Tu A Wotu Obi—Ɛyɛ Nsiesiei a Ɔdɔ Wom?
“KRONKRON, kronkron, kronkron ne [Yehowa] Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ.” (Adiyisɛm 4:8) Nea ɛne saa asɛm no hyia no, Yehowa ne gyinapɛn ahorow a ɛho tew Fibea. Wɔakyerɛw eyinom wɔ “nkyerɛwee kronkron no” mu, na ɛyɛ Kristofo asɛyɛde sɛ wodi akwankyerɛ ahorow yi akyi. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ wɔkwati biribiara a ɛho ntew wɔ Yehowa ani so.—2 Timoteo 3:15; Yesaia 52:11.
Bible no de ahyɛde a emu da hɔ ma sɛ: “Te sɛ nea ɔfrɛɛ mo no yɛ kronkron no, mo nso monyɛ kronkron abrabɔ nyinaa mu, na wɔakyerɛw sɛ: Monyɛ kronkron, efisɛ me, meyɛ kronkron.” (1 Petro 1:15, 16) Efi bere a wɔde Kristofo asafo no sii hɔ mfeha 19 a atwam ni no, nokware Kristofo ayere wɔn ho denneennen abɔ ho ban afi honhom ne abrabɔ fam fĩ ho.—Yuda 3.
Nea Enti a Ahobammɔ Ho Hia
Onyankopɔn asomfo nyinaa wɔ asɛyɛde a ɛyɛ den sɛ wɔbɛma wɔn ho atew wɔ abrabɔ ne honhom fam. Ne saa nti, ɛsɛ sɛ yɛko tia atamfo akɛse abiɛsa—Satan, ne wiase no, ne yɛn honam nkɛntɛnso bɔne ahorow. (Romafo 5:12; 2 Korintofo 2:11; 1 Yohane 5:19) Satan wiase no bɛsɔ wo ahwɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wubebu bra bɔne, ɛbɛsɔ wo ahwɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛfa n’akwan so, na ɛbɛma wo honam fam ahonyade, edin, dibea, anuonyam, ne tumi. Nanso wɔn a wɔasi wɔn bo sɛ wobedi nokware som akyi no pow nea Satan de ma no, na wɔkɔ so yi wɔn ho “fi wiase nkekae mu.” Dɛn ntia? Efisɛ wɔpɛ sɛ wɔkɔ so tra Yehowa ahyehyɛde a emu tew no hwɛ a ahobammɔ ne ɔdɔ wom no ase.—Yakobo 1:27; 1 Yohane 2:15-17.
Yehowa de mmoa ama Kristofo asafo no muni biara a nipa mmerɛwyɛ nti Satan sɔhwɛ ahorow no nya ne so tumi no. Wɔapaw mpanyimfo a wɔfata wɔ honhom mu sɛ wɔmmɔ asafo no ho ban, na womfi ɔdɔ mu mmoa wɔn a wɔyɛ bɔne mma wonnu wɔn ho wɔ wɔn bɔne ho, na wɔnyɛ nsakrae a ɛho hia na ama wɔasan anya ahoɔden. Ɛsɛ sɛ wɔde boasetɔ boa Kristoni biara a ɔde ne ho hyɛ bɔne mu no ma onu ne ho na ɔsakra n’akwan.—Galatifo 6:1, 2; Yakobo 5:13-16.
Nea Enti a Tu a Wotu Obi No Kyerɛ Ɔdɔ
Ɛsɛ sɛ wobu Yehowa asomfo a wɔabɔ wɔn asu a wɔboa pa fa kwammɔne bi so na wɔnsakra no sɛ nnipa a wonni ahonu, ma enti ɛmfata sɛ wɔne wɔn nya Kristofo fekubɔ. (Fa toto 1 Yohane 2:19 ho.) Wontumi mma ankorankoro a wɔte saa nkɔ so ntra Kristofo asafo a ɛho tew no mu mfa ngu ho fĩ. Ɛsɛ sɛ wotu wɔn.
Yebetumi de tebea a edi so yi akyerɛ fata a ɛfata sɛ wotu wɔn a wɔkɔ so yɛ nnebɔne no: Esiane sɛ ntua ne basabasayɛ a wɔyɛ tia sukuufo adɔɔso nti, sukuu ahorow bi ayeyɛ nhyehyɛe bi a “ɛma woyi sukuufo a wɔde akode di dwuma anaa wɔde hunahuna nkurɔfo adi korakora,” sɛnea The Globe and Mail, atesɛm krataa bi a ɛwɔ Toronto, Canada, bɔ amanneɛ no. Wɔpam wɔn de bɔ sukuufo a wɔpɛ sɛ wonya nhomasua nhyehyɛe no mu mfaso bere a wɔnyɛ wɔn basabasa no ho ban.
