Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Fa Ɔwɛn-Aban No Bɔ Asɛmpa no Dawuru
    Ahenni Som—1992 | May
    • Fa Ɔwɛn-Aban No Bɔ Asɛmpa no Dawuru

      1 Ɔwɛn-Aban no yɛ soronko ankasa efisɛ ekura asɛmpa. Nea ɛne eyi bɔ abira no, nsɛm a enye a ɛma nkurɔfo botow na ɛwɔ wiase no nhoma ahorow no mu pii mu. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada no adi akyerɛ afoforo sɛ Ɔwɛn-Aban no yɛ soronko, na ekura nkrasɛm a ɛma denhyɛ ankasa?

      2 Yebetumi atwe adwene asi “Ɔwɛn-Aban No Atirimpɔw” a ɛwɔ nsɛmma nhoma no kratafa 2 no so. Da no adi sɛ n’atirimpɔw ne sɛ ɛbɛkamfo Yehowa sɛ Amansan Hene, ɛbɛhwɛ nsɛm a esisi wɔ wiase a ɛma Bible nkɔmhyɛ nya mmamu, ɛde awerɛkyekye nkrasɛm bɛma wɔn a wɔhyɛ wɔn so, na ahyɛ gyidi wɔ Onyankopɔn nsiesiei ma nkwagye no mu den.

      3 So nsɛm a yɛka fa Ɔwɛn-Aban no ho no da adwene a ɛte sɛɛ adi wɔ ɔkwan a ɛma wogye di so? Ɛnsɛ sɛ nea yɛka no yɛ anigyesɛm bi kɛkɛ a ɛkanyan bere tiaa mu anigye; ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea aba wom, na ɛkanyan ahotoso a ɛma wonya ɔpɛ sɛ wobesua pii.

      4 Ahosiesie ho Hia: Ehia sɛ yɛde boasetɔ kenkan nsɛmma nhoma no mu biara, na yegyina yɛn asasesin no so hwehwɛ emu nsɛm ahorow no mu. Kyerɛw nsɛm a ɛwɔ asɛm no mu a yebebue akenkan no ma yɛn ntease yɛ kɛse. Eyi betumi ama anisɔ a yɛwɔ ma nokware no mu ayɛ den, na akanyan yɛn ma yɛaka ho asɛm akyerɛ afoforo. Sɛ nokware no nni yɛn komam a, nkuranhyɛ kakraa bi na yebenya de akasa.

      5 Anigye a obi da no adi no na ɛkyerɛ nea yɛde bɛma no. Nanso esiane sɛ Ɔwɛn-Aban no kura nsɛmti ahorow pii nti, ebia yebetumi de biako anaa abien mu nsɛm akyerɛ ofiewura no de akanyan n’anigye wɔ ne kra ho.

      6 Sɛ wokenkan Ɔwɛn-Aban a aba foforo no mu nsɛm a, bɔ mmɔden sɛ wobɛkae nkɔmmɔ ahorow a wo ne afiewuranom abɔ atwam a nsɛmti yi kanyan anigye wom no. Bɔ mmɔden sɛ wode saa nsɛmma nhoma no bɛsan akɔ hɔ ma moatoa nkɔmmɔbɔ no so.

      7 Yennim bere tenten a yɛde bɛbɔ asɛmpa no dawuru ne faako a yɛbɛyɛ saa akodu. Nanso, yebetumi agye adi sɛ Ɔwɛn-Aban no bedi dwuma titiriw wɔ nea yɛbɛyɛ no mu. Sɛ yɛde nsiesiei yi redi dwuma a, ɛsɛ sɛ yesuasua asomafo no wɔ nsiyɛ a wɔde “kyerɛkyerɛe, na wɔkaa [Yehowa] asɛmpa no” mu.—Aso. 15:35.

  • So Wubetumi Aboa wɔ Faako a Mmoa ho Hia Kɛse?
    Ahenni Som—1992 | May
    • So Wubetumi Aboa wɔ Faako a Mmoa ho Hia Kɛse?

      1 “Na mobɛyɛ m’adansefo . . . akɔpem asase ano nohɔ.” (Aso. 1:8) Yesu nkɔmhyɛ yi renya mmamu nnɛ wɔ nsase bɛboro 210 a Adansefo ɔpepem 4 ne akyi de nnamyɛ ka asɛmpa no wɔ so no so. Wɔ Ghana no, wɔafi ase reyɛ Ahenni asɛnka adwuma no wɔ mmeae pii a atew ne ho. Sɛ nhwɛso no, asafo 35 a wɔtewee wɔ ɔsom mfe abien a atwam no mu no, na 12 wɔ nkurow a na anka asafo biara nni hɔ no mu.

      2 Nanso, mmeae a ɛsosoe a wohia mmoa wɔ hɔ—Northern, Upper East, ne Upper West amantam a ɛwɔ Ghana no. Asafo ahorow 11 pɛ a emu adawurubɔfo dodow yɛ 309 na ɛwɔ mmeae a nnipa ɔpepem 2.3 ne akyi te yi. Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo 1 biara ka asɛm kyerɛ nnipa 7,680, bere a ɔman no mu nyinaa no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, ɔdawurubɔfo 1 biara ka asɛm kyerɛ nnipa 424! Nokwarem no, hia a wohia otwa adwumayɛfo wɔ ɔmantifi no yɛ kɛse yiye! Wabue ‘ɔpon kɛse bi ma adwumayɛ’ ara wɔ Amantam yi mu. (1 Kor. 16:9; Mat. 9:37, 38) So wubetumi de hokwan no atrɛw kyɛfa a wunya wɔ Ahenni adwuma mu no mu?

      3 Sɛnea Ebinom Yɛ Nhyehyɛe de Nya Mu Kyɛfa: Anuanom mmarima binom de wɔn akwamma bere yɛ bere tiaa mu akwampae adwuma wɔ kurow a wɔn ankasa paw wɔ Ɔmantifi no mu. Ebinom nso a wɔyɛ wɔn ankasa nnwuma kɔyɛ adwuma wɔ hɔ asram bi. Mmusua bi yɛ nhyehyɛe gyina wɔn mu biako anaa nea ɛboro saa akyi ma wɔkɔsom wɔ Ɔmantifi. Afei nso, anuanom mmarima kakra ayɛ nhyehyɛe ma wɔatu akɔtra Ɔmantifi mmeae bi a wobetumi aboa ɛhɔnom asafo no bere a wɔda so ara yɛ honam fam adwuma no. Nkuranhyɛsɛm ne sɛ mmofra binom paw sɛ wɔbɛyɛ adwuma a wɔn a wɔawie sukuu foforo yɛ ma ɔman no wɔ Ɔmantifi sɛnea ɛbɛyɛ na wɔne asafo bi anaasɛ adawurubɔfo kuw bi a wɔatew wɔn ho no asom. Wɔn a wɔreyɛ adwuma a wɔn a wɔawie sukuu foforo no yɛ ma ɔman no, a wɔn ani gye ho betumi akyerɛw Asafo ti no abisa sɛnea wɔbɛboaboa anigyefo ano ayɛ wɔn akuw a wɔatew wɔn ho a wɔyɛ den no ho akwankyerɛ. Wobetumi adi kan akyerɛw bere tenten ansa na wɔatu akɔ hɔ.

      4 Nanso ebinom a wontumi ntu kwan mfi Anafo ha nkɔka asɛm no wɔ Ɔmantifi no tumi nya mu kyɛfa wɔ ɔkwan foforo so. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam anuanom mmarima afoforo a wɔpɛ sɛ wɔyɛ saa a wɔboa wɔn sika fam ma wɔkɔ no so.

      5 Ahosiesie ho Hia: Asafo ti no ma wɔn a wotu fi Anafo ha kodi ɔsram biako anaa nea ɛboro saa wɔ Ɔmantifi sɛ akwampaefo aboafo no kwan ma wogye nhoma ne nsɛmma nhoma wɔ akwampaefo bo so. Nanso, ɛho behia sɛ wɔn ankasa di kan siesie wɔn ho, efisɛ onii no ankasa na obetua aduan, dabere, akwantu no ne ade ho ka. Enti, ansa na obetu no, ehia sɛ ɔde mpaebɔ susuw nsɛm ho.—Luka 14:28.

      6 Ɔkwan a Wɔbɛfa so Abisa: Sɛ onuabarima bi si gyinae sɛ ɔbɛyɛ bere tiaa mu akwampae adwuma wɔ Ɔmantifi a, ɛsɛ sɛ obisa Asafo ti no, na ɔde ne din, asafo a ɔwom no din, mfe a wadi, bere a wɔbɔɔ no asu no ma, na ɔkyerɛ sɛ ebia ɔyɛ daa ɔkwampaefo anaasɛ ɔkwampaefo boafo, ɔpanyin anaasɛ asafo mu ɔsomfo. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ bere a obedi wɔ hɔ ne faako a ɔbɛkɔ no nso. Sɛ n’ankasa rempaw asasesin bi nso a, obetumi aka eyi ho asɛm. Sɛ anuanom mmarima afoforo wɔ hɔ a ɔpɛ sɛ ɔne wɔn yɛ adwuma a, ɛsɛ sɛ ɔka eyi nso ho asɛm. Yɛpɛ sɛ anyɛ yiye koraa no, nnipa baanu bisa ho kwan na wɔayɛ adwuma abom sen sɛ obiako bɛyɛ saa.

      7 Ɛsɛ sɛ wɔde akwammisa krataa biara fa mpanyimfo kuw no so, na ɔsom boayikuw no de wɔn nsa bɛhyɛ ase na wɔde amana Asafo ti no. Ɛyɛ papa sɛ wɔde krataa no di kan mana asram abiɛsa ansa na wɔakofi adwuma no ase. Nhyehyɛe a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no nso fa anuawanom nso ho. Wɔremma wɔnkɔ Ɔmantifi, nanso mmeae bi wɔ Anafo ha a wobetumi ama anuawanom a wɔyɛ nnam akɔ hɔ.

      8 ‘Mprempren mfuw no ahoa ama otwa’ wɔ Ghana. (Yoh. 4:35) Yɛhyɛ anuanom mmarima ne mmea nyinaa a wobetumi ayɛ saa no nkuran sɛ wɔmmoa mma yɛnyɛ adwuma no kɛse wɔ asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa no mu. Wobenya mfaso afi mu wɔ honhom fam, na yenim sɛ Yehowa behyira so nso.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena