Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 9/15 kr. 20-23
  • Wofi Mmɔborohunu Mu Yɛn Nguan Nketewa No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wofi Mmɔborohunu Mu Yɛn Nguan Nketewa No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Nguankuw a Wɔyɛn Wɔn
  • Nguanhwɛfo a Wodwen Nguan no ho Ankasa
  • Nguanhwɛ a Ɛma Denhyɛ
  • Nguanhwɛfo​—Munni Mo Asɛyɛde ho Dwuma
  • Mpanyimfo, Momfa Mo Nguanhwɛ Asɛyɛde Ahorow No Aniberesɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Yehowa Nguan a Wɔsom Bo a Wɔyɛn Wɔn Brɛbrɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Ahwɛfo, Munsuasua Ahwɛfo Kunini No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Mommoa Wɔn A Wɔyera Fi Nguankuw No Mu No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 9/15 kr. 20-23

Wofi Mmɔborohunu Mu Yɛn Nguan Nketewa No

NYƐMMOA no mu biara nni hɔ a wɔte sɛ nguan. Mmoa dodow no ara wɔ ahoɔden ne nkate a wohia na ama wɔahwehwɛ aduan na wɔaguan afi mmoa a wɔkyere afoforo ho, nanso oguan yɛ soronko. Mmoa akɛse tumi kyere no, efisɛ ontumi mmɔ ne ho ban kɛse. Sɛ oguan nni ɔhwɛfo a, ne koma tu, na ontumi mmɔ ne ho ban. Sɛ oguan bi tew ne ho fi nguankuw no ho a, ɔyera ntɛm ara. Enti nguan a wodwo no wɔ ntease ahorow a emu yɛ den a enti wɔbɛn wɔn ahwɛfo. Sɛ onni hɔ a, ɛbɛyɛ den sɛ wobenya nkwa. Esiane eyinom nti, Bible no de nguan gyina hɔ ma nnipa a wɔn ho nni asɛm, wodi wɔn ani, anaa wonni ahobammɔ.

Nokwarem no, mfaso a oguanhwɛfo nya no gye mmɔdenbɔ. N’asetra nyɛ mmerɛw. Owia hyew no na awɔw de no, na ɔnna anadwo pii. Ɛsɛ sɛ ɔbɔ nguankuw no ho ban fi mmoa a wɔkyere afoforo ho, na mpɛn pii no eyi de n’ankasa nkwa to asiane mu. Esiane sɛ ɛsɛ sɛ oguanhwɛfo boa nguan no ano nti, ɔde ne bere fã kɛse hwehwɛ nguan a wɔatew wɔn ho anaa wɔayera. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛ wɔn a wɔyare ne wɔn a wɔapirapira. Ɛsɛ sɛ ɔsoa nguammaa a wɔyɛ mmerɛw anaa wɔabrɛ. Odwen sɛnea obenya aduan ne nsu a ɛsɛ ho daa. Ɛtaa ba sɛ oguanhwɛfo no da wuram ma ade kye sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛbɔ nguankuw no ho ban. Enti, nguanhwɛ adwuma no yɛ asetra a ɛyɛ den a ehia ɔbarima a ɔyɛ ɔkokodurufo, nsiyɛfo, ne anifere na watumi ayɛ. Nea ɛsen biara no, ɛsɛ sɛ otumi da no adi sɛ odwen nguankuw a wɔde ahyɛ ne nsa no ho ampa.

