Ɔpɛe Sɛ Ohu Kɛkɛ
Abeawa bi a wadi mfe 15 a ofi Mobile, Alabama, kyerɛw sɛ: “Bere a muyii Revelation—Its Grand Climax At Hand! nhoma no adi no, na minim sɛ ɛrenkyɛ biara na makenkan awie.
“Anadwo bi bere a na mintumi nna yiye no, mefaa nhoma no na mehwehwɛɛ mfonini ahorow no kɛkɛ. Wɔ nkratafa 75, 78, ne 86 no, mihuu mfonini ahorow a ɛmaa m’ani gyei. Na minnim nea ɛkyerɛ, na mepɛe sɛ mihu kɛkɛ. Na merentumi mfi ase wɔ mfinimfini efisɛ ɛba saa, biribiara bɛyɛ nea ntease nnim. Enti saa anadwo no ara mekenkanee ti a edi kan no.
Anadwo a edi hɔ no, mekankanee eti a edi hɔ na mihui sɛ mintumi mfa nhoma no nto hɔ. Enti mekɔɔ so kenkanee eti a edi hɔ no nso.
“Eyi yɛ nhoma ahorow a emu yɛ anigye kɛse a makenkan no mu biako. Mprempren mede ayɛ me su sɛ anyɛ yiye koraa no mɛkenkan eti biako anadwo biara. Ɛtɔ mmere bi a metra ase kosi anɔpa dɔnkoro a mekankan kɛkɛ!. . . Me yam a anka mmofra nyinaa bɛkenkan saa nhoma yi.”
Yɛte nka sɛ nneɛma a wubesua wɔ Revelation—Its Grand Climax At Hand! mu no bɛma wo nso w’ani agye. Saa nhoma yi a akyi yɛ den no nkratafa kɛse te sɛ nsɛmma nhoma yi de no ara. Ɛde Bible mu nhoma a ɛne Adiyisɛm no nkyekyem biara ho nkyerɛkyerɛmu ma, na ɛde n’anisoadehu ne sɛnkyerɛnne ahorow pii no mu nkyerɛkyerɛmu a emu da hɔ ma. Kra nhoma no bi nnɛ. Ne bo yɛ ¢700 pɛ.
Mesrɛ mo momfa Revelation—Its Grand Climax At Hand! nhoma a ekura nkratafa 320 no biako mmana me. Mede ¢700 ahyem de retua ka