Da Yehowa Mu Ahotoso Adi—Denam Nneɛma A Wusua A Wode Bedi Dwuma No So
“Nya Yehowa mu ahotoso na yɛ papa; tra asase so, na di nokware.”—Dwom 37:3, NEW WORLD TRANSLATION.
1, 2. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ efi kokoam adesua mu ba? (b) Mfatoho bɛn na Yakobo de ma, na so ɔhwɛ a ɔkaa ho asɛm no yɛ biribi a wɔhwɛ ara kwa?
ƐNYƐ anigye a obi ankasa benya ara kwa nti na ɛsɛ sɛ osua Onyankopon Asɛm. Ɛsɛ sɛ ne sua yɛ ɔkwan a ɔbɛfa so anya Yehowa mu ahotoso. (Mmebusɛm 3:1-5) Odwontofo no nsɛm a ɛwɔ atifi hɔ no kyerɛ sɛ Onyankopɔn mu ahotoso nso da adi wɔ obi mu denam ‘papa a ɔyɛ’ no so.
2 Yakobo de nkuranhyɛ mae sɛ: “Na monyɛ asɛm no yɛfo, na monnyɛ atiefo nko nnsisi mo ho. Na sɛ obi yɛ asɛm no tiefo na ɔnyɛ ɔyɛfo a, ɔte sɛ onipa a ɔhwɛ n’anim suban ahwehwɛ mu; na ɔhwɛ ne ho na ɔkɔ, na ntɛm ara na ne werɛ afi su ko a okurae.” (Yakobo 1:22-24) Enti ɛnsɛ sɛ ne ho a ɔhwɛ yi yɛ nea ne werɛ befi ara kwa. Hela asɛmfua ma “ɔhwɛ” a wɔde dii dwuma wɔ ha no “kyerɛ ade a adwene no yɛ na ama ate nokwasɛm ahorow bi a ɛfa biribi ho ase” titiriw.—An Expository Dictionary of New Testament Words, a W. E. Vine yɛe; fa toto Asomafo no Nnwuma 7:31, Kingdom Interlinear ho.
3. Ɔkwan bɛn so na obi a ɔhwɛ ahwehwɛ mu no werɛ bɛtumi afi “su ko a okurae” no ntɛm ara?
3 Ɛnde, yɛ ɔbarima bi a ɔhwɛ ne ho wɔ ahwehwɛ mu a ebia ohu sɛ ne mfonini no kyerɛ sɛnea ɔte ankasa ho mfonini wɔ w’adwene mu. Ebia obehu sɛ ne menewa ase ayɛ kɛse a adidi ne asanom ntraso na ama aba saa, n’ani ase ayeyɛ nkotoku esiane nna a ontumi nna, na ne momaso apompono esiane dadwen a ɔwɔ bere nyinaa nti. Bere a ohu no ho no, ɔbɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ nsakrae a bere a ɛsɛ sɛ ɔyɛ no atwam wɔ ne su ne n’asetra mu no. Afei “ɔkɔ.” Ɛnyɛ sɛ ‘ntɛm ara ne werɛ fi’ sɛnea ɔte no yiye bere a onhu ne mfonini bio no, na mmom “su ko a okurae” no na ne werɛ fi. Ne werɛ fi ne tirim a wabɔ sɛ ɔbɛyɛ nsakrae no.
4. Ɔkwan bɛn so na Yakobo mfatoho no fa Kyerɛwnsɛm no a yesua no ho?
4 Saa ara nso na ebia woyɛ Bible suani mmɔdenbɔfo. Nanso wudi nea wuhu wɔ ahwehwɛ a ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm no mu ho dwuma dɛn? Sɛ wuhu honhom mu sintɔ ne nkekae ahorow wom a, so eyi haw wo bere tiaa bi pɛ, anaasɛ wobɔ wo tirim pintinn sɛ wubesiesie sintɔ ahorow no? Yakobo de kaa ho sɛ: “Na nea ɔkotow hwɛɛ adehyedi mmara a ɛyɛ pɛ no mu, na ɔtraa mu, na ɔnyɛ otiefo werɛfirifo, na mmom ɔyɛ adwuma no yɛfo no, onii no na wobehyira no n’adeyɛ no mu.” (Yakobo 1:25) Odwontofo no bɔɔ mpae sɛ: “[Yehowa], kyerɛ me w’ahyɛde kwan, na mafa so makosi ase.”—Dwom 119:33.
Nea Yɛn Nneyɛe Ka Fa Yɛn Ho
5. (a) Dɛn na yɛn nneyɛe ka fa yɛn ho? (b) Dɛn na ɛtwɛn “amumɔyɛfo”?
5 Nokwarem no, nea yɛyɛ anaasɛ yesuasua no kyerɛ nea ɛwɔ yɛn mu. Wɔ bere tiaa bi mu no, obi nam papa anaasɛ bɔne a ɔyɛ no so ma ‘ne mu a ahintaw’ no da adi. (Dwom 51:6) Salomo kae sɛ: “Abofra po, wɔde ne nneyɛe na ehu no, sɛ n’adeyɛ bɛyɛ yiye na ɛteɛ.” (Mmebusɛm 20:11) Na eyi te saa wɔ Yakob ne Esau fam bere a na wɔyɛ mmofra no. Bere a bere twaam no, Esau nneyɛe maa honhom mu nneɛma ho anisɔ a onni no daa adi. (Genesis 25:27-34; Hebrifo 12:16) Eyi te saa wɔ nnipa mpempem pii a na wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ Yehowa mu ahotoso nanso wɔdaa wɔn ho adi sɛ wɔyɛ wɔn a Bible no frɛ wɔn “amumɔyɛfo” no fam nso. (Hiob 34:8) Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Abɔnefo fifi sɛ fan, na amumɔyɛfo nyinaa si so sɛ nhwiren a, ɛne sɛ wɔbɛsɛe wɔn korakora.”—Dwom 92:7.
6. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛma ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no da adi nnɛ?
6 Abɔnefo redɔɔso na ɛrenkyɛ wɔbɛsɛe wɔn; Onyankopɔn rennya amumɔyɛfo ho koma daa. (Mmebusɛm 10:29) Enti ɛho hia sɛ yɛma ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no da adi denam nea yesua a yɛde di dwuma no so. Petro de afotu ma sɛ: “Mommɔ ɔbra pa amanaman mu.” (1 Petro 2:12) Ɛnde mmeae ahorow bɛn na yebetumi anya nkɔso?
Sɛnea Yɛne Afoforo Di
7. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ sɛnea yɛne “wɔn a wɔwɔ akyi” no di no ho?
7 Biako betumi ayɛ sɛnea yɛne afoforo di. Mmebusɛm 13:20 de kɔkɔbɔ ma sɛ: “Nea ɔne nkwasea bɔ no hu amane.” Esiane sɛ ebinom mfa afotu a efi honhom mu yi nni dwuma nti, wɔne wiasefo a wɔwɔ wɔn adwuma mu ne sukuu mu bɔ fekuw ma ɛtra so. Ɛdenam saayɛ so no, onuabarima bi a waware ne ɔbea bi a ɔne no yɛ adwuma no buu ɔbra bɔne. Ɔde ne ho bɔɔ ne mfɛfo adwumayɛfo ho ma wɔkɔɔ asanombea na na ɛma ɔbow nsa nso. Ɛda adi sɛ ɛho hia sɛ ‘yɛnantew nyansam wɔn a wɔwɔ akyiri no fam.’—Kolosefo 4:5.
8. Ɔkwan bɛn so na ebinom betumi ama sɛnea wɔne wɔn mfɛfo Kristofo di no anya nkɔso?
8 Na sɛnea yɛne yɛn mfɛfo Kristofo di no nso ɛ? Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ wode onua bi ka. So wobɛtwentwɛn wo nan ase sɛ wubetua no ka a woanya adwene sɛ esiane sɛ onua no di yiye nti wuhia sika no sen no? Dwom 37:21 ka sɛ: “Ɔbɔnefo fɛm, na ontua.” Anaa, sɛ woyɛ adwumawura a, so wode nnyinasosɛm a ɛne “Odwumayɛni akatua sɛ no” no di dwuma bere a ɛsɛ sɛ wutua w’adwumayɛfo a wɔyɛ Adansefo no ka no? (1 Timoteo 5:18) Paulo tumi kae wɔ sɛnea ɔne afoforo dii no ho sɛ: “Onyankopɔn dom mu na yɛfa bɔɔ yɛn bra ewiase, ne titiriw no mo mu.”—2 Korintofo 1:12.
Ntade a Ɛsɛ ne Ahosiesie
9. Nneɛma a ɛkɔ so wɔ ntadehyɛ ne ahosiesie mu bɛn na mpanyimfo binom ahu?
9 Ɔhwɛfo kwantufo bi a ɔwɔ Germany no kaa Kristofo binom a wɔwɔ hɔ no ho asɛm sɛ wɔyɛ “tennis mpaboa awo ntoatoaso,” efisɛ wonsiesie wɔn ho yiye wɔ nhyiam horow ase. Baa dwumadibea no de kaa ho sɛ wɔn a wɔba nhyiam no mu binom “yɛ wɔn ho basaa,” ɛwom sɛ “yɛn nuanom no mu fã kɛse no ara siesie wɔn ho sɛnea ɛsɛ de.” Ɔman foforo nso bɔ amanneɛ nso saa ara sɛ “ahotew yɛ ɔhaw wɔ ha . . . Anuanom binom nhyɛ ntade a ani tew. Wɔnserɛn wɔn ti na emu wɔ fi bere a wɔkɔ adesua anaasɛ asɛnka no.” Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ Yehowa nkoa ho bɛtew wɔ biribiara mu!—2 Korintofo 7:1.
10. (a) Nnyinasosɛm bɛn na ɛsɛ sɛ ɛkyerɛ ntade ne ahosiesie a yɛpaw no kwan? (b) Bere bɛn na afotu ho behia, na ɛsɛ sɛ yetie no dɛn?
10 Ɛho hia sɛ “yesiesie yɛn ho sɛnea ɛsɛ, wɔ ahotew ne anidahɔ mu,” titiriw bere a yɛde yɛn ho hyɛ honhom fam dwumadi mu no. (1 Timoteo 2:9, New International Version) Ɛnyɛ asɛm no ne sɛ ebia sɛnea wɔpam atade bi no yɛ nea aba so kɛse na mmom sɛ ebia ɛfata ma obi a ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn somfo anaa. (Romafo 12:2; 2 Korintofo 6:3) Ahosiesie a ɛmfata anaasɛ ntade a ɛkyekyere obi papee no betumi apam afoforo afi yɛn asɛm no ho. Ɛda adi pefee sɛ ntade a ɛhyɛ da ma mmarima dan yɛ te sɛ mmea na mmea dan yɛ te sɛ mmarima no nye. (Fa toto Deuteronomium 22:5 ho.) Nokwarem no, amammerɛ gu ahorow, esiane sɛnea wim tebea, adwuma mu ahiade ahorow, ne nea ɛkeka ho te nti, Kristofo asafo no nhyɛ mmara kyenkyenee mma anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa no. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ mpanyimfo hyɛ nguankuw no sɛ wɔnyɛ nea wɔn mpanyimfo no pɛ. Nanso sɛ Ahenni dawurubɔfo bi ahosiesie haw asafo no anaasɛ ɛpam afoforo fi ɔsom adwuma no ho a, afotu a efi ayamye mu a wɔde bɛma fata. So wode ahobrɛase betie afotu a ɛte saa no na woada ahotoso a wowɔ wɔ Yehowa mu no adi?—Hebrifo 12:7.
Onyankopɔn mu Ahotoso a Wobenya sɛ Ɔde Nea Wɔn a Wɔhwehwɛ Ahenni no Hia Bɛma Wɔn
11. Ɔkwan bɛn so na ebinom abɛyɛ wɔn a wodi honam fam nneɛma akyi, na dɛn nti na nyansa nni eyi mu?
11 “Monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.” (Mateo 6:33) Hwɛ awerɛhow ara a ɛyɛ bere a ebinom ntie saa nsɛm no! Esiane sɛ wɔagye ahobammɔ a sika ma wonya ho anansesɛm no atom nti, wɔde ahopere di ahonyade, nhomasua, ne wiase nnwuma akyi na “wɔde wɔn adedodow hoahoa wɔn ho.” (Dwom 49:6) Salomo bɔ kɔkɔ sɛ: “Mmiri wo mogya ani mpɛ ahonyade. . . . So wobɛma w’ani adi nea enni hɔ akyi? Na ahonyade fuw ntaban tu sɛ ɔkɔre a otu kɔ ɔsoro.”—Mmebusɛm 23:4, 5.
12. Ɔkwan bɛn so na wɔn a wodi ahonyade akyi no ‘de yaw pii wowɔ wɔn ho’?
12 Ɔsomafo Paulo bɔ kɔkɔ bio sɛ: “Na bɔne nyinaa ntini ne sikapɛ a ebinom dii akyiri yeraa gyidi kwan na wɔde yaw pii wowɔɔ wɔn ho.” (1 Timoteo 6:10) Wɔ nsɛm a wobisabisaa Ɔbenfo Douglas Labier wɔ U.S. News & World Report mu no, ɔkae sɛ mmerante ne mmabaa pii a wodi ahonyade akyi no “bɔ akomatɔyam a wonni, dadwen, adwenem basaayɛ, anidaso a wonni, adwenemhaw, ne honam fam nyarewa pii nso—tipae, yaw nka a wɔte wɔ wɔn akyi, yafunu yare, tumi a wontumi nna, ne didi a wontumi nnidi ho amanneɛ.”
13. Dɛn nti na ɛyɛ papa sɛ yɛn ani bɛsɔ “nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho” a yɛwɔ no?
13 Wɔn a wɔwɔ Yehowa mu ahotoso sɛ ɔde nea ehia wɔn bɛma wɔn no kwati ɛyaw ne dadwen pii. Ɛwom, wɔn ani a wɔbɛma asɔ “nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho” kɛkɛ no betumi akyerɛ asetra a ɛba fam kɛse. (1 Timoteo 6:8) Nanso “adedodow nye mma hwee abufuw da” no. (Mmebusɛm 11:4) Afei nso, sɛ yɛma ɔsom a yɛde ma Yehowa no nya nkɔanim a, ɛma yɛfata ma “Yehowa nhyira” a “ɛno na ɛyɛ ɔdefo, na ɔmfa yaw biara nka ho” no.—Mmebusɛm 10:22, New World Translation.
‘Hwehwɛ Asomdwoe na di Akyiri’
14, 15. (a) Nsɛm ahorow bɛn na ɛtɔ bere bi a ɛhaw asafo ahorow no asomdwoe? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi adi asomdwoe akyi bere a yɛn adwene nhyia wɔ nneɛma ho no?
14 Ɔkwan foforo a yɛnam so da ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa mu adi no ne sɛ ‘yɛbɛhwehwɛ asomdwoe na yɛadi akyi’ wɔ yɛn mfɛfo gyidifo mu. (1 Petro 3:10-12) Nanso ɛtɔ bere bi a, wɔma kwan ma nsɛm nketenkete dan ntawntawdi a emu yɛ den wɔ anuanom ntam: sɛnea ɛsɛ sɛ wosiesie Ahenni Asa bi so, asafo nsasesin mu nsakrae, Nhoma Adesua, nsɛmma nhoma ne nhoma ahorow ho dwumadi. Anaa, wɔ nsɛm ahorow bi mu no, sɛ anka anuanom begyina ntease a ɛwɔ Mateo 18:15-17 so asiesie wɔn ntam ɔhaw anaasɛ adwuma ho nsɛnnennen no, wɔne wɔn ho wɔn ho nkasa anaasɛ wɔde wɔn akasakasa no ahaw asafo no.
15 Yakobo ka sɛ: “Wogu trenee aba asomdwoe mu ma wɔn a wɔyɛ asomdwoe ade.” (Yakobo 3:18) Enti sɛnea ɛbɛyɛ a asomdwoe bɛtra hɔ nti, nya ɔpɛ sɛ wubegye nea afoforo pɛ anaasɛ wɔn adwenkyerɛ atom, fa hokwan ahorow a wowɔ bɔ afɔre mpo. (Fa toto Genesis 13:5-12 ho.) Sɛ nhwɛso no, sɛ asafo ahorow abien kɔ adesua wɔ Ahenni Asa bi so a, ɛnsɛ sɛ biako ka sɛ asa no yɛ ne “de” na ɔwɔ tumi sɛ ɔkyerɛ asafo foforo no bere a wɔde bɛyɛ nhyiam ne sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ nneɛma afoforo. Ɛsɛ sɛ obu ne biakoyɛ tra wɔn ntam.
16. Mfaso bɛn na ɛwɔ teokrase nhyehyɛe a yebegye atom wɔ fie ne asafo no mu no so?
16 Yebetumi akwati akasakasa pii sɛ yegye teokrase nhyehyɛe tom na yɛkɔ so tra yɛn afã a ɛfata no a. (1 Korintofo 11:3; Efesofo 5:22-27) Sɛ ɔyerenom yɛ nea wɔn kununom pɛ, mmofra di wɔn awofo ahyɛde horow so, asafo mu asomfo gye akwankyerɛ fi mpanyimfo no hɔ a, wɔn nneyɛe ma “[asafo] no nyin na ɛyɛn ne ho ɔdɔ mu.” (Efesofo 4:16) Yegye tom sɛ ɛtɔ bere bi a, okununom, awofo ne mpanyimfo tɔ sin. (Romafo 3:23) Nanso so atuatew, anwiinwii, anaasɛ akwankyerɛ ahorow a wɔde adwempa ama a wɔsɔre tia no bɛma tebea no ayɛ yiye? Hwɛ papa ara a ɛyɛ sɛ yɛbɛtra yɛn afã a Onyankopɔn de ama yɛn na yɛahwehwɛ asomdwoe!
Yere a Yɛbɛyere Yɛn Ho wɔ Asɛnka Mu
17. Anoyi bɛn na ebinom de ma wɔ asɛnka adwuma no mu kyɛfa kakraa bi a wonya no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ wonni nnɛ nhyɛso ahorow no ho dwuma?
17 Nanso wɔ nnipa pii fam no, adwuma a ɛyɛ den sen biara no ne sɛ wobedi Kristofo ahyɛde a ese yɛnka asɛmpa no ho dwuma. (Mateo 24:14; 28:19, 20) Ebinom nnya asɛnka mu kyɛfa kɛse, na ebia wogye akyinnye sɛ sika a wobenya ahwɛ wɔn ho ne abusua a wɔbɛtete wɔn ho nhyɛso ma ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛyɛ pii. Yegye tom sɛ “nna a edi akyiri” no mu nhyɛso no mu yɛ den. (2 Timoteo 3:1) Nanso Yesu de kɔkɔbɔ mae wɔ ‘nkwa yi mu nneɛma ho dadwen a yɛbɛma ahyɛ yɛn so’ no ho. Bere a tebea no sɛe no, ɛsɛ sɛ Kristofo ‘ma wɔn ti so.’ (Luka 21:28, 34) Ɔkwan a eye sen biara a yɛbɛfa so ‘agyina hɔ pintinn’ de asɔre atia Satan ntua ahorow no mu biako ne sɛ yɛde ‘asomdwoe asɛmpa no ho ahodaso bɛhyehyɛ yɛn anan’—yebenya asɛmpaka no mu kyɛfa daa!—Efesofo 6:14, 15.
18. Dɛn nti na ebia ebinom nnya asɛnka adwuma no mu kyɛfa kɛse no?
18 Wɔ Paulo bere so no, na Kristofo pii (anyɛ yiye koraa no ebinom a na wɔwɔ asafo ahorow no mu no) ‘rehwehwɛ wɔn ankasa de, na ɛnyɛ nea ɛyɛ Kristo de.’ (Filipifo 2:21) So eyi betumi ayɛ nokware wɔ ebinom a wɔwɔ yɛn mu nnɛ no fam? Ebia wommu Ahenni no a wɔbɛhwehwɛ no te sɛ nea ɔbarima bi a ohuu “ahene biako a ne bo yɛ den” a ɔde biribiara bɔɔ afɔre wɔ ho no yɛe no. (Mateo 13:45, 46) Esiane sɛ wɔma ahopɛ ho kwan nti, wɔfa ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw sen biara so na wɔde ɔsom kakraa bi pɛ na ɛma. Nanso kae, ɔdɔ ma Yehowa ne mfɛfo nnipa kanyan nokware Kristofo ma wɔka asɛm, sɛ wɔ awosu mu no yɛmpɛ sɛ yɛne ahɔho befi ase akasa mpo a.
19. Dɛn nti na Yehowa ani nnye mmɔdenbɔ a ɛyɛ boturobodwo no ho, na ɔkwan bɛn so na yebetumi ahwehwɛ ɔsom a yɛn ankasa de ma no no mu?
19 Sɛ yɛnte nka sɛ yɛbɛka asɛm a, ɛnde na ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne ne mu ahotoso a yɛwɔ no yɛ biribi a ɛwɔ yɛn adwenem ara kwa. Dawid tuu Salomo fo sɛ: “Hu w’agya Onyankopɔn no, na fa wo koma mũ ne wo kra anisɔ som no, na [Yehowa] pɛɛpɛe koma nyinaa mu na ohu adwene nyinaa mu.” (1 Beresosɛm 28:9) Yɛrentumi mfa mmɔdenbɔ a ɛyɛ boturobodwo nnaadaa Yehowa. Asɛnka mu kyɛfa a yenya daa mpo rentumi nsɔ n’ani sɛ yɛde nea yebetumi ayɛ sɛ anka ‘yɛyere yɛn ho denneennen’ no mu kakraa bi na ɛma a. (Luka 13:24) Enti ɛsɛ sɛ Kristoni biara de nokwaredi hwehwɛ kyɛfa a onya wɔ asɛnka adwuma no mu no mu na obisa ne ho sɛ: ‘So mereyɛ nea metumi nyinaa ankasa?’ Ebia ɛho hia sɛ yɛyɛ nsakrae wɔ nneɛma a ɛho hia yɛn titiriw no mu.
Afoforo Nhwɛso Kanyan Wɔn Ma Wɔyɛ “Papa”
20. Dɛn nti na ɛfata sɛ yɛhwehwɛ nhwɛso pa a yɛn mfɛfo Kristofo yɛ no mu?
20 Yɛmfa ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn no ‘ntoto obi de ho.’ (Galatifo 6:4) Nanso, mpɛn pii no afoforo nhwɛso betumi akanyan yɛn ma yɛayɛ pii. Ɔsomafo Paulo ankasa kae sɛ: “Monhwɛ me nsua me, sɛnea me nso mɛhwɛ Kristo misua no no.” (1 Korintofo 11:1) Susuw bere dodow a yɛn nuanom de yɛ asɛnka adwuma ɔsram biara no ho. Wɔ United States no, sɛ wɔkyekyem a nnɔnhwerew dodow a adawurubɔfo nya no kɔɔ anim fii nnɔnhwerew 8.3 wɔ 1979 mu beduu nnɔnhwerew 9.7 wɔ 1987 mu! Yɛn nuanom rema bere a wɔde yɛ asɛnka adwuma no akɔ anim. So ɛte saa wɔ wo fam?
21. Dɛn na akanyan nnipa pii ma wɔde wɔn ho ahyɛ akwampae adwuma no mu no? Fa mfatoho ma.
21 Esiane sɛ afoforo nnamyɛ ho nhwɛso akanyan wɔn nti, nnipa pii de wɔn ho rehyɛ daa akwampae adwuma no mu. Wɔ California (U.S.A) no, onuawa kumaa bi a wɔfrɛ no Angela nyaa adwuma kɛse bi a kɔlege biara a n’ankasa bɛpaw sɛ ɔbɛkɔ a wɔbɛhwɛ no kwa a ɔrentua sika biara ka ho. Nanso Angela paw bere nyinaa som adwuma no mmom. Dɛn ntia? “Ɛdenam akwampaefo pii a mene wɔn bɔ no so no, mitumi hu sɛ ɛnyɛ sɛ wɔn ankasa wɔ anigye ne akomatɔyam a emu dɔ nko na mmom ebi wɔ wɔne Yehowa ntam abusuabɔ mu nso. Mepɛ sɛ minya anigye ne akomatɔyam a emu dɔ yi bi.”
22. Mfaso bɛn na ɛwɔ nneɛma a yesua a yɛde di dwuma no so?
22 So wopɛ “anigye ne akomatɔyam a emu dɔ”? Ɛnde “nya Yehowa mu ahotoso na yɛ papa”! Ma nea wunim no nkanyan wo na yɛ nea wubetumi nyinaa wɔ Yehowa som mu. Nneɛma a woasua a wode bedi dwuma no bɛma nnipa nyinaa ahu wo honhom mu nkɔso no na afoforo benya mu mfaso wɔ ɔkwan a ɛma nkwa so. (1 Timoteo 4:15, 16) Enti, ɛmmra sɛ yɛn nyinaa betie Paulo nsɛm a ɛwɔ Filipifo 4:9 no: “Nea moasua nso na moagye na moate na moahu wɔ me ho no, ɛno ara na monyɛ! Na asomdwoe Nyankopɔn bedi mo akyi.”
Nsɛntitiriw ma Ntimũ
◻ Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ ahwehwɛ a ɛne Onyankopɔn Asɛm no mu a yɛhwɛ no ho?
◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi ama sɛnea yɛne afoforo di no anya nkɔso?
◻ Dɛn nti na nyansa nnim sɛ yebedi honam fam nneɛma akyi?
◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahwehwɛ asomdwoe wɔ asafo no mu?
◻ Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn na ama yɛanya asɛnka adwuma no mu kyɛfa akosi ase?
[Mfonini wɔ kratafa 16]
Ɛnnɔɔso sɛ yebehu honhom mu sintɔ ne nkekae ahorow. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ ade de siesie
[Mfonini wɔ kratafa 18]
Wɔn a wodi ahonyade akyi no de”yaw pii” ba wɔn ho so