Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Yɛahwehwɛ Ahenni no Kan
    Ɔwɛn-Aban—1994 | February 1
    • anaasɛ ɔyare anaa sika fam ahokyere ho asɛm anhaw yɛn da. Nanso, sɛnea Yehowa hyɛɛ bɔ no, onnyaw yɛn da.—Hebrifo 13:6.

      Ampa, ɛtɔ da bi a, sika ho tumi yɛ den ma yɛn. Bere bi, me ne me yɔnko kwampaefo no dii paanoo ne salad daa awia afe biako, nanso yemmua nnae da, na yɛn ahiade atitiriw nso mmɔɔ yɛn da.

      Mfe pii a atwam no ama yɛn ahoɔden so atew. Wɔ 1980 mfe no mfinimfini no, wɔyɛɛ yɛn baanu nyinaa oprehyɛn a ɛyɛ hu, na ɛyɛɛ sɔhwɛ kɛse maa yɛn, efisɛ ɛmaa yɛn asɛnka adwuma no ano brɛɛ ase kɛse. Wɔ January 1987 no, wɔtoo nsa frɛɛ yɛn maa yɛkɔɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Brazil no.

      Yɛn abusua a asomfo bɛboro apem na wɔwom no te ɔdan fɛfɛ bi a ɛne São Paulo ntam kwan bɛyɛ kilomita 140 mu, na ɛhɔ na yetintim nhoma ma Brazil ne South America aman afoforo. Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ ahofama fi ɔdɔ mu hwɛ yɛn wɔ ha. Bere a mebaa Brazil nea edi kan no, na Ahenni asɛmpakafo bɛyɛ 4,000 na wɔwɔ ha, nanso mprempren wɔboro 366,000! Nokwarem no, yɛn soro Agya mmɔborohunufo no de ‘nneɛma afoforo nyinaa’ aka yɛn ho esiane sɛ yɛahwehwɛ Ahenni no kan nti.—Mateo 6:33.

  • So Wudi Afoforo Ni Bere a Woretu Wɔn Fo No?
    Ɔwɛn-Aban—1994 | February 1
    • So Wudi Afoforo Ni Bere a Woretu Wɔn Fo No?

      HWƐ sɛnea eye na mfaso wɔ so sɛ obi betu wo fo wɔ nidi mu! Edward ka sɛ: “Afotu a wofi ayamye, tema, ne afoforo ho a wosusuw mu de ma no de abusuabɔ pa ba.” Warren kyerɛ sɛ: “Bere a wote nka sɛ ɔfotufo no nam ɔpɛ a ɔwɔ sɛ obetie w’asɛm no so kyerɛ sɛ odi wo ni na obu wo no, ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ wubegye afotu no atom.” Norman ka sɛ: “Sɛ ɔfotufo bi kyerɛ obu ma me a, ɛyɛ mmerɛw ma me sɛ mɛkɔ ne nkyɛn akogye afotu.”

      Hokwan a Onipa Wɔ Sɛ Wodi no Ni

      Nokwarem no, afotu a wofi ɔdɔ ne adamfofa su mu de ma yɛ nea wogye tom. Mfaso wɔ so sɛ wubetu afoforo fo sɛnea wopɛ sɛ wotu wo fo no. (Mateo 7:12) Ɔfotufo pa gye bere tie, na ɔhwɛ hu sɛ wate nea ɔretu no fo no ase—ne nsusuwii, n’adwene, ne ne nkate horow—sen sɛ ɔbɛkasa atia no na wabu no fɔ.—Mmebusɛm 18:13.

