So Anohyeto Ahorow Bu W’abam?
ANOHYETO ahorow! Obiara ani nnye ho ankasa; nanso ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa gyina ano kodu baabi. Na so ɛtɔ da bi a, w’abam bu esiane sɛ ɛte sɛ nea wunni ahofadi pii wɔ w’asetra mu nti? Ebia sɛ wosakra wo nsusuwii a wo ho bɛsan wo kakra. Sɛ́ anka wubedwennwen nea wuntumi nyɛ ho pii no, dɛn nti na womfa ahofadi a wowɔ nni dwuma nkosi ase?
Sɛ́ nhwɛso no, nnipa pii a ahia wɔn no yam a anka wɔyɛ asikafo. Nanso, bere a ohia mma yentumi nyɛ nneɛma pii wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu no, nnipa nyinaa tumi nya asetram nneɛma a ɛho hia no. Ahiafo ne asikafo nyinaa nya ɔdɔ ma obi, ware, tete mma, nya ayɔnkofa pa ne nea ɛkeka ho. Nea ɛho hia titiriw no, nnipa a ahia wɔn ne wɔn a wɔwɔ sika nyinaa nim Yehowa na wɔhwɛ wiase foforo a wahyɛ ho bɔ no kwan. Ahiafo ne asikafo nyinaa nya nkɔso wɔ Kristofo nyansa ne nimdeɛ a eye sen ahonyade mu. (Mmebusɛm 2:1-9; Ɔsɛnkafo 7:12) Nnipa nyinaa—asikafo ne ahiafo—betumi anya din pa wɔ Yehowa anim. (Ɔsɛnkafo 7:1) Wɔ Paulo nna no mu no, ná nnipa a wɔba fam na wɔdɔɔso wɔ Kristofo asafo no mu—ná wɔn mu bi yɛ nkoa—na wɔde ahofadi a wɔn tebea horow ma wonyae no dii dwuma nyansa mu.—1 Korintofo 1:26-29.
Kyerɛwnsɛm mu Tiyɛ
Wɔ Kristofo aware mu no, ɔyere hyɛ ne kunu ase—nhyehyɛe a wɔayɛ na ɛso aba abusua mũ no nyinaa mfaso. (Efesofo 5:22-24) So ɛsɛ sɛ eyi ma ɔyere te nka sɛ wɔabrɛ no ase? Ɛnte saa koraa. Okunu ne ɔyere yɛ adwuma bom. Sɛ ɔbarima no di ne tiyɛ no ho dwuma wɔ Kristofo kwan so a, ɛmfa anohyeto pii nto ɔyere no so, na ɛma onya hokwan pii de yɛ nea ɔbɔ ho mmɔden. (Efesofo 5:25, 31) Ná “ɔyepa” a Mmebusɛm ti 31 ka ne ho asɛm no yɛ nnwuma pii a ɛyɛ anigye na egye mmɔdenbɔ. Ɛda adi pefee sɛ, na ɛnyɛ den mma no sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ahyɛ ne kunu ase.—Mmebusɛm 31:10-29.
Saa ara na wɔnyɛɛ nsiesie biara sɛ ɔbea nni mmarima a wɔfata anim wɔ Kristofo asafo no mu. (1 Korintofo 14:34; 1 Timoteo 2:11, 12) So ɛsɛ sɛ saa anohyeto yi haw Kristofo mmea? Dabi. Wɔn mu dodow no ara ani sɔ sɛ wohu sɛ wodi Kristofo som adwuma fã yi ho dwuma wɔ teokrase kwan so. Wɔn ani gye sɛ wonya mpanyimfo a wɔapaw wɔn no nguanhwɛ ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu mfaso, na wɔde wɔn adwene si asɛnka ne asuafoyɛ adwuma a ɛho hia no so. (Mateo 24:14; 28:19, 20) Kristofo mmea yɛ pii wɔ eyi mu, na eyi ma wonya nidi wɔ Yehowa Nyankopɔn anim.—Dwom 68:11; Mmebusɛm 3:35.
Mmofra Anohyeto Ahorow
Ɛtɔ da bi a mmofra nso nwiinwii sɛ wɔn asetram anohyeto ahorow dɔɔso dodo, na mpɛn pii no ɛyɛ wɔn awofo tumidi ase a wɔhyɛ ntia. Nanso eyi nso gyina Kyerɛwnsɛm so. (Efesofo 6:1) Sɛ́ anka wɔbɛma anohyeto ahorow a wɔn awofo de ma wɔn no ahyɛ wɔn abufuw no, Kristofo mmofra a wonim nyansa de wɔn adwene si ahofadi a wɔwɔ a wobenya mu anigye no so—a mpɛn pii no nea ɛka ho ne asɛyɛde ahorow a emu yɛ duru ho ahofadi a wɔwɔ. Enti wobetumi de mmofraberem ahoɔden ne tebea horow a wɔwom no adi dwuma de asiesie wɔn ho ama mpanyin bere mu asetra.
Kan ɔmansin sohwɛfo bi a ɔwɔ Brazil kae abarimaa bi a na wadi mfe 12 a na ɔwɔ kuw ketewa bi a na atew ne ho mu a ná onnya hokwan nyɛ nea na obetumi asɛm no yiye. Ná onii a ɔhwɛ kyerɛwtohɔ ahorow so no honam fam adwuma ama onni adagyew, enti na ontumi nnya bere kɛse mma kuw no, nanso ɔyɛɛ nhyehyɛe maa aberante yi boaa no. Ohuu baabi a na nkrataa no nyinaa wɔ, na ɔboae bere nyinaa. Ná anigye a ɔkyerɛ no hyɛ nkuran, na na ɔyɛ asɛnka adwuma no mu ɔhokafo a onni huammɔ. Mprempren wɔapaw saa aberante no sɛ ɔpanyin.
Tebea horow pii wɔ hɔ a ebetumi ato obi ahofadi ano hye. Ɔyare aka ebinom ahyɛ. Ebinom tete mmusua a emu apaapae mu na wohu sɛ nneɛma a wɔn ahokafo a wonnye nni hwehwɛ no to wɔn ahofadi ano hye. Ɛmfa sɛ ebia wɔn a wɔwɔ anohyeto ahorow mu bɛpɛ sɛ tebea no sakra no, wobetumi anya asetra a abotɔyam wom ara. Nsɛmma nhoma yi aka ankorankoro a wɔte saa a esiane wɔn ho a wɔde to Yehowa so, na wɔyɛ nea wobetumi biara wɔ wɔn nsɛm tebea ahorow mu nti, wɔayɛ nkuranhyɛ ama afoforo no ho asɛm.
Bere a ɔsomafo Paulo reka tebea a na abu so wɔ ne nna no mu ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Wɔfrɛɛ wo, na woyɛ akoa anaa? Mma ɛnnhaw wo! Na sɛ wubetumi anya wo dehye adi nso a, fa no saa mmom!” (1 Korintofo 7:21) Adwene a ɛkari pɛ bɛn ni! Tebea ahorow bi tumi sakra. Mmofra nyinyin. Ɛtɔ da bi a ahokafo a wɔsɔre tia gye nokware no. Wɔahu sɛ sikasɛm tebea horow tumi yɛ yiye. Ebia nnipa a wɔyare ho bɛyɛ wɔn den. Nsɛm afoforo mu no, ebia nneɛma ntumi nsakra kosi sɛ Yehowa wiase foforo no bɛba. Nanso, dɛn na obi benya afi nneɛma a afoforo tumi yɛ a ontumi nyɛ ho a obedwennwen mu?
So woahwɛ nnomaa a wotu nenam wim pɛn, na w’ani agye sɛnea wɔn tu no yɛ fɛ ne ahofadi a wɔwɔ no ho? Ebia wo kɔn dɔe sɛ anka wubetumi atu saa. Nanso, wuntumi nyɛ saa na wuntumi ntu da bi ara da sɛnea nnomaa yɛ no! Nanso ɛda adi sɛ wunnwiinwii. Mmom no, w’ani gye nneɛma a Onyankopɔn ama wutumi yɛ no ho. Wutumi tra ase ma ɛyɛ yiye ɛmfa ho sɛ wowɔ asase yi ara so no. Saa ara na sɛnea yɛn tebea te wɔ asetram biara no, sɛ yɛde yɛn adwene si nea yetumi yɛ so mmom sen sɛ yebedwennwen nea yentumi nyɛ ho a, asetra bɛyɛ nea abotɔyam wom, na yebenya Yehowa som mu anigye.—Dwom 126:5, 6.
[Kratafa 28 mfonini]
So wote nka sɛ w’awofo aka wo ahyɛ?