-
Sɛnea Wɔhyehyɛ Teokrase NhomakorabeaƆwɛn-Aban—1994 | November 1
-
-
Sɛnea Wɔhyehyɛ Teokrase Nhomakorabea
NÁ SHEREZADE, Spainni abeawa ketewa bi a onim nhoma, adi mfe anan na ne kyerɛkyerɛfo ka kyerɛɛ adesuakuw no sɛ wɔnyɛ “Papa Buronya” mfonini. Ɛhɔ ara na Sherezade srɛe sɛ wonyi no mfi mu. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ n’ahonim remma no kwan sɛ ɔbɛyɛ saa.
Ɛyɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo no nwonwa, na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɛte sɛ nea ɔreyɛ abaduaba bi mfonini ara pɛ, na mfomso biara nni ho. Sherezade buae sɛ: “Sɛ ɛyɛ abaduaba ara kwa de a, ɛnde mepɛ sɛ m’ankasa meyɛ abaduaba ho mfonini, sɛ wobɛpene so a.”
Wɔka kyerɛɛ adesuakuw no bere foforo sɛ wɔnyɛ ɔman no frankaa ho mfonini. Ɛno nso Sherezade srɛe sɛ wɔmma no nyɛ biribi foforo. Bere a ɔrekyerɛkyerɛ mu no, ɔkaa Sadrak, Mesak ne Abed-Nego asɛm no kyerɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo no.—Daniel 3:1-28.
Ɛno akyi bere tiaa bi no, ɔkyerɛkyerɛfo no frɛɛ Sherezade maame wɔ telefon so daa sɛnea asɛm no yɛ no nwonwa no adi kyerɛɛ no. Ɔkae sɛ: “Mpɛn pii na mo babea no aka n’ahonim ho asɛm akyerɛ me. Ɛnyɛ anwonwasɛm? Abofra a osua saa a ɔrekyerɛ me nea enti a n’ahonim haw no! Hwɛ, mempene nea mode rekyerɛkyerɛ no no so, nanso merema mo awerɛhyem sɛ ɛresi mo yiye. Na mepɛ sɛ muhu sɛ mewɔ obu ma mo babea no.”
Ɛbɛyɛ dɛn na abeawa a wadi mfe anan atumi anya ahonim a wɔde Bible atete no? Ne maame Marina kyerɛkyerɛ mu sɛ Sherezade ankasa wɔ ne teokrase nhomakorabea wɔ ne piam. Nneɛma a ɛwom no bi ne Ɔwɛn-Aban a n’ankasa de di dwuma a wasensan ase, ne nhoma a ɔde kɔ asɛnka, ne Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma horow a efi bere a wɔwoo no no wɔayi no adi nyinaa. Nea n’ani gye ho kɛse wɔ ne nhomakorabea hɔ ne Me Nhoma a Ɛka Bible mu Nsɛm kasɛt a otie no anadwo biara na ɔkenkan ne nhoma no di akyi no. Ɛyɛ saa Bible mu nsɛm yi na ɛboaa no ma osisii gyinae a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no.
So teokrase nhomakorabea a wɔahyehyɛ no yiye betumi aboa wo ne wo mma? Dɛn nti na nhomakorabea ho hia wɔ fie?
“Nhomakorabea Nyɛ Afɛfɛde”
Henry Ward Beecher kae sɛ: “Nhomakorabea nyɛ afɛfɛde, na mmom asetram nneɛma atitiriw no biako.” Akyinnye biara nni ho sɛ ɛkame ayɛ sɛ yɛn nyinaa wɔ “asetram nneɛma atitiriw” yi biako ɛmfa ho sɛ ebia yennim no. Dɛn nti na ɛte saa? Efisɛ sɛ yenni biribiara ka Bible no ho mpo a, yɛwɔ nhomakorabea bi.
Bible no yɛ teokrase nhomakorabea a ɛso bi nni ankasa. Wɔ afeha a ɛto so anan mu no, Jerome yɛɛ Latin asɛm Bibliotheca Divina (Ɔsoro Nhomakorabea) de kaa nhoma a wɔnam honhom so kyerɛwee a wɔaka abom no nyinaa a yɛfrɛ no Bible no ho asɛm. Yehowa de nhomakorabea kronkron yi maa yɛn na ama yɛn mmoa, nkyerɛkyerɛ, ne akwankyerɛ a mfaso wɔ so. Ɛyɛ biribi a ɛnsɛ sɛ yebu no adewa da. Bible mũ no nyinaa a yɛwɔ no nkutoo kyerɛ sɛ yɛwɔ nhomakorabea a ɛsõ koraa sen nea tete mmere mu no na Onyankopɔn asomfo wɔ no.
Bere a na nsaano nkyerɛwee a ne bo yɛ den nkutoo na ɛwɔ hɔ no, sɛ na ankorankoro bi wɔ Bible mũ no nyinaa wɔ wɔn afie mpo a, na wɔnnɔɔso. Bere a Paulo pɛe sɛ osua Kyerɛwnsɛm no wɔ n’afiasenna a etwa to mu wɔ Roma no, Timoteo na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa nhoma mmobɔwee bi mfi Asia Kumaa mmrɛ no—ebia Hebri Kyerɛwnsɛm no afã bi. (2 Timoteo 4:13) Nanso, na wɔaboaboa nhoma mmobɔwee bi ano wɔ hyia adan mu, na Yesu Kristo ne ɔsomafo Paulo nyinaa de nhomakorabea ahorow yi dii dwuma wɔ wɔn asɛnka adwuma mu. (Luka 4:15-17; Asomafo no Nnwuma 17:1-3) Anigyesɛm ne sɛ, seesei Kyerɛwnsɛm no ho nyɛ nã sɛnea na ɛte wɔ afeha a edi kan mu no.
Nhomatintim afiri a wɔayɛ adaworoma, ɛkame ayɛ sɛ ɛnnɛ Onyankopɔn asomfo nyinaa—ɛmfa ho kasa a wɔka—betumi anya Bible mũ no nyinaa aboɔmmerɛw. Yɛwɔ hokwan soronko nso sɛ yɛde nhoma afoforo bɛka saa “nhomakorabea” kronkron yi ho. Bɛboro mfe ɔha ni no, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de honhom fam aduan rema wɔ bere a ɛsɛ mu a adagyew nnim.—Mateo 24:45-47.
Nanso ɛbɛyɛ den sɛ yebetumi anya nsɛm a ɛsom bo yi so mfaso akosi ase, sɛ yɛn ankasa anhyehyɛ teokrase nhomakorabea a. Ɔkwan bɛn na yɛbɛfa so ayɛ saa? Nokwarem no, ade a ɛsɛ sɛ wudi kan yɛ ne sɛ wobɛhwehwɛ nhoma horow a ebehia wɔ nhomakorabea a ɛte saa no. Mmɔden biara a yɛbɛbɔ no fata kɛse, efisɛ ɛbɛma nsɛm ankasa a yehia na yɛatumi adi nsɛnnennen ho dwuma, abua Bible ho nsemmisa no abɛn yɛn pɛɛ.
Nhoma Horow Bɛn na Mihia?
So woasusuw ɔkwan a wobɛfa so adi nkitahodi ho asɛnnennen bi a ɛwɔ w’aware mu ho dwuma anaa sɛnea wubetumi aboa wo mma ma wɔapow nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so ho pɛn? Wobɛyɛ dɛn aboa w’adamfo bi a ɔwɔ adwenemhaw? So wubetumi akyerɛkyerɛ adanse a yɛwɔ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, ne nea enti a ɔma nsɛmmɔnedi ho kwan no mu pefee? Aboa kɔkɔɔ a Adiyisɛm 17 ka ne ho asɛm no gyina hɔ ma dɛn?
Sɛ wowɔ nhomakorabea a ɛfata a, wubetumi anya nsemmisa yi ne afoforo pii ho mmuae. Ɔwɛn Aban Asafo no atintim nhoma, nhomawa, ne nsɛmma nhoma mu nsɛm a esusuw nsɛm a egyina Kyerɛwnsɛm so a egu ahorow ho. Afei nso, saa nhoma horow yi ka abusua mu nsɛm, ɛhyɛ Onyankopɔn ne Bible mu gyidi a yɛwɔ no mu den, ɛma yenya ahokokwaw kɛse wɔ yɛn asɛnka mu, na ɛboa yɛn ma yɛte Bible nkɔmhyɛ ahorow ase.
Nhoma a Asafo ti no atintim wɔ mfe 20 a atwam no mu fã kɛse no ara bi da so wɔ hɔ. Sɛ wobaa nokware no mu nkyɛe a, ɛbɛyɛ nea mfaso wɔ so sɛ wubenya nhoma a ɛtete saa a ɛwɔ wo kasa mu no nyinaa bi. Ebia mowɔ Ɔwɛn-Aban a aba atwam no bound volume ahorow wɔ mo kasa mu. Wɔatintim nhwehwɛmu nhoma ahorow a ɛda nsow te sɛ Insight on the Scriptures ne Comprehensive Concordance nso wɔ kasa horow pii mu. Nanso, nhoma horow yi a wubenya bi no yɛ ne mfiase ara kwa.
Hyehyɛ Wo Nhomakorabea No!
Sɛ́ wunim sɛ wowɔ nhoma bi da baabi no yɛ ade biako, ɛna sɛ́ wubehu nea wuhia no nso yɛ ade foforo koraa. Sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ yɛde bere tenten hwehwɛ nhoma bi a yehia de ayɛ nhwehwɛmu a, ebia yebegyae akyidi. Nanso, sɛ yɛahyehyɛ yɛn nhoma no yiye wɔ baabi a eye ma yɛn a, ɛbɛka yɛn kɛse ma yɛn ankasa yɛayɛ nhwehwɛmu.
Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mfaso wɔ so sɛ wobɛboaboa teokrase nhoma horow no nyinaa ano wɔ faako. Yebetumi ayɛ nhoma pon a ne bo ntaa nyɛ den pii, sɛ yentumi ntɔ nea wɔayɛ dedaw a, na ɛho nhia sɛ egye kwan kɛse. Nhomakorabea no a ɛbɛbɛn yɛn no nso ho hia. Mfaso biara ntaa mma nhoma a wɔkora so wɔ dan ketewa bi mu so sɛ mfutuma na ɛbɔ ho.
Nea edi hɔ a ɛsɛ sɛ woyɛ ne sɛ wobɛhyehyɛ nhoma horow no. Bere tiaa bi a wode bɛhyehyɛ nhoma horow no wɔ ɔkwan a ɛfata so no de mfaso ba.
Na sɛ w’abusua mufo dodow no ara nyɛ Yehowa Adansefo nso ɛ? Ɛmfa ho sɛ ebia wuntumi nhyehyɛ nhomakorabea sɛnea wopɛ no, wubetumi anya nhoma pon wɔ w’ankasa wo dan mu a anyɛ yiye koraa no Kyerɛwnsɛm ho nhoma horow bi wɔ so.
Teokrase Nhomakorabea Betumi de Honhom mu Denhyɛ Aba
Bere a yɛahyehyɛ yɛn nhoma horow no awie no, yehia ɔkwan bi a ɛbɛboa yɛn ma yɛahwehwɛ nsɛm. Ebia yentumi nkae nsɛm no yiye, na ebi nso a na yennim yɛn teokrase nhomakorabea no mu nhoma no nyinaa mu nsɛm yiye. Nanso, nsɛm a ɛwɔ nhomakorabea no nyinaa wɔ hɔ ma yɛn. Sɛ yetumi kenkan Engiresi a, ɛkame ayɛ sɛ Watch Tower Publications Index no betumi aboa yɛn ma yɛahwehwɛ nsɛm pɔtee bi a ɛfa asɛm biara ho wɔ bere tiaa bi mu.
Julián, a ɔde mfe pii asom sɛ ɔkwampaefo titiriw ne ɔpanyin no kyerɛkyerɛ mu sɛ Index no boa no kɛse ma ɔkyerɛkyerɛ ne babarima kumaa koraa no ma ɔyɛ kokoam adesua. “Da bi, Jairo a wadi mfe ason no fi sukuu baa fie bebisaa me sɛ, ‘Paapa, dɛn na Asafo ti no aka wɔ dinosaur mmoa ho?’ Ntɛm ara na yɛkɔɔ Index no mu kɔhwehwɛɛ asɛmfua ‘dinosaurs.’ Ankyɛ koraa na yehuu Nyan! mu anim nsɛm bi a ɛfa asɛm no ho. [February 8, 1990, Engiresi de] Da no ara Jairo fii ase kenkanee. Onim dedaw sɛ ɛkame ayɛ sɛ yɛn teokrase nhomakorabea no kura nsɛm a mfaso wɔ so a ɛfa biribiara ho. Me fam no, migye di yiye sɛ sɛ yɛn mmofra no sua sɛnea wɔde teokrase nhomakorabea bedi dwuma yiye a, ɛboa ma wonyin honhom mu. Wosua sɛnea wosusuw nsɛm ho, na nea ɛsen saa no, wohu sɛ kokoam adesua betumi ayɛ anigye.”
Fausto, Sherezade a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no papa, gye di sɛ ɛsɛ sɛ wufi ase tete wo mma ma wɔde teokrase nhomakorabea di dwuma ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Yɛafi ase rekyerɛ Sherezade a seesei wadi mfe asia no sɛnea ɔde Index no bedi dwuma dedaw. Esiane sɛ n’ani gye asase so Paradise ho anidaso no ho nti, yɛrefi ase no, yɛkyerɛɛ no asɛmfua ‘paradise’ wɔ Index no mu, na afei yɛhwehwɛɛ Ɔwɛn-Aban nsɛm a wɔabobɔ din no mu. Mpɛn pii no yɛde mfonini ahorow kɛkɛ na ɛkyerɛɛ no. Nanso, ɔnam saa kwan yi so hui sɛ Index no ne ade a yɛde hwehwɛ nsɛm wɔ yɛn fie nhomakorabea hɔ. Yehui sɛ wate nea yɛakyerɛ no no ase bere a da bi ofi sukuu bae bebisaa Easter afahyɛ ho asɛm no. Obisaa ne maame sɛ: ‘Dɛn nti na yɛmfa Index no nhwehwɛ biribi?’”
Ɛmfa ho mfe a yɛadi no, Bible no hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛnsɔ ade nyinaa nhwɛ, na yenso nea eye no mu.’ (1 Tesalonikafo 5:21) Eyi hwehwɛ sɛ yɛbɛhwehwɛ nea Kyerɛwnsɛm no ka mu. (Asomafo no Nnwuma 17:11) Sɛ yɛwɔ teokrase nhomakorabea a yɛahyehyɛ no yiye a, nhwehwɛmu a ɛte saa betumi ayɛ anigye. Bere biara a yebetumi de yɛn nhoma no asiesie ɔkasa bi, ahwehwɛ afotu a mfaso wɔ so de adi asɛnnennen bi ho dwuma, anaasɛ yɛde bɛhwehwɛ nsɛm a ɛyɛ anigye no, ɛbɛma yɛahu mfaso kɛse a ɛwɔ yɛn nhomakorabea no so.
Sherezade awofo ka sɛ: “Nhomakorabea nyɛ afɛfɛde koraa wɔ Kristofo fie!”
[Kratafa 30 adaka]
ƆKWAN BƐN SO NA WUBETUMI AHYEHYƐ WO NHOMA NO?
Yenni ɔkwan katee biara a ɛsɛ sɛ wofa so hyehyɛ wo nhoma no. Nanso, sɛnea wɔakyekyem wɔ ha a ntease wom yi kyerɛ ɔkwan biako a wubetumi afa so ahyehyɛ wo nhoma no ma agyina emu nsɛm so.
1. Nhoma horow a wɔde Bible afã bi ho nkyerɛkyerɛmu ama wɔ nkyekyem biara ho
(Ɛho nhwɛso: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn, Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!, “The Nations Shall Know That I Am Jehovah”—How?, “Wo Pɛ Nyɛ Asase So”)
2. Nhoma horow a ɛfa abusua asetra ho
(Ɛho nhwɛso: Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye, Questions Young People Ask—Answers That Work, Me Nhoma a Ɛka Bible mu Nsɛm)
3. Bible ne nhwehwɛmu nhoma horow
(Ɛho nhwɛso: New World Translation of the Holy Scriptures—With References, Bible afoforo, Watch Tower Publications Index ahorow, Comprehensive Concordance, Insight on the Scriptures, The Kingdom Interlinear Translation of the Greek Scriptures, nsɛm asekyerɛ nhoma papa)
4. Nhoma a mprempren yɛde di dwuma wɔ Asafo Nhoma Adesua ne Teokrase Ɔsom Sukuu mu
5. Kasɛt ne video kasɛt ahorow
6. Ɔwɛn-Aban ne Nyan! bound volume ahorow
7. Yehowa Adansefo Abakɔsɛm
(Ɛho nhwɛso: Yearbook of Jehovah’s Witnesses ahorow, Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom)
8. Nhoma ne nhomawa ahorow a yɛtaa de kɔ asɛnka
(Ɛho nhwɛso: Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So, Reasoning From the Scriptures, Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation?, Mankind’s Search for God, Biako a Wɔayɛ de Resom Nokware Nyankopɔn Koro No)
[Kratafa 31 mfonini]
Sherezade abɛyɛ Bible suani pa dedaw
[Kratafa 31 mfonini]
Ɛwom sɛ abarimaa yi sua de, nanso ɔwɔ teokrase nhomakorabea
-
-
Wɔde Obi Foforo Aka Sodikuw no HoƆwɛn-Aban—1994 | November 1
-
-
Wɔde Obi Foforo Aka Sodikuw no Ho
SƐNEA ɛbɛyɛ a Yehowa Adansefo Sodikuw no mufo dodow bɛkɔ anim no, efi July 1, 1994 no, wɔde onipa foforo aka mpanyimfo 11 a wɔresom mprempren no ho. Ɔfoforo a wabɛka ho no ne Gerrit Lösch.
Onua Lösch fii bere nyinaa ɔsom adwuma ase November 1, 1961, na ɔne Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu no adesuakuw a ɛto so 41 no na ewiee adesua no. Ɔyɛɛ ɔmansin ne ɔmantam adwuma wɔ Austria fi 1963 kosi 1976. Ɔwaree wɔ 1967 mu, na akyiri yi ɔne ne yere Merete de mfe 14 somee sɛ Austria Betel abusua no mufo wɔ Vienna. Mfe anan ni na wɔde wɔn kɔɔ Asafo ti no adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York no, faako a Onua Lösch asom wɔ Mpanyimfo Dwumadibea Ahorow na waboa Ɔsom Boayikuw no. Esiane sɛ ɔwɔ Europa asasesin no mu osuahu ahorow na ɔte German, Engiresi, Romania, ne Italia kasa nti, obenya kyɛfa a ɛsom bo wɔ Sodikuw no adwuma mu.
-