‘Na Wɔtaa Serew’
Ɔbarima bi a ɔyɛ ɔsraani wɔ Hungary se nnansa yi ara no na nkurɔfo taa serew wɔn a wɔka Bible no ho asɛm no. Nanso mmere adan. Ɔsraani no kyerɛw Ɔwɛn Aban Asafo no adwumayɛbea a ɛwɔ Budapest no nnansa yi ara sɛ:
“Nna kakraa bi a atwam ni no, mekenkan mo nhoma Wubetumi Atra Ase Daa Wɔ Paradise Wɔ Asase So no. Obi na ɔde fɛm me kosi sɛ mɛkenkan awie. Nea wɔakyerɛw wɔ nhoma no mu no aka me koma yiye na ama misusuw nsɛm ho.”Na ɔsraani no hwehwɛ Bible ne nsɛm afoforo pii. Adeyɛ a ɛte sɛɛ nyɛ ade a ɛyɛ nwonwa bio wɔ Europa Apuei Fam.
Krataa foforo a nsa kaa wɔ Budapest dwumadibea hɔ se: “Makenkan nhoma Wubetumi Atra Ase Daa Wɔ Paradise Wɔ Asase So no. Nhoma no anya me so nkɛntɛnso kɛse, na merekyerɛw mo abisa sɛ Ɔdansefo bi mmra me fie ne ɔne me mmɛyɛ Bible adesua daa.”
Wubetumi Atra Ase Daa Wɔ Paradise Wɔ Asase so yɛ nhoma bi a ɛma anidaso denam Bible mu mmuae ahorow a ɛma wuhu no so. Atumi asakra nnipa pii asetra. Sɛ wobɛpɛ sɛ wo nsa ka bi a, yɛsrɛ wo hyehyɛ kratasin a ɛka ho no fa mana.
Mɛpɛ sɛ me ns aka nhoma a ekura nkratafa 256 a akyi yɛ den Wubetumi Atra Ase Daa Wɔ Paradise Wɔ Asase So. (Sɛ wonte Cote d’Ivoire na wopɛ sɛ wuhu ho biribi a, kyerɛw wo man mu Ɔwɛn Aban baa dwumadibea no. Hwɛ kratafa 2.)
[Mfonini wɔ kratafa 32]
Ntease pa bi nti, ɔwofo bɛma kwan ma wɔayɛ ne ba a ɔdɔ no ɔprehyɛn a ɛyɛ yaw. Onyankopɔn nso wɔ ntease pa ahorow a enti wama kwan sɛ adesamma nhu amane bre tiaa bi