Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Onyankopɔn Asɛm Mu A Yɛbɛpɛɛpɛe Akɔ Akyiri
    Ɔwɛn-Aban—1985 | December 1
    • Onyankopɔn Asɛm Mu A Yɛbɛpɛɛpɛe Akɔ Akyiri

      ‘Sɛ wohwehwɛ no sɛ akorade a ahintaw a, ɛno na wubehu Onyankopɔn ho nimdeɛ.’​—MMEBUSƐM 2:4,5

      1. Dɛn ne anigye anaa nhyira fibea ankasa, na dɛn ntia?

      “NHYIRA ne onipa a ohu nyansa, ne onipa a onya ntease. Na emu adenya ye sen dwetɛ de, na ne mfaso sen sika amapa. Ne bo yɛ den sen mmota, na afɛfɛde nyinaa, wɔmfa nto ho. Onyinkyɛ wɔ ne nifa mu, . . .ɛyɛ nkwa dua ma wɔn a woso no mu, na nhyira ne nea okura mu.”​—Mmebusɛm 3:13-18.

      2. Dɛn nti na Yehowa Adansefo wɔ anigye, nanso afotu bɛn na wɔde ma wɔn fi berɛ a wɔbɔ wɔn asu no?

      2 Nokware Kristofo ani gye ampa sɛ wɔahu nyansa. Ɛno kyerɛ sɛ wotumi de Onyankopɔn Asɛm mu nimdeɛ a wɔwɔ no di dwuma wɔ wɔn som mu, wɔ wɔn da biara da ɔhaw ahorow ho dwumadi mu, ne wɔ gyinae ahorow a wosi a ɛfa wɔn botae ahorow wɔ asetra mu ho no mu. Ansa na Yehowa Adansefo begye nnipa bi atom ma wɔabɔ wɔn asu no, wɔsɔ wɔn mu biara Bible mu mfitiase nimdeɛ no hwɛ denam nsemmisa ahorow bi a ɛyɛ tẽe so. Nsemmisa a etwa to no biako ne sɛ: “Wɔ wo nsu mu asubɔ akyi no, dɛn nti na ɛbɛyɛ nea ɛho hia sɛ wukura nhyehyɛe pa ma kokoam adesua mu na wunya ɔsom adwuma no mu kyɛfa daa?” Eyi ma hia a ɛho hia sɛ onipa a wɔrebɛbɔ no asu no bɛkɔ so asua ade atra mfitiase nneɛma no na ‘wapere akɔ onyin mu’ no tra n’adwene mu. (Hebrifo 6:1, NW) Nanso so nnipa nyinaa tie afotu yi?

      3, 4. (a) Dɛn na Paulo kae wɔ Kristofo bi a wɔwɔ Korinto ne Yudea ho? (b) Ɛda adi sɛ tebea no te dɛn wɔ Kristofo binom fam nnɛ?

      3 Wɔ ne krataa a edi kan a ɔde kɔmaa Korinto Kristofo no mu no, ɔsomafo Paulo kae sɛ wantumi ne wɔn ankasa “sɛ honhom mufo,” na mmom ɛho behiae sɛ ɔkasa kyerɛ wɔn “sɛ Kristo mu nkokoaa.” (1 Korintofo 3:1) Saa ara nso na ɔkyerɛw bi a na ebetumi aba sɛ ɔde rekɔma Kristofo a wɔte Yudea no sɛ: “Ɛno ho na yɛwɔ asɛm a ɛdɔɔso a asekyerɛ yɛ den nso ka, efisɛ mo aso asen. Na ɛbere a anka ɛsɛ sɛ moyɛ akyerɛkyerɛfo no, ehia mo bio sɛ wɔkyerɛkyerɛ mo Onyankopɔn nsɛm mu mfitiasesɛm, na moayɛ wɔn a ehia wɔn nufu, na ɛnyɛ aduan a ɛyɛ den. Na obiara a onum nufu no, nhuu trenee asɛm no mu ɛ, na ɔyɛ akokoaa.”​—Hebrifo 5:11-13.

      4 Saa ara na nnɛ ɛte sɛ nea bere a ebinom nya nimdeɛ a ɛdɔɔso a ɛbɛma wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ Paradise asase so no, wɔmmɔ mmɔden sɛ wobenya adesua a ɛkɔ akyiri. Ebia wɔbɛte nka sɛ nea wonim no ara dɔɔso a ɛbɛma “wɔakɔ so,” sɛ yɛbɛka no wɔn honhom mu a. Wɔnkɔ wɔn anim ntra “nufu” gyinabea no. Paulo ka no pen sɛ saafo no “nhuu trenee asɛm no mu ɛ,” kyerɛ sɛ, wɔn ho nkokwawee wɔ “trenee asɛm” no a wɔde di dwuma de sɔ nneɛma hwɛ no mu. Paulo de ka ho sɛ: “Na aduan a ɛyɛ den no fata wɔn a wɔanyin a anem nti wɔn nkatede akokwaw papa ne bɔne mu yiyi hɔ.”​—Hebrifo 5:14.

      “Aduan A Ɛyɛ Den” Ho Hia Ma Onyin

      5, 6. (a) Dɛn na ɛyɛ nokware wɔ ebinom a wɔde mfe pii atra nokware no mu no fam, dɛn nti na eyi yɛ nwonwa? (b) Dɛn na Paulo ka kyerɛɛ saafo no, na enti dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ?

      5 Mfe ahe ni a wode ayɛ Yehowa akoa a wahyira ne ho so? Kaakae wo honhom mu onyin wɔ saa mfe no mu no. So nokware atitiriw, “Onyankopɔn asɛm mu mfitiasesɛm” no nkutoo na wutumi fi Bible mu kyerɛkyerɛ mu? Nnipa kakraa bi a wɔanantew Kristofo kwan no so mfirihyia 10 anaa 20 da so ara wɔ “nufu” gyinabea hɔ. Dɛn na nkurɔfo besusuw wɔ abofra a wadi mfirihyia 10, anaa aberante anaa ababaa a wadi mfirihyia 20 a wɔda so ara ma no toaa mu aduan a ɛyɛ nufusu no ho? So eyi renyɛ anwonwasɛm? So nufu a ɔnum no remma ɔntɔ ape? Ebia onii no bɛkɔ so atra ase, nanso ɔrennyin mmɛyɛ ɔpanyin a ne ho yɛ den a ɔte apɔw. Ɛte saa ara wɔ honhom mu.

      6 Dɛn nti na ebinom a wɔayɛ Kristofo mfe pii no nyɛ den wɔ honhom mu sɛnea ɛsɛ a ɛbɛma wɔayere wɔn ho anya kyɛfa wɔ boa a wɔboa wɔn a wɔyɛ ‘nkokoaa’ ankasa a wɔabegyina Yehowa afã nnansa yi ara no mu? Wɔn a wonnya nkɔso yi yɛ wɔn a Kristofo mpanyimfo ne afoforo a wɔn ho akokwaw agye bere ama wɔn ani akũ wɔn ho mfe pii. Sɛnea Paulo ka no, wɔda so ara yɛ wɔn a ‘ɛsɛ sɛ wɔyɛ akyerɛkyerɛfo esiane bere no nti.’ Sɛ wɔbɛba abɛyɛ akyerɛkyerɛfo a, ɛsɛ sɛ wonya nkɔso tra “nufu” aduan no na wɔma “aduan a ɛyɛ den” di kokwaw wɔn. Ɔkwan bɛn so na wobetumi ayɛ eyi?​—Hebrifo 5:12.

      7. Sɛnea Hebrifo 5:14 kyerɛ no, henanom na “aduan a ɛyɛ den” fata wɔn, na ɔkwan bɛn so na Kristoni ba bɛyɛ saafo no mu biako?

      7 Paulo ka sɛ “aduan a ɛyɛ den no fata wɔn a wɔanyin,” na ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ saafo no ne wɔn a “anem nti wɔn nkatede akokwaw papa ne bɔne mu yiyi ho.” Wɔ ɔkwan foforo so no, wɔn a wɔde yɛ wɔn su sɛ wɔde Onyankopɔn asɛm mu nimdeɛ biara a wɔwɔ bedi dwuma de ayiyi papa ne bɔne mu no de nkakrankakra bɛma wɔn nkatede akokwaw na wobedu Kristofo onyin ho. Wɔn ho bɛkokwaw wɔ “trenee asɛm” a wɔde bedi dwuma de asɔ nneɛma ahwɛ na wɔnam saa yɛ so ayiyi nneɛma a ɛho tew ne nea ɛho ntew wɔ abrabɔ, honhom, ne honam mu mpo no mu. Ɛdenam nea wosua no a wɔde di dwuma so no, wɔrennyɛ ‘wɔn a wonhuu trenee asɛm no mu’ bio. Wɔbɛyɛ “wɔn a wɔanyin,” wɔn a “aduan a ɛyɛ den fata wɔn.”​—Hebrifo 5:13, 14.

      Nya “Adidi” Ho Su Pa

      8. Ɔkwan bɛn so na Kristoni betumi abɛyɛ obi a “nufu” aduan nko na odi, nanso ɔkwan bɛn so na obetumi asakra ne honhom mu “adidi” su no?

      8 Ɛbɛyɛ nea ɛho hia bio sɛ ayarefo a nufusu aduan na wɔama wɔadi bere tenten no ma nipadua no sua sɛnea ebegye aduan a ɛyɛ den. Saa ara na ɛho hia sɛ wɔn a wɔn su ne sɛ “wɔntene wɔn ho nni” honhom fam aduan a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” de ma no a sɛnea yɛbɛka no no, wogyaw aduan akɛse a ɛyɛ akɔnnɔ a ɛhwehwɛ sɛ “wɔbɛwosaw” (nsusuwho ne nhwehwɛmu) no den kakra no bɔ mmɔden sɛ wobenya honhom mu “adidi” ho su pa. Ɛho behia sɛ ‘wɔkanyan wɔn adwene gyenennyenen’ na ‘wɔyere wɔn ho dennee nnen.’​—Mateo 24:45; 2 Petro 3:1, 2; Luka 13:24, NW.

      9. Dɛn na ebetumi aboa obi a n’anom ato anaasɛ ontumi nnidi?

      9 Nneɛma abiɛsa betumi aboa obi a ɔyare na wasan atumi adi aduanpa a ɛyɛ den: (1) nkanyan pa, ɛno ne ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛte apɔw na ne ho asan ayɛ den bio, (2) aduan a ɛyɛ akɔnnɔ a wɔma no wɔ bere ne bere mu (3) mframa pa a ɛdɔɔso sɛnea ɛsɛ ne apɔw-mu-teɛteɛ. Ɔkwan bɛn so na nneɛma ahorow yi betumi aboa obi a n’anom ato wɔ Onyankopɔn Asɛm mu nneɛma a emu dɔ mu ho no?

      10. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yɛma Onyankopɔn Asɛm ho nimdeɛ a yɛwɔ nya nkɔso?

      10 Ɛsɛ sɛ obiara a wahyira ne nkwa so ama Yehowa no nya nkate a emu yɛ den sɛ ɔbɛma nimdeɛ a ɔwɔ wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no adɔɔso. Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no ka yɛn ma yɛba behu ne su horow a ɛyɛ nwonwa, ne pɛ ne n’atirimpɔw ahorow mu yiye. Eyi gye adesua ne nsusuwho a emu dɔ. (Dwom 1:1, 2; 119:97) Bio nso, anidaso a yɛwɔ sɛ yɛbɛtra ase daa wɔ Onyankopɔn Paradise asase so no gyina kɔ a yɛbɛkɔ so ‘anya nokware Nyankopɔn koro no ne ne Ba, Yesu Kristo ho nimdeɛ’ no so. (Yohane 17:3, NW) Nanso ɛnsɛ sɛ daa nkwa a yɛpɛ no nkutoo na ɛyɛ ade titiriw a ɛkanyan yɛn ma yesua Kyerɛwnsɛm no. Ɛno ne mfomso a Yudafo a na wonni gyidi no mu binom yɛe no. Ɛsɛ sɛ ‘Kyerɛwnsɛm no mu a yɛhwehwɛ’ yɛ nea efi ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛyɛ n’apɛde no mu titiriw.​—Yohane 5:39-42; Dwom 143:10.

      11. Ɔkwan bɛn so na wɔma yɛn aduan a ɛyɛ akɔnnɔ bere nyinaa?

      11 Ɛsɛ sɛ honhom fam aduan a ɛyɛ dɛ pii a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de ma daa wɔ “ɛbere a ɛsɛ mu” no ka yɛn nyinaa ma yɛkyerɛ ho anisɔ a yɛwɔ denam nneɛma pa a wɔde ma no a yɛde bedi dwuma kɛse no so. (Mateo 24:45) Ɛsɛ sɛ yenya honhom fam “adidi” ho su pa denam bere a ɛdɔɔso a yebeyi asi hɔ de akenkan na yɛasua nsɛm a eye a wɔatintim wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ne nhomawa ahorow mu no so. Wɔde honhom mu aduan ma bere nyinaa wɔ dapɛn nhyiam ahorow anum a wɔayɛ ho nhyehyɛe wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow mu wɔ wiase nyinaa no ase. So wokɔ nhyiam ahorow yi nyinaa bi a woasiesie wo ho yiye sɛ wubedi aduan a wɔde ama no?

      12. (a) Dɛn ne ɔkwan foforo a Kristoni betumi afa so ama ɔkwan a ɔfa so didi wɔ honhom mu no anya nkɔso? (b) Enti, nsɛm bɛn na yebetumi abisa yɛn ho?

      12 Ɛsɛ sɛ ɔdɔ ma Onyankopɔn ne ɔdɔ ma yɛn yɔnko ka yɛn ma yesua N’Asɛm’ no. (Luka 10:27) Obi a n’anom ato ankasa yɛ obi a mframa pa ne apɔw-mu-teɛteɛ betumi aboa no. Saa ara na Kristoni a ɔpɛ sɛ otumi di “aduan ‘a ɛyɛ den” no betumi anya mmoa denam asɛnka adwuma a obefi adi akɔyɛ ne ne nimdeɛ a ɔde bedi dwuma de atrɛw “Ahenni no ho asɛmpa” no mu na ‘wayɛ amanaman nyinaa asuafo’ no so. (Mateo 24:14; 28:19, 20) Kae, Paulo ka kyerɛɛ wɔn a ‘wɔabɛyɛ wɔn a ehia wɔn nufu,’ anaa honhom mu nkokoaa no sɛ, ‘ɛsɛ sɛ wɔyɛ akyerɛkyerɛfo esiane bere no nti.’ (Hebrifo 5:12, NW) Esiane bere a wode ayɛ nokware Kristoni no nti, ɛhe na wugyina? Sɛ woyɛ onuabarima a, so woanya nkɔso akodu baabi a wo ho betumi aba mfaso sɛ “ɔkyerɛkyerɛfo” wɔ asɛnka adwuma mu, ne ebia sɛ ɔpanyin wɔ asafo no mu nso? Sɛ woyɛ Kristoni onuawa a, so wutumi yɛ Bible adesua a etu mpɔn wɔ nnipa a wɔkyerɛ Onyankopɔn nokware no ho anigye afi mu anaasɛ ebia wode boa wo nuanom Kristofo mmea wɔ adansedi adwuma no mu?

      Ma Adesua Nyɛ Nea Ɛyɛ Anigye

      13. Nsonsonoe bɛn na ɛda akenkan ne adesua ntam?

      13 Wɔka sɛ akenkan yɛ anigye, na adesua de ɛyɛ adwuma. Nokware kakra wɔ saa asɛm a wɔka no mu. Akenkan a ɛhyɛ nkuran pii betumi ayɛ nea wɔde gye wɔn ani, nea wɔde home. Dɛn na ebetumi ayɛ anigye asen dɔnhwerew biako anaa abien a wode bɛkenkan amanneɛbɔ a efi Yehowa Adansefo Afe Nhoma anaa Nyan! nsɛmma nhoma mu no wɔ tebea a ahotɔ wom mu? Nanso adesua kyerɛ adwumayɛ. Nsɛm asekyerɛ nhoma bi ka sɛ: “Adesua kyerɛ adwene a wɔhyɛ da de si biribi so ma ɛkyɛ a wɔma ani kũ emu nsɛm biara ho yiye a ɛda nea ebetumi afi mu ba, ne nea wɔde di dwuma, nsonoe ahorow a ɛwom, anaasɛ sɛnea ɛfa nea wɔasua no ho.” Yiw, adesua gye mmɔdenbɔ. Nanso sɛnea adwuma biara a wɔyɛ no yiye betumi ayɛ nea akomatɔyam wom na mfaso wɔ so no, saa ara na adesua betumi ayɛ anigye a mfaso wɔ so wɔ honhom mu. Ɛyɛ nea eye ma yɛn sɛ yɛbɛma ayɛ saa. Ɔkwan bɛn so?

      14. Dɛn na ebia ɛho behia sɛ woyɛ na ama wo kokoam adesua ayɛ anigye a mfaso wɔ so kɛse?

      14 Sɛ adesua betumi ayɛ anigye a mfaso wɔ so ankasa a, ɛho hia sɛ wubenya bere a ɛdɔɔso ama. Esiane sɛ “adesua kyerɛ adwene a wɔhyɛ da de si biribi so ma ɛkyɛ” ne “ani a wɔma ekũ emu asɛm biara ho yiye” nti, mpɛn ahe na wubetumi aka no nokwarem sɛ woasua wo Ɔwɛn-Aban anaa nhoma a musua wɔ asafo nhoma adesua ase no? So ɛrenyɛ nea ɛyɛ nokware kɛse sɛ wobɛka sɛ mpɛn pii wuhuruw fa adesua no mu nsɛm no so na wode ahoɔhare twitwa asemmisa no ho mmuae ase a wonte emu nsɛm no nyinaa ase ne nea enti a wɔde nkyerɛkyerɛmu ahorow no ama no? Sɛ saa na ɛte wɔ wo fam a, ɛnde ebia ɔkwan a edi kan a ɛsɛ sɛ wofa so na ama wo honhom fam “adidi” su no anya nkɔso ne sɛ ‘wobɛtɔ adagyew bere’ ama adesua. (Efesofo 5:15-17, NW) Ebia eyi bɛkyerɛ nsakrae kɛse a ɛsɛ sɛ woyɛ wɔ bere ho wɔ dwumadi afoforo a ɛho nhia kɛse no mu. Nanso ebia wo ho bedwiriw wo wɔ sɛnea adesua betumi ayɛ anigye no ho, sɛ wunya bere de sua ade no yiye sen sɛ wubehuruw afa so a.

      15. Dɛn nso na ɛho hia na ama adesua ayɛ anigye a mfaso wɔ so wɔ honhom mu?

      15 Nea ɛfa bere ho asɛm no ho nso ne mpaebɔ. Yehowa nhyira ho hia na ama adesua ayɛ nea mfaso wɔ so honhom mu. Ɛho hia sɛ yɛbɔ no mpae wɔ Yesu din mu na yɛsrɛ no ma obue yɛn adwene ne yɛn komam na wama atumi agye nokware ahorow a yɛrebesua no ankasa. Mpɛn dodow ahe na wotra ase de ahoɔhare siesie wo ho ma nhyiam bi a akyiri yi na wuhu sɛ wo werɛ fii sɛ wobɛsrɛ Yehowa hɔ nhyira ne nyansa na ama wode nneɛma a woasua no adi dwuma wɔ wo da biara da asetra mu? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wode Yehowa mmoa kame wo ho bere a ɛwɔ hɔ a wubetumi asrɛ no?​—Yakobo 1:5-7.

      Emu A Wobɛpɛɛpɛe Akɔ Akyiri

      16. Nea ɛne kyerɛwsɛm a adesua yi asɛmti gyina so hyia no,dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya nimdeɛ, nhumu, ne ntease?

      16 Mmebusɛm 2:4, 5 ka sɛ: ‘Sɛ wohwehwɛ n’akyi kwan sɛ akorade a ahintaw a, ɛno na wubehu Onyankopɔn ho nimdeɛ.’ Saa kyerɛwsɛm no mu asɛm no ka hia ɛho hia sɛ wobɛhwehwɛ Yehowa “nsɛm,” ne “mmara nsɛm,” “nyansa,” “nhumu,” ne “ntease” ho asɛm. Akorade a wɔhwehwɛ gye mmɔdenbɔ ne kɔ a wɔbɛko so ahwehwɛ Egye fam tutu kɛse. Saa ara na ɛte bere a yɛrehwehwɛ “Onyankopɔn ho nimdeɛ,” “nhumu,” ne “ntease” no. Fam tutu anaa mpɛɛpɛɛmu kɛse anaasɛ emu a yɛbɛkɔ so ahwehwɛ atra aniani no ho hia. Nsusuw sɛ ɛyɛ nea ɛdɔɔso sɛ wobɛbɔ afa Onyankopɔn Asɛm no so wɔ aniani.

      17. Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka wɔ Yehowa adwene ho, na enti ɛsɛ sɛ yɛde aseda ma wɔ dɛn ho?

      17 Odwontofo bi kae sɛ: “ [Yehowa], wo nnwuma sosoe dɛn ara, w’adwene mu dɔ pii.” (Dwom 92:5) Ɔsomafo Paulo de anisɔ kyerɛwee sɛ: “O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bun a emu dɔ.” (Romafo 11:33) Wɔ krataa foforo mu no, ɔkaa “Onyankopɔn ade a emu dɔ” ho asɛm. (1 Korintofo 2:10) Ampa, sɛnea Paulo kyerɛkyerɛ mu no, Onyankopɔn da nneɛma a emu dɔ yi adi “nam ne honhom so,” adeyɛ tumi a ɛyɛɛ adwuma ahoɔden so wɔ Kristofo a wɔasra wɔn a Yesu Kristo paw wɔn ma wɔde honhom mu aduan mae no so no. Ɛsɛ sɛ yɛde aseda ankasa ma wɔ fam a “‘akoa” kuw no tutu wɔ honhom mu ma Onyankopɔn atirimpɔw ahorow a “ahintaw bun a emu dɔ” mu kɔ so da hɔ kɛse ma yɛn no ho.​—1 Korintofo 2:10, Today’s English Version.

      18. Ɔkwan bɛn so na Kristoni biara betumi apɛɛpɛe Onyankopɔn Asɛm no mu akɔ akyiri, na nnwinnade atitiriw bɛn na wɔde ama?

      18 Nanso ɛno nyɛ nea eyi asɛyɛde no fi Kristofo ankorankoro no so sɛ wɔbɛpɛɛpɛɛ Onyankopɔn Asɛm no mu akɔ akyiri a atirimpɔw no ne sɛ wobenya adwene a wɔakyerɛkyerɛ mu no mu ntease a emu dɔ no. Nea ɛka eyi ho ne sɛ wobebue kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nni nhoma no mu no akenkan. Ɛkyerɛ Ɔwɛn-Aban no ase hɔ nsɛm a wɔbɛkenkan a emu bi twe ɔkenkanfo no adwene kɔ nhoma dedaw bi a ɛde nkyerɛkyerɛmu kɛse ma wɔ nkyekyem anaa nkɔmhyɛ bi ho so no. Ɛhwehwɛ mpɛɛpɛɛmu a wobɛyɛ akɔ akyiri, abɔ mmɔden akɔhwehwɛ saa nhoma dedaw no na afei woasua nkratafa a wɔatwe adwene akɔ so no. Nea ɛka ho ne Bible adesua mmoa atitiriw a “akoa” kuw no de ama wɔ mfe pii mu te sɛ Index ahorow, concordance ahorow, Aid to Bible Understanding ne “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial” no a wode bedi dwuma kɛse. Yiw, Kristofo anya nnwinnade a eye a wɔde tutu a nea etwa to a yɛn nsa aka ne Reference Bible foforo a ɛwɔ Engiresi kasa mu a ɛrenkyɛ yɛn nsa bɛka bi wɔ kasa afoforo pii mu no. Momma yɛmfa nnwinnade a wɔde yɛ mpɛɛpɛɛmu yi nni dwuma yiye ma ɛho mmra yɛn mfaso.

      Sua Ade A Wowɔ Atirimpɔw

      19. Kɔkɔbɔ a ɛfa nimdeɛ ho bɛn na ɛho hia?

      19 Ɛnyɛ Onyankopɔn Asɛm mu a yɛbɛpɛɛpɛe akɔ akyiri no ho atirimpɔw a yɛwɔ ne sɛ ɛbɛma yɛate nka sɛ yɛkorɔn sen yɛn nuanom anaasɛ yɛde yɛn nimdeɛ no bɛhoahoa yɛn ho. Saa na ɛtaa ba wɔ wiasefo fam. Wɔ nnyinasosɛm mu no, nea Paulo kyerɛwee no yɛ nokware wɔ ha: “Nimdeɛ horan, na ɔdɔ de, ɛma nkɔso.” (1 Korintofo 8:1) Ɔdɔ bɛka yɛn wɔ ahobrɛase mu ma yɛde yɛn nimdeɛ no adi dwuma wɔ asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no mu na yɛde aboa wɔ nyansam de ama bo a Kristofo, nhyiam horow som wɔ honhom mu no anya nkɔso.

      20. Afotu ahorow bɛn na Paulo de ma wɔ eyi ho?

      20 Mommma ‘yɛnkɔ so ara nyɛ mmotafowa,’ na mmom ‘momma yɛmfa ɔdɔ mu nyin nneɛma nyinaa mu Kristo a ɔne eti no ho.’ (Efesofo 4:13-15) “Momma yɛmpere nkɔ onyin mu.” (Hebrifo 6:1, NW) Momma yɛnyɛ nnipa a wɔanyin a wotumi di “aduan a ɛyɛ den” a ɛbɛma yɛn ho ayɛ den honhom mu na yɛn ho aba mfaso wɔ Kristofo asafo no mu no. Nanso, eyi hwehwɛ nea ɛsen nimdeɛ a yɛnam adesua so benya. Ɛhwehwɛ sɛ yɛde Yehowa asɛm anaa ne nsɛm a wɔada no adi no bɛyɛ aduan a yebefi anisɔ mu adi a ɛno na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu no.​—Dwom 110:1; Yesaia 56:8; 66:2.

      Nea Ɛbɛma Woakae

      ◻ Dɛn nti na ebinom kɔ so ara yɛ honhom mu ‘nkokoaa’?

      ◻ Dɛn na ebetumi aboa obi ma wanyin?

      ◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi afa anya honhom mu “adidi” su pa?

      ◻ Dɛn na ebetumi ama yɛn kokoam adesua ayɛ anigye kɛse?

      ◻ Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛbɛpɛɛpɛe Onyankopɔn Asɛm no mu akɔ akyiri?

      [Kratafa 22 adaka]

      Nea ebetumi aboa obi ma wanya honhom mu akwahosan

      1. Nea eye a ɛbɛkanyan no: Ɔpɛ a emu yɛ den a obenya sɛ obehu Yehowa yiye

      2. Aduan a obedi bere nyinaa: Di a obedi honhom mu aduan a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de ma bere nyinaa no

      3. Apɔw-mu-teteɛ: Fa nimdeɛ no boa afoforo, te sɛ asɛnka a wubefi adi akɔ

  • Yehowa Nsɛm No Mmamu A Yɛde Bɛhyɛ Yɛn Ho Den
    Ɔwɛn-Aban—1985 | December 1
    • Yehowa Nsɛm No Mmamu A Yɛde Bɛhyɛ Yɛn Ho Den

      “Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na asɛm biara a efi [Yehowa] anom so.”​—MATEO 4:4

      1. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ne Aduan Mafo Kɛse no, nanso asɛm bɛn na Yesu kae wɔ onipa ahiade ho?

      YEHOWA ne Aduan Mafo Kɛse no. Ɔdaa ne ho adi sɛ ɔte saa kyerɛɛ onipa wɔ ti a edi kan pɛɛ wɔ Bible mu no mu. (Genesis 1:29, 30) Akyiri yi, odwontofo Dawid de aseda ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Aniwa nyinaa hwɛ wo kwan, na woma wɔn wɔn aduan, ne bere mu. Wubue wo nsam, na woma ateasefo nyinaa nya nea wɔpɛ di mee.” (Dwom 145:15, 16) Yiw, Yehowa ama onipa ne aboa aduan a ɛdɔɔso pii. Ɛwom sɛ ɛyɛ nea nsonsonoe wom de. Bere a honam fam aduan nkutoo na mmoa hia no, Yesu kyerɛe sɛ nnipa hia nea ɛsen honam fam abodoo, anaa aduan. ‘Ɛsɛ sɛ ɔtra ase nso denam asɛm biara a efi Onyankopɔn anom so.’​—Mateo 4:4.

      2. Dɛn na ɛsɛ sɛ yehu wɔ nea Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 4:4 no kyerɛ ho?

      2 Yesu kaa saa asɛm yi bere a ɔrema Satan a ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɔ No ahwɛ na wama abo adan abodoo wɔ anwonwa kwan so no mmuae no. Ɔbonsam antɔ ankɔ saa asɛm no so kɛse na mmom ɔkɔɔ sɔhwɛ foforo so ntɛm ara. Sɛ yegyina ɔkwan a enye a afei ɔfaa so de Dwom 91:11, 12 dii dwuma no so a, ebetumi aba sɛ Satan ante nea na Yesu kyerɛ wɔ ne sɔhwɛ a edi kan ho mmuaema mu no ase. (Mateo 4:3-7) Nanso yɛn Yehowa asomfo de, yɛn ani gye nea Yesu kae no ho kɛse. Yɛn a yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛpɛɛpɛɛ Bible no mu akɔ akyiri sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya honhom mu mfaso kɛse no betumi abisa sɛ: So na Yesu kyerɛ sɛ sɛnea ɛbɛyɛ a asetra bedi mũ no, ɛsɛ sɛ onipa sua “asɛm biara a efi Onyankopɔn anom” na ebia ɔkyere gu ne tirim anaa? Anaasɛ dɛn na na Yesu kyerɛ?

      Yehowa Nsɛm

      3, 4. Ntease ahorow abien bɛn na Hela ne Hebri nsɛmfua ma “asɛm” no wɔ? Yɛ ho nhwɛso.

      3 Yesu repow Satan asɛm no, ɔfaa asɛm a ɛwɔ Deuteronomium 8:3 no kae sɛnea Hela

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena