Ɔpon Bɛn so na Mudidi?
“Muntumi nnidi [Yehowa] pon so ne ahonhommɔne pon so.”—1 KORINTOFO 10:21.
1. Apon bɛn na esi yɛn anim, na ɛho kɔkɔbɔ bɛn na ɔsomafo Paulo de ma?
ƆSOMAFO Paulo nsɛm a ɔnam honhom so kyerɛwee yi kyerɛ sɛ wɔde sɛnkyerɛnne kwan so apon abien asi adesamma anim. Nea wɔde da apon no mu biara adi ne sɛnkyerɛnne kwan so aduan a esi so, na yɛn nyinaa redidi apon abien no mu biako so. Nanso, sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ Onyankopɔn ani a, yentumi nnidi ne pon so, na bere koro no ara yennidi ahonhommɔne pon so. Ɔsomafo Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Afɔre a wɔbɔ no, wɔbɔ ma ahonhommɔne, na ɛnyɛ Onyankopɔn, na mempɛ sɛ mo ne ahonhommɔne fa ayɔnko. Muntumi nnom [Yehowa] kuruwa ano ne ahonhommɔne kuruwa ano; muntumi nnidi [Yehowa] pon so ne ahonhommɔne pon so.”—1 Korintofo 10:20, 21.
2. (a) Yehowa pon bɛn na na ɛwɔ tete Israel, na henanom na wonyaa asomdwoe afɔrebɔ no mu kyɛfa? (b) Dɛn na Yehowa pon so adidi kyerɛ nnɛ?
2 Paulo nsɛm no ma yɛkae asomdwoe afɔre a na tete Israelfo no bɔ wɔ Yehowa Mmara ase no. Ná wɔfrɛ Onyankopɔn afɔremuka no ɔpon, na na wɔkyerɛ sɛ nea ɔde aboa no ba bɛbɔ afɔre no ne Yehowa ne asɔfo no nya twaka. Ɔkwan bɛn so? Nea edi kan no, na Yehowa nya afɔre no mu kyɛfa efisɛ na wɔde mogya no petepete n’afɔremuka so, na na wɔde ase gya hyew srade no. Nea ɛto so abien no, na ɔsɔfo no nya mu kyɛfa efisɛ na ɔno (ne n’abusua) we aboa a wɔde bɔ afɔre no koko ne ne nan nifa a wɔatotõ. Na nea ɛto so abiɛsa no, nea ɔde afɔrebɔde no ba no nya mu kyɛfa denam nea aka no a ɔwe so. (Leviticus 7:11-36) Ɛnnɛ, nea Yehowa pon so a yebedidi no kyerɛ ne sɛ yɛde ɔsom a ɔhwehwɛ bɛma no, sɛnea Yesu ne n’asomafo no yɛɛ ho nhwɛso no. Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi ayɛ eyi no, ɛsɛ sɛ yedi honhom fam aduan a Yehowa nam n’Asɛm ne n’ahyehyɛde so de ma no. Wɔbaraa Israelfo, a na wɔne Yehowa wɔ twaka soronko wɔ ne pon so no sɛ wɔnnkɔbɔ afɔre mma ahonhommɔne wɔ wɔn pon so. Onyankopɔn abara honhom mu Israelfo ne wɔn mfɛfo “nguan foforo” no saa ara.—Yohane 10:16.
3. Ɔkwan bɛn so na obi betumi adi fɔ wɔ ahonhommɔne pon so adidi ho nnɛ?
3 Ɔkwan bɛn so na obi betumi adi fɔ wɔ ahonhommɔne pon so adidi ho wɔ yɛn bere yi mu? Ɛdenam biribiara a Yehowa mpɛ a ɔbɛboa so. Nneɛma a ɛwɔ ahonhommɔne pon so no bi ne ahonhommɔne adwenhorow nyinaa, a atirimpɔw a ɛwɔ ho ne sɛ ɛbɛdaadaa yɛn atwe yɛn afi Yehowa ho. Hena na ɔbɛpɛ sɛ ɔde awuduru a ɛte saa bɛhyɛ ne koma ne n’adwene mu? Nokware Kristofo pow sɛ wobenya afɔre a nnipa dodow no ara bɔ ma akodi ne ahonyade anyame no mu kyɛfa.—Mateo 6:24.
“Ahonhommɔne Pon” a Yɛbɛkwati
4. Asemmisa bɛn na ɛwɔ hɔ ma yɛn nyinaa, na dɛn nti na yɛmpɛ sɛ yɛbɛhyɛ da adidi ahonhommɔne pon so?
4 Asemmisa a ɛwɔ hɔ ma yɛn nyinaa ne sɛ, Ɔpon bɛn so na mididi? Yentumi mmu yɛn ani ngu nokwasɛm a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ yedidi wɔ apon abien no mu biako so no so. (Fa toto Mateo 12:30 ho.) Yɛmpɛ sɛ yɛbɛhyɛ da adidi ahonhommɔne pon so. Saa a yɛbɛyɛ no bɛma yɛahwere Yehowa, ɔteasefo ne nokware Nyankopɔn koro no anim dom. Nea ɛne no bɔ abira no, Yehowa pon so nkutoo a yebedidi no bɛma yɛanya daa nkwa a anigye wom! (Yohane 17:3) Wobu bɛ bi sɛ onipa ahoɔden gyina aduan a odi so. Enti, ɛsɛ sɛ obiara a ɔpɛ sɛ onya ɔhonam ne adwene mu akwahosan no hwɛ aduan a odi yiye. Sɛnea sradeduan a wɔyɛ no dɛdɛɛdɛ de nnuru kora so a aduannuru biara nnim no mma yennya apɔwmuden no, saa ara na wiase yi adwenhorow a ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ frafra mu no yɛ sɛnkyerɛnne kwan so sradeduan a enye a ɛbɛsɛe yɛn adwene.
5. Yɛbɛyɛ dɛn akwati ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ a yebegye atom nnɛ?
5 Ɔsomafo Paulo ka siei sɛ wɔde “ahonhommɔne kyerɛkyerɛ” bɛdaadaa nkurɔfo wɔ nna a edi akyiri no mu. (1 Timoteo 4:1) Ɛnyɛ atoro nyamesom gyidi mu nkutoo na wohu saa ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ yi, na mmom wɔnam akwan afoforo nso so ma ɛtrɛw kɔ akyiri. Sɛ́ nhwɛso no, ɛho hia sɛ yɛde ahwɛyiye susuw nhoma ne nsɛmma nhoma a yɛne yɛn mma kenkan, television so dwumadi a yɛhwɛ, ne ɔyɛkyerɛ ne sini ahorow a yɛhwɛ ho. (Mmebusɛm 14:15) Sɛ ayɛsɛm na yɛkenkan de gyigye yɛn ani a, so basabasayɛ a ntease biara nnim, nna mu ɔbrasɛe, anaa ntafowayi ho asɛm na ɛwom? Sɛ nhoma a yɛkenkan no nyɛ ayɛsɛm na yɛde hwehwɛ nimdeɛ a, so ɛkyerɛkyerɛ nyansapɛ anaa asetra kwan bi a “ɛnnam Kristo so”? (Kolosefo 2:8) So adwenkyerɛ huhuw na ɛwom, anaa wiase kuw bi a obi de ne ho behyem na ɛkamfo kyerɛ? So ɛkanyan nkurɔfo ma wosi wɔn bo sɛ wobenya sika pii. (1 Timoteo 6:9) So ɛyɛ nhoma a ɛnam anifere kwan so ka nkyerɛkyerɛ a ɛde mpaapaemu ba, na ɛne Kristo de no nhyia ho asɛm? Sɛ mmuae no yɛ yiw, na sɛ yɛkɔ so kenkan anaa yɛhwɛ nneɛma a ɛtete saa a, ebetumi ama yɛadidi ahonhommɔne pon so. Ɛnnɛ, nhoma ɔpepehaha pii wɔ hɔ a ɛkamfo wiase nyansapɛ a ɛte sɛ nea ɛma nimdeɛ a aba so foforo kyerɛ. (Ɔsɛnkafo 12:12) Nanso saa adwenhorow yi mu biara nni hɔ a ɛyɛ foforo; na ɛnyɛ nea mfaso wɔ so na ɛma obi nya nkɔso nso, sɛnea asɛm a Satan nam anifere kwan so ka kyerɛɛ Hawa no amma wannya nkɔso no.—2 Korintofo 11:3.
6. Sɛ Satan to nsa frɛ yɛn sɛ yemmedi n’ahonhommɔne sradeduan a aduannuru biara nnim no a, ɔkwan bɛn so na yebebua no?
6 Enti, sɛ Satan to nsa frɛ yɛn sɛ yemmedi n’ahonhommɔne sradeduan a aduannuru biara nnim no bi a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛka? Ɛsɛ sɛ yɛka nea Yesu kae bere a Satan sɔɔ no hwɛe sɛ ɔmma abo nnan abodoo no: “Wɔakyerɛw sɛ: Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na asɛm biara a efi Onyankopɔn anom so.” Na bere a Ɔbonsam ka kyerɛɛ Yesu sɛ sɛ ɔkotow sɔre no biako pɛ a, ɔde “wiase ahenni nyinaa ne emu anuonyam” bɛma no no, Yesu kae sɛ: “Fi me so, Satan! na wɔakyerɛw sɛ: Kotow sɔre [Yehowa], wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.”—Mateo 4:3, 4, 8-10.
7. Dɛn nti na sɛ yesusuw sɛ yebetumi adidi Yehowa pon so na bere koro no ara yɛadidi ahonhommɔne apon so a, na yɛredaadaa yɛn ho?
7 Obi ntumi nnidi Yehowa pon so na bere koro no ara, onnidi n’atamfo ahonhommɔne no pon so da! Nokwarem no, ebinom abɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ saa pɛn. Kae tete Israelfo a wɔtraa ase wɔ odiyifo Elia bere so no. Nkurɔfo no kae sɛ wɔresom Yehowa, nanso na wogye di sɛ anyame afoforo te sɛ Baal betumi ama wɔadi yiye. Elia ne nkurɔfo no hyiae, na ɔkae sɛ: “Da bɛn na mubehinhim nsɛm abien ntam akosi? Sɛ [Yehowa] ne Nyankopɔn a, munni n’akyi: sɛ Baal nso a, munni n’akyi ɛ!” Akyinnye biara nni ho sɛ Israelfo no “tɔ kɔɔ wɔn nan biako so, na akyiri yi wɔtɔ kɔɔ ɔfoforo no so.” (1 Ahene 18:21; The Jerusalem Bible) Elia twaa Baal asɔfo no mpoa sɛ wɔnkyerɛ wɔn bosom no nyamesu. Onyame a obetumi de ogya afi soro abɛhyew afɔre bi no na ɔbɛda ne ho adi sɛ ɔne nokware Nyankopɔn no. Ɛmfa ho mmɔden kɛse a Baal asɔfo no bɔe no, wodii nkogu. Afei, Elia bɔɔ mpae tiawa sɛ: “[Yehowa], gye me so, na ɔman yi nhu sɛ wo [Yehowa] ne Nyankopɔn.” Ntɛm ara na Yehowa maa ogya fii soro bɛhyew aboa a wɔde rebɔ afɔre a wɔde nsu afɔw no fɔkyee no. Yehowa nyamesu a ɛdaa adi pefee a wonnye ho kyim no kanyan nkurɔfo no ma wotiee Elia, na wokunkum Baal adiyifo 450 no nyinaa. (1 Ahene 18:24-40) Enti ɛnnɛ, sɛ yɛnyɛɛ saa dedaw a, ɛsɛ sɛ yegye Yehowa tom sɛ nokware Nyankopɔn koro no, na yɛbɔ mmɔden fi ase didi ne pon nkutoo so.
‘Akoa Nokwafo No’ Tow Yehowa Pon No
8. Akoa bɛn na Yesu ka siei sɛ ɔde no bedi dwuma ma wama n’asuafo honhom fam aduan wɔ ne ba mu, na henanom na wogyina hɔ ma akoa no?
8 Awurade Yesu Kristo ka siei sɛ wɔ ne ba mu no, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” bi bɛma n’asuafo honhom mu aduan: “Nhyira ne akoa no a ne wura ba a, obehu no sɛ ɔreyɛ saa. Nokware mise mo sɛ, ɔbɛma wadi nea ɔwɔ nyinaa so.” (Mateo 24:45-47) Akoa yi nyɛ onipa biako, na mmom wɔyɛ Kristofo kuw a wɔahyira wɔn ho so na wɔasra wɔn. Saa kuw yi de honhom fam aduan a eye sen biara asi Yehowa pon so ama nkaefo a wɔasra wɔn no ne “nnipakuw kɛse” no. Ɛnnɛ, nnipakuw kɛse no a wɔboro ɔpepem anan no ne nkaefo a wɔasra wɔn no agyina Yehowa Nyankopɔn amansan tumidi ne n’Ahenni a ɔde bɛtew ne din kronkron ho no afã.—Adiyisɛm 7:9-17.
9. Adwinnade bɛn na akoa kuw no akɔ so de adi dwuma de ama Yehowa Adansefo honhom fam aduan, na ɔkwan bɛn so na wɔka wɔn honhom fam adidi no ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ kwan so?
9 Ɔwɛn Aban Asafo no na akoa nokwafo kuw no nam so de honhom fam aduan ma Yehowa Adansefo nyinaa. Bere a ɔkɔm de Kristoman ne nneɛma nhyehyɛe yi mufo a wɔaka esiane sɛ wonnya honhom fam aduan a ɛma nkwa nti no, Yehowa nkurɔfo didi mee. (Amos 8:11) Ɛyɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 25:6 no mmamu: “Asafo [Yehowa] bɛtow aman nyinaa pon bepɔw yi so: sradeduan, nsã a akyɛ, srade ne hon, nsã a wɔasɔn so.” Sɛnea nkyekyem 7 ne 8 kyerɛ no, wɔbɛkɔ so adidi amee daa. Hwɛ nhyira ara a ɛyɛ ma wɔn a ɛnnɛ wɔwɔ Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no mu, ne nhyira ara a ɛbɛkɔ so ayɛ daakye!
Hwɛ Yiye Wɔ Ahonhommɔne Pon so Aduan a Awuduru Wom no Ho
10. (a) Aduan bɛn na akoa bɔne kuw no de ma, na dɛn na ɛkanyan wɔn? (b) Dɛn na akoa bɔne kuw no de yɛ wɔn a na wɔne wɔn som kan no?
10 Awuduru wɔ ahonhommɔne pon so aduan mu. Sɛ́ nhwɛso no, susuw aduan a akoa bɔne kuw no ne awaefo de ma no ho. Ahoɔden nnim na ɛmma nkɔso; ɛho ntew. Entumi nyɛ nea ɛho tew efisɛ awaefo no agyae Yehowa pon so didi. Ɛno nti, nipasu foforo biara a wonyae no ayera. Ɛnyɛ honhom kronkron na ɛkanyan wɔn, na mmom abufuw a ɛyɛ hu. Botae biako pɛ na agye wɔn adwene—sɛ wɔbɛboro wɔn a na wɔne wɔn som kan no, sɛnea Yesu ka siei no.—Mateo 24:48, 49.
11. Dɛn na C. T. Russel kyerɛw faa honhom fam aduan a obi bɛpaw ho, na ɔkaa wɔn a wɔpow Yehowa pon no ho asɛm dɛn?
11 Sɛ́ nhwɛso no, wɔ 1909 mu tɔnn no, C. T. Russel a saa bere no na ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani kyerɛw wɔn a wɔdan fii Yehowa pon ho, na afei wofii ase yɛɛ wɔn a na wɔyɛ wɔn mfɛfo nkoa no basabasa, no ho asɛm. October 1, 1909 The Watch Tower no kae sɛ: “Ɛda adi sɛ sɛ́ anka ebesi wɔn a wɔtwe wɔn ho fi Asafo ti no ne n’adwuma ho no yiye na wɔahyɛ afoforo den wɔ gyidi no mu ama wɔasow honhom aba no, wɔyɛ nea ɛne no bɔ abira—wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe Adwuma a na wɔyɛ bi no, na wɔba fam nkakrankakra a obiara nte wɔn nka bio, na wɔde ɔhaw ba wɔn ne afoforo a wɔyɛ atutuwpɛ saa ara no so. . . . Sɛ ebinom susuw sɛ wobetumi anya aduan a eye te sɛ eyi anaa nea eye sen eyi wɔ apon foforo so, anaa wɔn ankasa betumi ayɛ aduan a eye te sɛ eyi anaa nea eye sen eyi a—saafo no mfa wɔn kwan. . . . Nanso bere a yɛma obiara kwan ma ɔkɔ baabiara a ɔpɛ kɔhwehwɛ aduan ne hann a ɛbɛma wɔn bo atɔ wɔn yam no, nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ wɔn a wɔbɛyɛ yɛn asɔretiafo no fa ɔkwan a ɛyɛ soronko koraa so. Sɛ́ anka eyinom de akokoduru a ɛte sɛ wiase no de bɛka sɛ, ‘Mahu biribi a m’ani gye ho; me ne mo redi nkra!’ no, woyi abufuw, nitan, kunsunkunsun a ɛyɛ ‘ɔhonam no ne ɔbonsam nnwuma’ a yenhuu sɛ wiasefo yi no adi da no adi. Ɛte sɛ nea wɔde Satan adammɔ ahyɛ wɔn mu. Wɔn mu bi kasa tia yɛn na afei wɔka sɛ yɛn na yɛkasa tiaa wɔn. Wɔayɛ krado sɛ wɔbɛkeka na wɔakyerɛw atosɛm, na wɔasɛe wɔn abrabɔ adi atirimɔdensɛm.”
12. (a) Ɔkwan bɛn so na awaefo boro wɔn mfɛfo nkoa? (b) Dɛn nti na asiane wom sɛ yebefi asɛmpɛ mu akenkan awaefo nhoma ahorow?
12 Yiw, awaefo tintim nhoma a ekyinkyim nsɛm, na ɛka nsɛm a enni mũ ne atosɛm ankasa. Wotumi mpo kɔnenam Adansefo nhyiam akɛse ase, na wɔakɔdaadaa wɔn a wɔn ani nna wɔn ho so no. Enti, ɛbɛyɛ nea asiane wom sɛ yɛbɛma asɛmpɛ aka yɛn ma yɛakenkan nsɛm a ɛtete saa anaa yebetie wɔn kasafĩ no! Bere a ebia yensusuw sɛ ɛyɛ asiane ma yɛn ankasa no, asiane da so wom. Dɛn ntia? Ade biako nti a ɛte saa ne sɛ, awaefo nhoma no bi de “tɛkrɛmakyene” ne “nsisisɛm” ka atosɛm. (Romafo 16:17, 18; 2 Petro 2:3) So ɛnyɛ eyi na wobɛhwɛ kwan sɛ ebefi ahonhommɔne pon so? Na ɛwom sɛ awaefo no betumi aka nokwasɛm ahorow bi de, nanso mpɛn pii no wɔde eyinom di dwuma ɔkwammɔne so, a wɔn botae ne sɛ wɔbɛtwe afoforo afi Yehowa pon ho. Nea nsɛm a wɔkyerɛw no nyinaa yɛ ne sɛ ɛkasa tia afoforo na ɛsɛe wɔn! Ɛmma nkɔso biara.
13, 14. Aba bɛn na awaefo ne wɔn nsɛm a wɔkeka no sow?
13 Yesu kae sɛ: “Wɔn aba na mode behu wɔn.” (Mateo 7:16) Ɛnde dɛn ne aba a awaefo no ne wɔn nhoma sow? Nneɛma anan da adi wɔ wɔn nsɛm a wɔkeka no mu. (1) Anifere. Efesofo 4:14 ka sɛ wɔyɛ ‘anifere wɔ nnaadaa nnɛɛdɛe mu.’ (2) Wɔde nyansa hoahoa wɔn ho. (3) Wonni dɔ. (4) Wonni nokware wɔ akwan horow so. Eyinom ne nneɛma a ɛwɔ ahonhommɔne pon so aduan mu, a ne nyinaa atirimpɔw ne sɛ ɛbɛsɛe Yehowa nkurɔfo gyidi.
14 Biribi foforo wɔ hɔ. Dɛn na awaefo no asan adan kɔ so? Mpɛn pii no, wɔsan kɔ Kristoman sum no ne ne nkyerɛkyerɛ te sɛ gyidi a wɔwɔ sɛ Kristofo nyinaa kɔ soro no mu. Afei nso, wɔn mu dodow no ara nkɔ so nsi gyinae pintinn a egyina Kyerɛwnsɛm so wɔ mogya, ɔfã biara a wonni, ne hia a ɛho hia sɛ wodi Onyankopɔn Ahenni ho adanse no ho. Nanso, yɛn de yɛatwe yɛn ho afi Babilon Kɛse sum no ho, na yɛmpɛ sɛ yɛsan kɔ ho bio da. (Adiyisɛm 18:2, 4) Sɛ́ Yehowa asomfo anokwafo no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ mpo sɛ yebewia yɛn ho akenkan eyinom a wɔpow Yehowa pon, na wɔde wɔn ano boro wɔn a wɔreboa yɛn ma yɛanya “nsɛm pa a eye” no adwenhorow no?—2 Timoteo 1:13.
15. Bible nnyinasosɛm bɛn na ɛboa yɛn ma yesi gyinae a nyansa wom bere a yɛte sobo a awaefo bɔ no?
15 Ebia ebinom bɛpɛ sɛ wohu sobo a awaefo no bɔ no mu. Nanso ɛsɛ sɛ yɛkae nnyinasosɛm a ɛwɔ Deuteronomium 12:30, 31 no. Ɛha na Yehowa nam Mose so bɔɔ Israelfo no kɔkɔ wɔ nea ɛsɛ sɛ wɔkwati bere a wɔagye Bɔhyɛ Asase no afi abosonsomfo a wɔte so no nsam no. “Hwɛ wo ho yiye na ɔsɛe a wɔasɛe wɔn afi w’anim no akyi no wɔn akyidi anyɛ wo afiri, na woammisa wɔn anyame akyi kwan sɛ: Amanaman yi sonsom wɔn anyame dɛn? na me nso menyɛ sa. Nyɛ [Yehowa] wo Nyankopɔn sa.” Yiw, Yehowa Nyankopɔn nim sɛnea nnipa asɛmpɛ te. Kae Hawa, ne Lot yere no! (Luka 17:32; 1 Timoteo 2:14) Mommma yentie nea awaefo no reka anaa wɔreyɛ no da. Mmom no, momma yɛmfa yɛn bere nhyɛ nkurɔfo nkuran, na yɛmfa nokwaredi nnidi Yehowa pon so!
Yehowa Pon Nkutoo na Ɛbɛka
16. (a) Dɛn na ɛbɛba Satan, n’ahonhommɔne, ne ne sɛnkyerɛnne kwan so pon a wiase aman no didi wɔ so no so nnansa yi ara? (b) Dɛn na ɛbɛba nnipa a wɔkɔ so didi wɔ ahonhommɔne pon so nyinaa so?
16 Ɛnkyɛ, ahohiahia kɛse no bɛpae agu mpofirim, na adu ne pɔmpɔn so ntɛm wɔ “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko” no mu. (Adiyisɛm 16:14, 16) Ɛbɛba n’awiei koraa bere a Yehowa sɛe nneɛma nhyehyɛe yi ne ne sɛnkyerɛnne kwan so pon a wiase aman no didi so no. Afei nso Yehowa betu Satan Ɔbonsam ahyehyɛde a aniwa nhu no nyinaa ne emu ahonhommɔne dɔm no nyinaa agu. Wɔbɛhyɛ wɔn a wɔakɔ so adidi Satan honhom fam pon no, ahonhommɔne pon no so, ma wɔakɔ adidi bi ase, a ɛnyɛ sɛ wobedi biribi, na mmom sɛ wonni wɔn nam—na ɛbɛkɔ akowie wɔn sɛe!—Hwɛ Hesekiel 39:4; Adiyisɛm 19:17, 18.
17. Nhyira horow bɛn na wɔn a wodidi Yehowa pon so nkutoo no benya?
17 Yehowa pon nkutoo na ɛbɛka. Wɔbɛkora wɔn a wofi anisɔ mu didi wɔ so no so, na wɔanya hokwan adidi wɔ so daa. Aduankɔm biara renhaw wɔn bio. (Dwom 67:6; 72:16) Bere a wɔwɔ akwahosan a edi mũ no, wɔbɛsom Yehowa Nyankopɔn wɔ Paradise! Awiei koraa no, nsɛm a ɛka koma a ɛwɔ Adiyisɛm 21:4 no bɛbam kɛse sɛ: “Ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” Esiane sɛ ɔsɔretia nyinaa befi hɔ nti, Yehowa Nyankopɔn amansan tumidi no bedu baabiara daa daa, ma wɔahwie ɔsoro nhyira agu adesamma a wɔagye wɔn a wɔte Paradise asase so no so. Nea ɛbɛyɛ na yɛn nyinaa anya saa akyɛde yi no, momma yensi yɛn bo sɛ yebedidi wɔ Yehowa pon a honhom fam nnuan pa ayɛ so ma no nkutoo so!
Wubebua Dɛn?
◻ Yɛbɛyɛ dɛn atumi akwati sɛ wɔde ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ bɛdaadaa yɛn?
◻ Dɛn nti na yentumi nnidi wɔ Yehowa ne ahonhommɔne apon so?
◻ Aduan bɛn na awaefo de ma?
◻ Dɛn nti na asiane wom sɛ yɛbɛpɛ sɛ yehu sobo ahorow a awaefo bɔ no mu?
◻ Aba bɛn na awaefo sow?
[Kratafa 10 mfonini]
Honhom fam aduan a eye sen biara ayɛ Yehowa pon so ma