Dɛn nti na ɛkyerɛ ɔdɔ sɛ wobetu ɔbɔnefo a onnu ne ho afi asafo no mu? Saa a wɔbɛyɛ no da no adi sɛ wɔwɔ ɔdɔ ma Yehowa ne n’akwan. (Dwom 97:10) Adeyɛ yi kyerɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn a wɔreyɛ adetrenee no, efisɛ eyi obi a obetumi anya wɔn so nkɛntɛnso bɔne fi wɔn mu. Ɛkora asafo no ahotew nso so. (1 Korintofo 5:1-13) Sɛ wɔma kwan ma ɔbrasɛe a anibere wom anaa honhom mu fĩ kɔ so wɔ asafo no mu a, ɛbɛma ɛho agu fĩ, na ɛremfata sɛ ɛde ɔsom kronn bɛma Yehowa a ɔyɛ kronkron no. Afei nso, tu a wotu ɔbɔnefo no betumi aboa no ma wahu aniberesɛm a ne kwammɔne no yɛ, wanu ne ho, na wayɛ nsakrae a ɛfata na ama wɔasan agye no aba asafo no mu.
Sɛnea Ɛka Afoforo
Sɛ asafo no muni bi yɛ bɔne a anibere wom te sɛ awaresɛe a, ɔmma Yehowa koma ani nnye. (Mmebusɛm 27:11) Akyinnye biara nni ho sɛ Kristoni biara a ogyae ne ho mu ma nna mu ɔbrasɛe no nsusuw nneɛma ho sɛnea Yosef yɛe bere a Potifar yere bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma ɔne no ada no. Nea Yosef kae ne sɛ: “Ɛdɛn na menyɛ amumɔyɛ kɛse yi, na menyɛ bɔne mintia Onyankopɔn?” (Genesis 39:6-12) Yosef kyerɛɛ obu maa Yehowa gyinapɛn kronkron no, guan fii hɔ. Ɔkwan foforo so no, ɛkame ayɛ sɛ ɔwaresɛefo nni Onyankopɔn ho dɔ kɛse a ɛbɛma wakwati sɛ obedwudwo ne honam akɔnnɔ.—Galatifo 5:19-21.
Obi a wɔabɔ no asu a obu Onyankopɔn mmara so no da no adi sɛ onsusuw awerɛhow ne ɛyaw a ɔde bɛba n’abusuafo a wɔyɛ gyidifo so no ho. Ebinom ntumi nnyina basaayɛ no ano koraa. Bere a Kristoni bea bi hui sɛ ne babarima rebu bra bɔne no, ɔbɔɔ abubuw sɛ: “Anuanom mmarima ne mmea no ntumi nte awerɛhow ne abasamtu nka a yɛte no ase. . . . Yɛn koma abubu.” Din pa a abusua bi wɔ ho betumi aba asɛm. Abusuafo a wodi nokware betumi anya adwenemhaw na wɔate afobu bi nka. Enti ɔbɔnefo no kwammɔne no de awerɛhow brɛ n’abusuafo.
Mmoa a Ɔdɔ Wom ma Abusuafo
Ehia sɛ nnipa a wɔatu wɔn no abusuafo a wɔyɛ Kristofo anokwafo kae sɛ tu a wotu obi no kyerɛ ɔdɔ na ɛyɛ ahobammɔ nso. Wɔbɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛboa ɔbɔnefo no. Nanso sɛ ɔda no adi sɛ ontie Onyankopɔn, na sɛ nu a ara na onnu ne ho a, asafo no hia ahobammɔ, na biribiara nni hɔ a wobetumi ayɛ sɛ wɔbɛyɛ nea Onyankopɔn Asɛm hyɛ no: “Munyi ɔbɔnefo no mfi mo mu.” (1 Korintofo 5:13) Sɛnea Ɔdansefo bi kae no, “tu a wotu obi no fa nokware a wodi Yehowa ho.”
Sɛ wotu obusuani bi a, n’abusuafo a wɔyɛ Kristofo no di yaw. Enti ɛsɛ sɛ mpanyimfo a wɔapaw wɔn no yɛ nea wobetumi nyinaa de hyɛ wɔn den honhom mu. (1 Tesalonikafo 5:14) Mpanyimfo betumi abɔ mpae ama wɔn na wɔne wɔn abom abɔ bi. Mpɛn pii no, wobetumi akɔsra saa Kristofo anokwafo yi ne wɔn akɔbɔ Kyerɛwnsɛm mu nkɔmmɔ bi a ɛma denhyɛ. Ɛsɛ sɛ nguan no ahwɛfo de hokwan biara hyɛ saa adɔfo yi den honhom mu ansa na Kristofo nhyiam horow afi ase, ne bere a wɔapɔn no. Wobetumi de nkuranhyɛ foforo ama denam asɛnka adwuma a wɔne wɔn bɛbom ayɛ so. (Romafo 1:11, 12) Ehia sɛ honhom mu ahwɛfo da ɔdɔ ne tema a saa Yehowa asomfo anokwafo yi hia no adi kyerɛ wɔn.—1 Tesalonikafo 2:7, 8.
Bɔne a obi yɛ no nkyerɛ ɔkwan biara so sɛ ɛsɛ sɛ wɔkwati ne busuani biara a ɔkɔ so di Yehowa nokware. Onyankopɔn pow Israel Hene Saul a na ɔyɛ ɔbɔnefo no, nanso Dawid amma eyi anka ɔdɔ a na n’ankasa wɔ ma Saul ba Yonatan no. Nokwarem no, Dawid ne Yonatan ntam abusuabɔ no mu bɛyɛɛ den paa. (1 Samuel 15:22, 23; 18:1-3; 20:41) Enti ɛsɛ sɛ asafo no mufo nyinaa boa Kristofo a wɔn abusuafo yɛ bɔne tia Yehowa no, na wɔdɔ wɔn.
Hwɛ sɛnea ɛrenkyerɛ ɔdɔ sɛ yebebu yɛn ani agu anokwafo a wɔtete saa so anaa yenyi ayamye adi nkyerɛ wɔn! Abusuafo a wodi nokware no hia nkuranhyɛ soronko. Ebia wɔbɛte nka sɛ aka wɔn nko, na tebea a wɔwom no bɛyɛ den ama wɔn yiye. Wubetumi aka asɛm bi a ɛfa honhom mu nneɛma ho anaa osuahu bi a ɛma denhyɛ akyerɛ wɔn wɔ telefon so. Sɛ nea wɔatu no no fa telefon no a, ɛno ara ne sɛ wobɛka sɛ wopɛ sɛ wo ne ne busuani a ɔyɛ Kristoni no kasa. Wubetumi ato nsa afrɛ anokwafo a wɔwɔ abusua a ɛte saa mu no ma wɔne wo abehyiam agye mo ani anaa wɔabedidi wɔ wo fie. Sɛ wuhyia wɔn sɛ wɔredi gua a, wubetumi afa hokwan no ne wɔn anantew ahyɛ wɔn den. Kae, Kristofo anokwafo a wɔatu wɔn abusuafo da so ara wɔ Yehowa ahyehyɛde a ɛho tew no mu. Ɛnyɛ den sɛ wɔbɛtew wɔn ho na wɔapa abaw. Enti, ma w’ani nna hɔ na yi ayamye ne ɔdɔ adi kyerɛ wɔn. Kɔ so yɛ papa ‘ma nnipa a wɔka wo ho wɔ gyidi no mu no nyinaa.’—Galatifo 6:10.
Kyerɛ Yehowa Nsiesiei Ho Anisɔ
Hwɛ aseda a yebetumi de ama sɛ Yehowa Nyankopɔn fi ɔdɔ mu susuw obiara a ɔwɔ wiase nyinaa abusua a n’asomfo wom mu no ho. Ɔnam n’ahyehyɛde no so ayɛ nhyehyɛe bi a ɔdɔ wom de boa yɛn ma yɛnantew n’anim wɔ trenee kwan so. Sɛ obusuani bi boa pa kɔ so yɛ bɔne na sɛ ɛsɛ sɛ wotu no fi asafo no mu mpo a, sɛ onu ne ho ampa a, obetumi asan aba. Nhwɛso a edi so yi kyerɛkyerɛ eyi mu:
Mpanyimfo bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa obi a yɛbɛfrɛ no Anna, nanso ofii ase nom sigaret, nsa, ne nnubɔne. Wannu ne ho, na wankɔ so antra asafo no mu. Nanso, ankyɛ na Anna ani fii ase gyinaa Yehowa asafo a ɛho tew no fekubɔ a ɔdɔ wom no, na ɔbɔɔ no mpae srɛɛ mmoa. Ogye tom sɛ na onnya nhuu sɛnea mpanyimfo no dwen wɔn a wɔfom kwan no ho fa. Anna fii nhyiamkɔ ase bio, na eyi ma onuu ne ho. Ɛno akyi no, wɔsan gyee no baa asafo a ɔdɔ ne ahobammɔ wom no mu. Anna afi ase de Yehowa abrabɔ gyinapɛn a ɛkorɔn no redi dwuma bio. N’ani sɔ ɔdɔ a mpanyimfo no daa no adi no, na ɔka nso sɛ: “Sɛnea Kristofo nhoma ahorow aboa me no nni ano. Ɛda adi sɛ Yehowa di yɛn ahiade ahorow ho dwuma yiye.”
Yiw, Onyankopɔn akyerɛ ɔkwan bi a wɔn a wɔatu wɔn afi asafo no mu nanso akyiri yi wonu wɔn ho no betumi afa so asan aba. Yɛahu sɛ tu a wotu obi no ankasa mpo yɛ nsiesiei a ɔdɔ wom. Nanso hwɛ oye a eye sɛ yɛbɛkwati saa osuahu a ɛyɛ awerɛhow yi, denam yɛn Nyankopɔn kronkron no akwan a ɛteɛ no ho a yɛbata bere nyinaa no so! Ɛmmra sɛ yɛn ani bɛsɔ sɛ yɛwɔ hokwan sɛ yebeyi Yehowa ayɛ sɛ n’ahyehyɛde a ɛho tew, na ɔdɔ ne ahobammɔ wom no mufo daa.
[Kratafa 26 mfonini]
Woda ɔdɔ adi kyerɛ wɔn a wotu wɔn fi asafo no mu abusuafo anokwafo?