      Ɛsɛ sɛ nnɛyi afotufo, a Kristofo mpanyimfo ka ho, ma wɔn ani da hɔ wɔ afoforo a wobedi wɔn ni bere a woretu wɔn fo no ho. Dɛn ntia? Nea enti a ɛte saa titiriw ne sɛ su a nnipa pii kura wɔ asetra mu ne sɛ wobebu afoforo animtiaa. Eyi tumi nya nnipa so nkɛntɛnso. Mpɛn pii no, nnipa a wohwɛ kwan sɛ wɔne wo bedi no nidi so ne wɔn a wɔnyɛ saa, sɛ́ wɔyɛ nhomanimfo, nyamesom akannifo, anaa nnipa afoforo no. Sɛ́ mfatoho no, yi a woyi obi adi fi adwumam no yɛ asɛm a ɛyɛ yaw na ɛhaw adwene ma adwumawura ne odwumayeni no nyinaa. Etumi ma nea wɔayi no adi no te nka sɛ ɔba fam, titiriw sɛ wɔanni no ni a. The Vancouver Sun bɔ amanneɛ sɛ, ɛsɛ sɛ adwumawuranom sua sɛnea wɔbɛka “asɛm a ɛyɛ den yi wɔ ɔkwan a emu da hɔ so a nkyerɛkyerɛmu a ɛho nhia biara nka ho, na ɛfata, na akyerɛ nidi ama onii no.” Yiw, nnipa nyinaa fata nidi.

      Amanaman Nkabom no bagua kɛse no ka sɛ: “Nnipa nyinaa wɔ ahofadi a wɔde yɛ nneɛma bi na wɔwɔ nidi ne hokwan koro. Wɔwɔ ntease ne ahonim, na ɛsɛ sɛ wɔne wɔn ho wɔn ho di wɔ onuadɔ honhom mu.” Esiane sɛ nnipa nidi ho aba asɛm nti, ntease wom sɛ Amanaman Nkabom no mmara ne Amansan Nyinaa Mpaemuka a ɛfa Hokwan a Nnipa Wɔ ho no gyee saa asɛm yi toom wɔ ne nnianim nsɛm mu. Esi “gyidi a wɔwɔ wɔ hokwan atitiriw a nnipa wɔ, nidi a wɔwɔ ne ɛbo a wɔsom mu no so dua.”

      Yehowa De Nidi Bɔɔ Onipa

      Yehowa yɛ nidi Nyankopɔn. N’asɛm a efi honhom mu ka no yiye sɛ, “Nidi ne anuonyam wɔ n’anim,” na, ‘n’anuonyam akata ɔsoro so.’—1 Beresosɛm 16:27; Dwom 8:1.

      Sɛ́ anuonyam Nyankopɔn ne Amansan Hene no, odi n’abɔde nyinaa ni, nea ɛwɔ soro ne nea ɛwɔ asase so. Wɔn a wadi wɔn ni no mu otitiriw ne ne Ba a wahyɛ no anuonyam na ɔredi ade, Ɔhene Yesu Kristo. Dawid kyerɛw no nkɔmhyɛ kwan so sɛ: “Kɛseyɛ ne nidi na wode ama no.”—Dwom 21:5; Daniel 7:14.

      Nea ɛyɛ awerɛhow no, wɔabu hokwan atitiriw a nnipa wɔ no animtiaa wɔ abakɔsɛm mu bere nyinaa. Ɔbɔfo bi a ɔwɔ tumi, a ɔnam ne nneyɛe so bɛyɛɛ Satan Ɔbonsam no twaa fata a ɛfata ne teɛ a ɛteɛ sɛ Onyankopɔn di tumi no mpoa. Ɔnam saayɛ so buu Yehowa animtiaa na oguu ne din kronkron no ho fĩ, na bere koro no ara otwaa hokwan a ɔwɔ sɛ odi ade no ho mpoa. Ɔhwehwɛɛ nidi a ɛkyɛn so maa ne ho. Te sɛ Ɔbonsam no, ahemfo a na wɔwɔ tumi te sɛ Nebukadnesar a ɔtraa ase wɔ Bible mmere mu no, de wɔn ‘tumi ne wɔn denyɛ’ hoahoaa wɔn ho. Wɔakasa atia Yehowa anuonyam, ahwehwɛ nidi a ɛmfata ama wɔn ho. (Daniel 4:30) Tumi a Satan fi nhyɛso mu adi wɔ adesamma wiase no so no ama onipa anuonyam ho aba asɛm, na ɛkɔ so ma ɛho ba asɛm.

