Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Monkɔ So Nhyɛ Mo Ho Mo Ho Den
    Ɔwɛn-Aban—1992 | August 15
    • nguankuw a wɔhwɛ wɔn so no’ pɛ sɛ wɔyɛ sɛnea Petro kae no, kyerɛ sɛ, ‘ɛnsɛ sɛ wodi wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn agyapade no so bakoma.’ (1 Petro 5:2, 3) Wɔ wɔn adwuma a ɔdɔ wom yɛ no mu no, nsɛm a ɛsono sɛnea obiara bɛpɛ sɛ odi ho dwuma ho nsemmisa betumi asɔre. Ebia na ɛyɛ baabi amammerɛ sɛ wɔsɔre gyina hɔ kenkan nkyekyem ahorow no wɔ Ɔwɛn-Aban Adesua no mu. Ebia wobedi kuw nhyehyɛe ma asɛnka adwuma no ne ɔsom adwuma no ankasa ho nsɛm afoforo pii ho dwuma sɛnea ɛhɔnom amammerɛ te. Nanso, sɛ obi fa ɔkwan a ɛsono kakra so yɛ a, so ɛde ɔhaw bɛba? Ahwɛfo a wɔwɔ ɔdɔ pɛ sɛ ‘wɔyɛ ade fɛfɛɛfɛ wɔ ano wɔ ano,’ asɛm a Paulo de kaa anwonwa kwan so akyɛde horow no ho asɛm. Nanso, nsɛm afoforo a ɛka ho no kyerɛ sɛ nea na ɛho hia Paulo titiriw ne ‘hyɛ a wɔbɛhyɛ asafo no den.’ (1 Korintofo 14:12, 40) Wankyerɛ sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ mmara pii, te sɛ nea yɛ a wɔn nyinaa bɛyɛ ade koro, anaasɛ biribiara frenkyemm ne ne botae titiriw. Ɔkyerɛwee sɛ: “Awurade maa yɛn [tumi] na yɛde ahyɛ mo den, na ɛnyɛ sɛ yɛde aburuw mo.”​—2 Korintofo 10:8, NW.

      23. Akwan a yebetumi afa so asuasua nhwɛso a Paulo yɛe wɔ afoforo a wɔhyɛ wɔn den ho no bi ne nea ɛwɔ he?

      23 Akyinnye biara nni ho sɛ Paulo yeree ne ho hyɛɛ afoforo den denam kasa pa a ɛhyɛ nkuran so. Sɛ anka ɔne ne nnamfo kakraa bi nkutoo bɛbɔ fekuw no, ɔbɔɔ mmɔden yiye sɛ ɔbɛsrasra anuanom pii, wɔn a na wɔyɛ den honhom mu ne wɔn a na ehia titiriw sɛ wɔhyɛ wɔn den no nyinaa. Na osii ɔdɔ so dua​—ɛnyɛ mmara​—efisɛ ‘ɔdɔ de, ɛma denhyɛ.’​—1 Korintofo 8:1.

  • Anigyede Ahorow​—Nya Emu Mfaso Horow Mu Anigye, Kwati Mu Mfiri
    Ɔwɛn-Aban—1992 | August 15
    • Anigyede Ahorow​—Nya Emu Mfaso Horow Mu Anigye, Kwati Mu Mfiri

      “Biribi pa bi nni hɔ mma onipa sɛ obedidi na wanom na wama ne kra ahu adepa ne brɛ no mu.”​—ƆSƐNKAFO 2:24.

      1. Akwan bɛn so na Onyankopɔn akwankyerɛ boa ne nkurɔfo wɔ anigyede ho?

      YEHOWA akwankyerɛ de mfaso pii brɛ ne nkoa. Yebetumi ahu eyi wɔ anigyede mu. N’akwankyerɛ boa Kristofo ma wonya ho adwene a ɛkari pɛ. Ɛkame ayɛ sɛ nyamesomfo bi a wɔyɛ katee wɔ ntadehyɛ ne abrabɔ ho bu anigyede biara sɛ ɛyɛ bɔne. Nea ɛne eyi bɔ abira no, nnipa dodow no ara di anigyede akyi, sɛ saa anigyede no ne Yehowa mmara ne ne nnyinasosɛm ahorow bɔ abira mpo a.​—Romafo 1:24-27; 13:13, 14; Efesofo 4:17-19.

      2. Dɛn na ɛma yehu Onyankopɔn adwene wɔ anigyede ho ntɛm?

      2 Na Onyankopɔn nkurɔfo nso ɛ? Nnipa pii a wofi ase sua Bible no ho dwiriw wɔn, bere a wohu sɛ Onyankopɔn bɔɔ nnipa ankasa sɛ wonnya asetra mu anigye no. Ɔde adwuma hyɛɛ yɛn awofo a wodi kan no nsa sɛ wɔnyɛ​—nanso na ɛnyɛ adwuma a ɔbrɛ wom a nnipa a wɔnyɛ pɛ no mu fã kɛse no ara yɛ wɔ asetra mu no. (Genesis 1:28-30) Susuw akwan pa pii a wɔn a wɔte asase so paradise mu no nyinaa betumi afa so anya anigye no ho. Susuw anigye a wɔde hwɛ wuram mmoa a wɔrenyi wɔn hu, ne afie mmoa a wogu ahorow a wobetumi ayɛ da biara asetra fã no ho! Na nnuan a wobenya afi “nnua ahorow nyinaa a wɔhwɛ a, ɛyɛ fɛ, na eye sɛ wodi” no so bɛn ara ni!​—Genesis 2:9; Ɔsɛnkafo 2:24.

      3-5. (a) Ɛsɛ sɛ anigyede di atirimpɔw bɛn ho dwuma? (b) Dɛn nti na yebetumi agye adi sɛ Onyankopɔn anka ankyerɛ Israelfo no sɛ ɛnsɛ sɛ wogye wɔn ani?

      3 Nokwarem no, yebetumi abu saa dwumadi ahorow no sɛ anigyede, a n’atirimpɔw wɔ paradise bɛyɛ te sɛ nnɛ de no ara pɛ​—ɛbɛma obi asan anya ahoɔden ma wakɔ so de ayɛ nnwuma a ɛsow aba. Sɛ anigyede tumi yɛ saa a, mfaso wom. So ɛno kyerɛ sɛ nokware asomfo betumi ahyehyɛ bere de agye wɔn ani wɔ wɔn asetra mu, sɛ wɔnte Paradise mpo a? Yiw. Insight on the Scriptures ka anigyede wɔ Yehowa tete nkurɔfo mu ho asɛm sɛ:

      4 “Wɔanka Israelfo anigye ne anigyede ahorow ho asɛm kɛse wɔ Bible kyerɛwtohɔ no mu. Nanso, ɛkyerɛ wɔn sɛ wommu no sɛ ɛfata na eye, bere a ɛne ɔman no ɔsom mu nnyinasosɛm ahorow hyia no. Na nneɛma a wɔde gye wɔn ani titiriw ne nneɛma a wɔde bɔ nnwom a wɔbɔ, nnwonto, asaw, nkɔmmɔbɔ ne agoru ahorow bi nso. Na wɔpɛ aborɔme a wɔto ne nsɛm a ɛyɛ den a wobisa no yiye.​—Ate 14:12.”​—Po 1, kratafa 102.

      5 Bere a Dawid san bae wɔ nkonimdi mu no, Hebrifo mmea de ahinasa ade ne mpintin dii dwuma bere a wɔredi ho ahurusi no (Hebrifo, sa·chaqʹ). (1 Samuel 18:6, 7) Nea Hebri asɛmfua no kyerɛ titiriw ne “ɔserew,” na nkyerɛase bi ka “mmea a wɔregye wɔn ani” ho asɛm. (Byington, Rotherham, New English Bible) Bere a wɔreyi Apam Adaka no afi baabi a esi no, ‘Dawid ne Israel fi nyinaa gorui wɔ Yehowa anim.’ Dawid yere Mikal annya adwene a ɛkari pɛ, efisɛ na ɔmpene so sɛ Dawid de ne ho bɛhyɛ dwumadi ahorow a wɔde gye wɔn anigye no mu. (2 Samuel 6:5, 14-20) Onyankopɔn ka siei sɛ nnommum a wobefi Babilon asan aba no de wɔn ho bɛhyɛ dwumadi a wɔde gye wɔn anigye saa ara mu.​—Yeremia 30:18, 19; 31:4; fa toto Dwom 126:2 ho.

      6. Ɔkwan bɛn so na Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no boa yɛn wɔ adwene a ɛsɛ sɛ yenya wɔ anigyede ho no mu?

      6 Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛhwehwɛ sɛ yɛbɛkari pɛ wɔ anigyede ho. Sɛ nhwɛso no, so yenim sɛ na Yesu nyɛ obi a ɔmpɛ anigyede? Ogyee bere kodii nnuan pa a ɛma ahoɔden, te sɛ “pon kɛse bi” a Lewi towee no. Bere a ebinom a wobu wɔn ho atreneefo kasa tiaa Yesu sɛ odidi nom no, Yesu pow wɔn nsusuwii ne wɔn akwan no. (Luka 5:29-31; 7:33-36) Kae nso sɛ, ɔkɔɔ ayeforo bi ase na ɔyɛɛ biribi de boaa apontow no. (Yohane 2:1-10) Yesu na ba Yuda ka sɛ na Kristofo yɛ “ɔdɔ adidi,” ebia na ɛyɛ apontow a ahiafo tumi dii nnuan, na wonyaa fekubɔ a anigye ne akomatɔyam wom.​—Yuda 12.

      Bere a Yebegye Yɛn Ani ne Faako a Ɛsɛ sɛ Ekodu

      7. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm hyɛ kari a yɛbɛkari pɛ wɔ anigyede ho no ho nkuran?

      7 Ɔsɛnkafo 10:19 ka ‘abodoo a ɛma adwumayɛfo serew ne bobesa a ɛma ateasefo ani gye’ ho asɛmpa. Ɛnka biribi te sɛ nea anigyede yɛ adebɔne bi a yenya fii awo mu, anaa ɛka biribi saa? Nanso, nhoma koro no ara ka sɛ: “Ade biara wɔ ne bere a wɔahyɛ, . . . osu wɔ ne bere, na ɔserew wɔ ne bere, na asaw wɔ ne bere.” (Ɔsɛnkafo 3:1, 4) Yiw, ɛwom sɛ Bible no nkasa ntia anigyede a ɛfata de, nanso ɛde kɔkɔbɔ ahorow ma. Eyi bi ne afotu a ese ɛsɛ sɛ yehu bere a ɛsɛ sɛ yegye yɛn ani ne faako a ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa kodu. Ɛbɔ yɛn kɔkɔ nso wɔ asiane ahorow a ɛtaa sisi wɔ apontow akɛse ase no ho.​—2 Timoteo 3:4.

      8, 9. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ bere a yɛwɔ mu yi ne adwuma a Onyankopɔn de ama yɛn no ka anigyede?

      8 Yehui sɛ na Yudafo a wɔresan afi Babilon aba​—a na wɔwɔ adwuma deneennenn pii a wɔbɛyɛ no​—benya ahomegye a anigye wom. Nanso, na Yeremia adi kan aka sɛ ‘ɔrentra aserewfo guabɔ mu nni ahurusi.’ (Yeremia 15:17) Onyankopɔn paw no sɛ ɔmfa asotwe a ɛreba ho nkrasɛm nkɔma, enti na ɛnyɛ bere a ɛsɛ sɛ odi ahurusi.

      9 Wɔapaw nnɛyi Kristofo sɛ wɔmmɔ Onyankopɔn anidaso nkrasɛm no dawuru, na wɔnka n’atemmu ahorow a etia Satan nneɛma nhyehyɛe bɔne no nkyerɛ. (Yesaia 61:1-3; Asomafo no Nnwuma 17:30, 31) Enti ɛsɛ sɛ yehu sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma anigyede dan yɛn asetra mu ade titiriw. Yebetumi de nkyene kakra anaa atomde titiriw bi a ɛma aduan yɛ dɛ akyerɛkyerɛ asɛm no mu. So wode atomde no bebree begu mu ma asɛe aduan no dɛ mpo? Dabida. Nea ɛne Yesu nsɛm a ɛwɔ Yohane 4:34 ne Mateo 6:33 hyia no, ɛsɛ sɛ nea yedwen ho titiriw​—yɛn aduan ankasa​—yɛ Onyankopɔn apɛdeyɛ. Enti, anigyede bɛyɛ te sɛ atomde. Ɛsɛ sɛ ɛma yenya ahoɔden ne nkɔso, na ɛnsɛ sɛ ɛma yɛbrɛ.

      10. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa san hwehwɛ bere a yɛde gye yɛn ani no mu?

      10 Nanso, gyina na susuw ho: So nnipa dodow no ara renka sɛ wɔde bere a ɛsɛ na egye wɔn ani? Sɛ wɔte nka sɛ ɛnte saa a, wobɛyɛ nsakrae. So eyi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛn mu biara gyina na ɔde nokwaredi hwehwɛ afã a anigyede wɔ ankasa wɔ yɛn asetra mu no mu anibere so? So adan yɛn asetra mu ade titiriw a yenhu? Sɛ nhwɛso no, so yebue TV no, bere biara a yedu fie ara pɛ no? So yɛde ayɛ yɛn su sɛ yɛde yɛn bere mu fã kɛse begye yɛn ani dapɛn biara, te sɛ ebia Fida anaa Memeneda anadwo biara? Sɛ saa bere no du na yɛwɔ fie a yɛnyɛɛ anigyede biara ho nhyehyɛe a, so yɛbɛte huammɔdi nka? Nsemmisa afoforo abien nso ni: Sɛ yɛkɔ apontow ase na ade kye a, so yehu sɛ yɛanna ntɛm, anaa yetuu kwan tenten ma yɛabrɛ, ebia yɛabrɛ dodo sɛ yebenya Kristofo ɔsom adwuma no mu kyɛfa, anaasɛ yɛbɛyɛ da koro adwuma a ɛsɔ ani ama yɛn adwumawura? Sɛ yɛn anigyede ma ɛba saa wɔ mmere bi mu, anaa ɛba saa mpɛn pii a, so ɛyɛ anigye a ɛfata na ɛkari pɛ ankasa?​—Fa toto Mmebusɛm 26:17-19 ho.

      11. Dɛn nti na ɛfata sɛ yɛhwehwɛ sɛnea yɛn anigyede te no mu?

      11 Ebia ɛbɛyɛ papa nso sɛ yɛhwehwɛ sɛnea yɛn anigyede te no mu? Onyankopɔn nkoa a yɛyɛ no nkyerɛ sɛ yɛn anigyede fata. Susuw nea ɔsomafo Petro kyerɛw kɔmaa Kristofo a wɔasra wɔn no ho: “Na ɛdɔɔso sɛ yɛn asetra bere a atwam no mu yɛyɛɛ nea amanaman no pɛ, sɛ yɛnantew ahohwi, akɔnnɔ, asabow, agobɔne, didimee ne abosonsom a wokyi mu.” (1 Petro 4:3) Na ɛnyɛ nea ɔde ne nsa akyerɛ ne nuanom so, sɛ yɛbɛka no saa a, rekasa atia wɔn sɛ wɔresuasua nea wiasefo reyɛ no. Nanso, na ɛho hia (saa bere no ne nnɛ) sɛ Kristofo ma wɔn ani da hɔ, efisɛ ɛnyɛ den sɛ obi betumi de ne ho ahyɛ anigyede a asiane wom mu.​—1 Petro 1:2; 2:1; 4:7; 2 Petro 2:13.

      Ma W’ani Nna Hɔ wɔ Mfiri Ho

      12. Petro Nhoma a Edi Kan 4:3 ka afiri bɛn ho asɛm?

      12 Afiri bɛn na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ wɔ ho? Petro kaa “asabow, agobɔne, ne didimee” ho asɛm. Germanni bi a ɔkyerɛkyerɛ nsɛm mu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Hela nsɛmfua a wɔde dii dwuma no “fa asanom mu akansi wɔ apontow ase ho titiriw.” Switzerlandni ɔkyerɛkyerɛfo bi kyerɛwee sɛ na saa nneyɛe no abu so wɔ saa bere no mu: “Ɛbɛyɛ sɛ nkyerɛkyerɛmu no fa apontow anaasɛ nnipakuw a wɔyɛ saa aniwude a wɔaka ho asɛm no wɔ wɔn mu no ho.”

      13. Ɔkwan bɛn so na mmosa a wɔde di dwuma wɔ apontow ase no ayɛ afiri? (Yesaia 5:11, 12)

      13 Mmosa a wɔde kɔ apontow akɛse ase no asum nnipa bebree afiri. Ɛnyɛ sɛ Bible no rebara nsa a ɛte sɛɛ a wɔbɛnom no sɛnea ɛsɛ, efisɛ ɛmmara. Sɛ eyi ho adanse no, Yesu yɛɛ bobesa wɔ ayeforohyia bi ase wɔ Kana. Ɛbɛyɛ sɛ wɔannom nsa antra so, efisɛ na Yesu bedi Onyankopɔn afotu a ese wɔmmfra asadweam mu no so. (Mmebusɛm 23:20, 21) Nanso susuw asɛm yi ho hwɛ: Apontow sohwɛfo no kae sɛ apontow afoforo ase no, wɔde bobesa a eye no besisi hɔ kan, ‘na sɛ nkurɔfo no bow a, wɔde nea enye no aba.’ (Yohane 2:10) Enti na Yudafo no taa bow wɔ ayeforohyia a obiara nya bobesa bebree nom wɔ ase no ase.

      14. Akwan bɛn so na Kristofo a wɔtow pon betumi adi afiri a mmosa betumi asum no ho dwuma?

      14 Ne saa nti, Kristofo bi a wɔtow pon asi gyinae sɛ, sɛ wɔn ankasa betumi ahwɛ nea wɔde ma wɔn ahɔho no anaa wɔnom no so a, wɔde bobesa, beer, ne mmosa afoforo bɛma wɔn. Sɛ nnipakuw bi dɔɔso dodo ma nea watow pon no sɛ obetumi ahwɛ wɔn so tee, te sɛ Yudafo ayeforohyia ahorow a yɛaka ho asɛm no a, mmosa pii betumi ayɛ afiri a asiane wom. Ebia obi a ɔbrɛe ansa na ɔretumi adi asanom mu ɔhaw bi so bɛba hɔ. Wubetumi ahu sɛ mmosa a ɔmmrɛ na ne nsa aka no betumi asɔ no ahwɛ ma wanom atra so, na wasɛe adeyɛ no ama obiara. Ɔhwɛfo ne agya bi a ɔwɔ Germany kae sɛ n’abusua nya mfaso horow fi apontow ase fekubɔ a anigye wom a wɔne wɔn mfɛfo gyidifo nya no mu. Nanso, ɔka kaa ho sɛ, sɛ ɛnyɛ den sɛ wobenya beer anom a, tumi a wobetumi ahyia nsɛnnennen no yɛ kɛse.

      15. Ɔkwan bɛn so na wobetumi ahwɛ apontow so yiye?

      15 Na Kana ayeforohyia no wɔ “adidiihwɛfo.” (Yohane 2:8) Eyi nkyerɛ sɛ abusua bi a wɔafrɛ nnipakuw bi aba wɔn fie sɛ wommedidi anaa wɔne wɔn mmɛbɔ fekuw no bɛpaw adidiihwɛfo. Ɛbɛyɛ okunu no asɛyɛde sɛ ɔhwɛ adeyɛ no so. Nanso sɛ kuw bi yɛ mmusua abien pɛ, anaasɛ wɔdɔɔso kakra sen saa a, ɛsɛ sɛ wohu pefee sɛ obi hwɛ nea ɛrekɔ so no so. Awofo pii bisa eyi ho asɛm bere a wɔto nsa frɛ wɔn babarima anaa wɔn babea sɛ ɔmmra apontow bi ase no. Wokohu nea ɔretow pon no kobisa no onii a ɔbɛhwɛ adeyɛ mũ no nyinaa so, a wɔ a wɔwɔ ase kosi bere a wɔbɛpɔn ka ho. Kristofo awofo ayɛ wɔn bere nhyehyɛe mu nsakrae mpo na ama wɔakɔ hɔ bi, na mmofra ne mpanyin nyinaa atumi de biakoyɛ anya fekubɔ mu anigye.

      16. Nsɛm a ɛfata bɛn na ɛsɛ sɛ wosusuw ho wɔ apontow kɛse ho?

      16 Canada Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea kyerɛw sɛ: “Mpanyimfo kakra ate nnipa a wɔkɔ apontow ase so a wɔbɛtew ho afotu no ase sɛ nnipa pii a wɔbɛkɔ ayeforohyia apontow ase no kyerɛ sɛ wɔantie afotu no. Wɔaka sɛ, sɛ wotu yɛn fo sɛ yɛmma yɛn apontow nyɛ nketewa, a yebetumi ahwɛ so a, ɛnde ɛbɛyɛ mfomso sɛ yɛbɛma nnipa 200 anaa 300 aba ayeforohyia apontow ase.”a Ɛsɛ sɛ wodwen sɛnea wobetumi ahwɛ wɔn so yiye mmom ho, sen sɛ wɔbɛka nnipa dodow bi a wɔn ankasa de wɔn adwene abu ho asɛm ma aboro so. Bobesa a Yesu de mae no kyerɛ sɛ nnipa a wɔdɔɔso kɔɔ ayeforohyia no wɔ Kana, nanso ɛda adi pefee sɛ wɔhwɛɛ wɔn so yiye. Na saa bere no mu apontow afoforo nte saa; ebia na wɔn dodow ka ho bi na wɔantumi anhwɛ so yiye no. Sɛ apontow no so a, ɛma ɔhaw no yɛ kɛse, efisɛ ɛyɛ mmerɛw yiye sɛ wɔn a wɔyɛ mmerɛw, a wɔpɛ sɛ wɔyɛ nneɛma tra so no beyi wɔn ho adi. Wobetumi ama nneɛma bi a ɛmfata akɔ so wɔ apontow a obiara nhwɛ so no ase.​—1 Korintofo 10:6-8.

      17. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada no adi sɛ yɛkari pɛ sɛ Kristofo, bere a yɛreyɛ apontow ho nhyehyɛe no?

      17 Nea ɛka apontow a wɔhwɛ so yiye ho ne nhyehyɛe ne ahosiesie. Eyi nhwehwɛ sɛ wɔbɛma no asɛmti bi a ɛkanyan anigye na ama ada nsow, anaa ayɛ nea wɔbɛkae, a ebetumi ayɛ te sɛ wiasefo apontow, a wɔn a wɔbɛba no bɛsaw pii anaasɛ wɔhyehyɛ apontow ase ntade soronko bi. So wubetumi ayɛ mfonini wɔ w’adwenem sɛ Bɔhyɛ Asase no so Israelfo anokwafo no reyɛ apontow bi a wɔn a wɔbɛba nyinaa bɛhyehyɛ ntade te sɛ Misrifo anaasɛ ɔman foforo mu abosonsomfo ho nhyehyɛe? So wɔbɛyɛ asaw a ɛkanyan nna ho akɔnnɔ anaasɛ nnwom a ano yɛ den a ebia ɛno na abosonsomfo ani gye ho yiye ho nhyehyɛe? Bere a na wɔwɔ Bepɔw Sinai ho no, nnwom ne asaw a ebia na aba so saa bere no na agye din wɔ Misraim sum wɔn afiri. Yenim sɛnea Onyankopɔn ne n’akoa Mose a na ne ho akokwaw no buu saa anigyede no. (Exodus 32:5, 6, 17-19) Enti, ɛsɛ sɛ nea ɔyɛ anigyede bi ho nhyehyɛe anaasɛ ɔhwɛ so no susuw ho sɛ ebia wɔbɛto nnwom anaasɛ wɔbɛsaw wɔ ase; na sɛ wɔbɛyɛ saa a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ hu sɛ ɛne Kristofo nnyinasosɛm ahorow hyia.​—2 Korintofo 6:3.

      18, 19. Nneɛma bɛn na yebetumi ahu wɔ nsa a wɔto frɛɛ Yesu kɔɔ ayeforo ase no mu, na ɔkwan bɛn so na yebetumi de eyi adi dwuma?

      18 Awiei koraa no, yɛkae sɛ ‘wohyiaa Yesu ne n’asuafo kɔɔ ayeforo no ase.’ (Yohane 2:2) Ɛwom, Kristoni anaa abusua bi betumi akɔsra afoforo akogye wɔn ani ahyɛ wɔn ho wɔn ho den ara kwa. Nanso, wɔ anigyede a wɔyɛ ho nhyehyɛe fam no, osuahu kyerɛ sɛ nnipa a wɔbɛba ase a wobedi kan ahu wɔn no boa ma wɔkwati ɔhaw ahorow. Ɔpanyin bi a ɔwɔ Tennessee, U.S.A., a watete mmabarima ne mmabea a wɔreyɛ bere nyinaa ɔsom adwuma no sii sɛnea eyi hia no so dua. Ansa na ɔno anaa ne yere bɛpene nsato bi so, anaasɛ ɔbɛma ne mma kwan ma wɔakɔ no, okohu nea ɔretow pon no ma ohu sɛ wɔadi kan asi nnipa ko a wɔbɛba no ho gyinae anaa. Ɛbɔɔ n’abusua ho ban fii mfiri a ayi ebinom wɔ apontow a obiara tumi kɔ ase bi, sɛ ɛyɛ adidi, piknik, anaasɛ apɔw-mu-teɛteɛ, te sɛ bɔɔlbɔ sɛɛ no ho.

      19 Yesu kae sɛ yɛnnto nsa mmfrɛ abusuafo ne nnamfo dedaw, anaa atipɛnfo anaasɛ wɔn a wɔne yɛn sikasɛm gyinabea yɛ pɛ nkutoo mma apontow no ase. (Luka 14:12-14; fa toto Hiob 31:16-19; Asomafo no Nnwuma 20:7-9 ho.) Sɛ wudwen wɔn a wɔpɛ sɛ woto nsa frɛ wɔn no ho yiye a, ɛyɛ mmerɛw yiye sɛ wɔbɛto nsa afrɛ Kristofo a ɛsono wɔn mfe a wɔadi ne wɔn nsɛm tebea aka ho. (Romafo 12:13; Hebrifo 13:2) Ebia na wɔn mu dodow bi yɛ mmerɛw wɔ honhom mu, anaasɛ afoforofo a wobetumi anya wɔne Kristofo a wɔn ho akokwaw ntam fekubɔ no mu mfaso.​—Mmebusɛm 27:17.

      Anigye a Wɔde To N’afã

      20, 21. Dɛn nti na yebetumi ayɛ anigyede ho nhyehyɛe wɔ yɛn asetra mu ma afata?

      20 Ɛfata sɛ yɛn a yesuro Onyankopɔn no susuw yɛn anigyede ho, na yɛhwɛ hu sɛ saa anigyede no fata, ne sɛ yɛkari pɛ wɔ bere dodow a yɛde yɛ saa no mu. (Efesofo 2:1-4; 5:15-20) Ɔkyerɛwfo a wɔde honhom kaa no ma ɔkyerɛw Ɔsɛnkafo nhoma no tee nka saa: “Ɛnna mekamfoo anigye, sɛ papa nni hɔ mma onipa owia ase, gye sɛ odidi na ɔnom na n’ani gye, na eyi ara na ɛfam ne ho ne brɛ mu, ne nkwa nna a Onyankopɔn de ma no owia ase no mu.” (Ɔsɛnkafo 8:15) Anigyede ahorow a ɛkari pɛ a ɛte sɛɛ no ma nipadua no nya ahoɔden, na ɛboa ma yɛkwati ɔhaw ne abasamtu ahorow a abu so wɔ mprempren nhyehyɛe yi mu no.

      21 Sɛ mfatoho no, Austriani ɔkwampaefo bi kyerɛw obi a ɔne no afa adamfo akyɛ no sɛ: “Nnaano yepue kogyee yɛn ani fɛfɛ. Yɛn nnipa bɛyɛ 50 sim kɔɔ ɔtare ketewa bi a ɛbɛn Ferlach ho. Onua B​—​—de ne bɔs dii yɛn anim a okura aduannoa nkankyee abiɛsa, nkongua a wotumi bobɔw, apon, ne ɔpon a wɔbɔ tennis mpo wɔ so. Yɛn ani gyei yiye. Na onuawa biako kura sanku, na yɛbɔɔ Ahenni nnwom pii. Anuanom no, mmofra ne mpanyim nyinaa ani gyee ayɔnkofa no ho.” Na ɔkae ahomegye a wɔhwɛɛ so yiye a wɔamma mfiri te sɛ asanom ntraso anaa ahohwibra amma mu no.​—Yakobo 3:17, 18.

      22. Sɛ yɛregye yɛn ani a, kɔkɔbɔ bɛn na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara ma ɛtra n’adwenem?

      22 Paulo hyɛɛ yɛn sɛ yɛnhwɛ yiye na yɛamma ɔhonam a ɛnyɛ pɛ no akɔnnɔ horow no kwan, na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nhyehyɛe ahorow a ɛbɛma yɛahyia sɔhwɛ mpo. (Romafo 13:11-14) Anigyede ho nhyehyɛe ahorow ka ho. Sɛ yɛde n’afotu no di eyi ho dwuma saa a, yebetumi akwati nsɛm tebea horow a ama ebinom agu asu wɔ honhom mu no. (Luka 21:34-36; 1 Timoteo 1:19) Mmom no, yɛde nyansa bɛpaw ahomegye a eye a ɛbɛboa yɛn ma yɛakura yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu no. Saa kwan no so no, yebenya anigyede ahorow a yebetumi abu no sɛ Onyankopɔn akyɛde pa ahorow no biako no mu mfaso.​—Ɔsɛnkafo 5:18.

      [Ase hɔ asɛm]

      a November 1, 1984 Ɔwɛn-Aban no kura ayeforohyia ne ayeforohyia apontow ho afotu a ɛkari pɛ. Ɔbarima no ne ɔbea a wɔrebɛware no, ne afoforo a wɔbɛboa wɔn betumi akenkan asɛm yi ansa na wɔayɛ wɔn ayeforohyia no ho nhyehyɛe na wɔanya mu mfaso.

      Dɛn na Woasua?

      ◻ Adwene a ɛkari pɛ bɛn na yehu wɔ Bible no mu wɔ anigyede ho?

      ◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw bere a yɛde gye yɛn ani ne sɛnea anigyede no te ho?

      ◻ Nneɛma a Kristoni a ɔreto pon betumi ayɛ de abɔ ne ho ban wɔ mfiri ho no bi ne nea ɛwɔ he?

      ◻ Sɛ anigyede fata na ɛkari pɛ a, dɛn na ebetumi ayɛ ama Kristofo?

      [Mfonini wɔ kratafa 18]

      Ɛyɛ nea ɔretow pon anaa ɔhwɛ so no asɛyɛde sɛ ɔhwɛ sɛ wɔansum ahɔho no afiri

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena