Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • So Ɛyɛ Korɔnbɔ Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban—1994 | April 15
    • So Ɛyɛ Korɔnbɔ Ankasa?

      NÁ ABIODUN yɛ adidibea hwɛfo panyin wɔ Nigeria ahɔhodan kɛse bi mu. Anwummere bi a ɔretoto adidibea no apon mu no, ohuu bɔtɔ bi a sika a wɔde ba dɔla mu a ɛbɛyɛ $1,827 wom. Ɔyɛɛ ntɛm de sika no maa ɛhɔ mpanyimfo no, na akyiri yi nea ɛyɛ ne de, a ɔyɛ obi a na wabɛtra ahɔhodan no mu no begyei. Ahɔhodan hɔ mpanyimfo no maa Abiodun dibea a ɛkorɔn kɛse na wɔbɔɔ n’aba so sɛ wɔn “dwumayɛfo a ɔbɔ mmɔden sen biara wɔ afe no mu.” Sika no wura nso kyɛɛ no ade.

      Ɛhɔ nsɛmma nhoma a wɔfrɛ no Quality, kaa ho asɛm, na ɛfrɛɛ Abiodun sɛ “Samariani Mmɔborohunufo.” Bere a Quality akyerɛwfo no bisaa Abiodun sɛ ebia ne kɔn dɔe sɛ ɔbɛfa sika no anaa no, ɔkae sɛ: ‘Meyɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Enti sɛ mihu biribiara a ɛnyɛ me de a, mesan de ma ne wura.’

      Nokwaredi a Abiodun daa no adi no yɛɛ mpɔtam hɔfo pii nwonwa. Abiodun mfɛfo Adansefo no ani gyee nea esii no ho, nanso na ɛnyɛ wɔn nwonwa. Wonim Yehowa Adansefo wɔ wiase nyinaa sɛ wɔwɔ nnyinasosɛm a ɛkorɔn. Ɛnyɛ wɔn mu kakraa bi pɛ na wodi nokware; dodow no ara na wɔyɛ saa, ɛyɛ nokware Kristosom fã titiriw.

      Nanso, ɛtɔ mmere bi a, tebea horow ma ɛyɛ den sɛ yebehu nea ɛyɛ nokwaredi ne nea ɛnyɛ nokwaredi. Susuw saa tebea yi ho. Ná Festus a ɔhwɛ Yehowa Adansefo asafo bi a ɛwɔ Afrika Atɔe Fam ntoboa ne sikasɛm so no hia sika denneennen.a Ná ehia sɛ wɔyɛ ne yere oprehyɛn kɛse bi, na na ne nnuruyɛfo aka akyerɛ no sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ no ntɛm. Ayaresabea mpanyimfo no kae sɛ wobegye sika no fã ansa na wɔayɛ oprehyɛn no.

      Ná Festus nni saa sika no. Bere a ɔkɔɔ nnipa pii hɔ sɛ ɔrekɔpɛ bosea no, wannya bi. Afei sika a na ɔhwɛ so no ho asɛm baa n’adwene mu, na osusuw sɛ, ‘So ɛteɛ sɛ mɛma me yere awu bere a metumi ayɛ biribi de asiw ano? Dɛn nti na memmɔ asafo sika no mu “bosea?” Sɛ nkurɔfo a wɔdede me ka no tua a, metumi asan de akɔto nea ɛda.’

      Festus de sika a na ɛnyɛ ne de no tuaa ayaresabea ka no. So na ne nsusuwii no teɛ? So tebea a na egye ntɛmpɛ a ohyiae no ma nea ɔyɛe no fata?

      Ɛyɛ Hena Sika?

      Bere a yɛresusuw saa nsemmisa yi ho no, momma yɛnhwehwɛ nsɛm kakraa bi mu mfa faako a sika te sɛ nea Festus fae no fi ne atirimpɔw a ekura ho kakra. Wonya sika no denam ntoboa a asafo no mufo a wɔpɛ sɛ wɔboa Yehowa ɔsom kronn fi wɔn pɛ mu yi so. (2 Korintofo 9:7) Wɔmfa ntua nkurɔfo ka, efisɛ wontua obiara ka esiane nea ɔyɛ wɔ asafo no mu nti. Nea ɛne eyi bɔ abira no, wɔde ntoboa a woyi no di dwuma titiriw hwehwɛ beae a wobehyiam, a mpɛn pii no ɛyɛ Ahenni Asa, na wɔde siesie so. Eyi ma wonya beae a ɛfata a ahotɔ wɔ a nkurɔfo—mmofra ne mpanyin, adefo ne ahiafo—betumi ahyia atie Bible afotu.

      Ɛyɛ hena sika? Ɛyɛ asafo mũ no nyinaa de. Ɛnyɛ ankorankoro bi na ɔkyerɛ nea wɔmfa sika no nyɛ. Ɛwom sɛ mpanyimfo kuw no na wɔhwɛ ma wotua aka nketenkete a asafo no bɔ daa de, nanso sɛ ɛho behia sɛ wotua sika soronko bi a, mpanyimfo no de to asafo mũ no anim ma wɔpene so ansa.

      Boseabɔ Anaasɛ Korɔnbɔ?

      Esiane sɛ na Festus ayɛ n’adwene sɛ ɔbɛsan de sika no ato nea ɛda ntɛm ara nti, obuu nea ɔyɛe no sɛ boseabɔ. Nanso, nsɛmfua foforo na Webster’s New Dictionary of Synonyms de gyina hɔ ma “obi ade a wɔfa ne nea woyi fi nea ɛda, a wɔtaa bɛw anaa wɔnka nkyerɛ no, na bere nyinaa ɔmpenee so.” Nsɛmfua no ne “korɔnbɔ” ne “owifo.” Festus faa asafo no sika bere a wɔmmaa no hokwan. Enti, ɛyɛ ampa, ná wabɔ korɔn. Ná ɔyɛ owifo.

      Nokwarem no, nea ɛkanyan nkurɔfo ma wɔbɔ korɔn nyinaa ho asodi nyɛ pɛ. Yebetumi ahu eyi wɔ Yuda Iskariot a wɔde Yesu ne asomafo anokwafo no sika hyɛɛ ne nsa no asɛm no mu. Bible no se: “[Ná Yuda yɛ] owifo, na okura kotoku no, na owiawia nea wɔde gu mu.” (Yohane 12:6) Bere a koma bɔne ne anibere bɔne kanyan Yuda no, n’abrabɔ kɔɔ so sɛee. Awiei koraa no, n’abrabɔ sɛee ara kosii sɛ oyii Onyankopɔn Ba no mae—de gyee nnwetɛbona 30.—Mateo 26:14-16.

      Nanso, nea ɛkanyan Festus ne dwen a na odwen ne yere a ɔyare no ho. So eyi kyerɛ sɛ na onni fɔ? Ɛda adi sɛ ɛnte saa. Hwɛ nea Bible no ka wɔ korɔn a wɔbɔ wɔ tebea a ɛda adi sɛ egye ntɛmpɛ foforo mu ho: “Owifo, sɛ owia ade sɛ ɔredi amee, efisɛ ɔkɔm de no a, wommu ani ngu so; na sɛ wohu no a, ɔbɔ ho mpɛn ason, ɔde n’afide nyinaa bɛma.” (Mmebusɛm 6:30, 31) Ɔkwan foforo so no, sɛ wɔkyere owifo no a, ɛsɛ sɛ wɔde mmara mu asotwe a ɛsɛ no no nyinaa ma no. Sɛnea Mose Mmara no kyerɛ no, ná ɛsɛ sɛ owifo tua n’amumɔyɛ no so ka. Enti sɛ́ anka Bible no bɛhyɛ korɔnbɔ ho nkuran anaa ebebu no bem no, ɛbɔ kɔkɔ sɛ tebea horow a egye ntɛmpɛ mu mpo no, korɔnbɔ betumi ama woahwere ahode, w’anim agu ase, na nea ɛsen biara no, woahwere Onyankopɔn anim dom.

      Sɛ́ Yehowa Adansefo no, ɛsɛ sɛ nokware Kristofo nyinaa, titiriw wɔn a wɔamema wɔn asɛyɛde wɔ asafo no mu no yɛ nhwɛso pa, a “asɛm bi nni wɔn ho.” (1 Timoteo 3:10) Festus nsa anka sika a na n’ani da so no, enti wantumi amfa sika a ɔfae no anto nea ɛda. Nea ɔyɛe no bɛdaa adi. Dɛn na ɛtoo no? Sɛ ɔbɛyɛɛ owifo a wankyerɛ ahonu a, anka wobetu no afi Kristofo asafo a ɛho tew no mu. (1 Petro 4:15) Nanso onuu ne ho, na ɔsakrae. Enti, ɔkɔɔ so traa ahyehyɛde no mu, ɛmfa ho sɛ ɔsom hokwan ahorow a na ɔwɔ no fii ne nsa.

      Onyankopɔn mu Ahotoso a Yebenya

      Ɔsomafo Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ, sɛ obi a ose ɔresom Yehowa bɔ korɔn a, ebetumi de ahohora aba Onyankopɔn din ne nkurɔfo a Ne din da wɔn so no so. Paulo kyerɛwee sɛ: “Wo a wokyerɛkyerɛ obi no, wonkyerɛkyerɛ wo ho? Wo a woka sɛ wonnwia ade no, wuwia ade? Na mo nti wɔsɛe Nyankopɔn din.”—Romafo 2:21, 24.

      Agur, onyansafo bi a ɔtraa ase tete mmere mu, kaa asɛm koro no ara. Ɔsrɛe wɔ mpaebɔ mu sɛ wɔmmma ‘onni hia na wanwia ade amfom ne Nyankopɔn din.’ (Mmebusɛm 30:9) Hyɛ no nsow sɛ onyansafo no gye toom sɛ ohia betumi ama tebea horow a ebetumi asɔ ɔtreneeni mpo ahwɛ ma wawia ade asɔre. Yiw, tebea a emu yɛ den betumi asɔ gyidi a Kristoni wɔ sɛ Yehowa betumi adi ne nkurɔfo ahiade ahorow ho dwuma no ahwɛ.

      Nanso, Yehowa Adansefo anokwafo, a wɔn a ahia wɔn ka ho, wɔ gyidi sɛ Onyankopɔn na “ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo.” (Hebrifo 11:6) Wonim sɛ Yehowa tua n’anokwafo ka denam wɔn ahiade ahorow a ɔboa wɔn ma wodi ho dwuma so. Yesu daa ɛno adi pefee wɔ ne Bepɔw so Ɔkasa no mu, na ɔkae sɛ: “Munnnwinnwen sɛ: Dɛn na yebedi anaasɛ dɛn na yɛbɛnom anaasɛ dɛn na yebefura? . . . Na mo soro Agya nim sɛ eyi nyinaa hia mo. Na monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.”—Mateo 6:31-33.

      Ɔkwan bɛn na Onyankopɔn nam so di Kristofo asafo no mufo a ahia wɔn no ahiade ahorow ho dwuma? Ɔnam akwan pii so. Ɔkwan biako ne sɛ ɔfa wɔn mfɛfo gyidifo so. Onyankopɔn nkurɔfo yi nokware dɔ adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho. Wobu Bible afotu yi aniberesɛm: “Nea ɔwɔ wiase asetrade na ohu ne nua sɛ ahia no na ɔbɔ no ayamɔnwene no, Onyankopɔn dɔ no te ne mu dɛn? Me mma nkumaa, mommma yɛmmfa asɛm anaa tɛkrɛma nnnɔ, na mmom momma yɛnnɔ nneyɛe ne nokware mu.”—1 Yohane 3:17, 18.

      Wiase nyinaa no, Yehowa Adansefo a wɔboro ɔpepem anan ne fã a wɔwɔ asafo ahorow a ɛboro 73,000 mu yere wɔn ho denneennen som Onyankopɔn sɛnea ne trenee nnyinasosɛm ahorow kyerɛ. Wonim sɛ Onyankopɔn rempow n’anokwafo da. Wɔn a wɔasom Yehowa mfe pii no ma wɔn nne so ne Ɔhene Dawid bom ka nea ɔkyerɛwee yi sɛ: “Mayɛ abofra, na afei mabɔ akora, nanso minhuu onipa trenee a wɔapa no anaasɛ n’asefo srɛ aduan.”—Dwom 37:25.

      Hwɛ mfaso a ɛwɔ so sɛ yebenya gyidi wɔ Onyankopɔn a ɔnam ne honhom so ma wɔkyerɛw saa nsɛm no mu, sen sɛ yɛbɛma wɔasɔ yɛn ahwɛ ma yɛawia ade, na ebia yɛahwere Onyankopɔn anim dom korakora!—1 Korintofo 6:9, 10.

      [Ase hɔ asɛm]

      a Yɛasesa din no.

  • Woyi Nkataanim no Fi Alaska Mmeae a Ɛwɔ Akyirikyiri No
    Ɔwɛn-Aban—1994 | April 15
    • Woyi Nkataanim no Fi Alaska Mmeae a Ɛwɔ Akyirikyiri No

      NNANU ni a yɛn nnipa baanan yi akyere so wɔ dan ketewa bi mu wɔ Alaska kurow Nome a agye din, a nkurɔfo de ahopere kotu sika kɔkɔɔ wɔ hɔ no mu. Wɔ 1898 mu no, nkorontufo bɛboro 40,000 baa ha bɛhwehwɛɛ ade biako—sika kɔkɔɔ! Yɛn de, yɛhwehwɛ akorade foforo.

      Ade a ehia yɛn mprempren ne “ade a wɔpɛ” a ebia wɔtete Gambell ne Savoonga nkuraa a atew ne ho wɔ St. Lawrence Supɔw no atɔe fam kilomita 300, wɔ Bering Poka no so mu no. (Hagai 2:7) Ɛhɔ na Inuitfo de akokoduru koyi bonsu wɔ Arctic nsu a emu yɛ nwini yiye no mu kodu kan Soviet Union nkyɛn pɛɛ. Nanso sukyerɛmma a ɛretɔ ne ɛbɔ ama yɛn ho akam. Yɛn wimhyɛn no abesi fam.

      Bere a yɛtwɛn no, misusuw nsɛm a asisi mfe kakra a atwam no ho, na meda Yehowa Nyankopɔn ase sɛ wahyira adanse a yɛadi wɔ mmeae a ɛhɔ nnipa nnɔɔso no. Wɔ Alaska—a ebinom frɛ no asase ano nohoa—no, nkurɔfo bɛboro 60,000 na wɔtete nkuraa a ɛwɔ akyirikyiri bɛboro 150 a ahwete bɛyɛ kilomita 1,600,000 wɔ asase paradada a akwan biara nneda mu ase. Ɛdenam Ɔwɛn Aban Asafo no wimhyɛn so no, yɛakɔ nkuraa a atew ne ho yi mu bɛboro abiɛsa biara mu biako ase akɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no akyerɛ wɔn dedaw.—Mateo 24:14.

      Sɛ yɛrekɔ nkuraa a ɛwowɔ akyirikyiri yi mu a, mpɛn pii no wimhyɛn no fa mununkum ne ɛbɔ a etumi yɛ wim wisii nna pii no mu si fam. Bere a yɛasi fam no, ɛbɔ foforo wɔ hɔ a ehia sɛ yehwirew mu. Ɛkata saa nnipa ayamyefo a wɔwɔ asomdwoe yi adwene ne

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena