-
Pae Mu Ka Adiyisɛm Nkrasɛm a Ɛyɛ Anigye NoAhenni Som—1994 | March
-
-
Pae Mu Ka Adiyisɛm Nkrasɛm a Ɛyɛ Anigye No
1 Adiyisɛm Awiei nhoma no aboa yɛn ma yɛate nkrasɛm a ɛyɛ anigye a wɔakyerɛw no Adiyisɛm nhoma mu no ase. Boa afoforo ma wonhu sɛnea saa nkrasɛm no ka wɔn denam nhoma yi a wode bɛma wɔ asɛnka mu wɔ March mu no so. Sɛ woresiesie asɛm a wobɛka no a, nyansahyɛ ahorow a edidi so yi betumi aboa wo.
2 Bere a woakyia awiei no, wubetumi aka biribi te sɛ eyi:
◼ “So woate Adiyisɛm apɔnkɔsotefo baanan no ho asɛm pɛn? [Twɛn ma ommua.] Wɔde nea saa apɔnkɔsotefo yi gyina hɔ ma ho nkyerɛkyerɛmu a egu ahorow ama. Nanso so na wunim sɛ sɛnkyerɛnne kwan so a wɔtra apɔnkɔ so no yɛ Bible nkɔmhyɛ nsɛm ahorow no fã ankasa, na ɛfa yɛn nyinaa ho ɔkwan bi so? [Twɛn ma ommua.] W’ani begye ho sɛ wobɛte nkɔmhyɛ yi ne nea ne mmamu kyerɛ ma yɛn no ase?” Wubetumi de Adiyisɛm Awiei nhoma no ti 16 hɔ mfonini ahorow no akyerɛ no na woaka kyerɛw nsɛm a ɛwowɔ nkyerɛwde akɛse mu no bi ho asɛm ma ɛne no ahyia. Anaasɛ wubetumi de So Wiase Yi Bɛkɔ So Atra Hɔ? kratawa no adi dwuma aka anisoadehu no fã bi ho asɛm. Fi anigye mu fa nhoma no ma no, anaa yɛ nhyehyɛe san kɔ hɔ ne no nkɔbɔ anisoadehu no ho nkɔmmɔ pii.
3 Anaasɛ ebia wobɛpɛ sɛ wofa ɔkwan a ɛte sɛ eyi so:
◼ “So woate asɛmfua ‘Harmagedon’ da?” [Twɛn ma ommua.] Nnipa pii susuw sɛ ɛyɛ nukla akodi a ɛyɛ hu bi a ɛbɛba wɔ yɛn mmere yi mu. Nokwarem no, Harmegedon kyerɛ biribi foforo koraa. Sɛnea Bible ka no, ɛbɛkyerɛ nsakrae akɛse a ɛbɛyɛ tebea no yiye, ma wiase a asomdwoe wom daa aba.” Sɛ ɔkɔ so kyerɛ ho anigye a, wubetumi aka kyerɛwsɛm bi te sɛ Adiyisɛm 16:16 anaa Dwom 37:10, 11 ho asɛm, na afei woadan adwene akɔ Adiyisɛm Awiei nhoma no ti 39 so. Bere a woakanyan n’anigye sɛɛ no, afei wubetumi de nhoma no ama no. Sɛ ɛnte saa a, wubetumi ne no asusuw nsɛm a ɛfata ho wɔ So Wiase Yi Bɛkɔ So Atra Hɔ? kratawa no mu.
4 Wubetumi afa nyansahyɛ yi so akanyan anigye:
◼ “Wɔ baabi a yɛadu wɔ afe yi mu no, nnipa pii resusuw Yesu Kristo wu ne ne wusɔre ho wɔ wiase nyinaa. So woasusuw nea ɔreyɛ fi bere a onyanee no ho pɛn? Nsɛm a ɛyɛ anigye a esisi wɔ yɛn bere yi mu pii fa Onyankopɔn atirimpɔw ho dwuma a Yesu redi mprempren ho. Wɔka emu bi ho asɛm wɔ Adiyisɛm nhoma no mu. So wobɛpɛ sɛ wusua pii fa Onyankopɔn atirimpɔw a enti ɔsomaa ne Ba no baa asase so ne nea ɛno kyerɛ ma wo ne w’adɔfo ho?” Wubetumi atwe adwene asi Adiyisɛm Awiei nhoma no ti 41 nkyekyem 1 ne 2 so anaa woasi Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a aba nnansa yi mu nsɛm a ɛfata so dua. Anaasɛ wubetumi de Asetra wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu kratawa no akanyan n’anigye kɛse.
5 Kae to nsa frɛ obiara a ɔbɛkyerɛ anigye sɛ ɔmmra Nkaedi no. Ɛdenam Yehowa nhyira so no, wubetumi aboa obi ma ‘watie adiyi yi mu nsɛm no, na ɔde nea wɔakyerɛw wɔ mu no adi dwuma.’—Adi. 1:3.
-
-
Boa Wɔn ma Wɔnyɛ Nkrasɛm no ho BiribiAhenni Som—1994 | March
-
-
Boa Wɔn ma Wɔnyɛ Nkrasɛm no ho Biribi
1 Yɛn asɛnka adwuma no ma nkurɔfo nya hokwan ‘tie Adiyisɛm nkɔmhyɛ no mu nsɛm.’ (Adi. 1:3) Nanso sɛ wobetumi anya nkwa wɔ “ahohiahia kɛse no” mu a, ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma nso. (Adi. 7:14) Ɛfa nnipa nkwa ho! Enti hwɛ hu sɛ woasan akɔsra wɔn a wɔkyerɛɛ anigye wɔ nsɛm a wode dii dwuma ɔsram yi mu biako ho no.
2 Sɛ wugyaw “Adiyisɛm Awiei” nhoma no a, wubetumi aka sɛ:
◼ “Ɛyɛ me anigye sɛ mahu wo bio. Nnano a yehyiae no, yɛkaa Adiyisɛm nhoma no nkɔmhyɛ ahorow no biako ho asɛm, na migyaw wo nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ mu. Ebia wohyɛɛ no nsow sɛ Adiyisɛm nhoma no mu dɔ de, nanso yɛnam nsɛm a ɛresisi nnansa yi a yɛde bɛtoto Bible mu nokware atitiriw ho so betumi ate ase. Mɛpɛ sɛ mede bere tiaa bi ka nsɛm kakraa bi a Bible no ka fa yɛn mmere yi ho ho asɛm.” Afei dan kɔ nhoma a ɛfata a wubetumi de afi ofie Bible adesua ase so.
3 Sɛ wugyaw “So Wiase Yi Bɛkɔ So Atra Hɔ” kratawa no bi wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu a, wubetumi aka biribi te sɛ eyi:
◼ “Ɛyɛ me anigye sɛ mabɛto wo wɔ fie nnɛ. Bere a mebɛsraa wo nnansa yi no, yɛkaa nsɛm a ebesisi a ɛbom yɛ sɛnkyerɛnne a ɛbɛba bere a aka kakraa bi ma wiase no akɔ n’awiei no ho asɛm. [Tĩ sɛnkyerɛnne a ɛwɔ Mateo 24:3-14 no afã a ɛfata mu.] So woahu asɛm bi a asi wɔ wiase anaa yɛn mpɔtam ha nnansa yi a wususuw sɛ ɛyɛ saa sɛnkyerɛnne no fã bi mmamu?” Fa mfonini ahorow a ɛwɔ Adiyisɛm Awiei nhoma no ti 16 no di dwuma ka Bible nkɔmhyɛ ahorow yi mmamu binom ho asɛm. Sɛ worefi hɔ akɔ a, ka baguam ɔkasa a wɔbɛma no saa dapɛn no asɛmti, na to nsa frɛ no sɛ ɔmmɛka wo ho wɔ Ahenni Asa no so.
4 Sɛ wotoo nsa frɛɛ ofiewura no sɛ ɔmmra Nkaedi no a, ka eyi:
◼ “Nnano a mebɛsraa wo no, yɛkaa sɛnea Yesu wu no som bo ma adesamma no ho asɛm. Afei nso metoo nsa frɛɛ wo sɛ bra ne wu Nkaedi a Kristofo a wɔwɔ wiase nyinaa bɛyɛ no March 26 no bi. Ɛnnɛ mereba abɛkae wo sɛ yɛto nsa frɛ wo sɛ bra saa adeyɛ a ɛho hia no. [Ka bere ne beae a wɔbɛhyɛ fã no kyerɛ no.] Sɛ yesusuw nhyira horow a yenya no mprempren esiane nea Yesu yɛ maa adesamma no nti, ne afei nhyira a ɛbɛba daakye no ho a, ebetumi aboa wo ma woanya bo a saa adeyɛ no som ho anisɔ.” Afei bɔ mmɔden ne no nsusuw nsɛmma nhoma a aba nnansa yi anaa Adiyisɛm Awiei nhoma no ti 41 mu nsɛm a ɛfata ho. Wubetumi nso aka nkratafa 294, 299, ne 308 hɔ mfonini ahorow no ho asɛm. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yɛ nhyehyɛe fa boa onigyeni no ma ɔmmra Nkaedi no.
5 Sɛ asɛm no nkutoo na onii no gyee no fɛw so a, eyi betumi atu mpɔn:
◼ “M’ani gyee Bible mu nkɔmmɔ a yɛbɔɔ no nnano no ho paa. Nea enti a masan aba ha ne sɛ, mepɛ sɛ wunya nea Onyankopɔn de ahyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wosua ne ho nsɛm pii bɔ no bi.” Kenkan Yohane 17:3, na afei dan adwene kɔ Asetra wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu kratawa no so.
6 Ɛmmra sɛ nkwa a wopɛ ne agyede no ho anisɔ a wowɔ bɛka wo ma woasan akɔsra anigyefo. Boa wɔn ma wɔnyɛ Adiyisɛm nkrasɛm a ɛyɛ anigye no ho biribi. Kae sɛ “ɛbere [a wɔahyɛ] no abɛn”!—Adi. 1:3.
-