Onyankopɔn Nguankuw a Wɔyɛn Wɔn

Bible no twa Onyankopɔn nkurɔfo ho mfonini sɛ nguan a wodwo, ne wɔn a wɔde wɔn ahyɛ wɔn nsa no sɛ nguanhwɛfo. Yehowa ankasa ne ‘yɛn kra hwɛfo ne wɛmfo.’ (1 Petro 2:25) Yesu Kristo, “guanhwɛfo pa no,” daa sɛnea ɔpɛ sɛ wɔde mmɔborohunu hwɛ nguan no adi bere a ɔkaa eyi kyerɛɛ Petro no: ‘Yɛn me nguammaa, hwɛ me nguan, yɛn me nguan.’ (Yohane 10:11; 21:15-17) Wɔde asɛyɛde a emu yɛ duru a ɛne ‘Onyankopɔn asafo no yɛn’ ahyɛ Kristofo ahwɛfo nsa. (Asomafo no Nnwuma 20:28) Na wɔn adwuma sɛ́ honhom mu nguanhwɛfo no hwehwɛ su horow a ɛwɔ oguanhwɛfo pa ankasa ho​—akokoduru, nsi, anifere, ne titiriw no, sɛnea wofi komam dwen nguankuw no yiyedi ho.

Wɔ Onyankopɔn diyifo Hesekiel bere so no, nguanhwɛfo a wɔpaw wɔn sɛ wonni Yehowa nkurɔfo ahiade ahorow ho dwuma wɔ Israel no mu dodow no ara anni wɔn asɛyɛde ahorow ho dwuma. Onyankopɔn nguankuw no huu amane kɛse, na wɔn mu dodow no ara pow nokware som. (Hesekiel 34:1-10) Ɛnnɛ, Kristoman asɔfo yɛ wɔn ho te sɛ ahwɛfo ma nea wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ Kristofo asafo no, nanso saa asafo no honhom fam tebea a asɛe no da no adi sɛ asɔfo no te sɛ nnaadaafo a bere a Yesu wɔ asase so no wobuu wɔn ani guu nkurɔfo no so na wodii wɔn ani no. Kristoman nyamesom akannifo no te sɛ “ɔpaani” a “onnwen nguan no ho” no. (Yohane 10:12, 13) Wonni ɔpɛ, na wontumi, anaa wɔmfata wɔ ɔkwan biara so sɛ wɔhwɛ Onyankopɔn nguankuw.

Nguanhwɛfo a Wodwen Nguan no ho Ankasa

Yesu yɛɛ nhwɛso a ɛyɛ pɛ maa wɔn a wɔbɛyɛn Yehowa nguan nyinaa. Wɔ akwan nyinaa mu no, na ɔwɔ ɔdɔ, ayamye, mmɔborohunu, na na ɔboa n’asuafo no. Ofii ne pɛ mu hwehwɛɛ wɔn a wohia mmoa. Ɛwom sɛ na Yesu nni adagyew na na wabrɛ mpɛn pii de, nanso onyaa bere de tiee wɔn nsɛnnennen na ɔhyɛɛ wɔn nkuran bere nyinaa. Ɔpɛ a na ɔwɔ sɛ ɔde ne kra bɛto hɔ ama wɔn no yɛ ɔdɔ a ɛsen biara a ɔdaa no adi.​—Yohane 15:13.

Ɛnnɛ, asafo mu mpanyimfo ne asomfo a wɔapaw wɔn nyinaa bom di nguankuw no ho asɛyɛde yi ho dwuma. Enti, honam fam mfaso horow a wobetumi anya wɔ ɔman foforo so ntwetwe mmarima a wɔfata yi mu dodow no ara mma wontu nkɔ baabi foforo nnyaw asafo ahorow a wonni mmoa ne ɔhwɛ a ɛfata no. Esiane sɛ nguankuw no te “mmere a emu yɛ den” mu nti, wohia nkuranhyɛ ne akwankyerɛ. (2 Timoteo 3:1-5) Asiane wɔ hɔ bere nyinaa sɛ Satan a ɔte “sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene” no betumi akyere wɔn mu bi. (1 Petro 5:8) Ehia nnɛ sen bere biara a atwam, sɛ Kristofo ahwɛfo ‘kasa kyerɛ wɔn a wɔnam basabasa, wɔkyekye wɔn a wɔn koma atu werɛ, woso wɔn a wɔyɛ mmerɛw mu.’ (1 Tesalonikafo 5:14) Ɛsɛ sɛ wɔn ani da hɔ bere nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatumi abɔ wɔn a wɔyɛ mmerɛw ho ban na wɔamfi nguankuw no mu.​—1 Timoteo 4:1.