      So obi agu w’anim ase pɛn? So obi ama woate afobu a ɛboro so, aniwu, anaa animguase nka pɛn bere a ɔretu wo fo? André ka sɛ: “Mante nka sɛ odwen me ho anaa ɔwɔ mmɔborohunu ne nidi bi ma me. Ɔmaa me tee nka sɛ mfaso biara nni me so.” Ɔde ka ho sɛ: “Eyi ma metee abasamtu, ɔhyɛ ne adwenemhaw mpo nka.” Laura ka sɛ: “Ɛyɛ den sɛ wubegye afotu afi obi a wote nka sɛ onsusuw wo yiyedi ho atom.”

      Eyi nti, wotu Kristofo ahwɛfo fo sɛ wɔne Onyankopɔn nguankuw no nni wɔ obu ne nidi mu. (1 Petro 5:2, 3) Sɛ tebea ahorow bi sɔre a ɛma ɛyɛ nea ɛfata na mfaso wɔ so sɛ wutu afoforo fo a, ɔkwan bɛn na wubetumi afa so atwe wo ho afi wiasefo a wɔde ahopere bu afoforo nidi animtiaa no nsusuwii ne wɔn nneyɛe ho? Dɛn na ebetumi aboa wo ma wode nidi ama wo mfɛfo Kristofo na w’ankasa wo de ammɔ wo?—Mmebusɛm 27:6; Galatifo 6:1.

      Nnyinasosɛm Ahorow a Ɛkora Nidi So

      Onyankopɔn Asɛm ka biribi wɔ asɛm yi ho. Ɔfotufo a ne ho akokwaw de ne ho bɛto Onyankopɔn Asɛm mu afotusɛm so koraa asen sɛ ɔbɛhwehwɛ wiase nyansa. Afotu a mfaso wɔ so wɔ Kyerɛw Kronkron no mu. Sɛ wodi akyi a, ɔfotufo ne nea wɔretu no fo no nyinaa nya nidi. Enti Paulo tuu Kristoni ɔhwɛfo Timoteo fo sɛ: “Mpoopoo w’ani nkyerɛ ɔpanyin, na mmom tu no fo sɛ agya, mmerante sɛ anuanom, mmea mpanyin sɛ ɛnanom, mmabaa sɛ nuabeanom, wɔ ahotew nyinaa mu.” (1 Timoteo 5:1, 2) Sɛ wodi saa gyinapɛn ahorow yi akyi a, hwɛ awerɛhow, ɛyawdi, ne animguase ara a wɔbɛkwati!

      Hyɛ no nsow sɛ nea ɛbɛma woadi yiye wɔ afotu a wode ma obi mu ne obu a wobɛkyerɛ ama onipa no ne hokwan a ɔwɔ sɛ wɔne no di no nidi ne ayamye mu no. Ɛsɛ sɛ Kristofo mpanyimfo, a ahwɛfo akwantufo ka ho bɔ mmɔden di afotu yi akyi na wɔhwehwɛ hu nea enti a onii a ohia afotu no susuw nsɛm ho na ɔyɛ n’ade saa kwan no so. Ɛsɛ sɛ wonya ɔpɛ sɛ wobehu n’adwene na wɔbɔ mmɔden biara kwati sɛ wɔbɛma nea wɔreboa no no afɛre, wobebu no animtiaa anaasɛ wobegu n’anim ase.

      Sɛ́ ɔpanyin no, ma wo nua nhu sɛ wudwen ne ho na wopɛ sɛ woboa no ma odi ne nsɛnnennen ho dwuma. Saa na dɔkta pa yɛ bere a wokɔyɛ wo nipadua mu nhwehwɛmu wɔ n’adwumam no. Ebia wo ntade a obeyi wɔ ɔdan a emu hwee no bɛma wayɛ basaa na ahyɛ wo aniwu mpo. Hwɛ sɛnea w’ani sɔ dɔkta a ɔkyerɛ obu ne nidi ma wo bere a ɔreyɛ wo nipadua mu nhwehwɛmu de ahwehwɛ yare ko a ayɛ wo no! Saa ara na Kristoni ɔfotufo a ɔkyerɛ obu a ɛfata ma ankorankoro no yɛ ɔyamyefo na ɔbata nnyinasosɛm ho pintinn, nanso odi nea otu no fo no ni. (Adiyisɛm 2:13, 14, 19, 20) Nea ɛne eyi bɔ abira no, afotu a ɛyɛ katee, emfi ayamye mu, ɛnna tema adi no te sɛ sɛnkyerɛnne kwan so adagyabɔ a ɛma wo te fɛre, animguase, ne animtiaabu nka.

      Teokrase Ɔsom Sukuu so ahwɛfo titiriw hwɛ yiye de afotu ma wɔ nidi mu. Sɛ wɔretu wɔn a wɔn mfe akɔ anim fo a, wɔda ɔdɔ a anka wobeyi no adi akyerɛ wɔn honam fam awofo no adi. Wɔyɛ nnipa a wɔwɔ tema, wɔda adamfofa su ne ɔdɔ adi. Afoforo ho a wodwen sɛɛ no ho hia. Ɛma tebea no bɛyɛ nea ɛfata sɛ wotu fo wom na ɛyɛ mmerɛw sɛ wotie no.

      Mpanyimfo, momma ɛntra mo adwene mu sɛ afotu a mfaso wɔ so hyɛ anuonyam, ɛhyɛ nkuran, ɛma nkɔso, na ɛfata. Efesofo 4:29 ka sɛ: “Mommma asɛm a ɛmfra biara mmfi mo anom, na mmom asɛm a eye na ɛma nkɔso a ehia, na wɔde dom wɔn a wɔte no.”

      Ɛho nhia sɛ wode nsɛm a ano yɛ den bedi dwuma anaa wobɛyɛ katee wɔ wo kasa ne nsusuwii mu. Mmom no, obu a wowɔ ma onipa foforo no ne ɔpɛ a wowɔ sɛ wobɛkora nidi ne obu a ɔwɔ so no ka wo ma woka nsɛm wɔ ɔkwan a ɛfata na ɛhyɛ den so. Fi nokwaredi mu kamfo no wɔ ne su horow a eye ho ansa na nea wowɔ ka biara aba sen sɛ wubesi nsɛm a ɛbɛma wayɛ basaa na wate nka sɛ ɔmfata koraa no so dua. Sɛ wosom sɛ ɔpanyin a, fa ‘tumi a wowɔ no di dwuma ma nkɔso na mfa mmuruw.’—2 Korintofo 10:8.

      Yiw, ɛsɛ sɛ afotu biara a efi Kristofo ahwɛfo hɔ tumi de nkuranhyɛ a ɛfata ma, na ɛyɛ nea ɛma nkɔso. Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ nea ebu obi abam anaa eyi no “hu.” (2 Korintofo 10:9) Obi a wayɛ bɔne a anibere wom mpo fata obu ne nidi a ɛsɛ. Ɛsɛ sɛ wɔde afotu ne animka a efi ayamye mu, nanso ɛyɛ pintinn ma wɔ ɔkwan a ɛkari pɛ so sɛnea ɛbɛka onii no ma wasakra n’adwene.—Dwom 44:15; 1 Korintofo 15:34.

      Nea ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow no, na saa nnyinasosɛm ahorow yi ara wɔ Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israel no mu. Ɛmaa afotu ne mmaabɔ mpo ho kwan, na bere koro no ara mu no, ɛbɔɔ ankorankoro hokwan a ɔwɔ sɛ wodi no ni sɛnea ɛsɛ no ho ban. Wɔmaa kwan maa wɔbɔɔ mmaa ‘dodow a ɛsɛ bɔne no’, nanso na ɛnsɛ sɛ eyi tra so. Wɔhyɛɛ mmaa dodow a wɔmmɔ ɔdebɔneyɛfo ho mmara sɛnea ɛbɛyɛ na wonngu ɔdebɔneyɛfo no anim ase koraa.’—Deuteronomium 25:2, 3.

      Ná ɛyɛ Yesu nso su sɛ obesusuw abɔnefo a wɔasakra wɔn adwene nkate ho. Yesaia hyɛɛ ne ho nkɔm sɛ: “Demmire a abukaw no, ɔremmu mu, na asaawa a ɛrefi wusiw no, ɔrennum; nokware so na obeyi atemmu adi.”—Yesaia 42:3; Mateo 12:17, 20; Luka 7:37, 38, 44-50.

      Ade foforo a ɛkyerɛ hia a tema ho hia ne Yesu nsɛm yi a ɔkae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu no: “Enti ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.” (Mateo 7:12) Esiane abusuabɔ pa a saa nnyinasosɛm yi ma ɛkɔ so yiye nti wɔtaa frɛ no Mmara Pa. Sɛ́ Kristoni panyin no, ɔkwan bɛn so na ebetumi aboa wo ma woada ayamye adi akyerɛ afoforo na woadi wɔn ni bere a woretu wɔn fo no?

      Kae sɛ wo nso woyɛ mfomso. Sɛnea Yakobo kae no, “yɛn nyinaa fom nneɛma pii mu.” (Yakobo 3:2) Eyi a wobɛkae no bɛboa wo ma woadi nsɛm a woka ne wo nkate horow so bere a ɛho abehia sɛ wokasa kyerɛ afoforo wɔ wɔn sintɔ ho no. Kyerɛ obu ma wɔn nkate horow. Eyi bɛboa wo ma woakwati kasatia mmoroso ne mfomso anaa sintɔ nketenkete a wobɛtwe adwene asi so. Yesu sii eyi so dua bere a ɔkaa eyi no: “Mummmu ntɛn, na wɔammu mo ntɛn. Na atɛn ko a mubu no, wɔde bebu mo; na ade koro a mode susuw no, wɔde besusuw ama mo.”—Mateo 7:1, 2.

      Di Afoforo Ni—Siw Ɔbonsam Kwan

      Satan asunsum ne mfiri ahorow a ne botae ne sɛ ɛbɛsɛe wo nidi, na ama woate nka sɛ woanim agu ase, mfaso nni wo so, na w’abasam atu. Hyɛ sɛnea ɔnam nnipa so kanyan nkate bɔne wɔ ɔnokwafo Hiob mu no nsow. Nyaatwomni Elifas kae sɛ: “Hwɛ, [Yehowa] nkoa po, ɔmfa ne ho nto wɔn so, na n’abɔfo [kronkron] no, obu wɔn sɛ wɔtɔ mu; na menne wɔn a wɔte dɔte adan mu [nnipa abɔnefo], na wɔn nnyinaso wɔ mfutuma mu, na wofurofurow wɔn sɛ abubummabaa.” (Hiob 4:18, 19) Enti sɛnea na ɔkyerɛ no, na Hiob te sɛ abubummabaa wɔ Onyankopɔn anim. Nokwarem no, sɛ anka Elifas ne ne nnamfonom afotu no bɛhyɛ Hiob nkuran no, ɛmaa ɔbɛtee nka sɛ ne kan abrabɔ pa no yɛ ɔkwa. Wɔ wɔn fam no, ná mfaso biara nni nokware a Hiob dii bere bi a atwam no, n’abusua ntetee, ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ, ne mmɔborohunu mu a ofi ma ade no so.

      Ɛnnɛ nso, abɔnefo a wɔanu wɔn ho titiriw betumi ate nka saa ara, na asiane a ebetumi ama ‘awerɛhow mmoroso amene’ wɔn wɔ hɔ. Mpanyimfo, sɛ moretu wɔn a wɔte saa no fo a, ‘munyi mo dɔ’ adi nkyerɛ wɔn denam nidi a ɛfata a mode bɛma wɔn no so. (2 Korintofo 2:7, 8) William gye tom sɛ: “Sɛ wɔanni wo ni a ɛma ɛyɛ den sɛ wubegye afotu atom.” Ɛho hia sɛ mohyɛ awerehyem a wɔwɔ sɛ Onyankopɔn bu wɔn no mu den. Kae wɔn sɛ Yehowa “nyɛ nea ɔnteɛ a ne werɛ befi [wɔn] adwuma ne [wɔn] dɔ mmɔden a [wɔbɔe] ne din ho” wɔ nokwaredi a wɔde asom mfe bi a atwam mu no ho.—Hebrifo 6:10.

      Nneɛma afoforo bɛn na ebetumi aboa wo ma woadi afoforo ni bere a woretu wɔn fo no? Hu sɛ nnipa nyinaa hia nidi efisɛ wɔbɔɔ wɔn Nyankopɔn suban so. Wɔsom bo ma Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo; agyede no ne owusɔre nsiesie no di saa nokwasɛm no ho adanse. Yehowa nam ‘ɔsom bi a ɔde ahyɛ’ Kristofo nsa no so di wɔn ni bio, na ɔnam wɔn so ka kyerɛ awo ntoatoaso bɔne yi mufo sɛ wɔnhwehwɛ wɔne Onyankopɔn ntam asomdwoe.—1 Timoteo 1:12.

      Mpanyimfo, monkae sɛ mo nuanom Kristofo no mu dodow no ara na Onyankopɔn de wɔn befi adesamma abusua foforo a wɔbɛtra asase a wɔatew so no ase. Sɛ́ ankorankoro a wɔsom bo saa no, wɔfata nidi. Sɛ woretu obi fo a, kae sɛnea Yehowa ne Yesu da mmɔborohunu adi kyerɛ wɔn no, na kɔ so yɛ wo fam de fa boa wo nuanom ma wɔn nte nka sɛ wɔwɔ nidi na wɔsom bo ɛmfa ho Satan mpoatwa no.—2 Petro 3:13; fa toto 1 Peter 3:7 ho.

      [Kratafa 29 adaka]

      Afotu a Ɛda Nidi Adi

      (1) Fa nkamfo a efi komam ma. (Adiyisɛm 2:2, 3)

      (2) Yɛ otiefo pa. Fi ayamye mu da asɛm no ne nea enti a wode afotu rema no adi pefee. (2 Samuel 12:1-14; Mmebusɛm 18:13; Adiyisɛm 2:4)

      (3) Fa w’afotu no gyina Kyerɛwnsɛm no so. Nya adwempa, ntease, hyɛ nkuran na da tema adi. Ɛnka biribi a ɛbɛhyɛ nea woretu no fo no aniwu anaa ɛbɛma wate nka sɛ ɔmfra. (2 Timoteo 3:16; Tito 3:2; Adiyisɛm 2:5, 6)

      (4) Ma nea woretu no fo no nya awerɛhyem sɛ obenya nhyira afi afotu no a obegye atom na ɔde adi dwuma no so. (Hebrifo 12:7, 11; Adiyisɛm 2:7)

      [Kratafa 26 mfonini]

      Ɛho hia sɛ Kristofo mpanyimfo di afoforo ni bere a wɔretu wɔn fo no

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena