekyerɛw eyinom mabrɛ mo, na moannyɛ bɔne. Na sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ okyigyinafo bi, agya no nkyɛn, a ɔne ɔtreneeni Yesu Kristo.” (1 Yohane 2:1) Enti, sɛ esiane sintɔ nti yeyɛ bɔne a, yebetumi akɔ Onyankopɔn nkyɛn wɔ mpaebɔ mu asrɛ bɔne fafiri denam Yesu afɔrebɔ no so.
Nanso so eyi kyerɛ sɛ, bere tenten a akyiri yi yɛbɛsrɛ bɔne fafiri no de, sɛ́ yɛbɛyɛ bɔne anaa yɛnyɛ no mfa ho? Dabida. Kae nsɛm a edi kan wɔ saa kyerɛwsɛm no mu: “Merekyerɛw eyinom mabrɛ mo, na moanyɛ bɔne.” Yohane nsɛm a ɛtoa so wɔ saa nkyekyem no mu no kyerɛ Yehowa ɔdɔ nhyehyɛe a ɔnam so di yɛn sintɔ ho dwuma. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛnea yebetumi biara sɛ yɛbɛkwati bɔneyɛ. Anyɛ saa a, na yɛnkyerɛ Onyankopɔn dɔ no ho anisɔ te sɛ wɔn a Yuda kaa wɔn ho asɛm sɛ wɔdan Onyankopɔn dom ahohwi no.—Yuda 4.
Onyankopɔn mmoborohunu a yebebu no sɛ ahobammɔ ade bi a ebegye yɛn afi asiane mu bere nyinaa, ɛmfa ho nea yɛbɛyɛ biara no, brɛ Onyankopɔn mmoborohunu no ase, na ɛma bɔne yɛ te sɛ nea anibere nnim biara. Ɛno nyɛ nokware koraa. Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Tito sɛ: “Onyankopɔn dom a ɛde nkwagye ba ma nnipa nyinaa no ayi ne ho yɛn yɛn, sɛ yɛapa mmusubɔ ne wiase akɔnnɔ a, yɛmfa adwenemtew ne trenee ne onyamesom pa ntra wiase bere yi mu.”—Tito 2:11, 12.
Paulo kyerɛɛ Onyankopɔn mmɔborohunu ho anisɔ wɔ ɔkwan a ɔko tiaa n’ankasa sintɔ no mu. Ɔkae sɛ: “Mehyɛ me nipadua ahometew, na midi no nya, na mereka asɛm makyerɛ ebinom yi, m’ankasa manyɛ nea ɔmfra.” (1 Korintofo 9:27) Paulo amfa anibiannaso ansusuw sɛ ɛyɛ dɛn ara a ɔbɛyɛ bɔne bere ne bere mu. So ɛsɛ sɛ yɛfa no saa?
Yesu Adwene
Bere bi, Yesu kyerɛɛ adwene a, ɔwɔ wɔ trenee a obi gyae mu siesie na ɔfa ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi akwati amanehunu ho. Bere a ofii ase kaa n’afɔrebɔ wu a na abɛn no ho asɛm kyerɛɛ n’asuafo no, Petro bɔɔ mmɔden sɛ obetu no fo ama wakwati, na ɔkae sɛ: “Ɛmpare wo, Awurade! Eyi remma wo so.” Dɛn na Yesu kae? “Fi me so, Satan! Woyɛ me hintidua, efisɛ wunnwen Onyankopɔn de, na mmom nnipa de na wudwen yi.”—Mateo 16:22, 23.
Sɛnea Yesu kaa Petro anim denneennen no kyerɛe pefee sɛ Yesu powee sɛ ɔbɛyɛ ade wɔ ɔkwan a ɛde ahotɔ bɛbrɛ no a ɛbɛma wayɛ nea Onyankopɔn mpɛ. Kyerɛwtohɔ no da no adi sɛ ɔfaa trenee kwan so tẽẽ, hyiaa ɔhaw daa wɔ Satan nsam.’ Awiei koraa no, wodii ne ho fɛw, hwee no kɛse, na wɔyɛɛ no ayayade kum no. Nanso, wannyae mu ansiesie, na ɛno maa otumi de ne nkwa mae sɛ agyede maa yɛn. Ɛda adi sɛ wannyina eyi nyinaa ano sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ ɔhaw ne sɔhwɛ ahorow sɔre a, yebetumi ‘ayɛ nea yɛn ho bɛtɔ yɛn’! Wɔka Yesu ho asɛm sɛ: “Wodɔ trenee, na wukyi amumɔyɛ.” (Hebrifo 1:9) Ɔkwan a ɛde ahotɔ bɛbrɛ yɛn a yɛbɛfa so afi mu no taa yɛ amumɔyɛ. Enti, sɛ yekyi eyi ampa—sɛnea Yesu yɛe no—a, bere nyinaa yɛbɛkwati sɛ yebegyaa nsɛm mu asiesie. Yehowa ka wɔ Mmebusɛm nhoma no mu sɛ: “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm mabua nea ɔbɔ me ahohora.” (Mmebusɛm 27:11) Yesu trenee a ɛkari pɛ nanso amma wannyae nsɛm mu ansiesie no maa Yehowa koma tɔɔ ne yam kɛse. Sɛ yedi Yesu mudi mu kura no akyi a, yebetumi ama Yehowa ani agye saa ara.—1 Petro 2:23.
Boasetɔ Tetee No
Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Ɛno mu na mo ho san mo, mo a nnansa yi, sɛ ɛsɛ a, wɔhow mo werɛ kakra, sɔhwɛ ahorow bebree mu, na wɔahu mo gyidi tɔtorɔtɔɔ sɛ ne bo yɛ den pii sen sika—a wɔsɔ hwɛ ogya mu, nanso ɛsɛe—ama ayeyi ne nidi ne anuonyam, Yesu Kristo ahoyi mu.” (1 Petro 1:6, 7) Esiane sɛ yɛnyɛ pɛ na yɛte Satan wiase mu nti, yebehyia sɔhwɛ ahorow daa. Sɛnea Petro kyerɛ no, eyinom betumi de mfaso aba. Ɛsɔ yɛn gyidi hwɛ, ma yehu sɛ ɛyɛ mmerɛw anaasɛ ɛyɛ den.
Ɛtete yɛn nso. Yesu ‘suaa amane a ohui no mu osetie.’ (Hebrifo 5:8) Sɛ yegyina sɔhwɛ mu a, yɛn nso yebetumi asua osetie na yɛanya Yehowa mu ahotoso nso. Sɛnea Petro kae no, saa ntetee yi bɛkɔ so akosi sɛ ebewie pɛyɛ: “Nyankopɔn . . . ankasa bewie mo yɛn, ɔbɛma moatim, ɔbɛhyɛ mo den.”—1 Petro 5:10.
Nanso, sɛ yegyaa nsɛm mu siesie wɔ sɔhwɛ mu a, yɛda yɛn ho adi sɛ ahufo anaa wɔn a wɔyɛ mmerɛw a wonni Yehowa ne trenee ho dɔ a emu yɛ den, anaa wonni ahosodi. Mmerɛwyɛ a ɛte saa biara de yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ to asiane kɛse mu. Nokwarem no, Paulo kɔkɔbɔ no bɛbam wɔ yɛn fam: “Na sɛ yenya nya nokware no mu nimdeɛ, na akyiri yi yɛboapa kɔyɛ bɔne a, na bɔne ho afɔre biara nni hɔ bio.” (Hebrifo 10:26) Hwɛ sɛnea ɛyɛ sɛ nea edi kan no yɛnnyɛ bɔne, sen sɛ yebegyaa yɛn ho mu ama mmerɛwyɛ a ɛde yɛn bɛto asiane a ɛbɛma yɛahwere nkwa ho anidaso nyinaa mu!
Mudi Mu Kura a Wɔnhwehwɛ Hwee Wɔ Akyi
Wɔ odiyifo Daniel bere so no, wohunahunaa Hebrifo baasa bi sɛ, sɛ wɔansom ohoni bi a, wɔde wɔn begu ogya mu ahyew wɔn. Dɛn na wɔkae? “Hwɛ, yɛn Nyankopɔn a yɛsom no no betumi ayi yɛn afi ogya a ɛrefram fononoo no mu, na obegye yɛn afi wo, ɔhene, nsam. Na sɛ amma saa mpo a, ɔhene, hu sɛ yɛrensom w’anyame, na yɛrensɔre sika honi a wode asi hɔ no.”—Daniel 3:17, 18.
Wosii saa gyinae no, efisɛ na wɔpɛ sɛ wɔyɛ nea ɛteɛ. Sɛ na ebewie wɔn wu mu mpo a, wɔpene so. Ná wɔwɔ owusɔre no mu awerɛhyem. Nanso, sɛ na Onyankopɔn begye wɔn nso a, wɔn ani begye ho kɛse. Nanso na wɔnhwehwɛ hwee wɔ gyinae pintinn a wosii no akyi. Saa ara na ɛsɛ sɛ ɛba bere nyinaa wɔ Onyankopɔn asomfo fam.
Wɔ yɛn nna yi mu no, wɔde ebinom a wɔpowee sɛ wobegyaa nsɛm mu asiesie agu afiase, wɔayɛ wɔn ayayade, na wɔakum wɔn mpo. Afoforo de honam fam nneɛma abɔ afɔre, na wɔpaw sɛ wobedi hia mmom sen sɛ wɔde trenee nnyinasosɛm ahorow bɛbɔ afɔre na wɔanya wɔn ho. Kristoni bea a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm yi mfiase no asɛm no kosii dɛn? Ɔkyerɛɛ oduruyɛfo no adwene a akyia nanso efi ayamye mu no ho anisɔ, nanso wannyae ne gyidi no mu ansiesie. Mmom no, obu a ɔwɔ ma Yehowa mmara maa ɔpow oprehyen no. Anigyesɛm ne sɛ, ne nyinaa akyi no, ne ho tɔɔ no na ɔkɔɔ so de nsi som Yehowa. Nanso, bere a osii gyinae no, na onnim nea ebefi mu aba, nanso na wasiesie ne ho sɛ ɔde biribiara bɛhyɛ Yehowa nsa.
Dɛn na ɛboaa no maa ogyinaa pintinn saa wɔ nhyɛso ase? Wammɔ mmɔden sɛ ɔde ne ho bɛto n’ankasa ahoɔden so, na ɛnsɛ sɛ Onyankopɔn somfo biara nso yɛ saa. Kae sɛ, “Onyankopɔn yɛ yɛn guankɔbea ne ahoɔden, ahohia mu boafo pa a wɔanya no nhui.” (Dwom 46:1) Hwɛ sɛnea ɛyɛ sɛ, sɛ sɔhwɛ bi to yɛn a, yɛbɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn akɔhwehwɛ mmoa, sen sɛ yɛbɛyɛ bɔne na yɛadan akɔ ne nkyɛn akɔhwehwɛ mmɔborohunu!
Yiw, mommma yemmmu Onyankopɔn mmoborohunu no adewa da. Mmom no, momma yennya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ yɛbɛyɛ nea ɛtɛe, wɔ nsɛnnennen mpo mu. Eyi bɛhyɛ yɛne Yehowa abusuabɔ no mu den, ɛbɛma yɛn ntetee a yehia na ama yɛanya daa nkwa, na akyerɛ obu a ɛfata wɔ Onyankopɔn mmɔborohunu ho. Adeyɛ a nyansa wom a ɛte saa bɛma yɛn soro Agya no koma ani agye.
[Mfonini wɔ kratafa 24]
Owusɔre no mu ahotoso a edi mũ boaa Hebrifo baasa no maa wokuraa wɔn mudi mu