Oguanhwɛfo bɛyɛ dɛn ahu bere a oguan bi hia mmoa? Nsɛnkyerɛnne a ɛda adi pefee no bi ne Kristofo nhyiam horow a ɔnkɔ, asɛnka adwuma a onnya mu kyɛfa daa, ne afoforo a ɔmpɛ sɛ ɔne wɔn bɔ kɛse. Obetumi nso ahu mmerɛwyɛ denam nguan no su ne nea wɔn nkɔmmɔbɔ taa gyina so. Ebia wɔbɛyɛ katee wɔ afoforo so, na ebia wɔada abufuw adi. Ebia wɔn nkɔmmɔbɔ begyina honam fam nneɛma akyidi so kɛse mmom sen honhom fam botae horow. Anigye ne awerɛhyem a wɔntaa nna no adi betumi akyerɛ sɛ wɔn gyidi ayɛ mmerɛw. Sɛ wɔabotow a, ebetumi ayɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ wɔrehyia nhyɛso fi wɔn abusuafo anaa wɔn nnamfo a wɔyɛ wiasefo hɔ. Sɛ oguanhwɛfo hu nsɛnkyerɛnne yi a, obetumi ahwehwɛ mmoa ko a ɛho hia.

Sɛ Kristofo nguanhwɛfo rekɔsra wɔn yɔnko gyidini a, ehia sɛ wɔma ade titiriw nti a wɔkɔ hɔ no tra wɔn adwene mu. Ɛnyɛ nsrahwɛ a wɔde bɔ nneɛma a mfaso nni so kɛse ho nkɔmmɔ bi ara kwa. Ɔsomafo Paulo botae a ɔde sraa ne nuanom ne sɛ ‘ɔde honhom dom akyɛde bɛma wɔn de ahyɛ wɔn den, ne sɛ wobenya nkuranhyɛ afi wɔn ho wɔn ho hɔ.’ (Romafo 1:11, 12) Ehia sɛ obi di kan siesie ne ho na watumi ayɛ eyi.

Nea edi kan no, susuw onii no ho, na bɔ mmɔden hu sɛnea ne honhom fam tebea te. Bere a woahu ɛno no, susuw akwankyerɛ, nkuranhyɛ, ne afotu ko a ɛso bɛba no mfaso asen biara ho. Onyankopɔn Asɛm, Bible no titiriw na ɛsɛ sɛ wofa nsɛm fi mu, efisɛ “ahoɔden wɔ mu.” (Hebrifo 4:12) Wubetumi ahwehwɛ nsɛm a ɛfa nguan a wɔwɔ nsɛnnennen soronko ahiade pɔtee ho wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no mu. Wubetumi anya osuahu ahorow a ɛyɛ anigye ne akomatɔyam afi Yearbook of Jehovah’s Witnesses mu. Atirimpɔw no ne sɛ wɔbɛma ‘onii no honhom mu ade a eye ma ne denhyɛ.’​—Romafo 15:2.

Nguanhwɛ a Ɛma Denhyɛ

Obi a ɔhwɛ nguan ankasa nim sɛ wɔde wɔn ho to no so na wabɔ wɔn ho ban ahwɛ wɔn. Nea ɛtaa yɛ asiane ne tew a wɔtew wɔn ho, ɔyare, ɔbrɛ, opira, ne mmoa a wɔkyere afoforo. Saa ara na ɛsɛ sɛ honhom fam oguanhwɛfo no hu esiane ahorow a ɛte saa a ebetumi asɛe nguankuw no yiyedi na odi ho dwuma. Nea edidi so yi yɛ nsɛnnennen a ɛtaa ba ne nyansahyɛ binom a ɛfa nea wobetumi aka de ama honhom fam denhyɛ ho.

(1) Te sɛ nguan a wɔn ani nna wɔn ho so no, Kristofo binom tew wɔn ho fi Onyankopɔn nguankuw no ho, efisɛ nneɛma a ɛte sɛ nea asɛm nni ho na ɛyɛ anigye twetwe wɔn. Ebia nneɛma begye wɔn asabawmu, na ebi mpo a wɔatwe wɔn ho, esiane sɛ wodii botae horow a ɛbata honam fam ade dodowpɛ, ahomegye, anaa anigyede ho akyi nti. (Hebrifo 2:1) Wobetumi akae saafo no sɛnea mmere no gye ntɛmpɛ, hia a ehia sɛ wɔbata Yehowa ahyehyɛde no ho, ne mfaso a ɛwɔ Ahenni nneɛma a wɔde di kan wɔ asetra mu no so. (Mateo 6:25-33; Luka 21:34-36; 1 Timoteo 6: 8-10) Wobetumi anya afotu a nyansa wom afi asɛm “Kari Pɛ​—Ɔkwan Bɛn So?” mu wɔ May 15, 1984 The Watchtower mu wɔ nkratafa 8-11.

(2) Ehia sɛ oguanhwɛfo hwɛ nguan a wɔyare. Saa ara na ɛsɛ sɛ honhom mu nguanhwɛfo boa Kristofo a wɔn asetra mu nsɛnnennen ma wɔyare honhom mu no. (Yakobo 5: 14, 15) Ebetumi aba sɛ wonni adwuma, wɔyare denneennen, anaa wɔrehyia nsɛnnennen wɔ wɔn abusua asetra mu. Ebia suafo no kɔn rennɔ sɛ wobedidi honhom mu anaa wɔne Onyankopɔn nkurɔfo bɛbɔ. Eyi ma wɔtew wɔn ho na wɔn abam bu. Ehia sɛ wɔma wonya awerɛhyem sɛ Yehowa dwen wɔn ho na ɔbɛwowaw wɔn wɔ mmere a emu yɛ den mu. (Dwom 55:22; Mateo 18:12-14; 2 Korintofo 4:16-18; 1 Petro 1:6, 7; 5:6, 7) Ebia mfaso bɛba so sɛ mubesusuw asɛm “Hwɛ W’anim Tee sɛ Kristoni,” a ɛwɔ June 1, 1980 The Watchtower, nkratafa 12-15 no ho.

(3) Ɛsɛ sɛ oguanhwɛfo no hwehwɛ nguan a wɔbrɛ. Ebinom akɔ so adi nokware wɔ Yehowa som mu mfe pii. Wɔahyia sɔhwɛ ahorow pii. Afei de wɔda nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ wɔabrɛ wɔ mmɔden a wɔbɔ no mu adi, na ebia wɔn adwene mu bɛyɛ wɔn nãã mpo wɔ hia a asɛnka adwuma kɛse ho hia no ho. Ehia sɛ wɔkanyan wɔn honhom, hyɛ anisɔ a wɔwɔ wɔ anigye ne nhyira horow a wonya fi Onyankopɔn a wofi koma nyinaa mu som no de di Kristo nhwɛso akyi mu no mu den. (Galatifo 6:9, 10; Hebrifo 12:1-3) Ebia wobetumi aboa wɔn ma wɔahu sɛ Yehowa ani sɔ wɔn som a efi nokwaredi mu no, na obetumi ahyɛ wɔn den ama daakye dwumadi ahorow de ahyɛ no anuonyam. (Yesaia 40:29, 30; Hebrifo 6:10-12) Ebetumi ayɛ nea mfaso wɔ so sɛ wɔne wɔn besusuw asɛm “Mommmrɛ Papayɛ Mu,” a ɛwɔ September 1, 1988 Ɔwɛn- Aban, nkratafa 9-14 no ho.

