-
Adansefo Baanu no a Wonyan WɔnAdiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
bɔ sɛ obekura ne nguan no mu no nyinaa akyi no, wɔahyɛ asɔfo no ma wɔahu sɛ Yohane kuw no Nyankopɔn no ho yɛ den sen wɔn nyame no. Akyiri yi mfe mu no, wobehu eyi pefee koraa, bere a wɔn nguankuw no mu pii twe wɔn ho na wɔka nsɛm a nkurɔfo kae bere a Elia dii Baal nyamesomfo no so nkonim wɔ Bepɔw Karmel so no: “Yehowa ne nokware Nyankopɔn no! Yehowa ne nokware Nyankopɔn no!”—1 Ahene 18:39, NW.
29. Dɛn na Yohane se ɛreba ntɛm, na ɔwosow foforo bɛn na ɛwɔ hɔ ma Kristoman?
29 Nanso tie! Yohane ka kyerɛ yɛn sɛ: “Due a ɛto so abien no atwam. Hwɛ due a ɛto so abiɛsa reba ntɛm.” (Adiyisɛm 11:14) Sɛ nea aba dedaw no awosow Kristoman a, dɛn na wɔbɛyɛ bere a wɔbɔ due a ɛto so abiɛsa no ho amanneɛ, na ɔbɔfo a ɔto so ason no hyɛn ne torobɛnto, na awiei koraa no wowie Onyankopɔn ahintasɛm kronkron no?—Adiyisɛm 10:7.
-
-
Onyankopɔn Ahintasɛm Kronkron—N’awiei a Anuonyam Wom!Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
Ti 26
Onyankopɔn Ahintasɛm Kronkron—N’awiei a Anuonyam Wom!
1. (a) Ɔkwan bɛn so na Yohane bɔ yɛn amanneɛ sɛ wɔde ahintasɛm kronkron no aba awiei? (b) Dɛn nti na abɔfo dɔm no kasa denneennen?
SO WOKAE asɛm a ɔbɔfo hoɔdenfo no de ntam kae a wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Adiyisɛm 10:1, 6, 7, New World Translation, no anaa? Ɔkae sɛ: “Ɛrenkyɛ bio; na mmom nna a ɔbɔfo a ɔto so ason no bɛhyɛn, bere a ɔrebɛhyɛn ne torobɛnto no, na wɔde Onyankopɔn ahintasɛm kronkron sɛnea ɔka kyerɛɛ n’ankasa ne nkoa adiyifo no sɛnea asɛmpa no te no aba awiei ampa.” Yehowa bere adu sɛ wɔhyɛn torobɛnto a edi akyiri no! Ɛnde, ɔkwan bɛn so na wɔde ahintasɛm kronkron no ba awiei? Nokwarem no, Yohane ani gye mmoroso sɛ ɔbɛka akyerɛ yɛn! Ɔkyerɛw sɛ: “Na ɔbɔfo a ɔto so ason no hyɛnee. Na ɛnne akɛse gyigyegyigyei ɔsoro sɛ: Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade ne ne Kristo no de, na obedi hene daa daa.” (Adiyisɛm 11:15) Saa abɔfo dɔm no wɔ nea enti a ɛsɛ sɛ wɔkasa denneennen, mpo sɛ wɔbobom sɛ aprannaa! Efisɛ amanneɛbɔ titiriw yi ho hia amansan nyinaa. Ehia abɔde a wɔte ase nyinaa yiye.
2. Bere bɛn, ne asɛm a esii bɛn na ɛde ahintasɛm kronkron no baa awiei nkonimdi mu?
2 Ahintasɛm kronkron no ba n’awiei wɔ anigye mu! Anuonyam mu, ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so no, wɔde baa awiei nkonimdi mu wɔ 1914 mu bere a Awurade Yehowa de ne Kristo no traa agua so sɛ Ɔhene a ɔka ne ho no. Bere a Yesu Kristo resi n’Agya ananmu ayɛ ade no, ɔfa tumi di ankasa wɔ adesamma wiase bi a ɛtan no mfinimfini. Sɛ́ Aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no, ogye Ahenni tumi sɛnea ɛbɛyɛ na wasɛe Ɔwɔ no ne n’asefo na wasan de Paradise asomdwoe aba asase yi so bio. (Genesis 3:15; Dwom 72:1, 7) Sɛ́ Mesia Ɔhene no, Yesu nam saayɛ so bɛma Yehowa asɛm abam na wabu n’Agya, “mmeresanten Hene” a ɛsɛ sɛ odi tumi sɛ Amansan Hene “mmeresanten nnasanten” no bem.—1 Timoteo 1:17.
-