(4) Te sɛ nguan a wopira no, nea Kristofo binom bu no sɛ suban bɔne no apira wɔn. Nanso sɛ yɛde afoforo mfomso firi wɔn a, yɛn soro Agya no de yɛn mfomso befiri yɛn. (Kolosefo 3:12-14; 1 Petro 4:8) Ebia na wɔde animka anaa nteɛso ama anuanom mmarima anaa mmeae bi a wosusuw sɛ ɛmfata. Nanso, yɛn nyinaa betumi anya mfaso afi honhom mu afotu ne nteɛso mu, na ɛyɛ awerɛkyekye sɛ wobehu sɛ Yehowa teɛ wɔn a ɔdɔ wɔn so. (Hebrifo 12:4-11) Esiane sɛ afoforo annyɛ ɔsom hokwan a wɔte nka sɛ wɔfata nti, wɔama abufuw de ɛkã bi abɛto wɔne asafo no ntam. Nanso sɛ yɛtwe yɛn ho fi Yehowa ahyehyɛde no ho a, baabi foforo biara nni hɔ a yɛkɔ hɔ a, yebenya ogye ne nokware dɔ. (Fa toto Yohane 6:66-69 ho.) Wobetumi anya eyi ho nsɛm a mfaso wɔ so wɔ asɛm “Yɛn Kristofo Biakoyɛ a Yebekura Mu,” a ɛwɔ August 15, 1988 Ɔwɛn-Aban, nkratafa 28-30 no mu.

(5) Ɛsɛ sɛ wɔbɔ nguan ho ban fi mmoa a wɔbetumi akyere wɔn ho. Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, abusuafo ne mfɛfo adwumayɛfo a wɔnyɛ gyidifo betumi asɔre tia ebinom anaa wɔahunahuna wɔn. Sɛ wɔhyɛ wɔn so sɛnea ɛbɛma wɔabrɛ ɔsom a wɔde ma Onyankopɔn no ase anaa wɔagyae Kristofo som adwuma no a, ebia wɔn nokwaredi ho bɛba asɛm. Nanso sɛ wɔboa wɔn ma wohu sɛ ɛsɛ sɛ wɔhwɛ ɔsɔretia kwan, na ɛyɛ nneɛma a edi adanse sɛ yɛyɛ Yesu Kristo asuafo ampa no mu biako a, ɛbɛhyɛ wɔn den. (Mateo 5:11,12; 10:32-39; 24:9; 2 Timoteo 3:12) Ebetumi ayɛ nea mfaso wɔ so sɛ wɔbɛda no adi sɛ, sɛ wodi nokware a, Yehowa rennyaw wɔn da na obetua wɔn boasetɔ so ka. (2 Korintofo 4:7-9; Yakobo 1:2-4, 12; 1 Petro 5:8-10) Nkuranhyɛ pii wɔ asɛmti “Gyina a Yebegyina wɔ Anigye mu a Ɔtaa Mfa Ho” a ɛwɔ November 1, 1982 Ɔwɛn-Aban, nkratafa 9-15, no mu.

Nguanhwɛfo​—Munni Mo Asɛyɛde ho Dwuma

Onyankopɔn nguankuw no ahiade dɔɔso, na ɔhwɛ a ɛfata gye mmɔdenbɔ. Enti ɛsɛ sɛ Kristofo ahwɛfo yɛ mmɔborohunufo, wodwen afoforo ho ankasa, na wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛboa afoforo. Boasetɔ ne nhumu ho hia. Bere a ankorankoro binom hia afotu no, afoforo nya mfaso kɛse fi nkuranhyɛ mu. Wɔ ebinom fam no, nea ehia ara ne sɛ obi bɛkɔ akɔsra wɔn mpɛn kakra bi, na wɔ afoforo nso fam no, ebia ebehia sɛ wɔne wɔn yɛ Bible adesua daa. Wɔ tebea biara mu no, atirimpɔw no ne sɛ wɔde akwankyerɛ a ɛhyɛ den wɔ honhom mu anaa afotu a efi ɔdɔ mu a ɛbɛkanyan onii no ma wafi adesua nhyehyɛe pa ase, akɔ asafo nhyiam horow daa, na wanya Kristofo som adwuma no mu kyɛfa kɛse bɛma. Eyinom yɛ akwan atitiriw a wɔfa so boa mfɛfo gyidifo na ama woabue hokwan ma Yehowa honhom no ayɛ adwuma wɔ wɔn mu.

Nguanhwɛfo a wɔde mmoa a ɛte saa ma no yɛ adwuma a ɛso wɔ mfaso ma Onyankopɔn nguankuw no. (Hwɛ June 1, 1986 Ɔwɛn- Aban, nkratafa 26-30.) Nea honhom mu ahwɛfo yɛ no sɔ nguankuw no ani kɛse. Bere a abusua ti biako nyaa mmoa a ɛte saa akyi no, ɔkae sɛ: ‘Bere a yedii mfe 22 wɔ nokware no mu no, honam fam ade dodowpɛ twee yɛn kɔɔ wiase no mu. Mpɛn pii no na yɛpɛ sɛ yɛkɔ nhyiam horow, nanso yɛantumi ankɔ. Yɛantumi anyɛ Satan nhyehyɛe no fã ankasa, enti na yɛayɛ ankonam ankasa, yɛatew yɛn ho. Eyi maa yehyiaa abasamtu ne adwenemhaw. Ná yehia nkuranhyɛ nsɛm. Bere a ɔpanyin bi bɛsraa yɛn no, yɛde anigye penee Bible adesua ho nhyehyɛe a wɔyɛe wɔ yɛn fie no so. Mprempren, yɛn nyinaa asan aba Yehowa ahyehyɛde a ahobammɔ wom no mu. Mintumi nka sɛnea m’ani agye afa no!

Ɛsɛ sɛ yɛn ani gye bere a wɔkanyan yɛn nuanom mmarima ne mmea a na wɔatew wɔn ho anaa wɔn aba mu abu wɔ honhom mu, na wɔhyɛ wɔn den wɔ honhom mu no. (Luka 15:4-7) Yehowa atirimpɔw ma ne nkurɔfo bam bere a wɔboa wɔn ano ‘te sɛ nguan a wɔwɔ nguamman mu’ no. (Mika 2:12) Wɔ saa beae yi a ahobammɔ wɔ no, ‘wonya ahome ma wɔn kra’ denam Oguanhwɛfo Pa, Yesu Kristo mmoa so. (Mateo 11:28-30) Wiase nyinaa nguankuw a wɔyɛ biako no nya akwankyerɛ, awerɛkyekye, ne ahobammɔ ne honhom fam aduan a abu so nso.

Ɛnnɛ ɛdenam ɔhwɛ adwuma yi so no, Yehowa rema wɔayɛ adwuma a ɔdɔ wom bi a ɛne tete bɔhyɛ yi hyia sɛ: “Mebisa me nguan, na mahwehwɛ wɔn akyi kwan. . . . Meyi wɔn afi nea wɔapansam wɔn akɔ nyinaa. . . . Adidibea pa na mɛyɛn wɔn . . . Nea wayera no, mɛhwehwɛ no, . . . na nea wabubu no, mɛkyekyere no, na nea ɔyare no, mɛhyɛ no den.” (Hesekiel 34:11-16) Hwɛ awerɛkyekye ara a ɛyɛ sɛ yebehu sɛ Yehowa ne yɛn Guanhwɛfo!​—Dwom 23:1-4.

Esiane ɔsoro nhyehyɛe a wɔayɛ na wɔde ahwɛ Onyankopɔn nguankuw nti, yebetumi aka Dawid nsɛm yi bi sɛ́ Yehowa asomfo, nea ese: “Asomdwoe mu na mɛkɔ makɔda, na mada prɛko; na wo, [Yehowa], nko na woma metra hɔ dwoodwoo.” (Dwom 4:8) Yiw, Yehowa nkurɔfo te ahobammɔ nka wɔ ne hwɛ a ɔdɔ wom no mu, na wɔn ani sɔ sɛ Kristofo mpanyimfo fi mmɔborohunu mu yɛn nguan nketewa no.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 20, 21]

Potter’s Complete Bible Encyclopedia

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena