Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 5/1 kr. 19-23
  • Monkɔ So Nwɛn Wɔ “Awiei Bere No” Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Monkɔ So Nwɛn Wɔ “Awiei Bere No” Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ko Tia Nneɛma a Egye Asabawmu
  • Bɔ Mpae a Emu Yɛ Den
  • Bata Onyankopɔn Ahyehyɛde ne N’adwuma ho Pintinn
  • Hwehwɛ Wo Ho Mu
  • Susuw Nkɔmhyɛ Ahorow a Abam Ho
  • Nkwagye Abɛn Akyɛn Bere a Yɛdan Gyidifo No
  • “Monkɔ So Nwɛn”!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Siesie Wo Ho Ma Yehowa Da No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • “Monwɛn”
    Yɛn Ahenni Som—2000
  • Yɛrewɛn—Yɛmma Biribiara Nnye Yɛn Asabawmu?
    Yɛn Ahenni Som—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 5/1 kr. 19-23

Monkɔ So Nwɛn Wɔ “Awiei Bere No” Mu

“Monkɔ so nhwɛ, monkɔ so nwɛn, efisɛ munnim da a bere a wɔahyɛ no bɛba.”​—MARKO 13:33.

1. Bere a nsɛm a ɛyɛ anigye sisi wɔ “awiei bere” yi mu no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn?

BERE a nsɛm a ɛyɛ anigye sisi wɔ “awiei bere” yi mu no, ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ wɔn ade dɛn? (Daniel 12:4) Wɔma wohu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Yesu Kristo na ɔhyɛɛ nkɔm a nsɛnkyerɛnne a ɛbom biako na ɛrenya ne mmamu wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu no wom no. Ɔkaa nneɛma pii a ahyɛ yɛn bere yi agyirae fi 1914 sɛ nea ɛda nsow no ho asɛm siei. Esiane sɛ na Yesu nim Daniel nkɔmhyɛ a ɛfa “awiei bere” no ho no nti, ɔde afotu maa n’asuafo no wɔ ɔno ankasa nkɔmhyɛ kɛse no akyi sɛ ‘wɔnkɔ so nwɛn.’​—Luka 21:36.

2. Dɛn nti na ɛho hia yiye sɛ yɛkɔ so wɛn wɔ honhom fam?

2 Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛwɛn? Efisɛ eyi ne adesamma abakɔsɛm mu bere a ɛyɛ hu sen biara. Ɛbɛyɛ nea asiane wom kɛse sɛ Kristofo bɛtɔ nko honhom mu wɔ saa bere yi mu. Sɛ yɛyɛ anibiannaso anaa yɛma nkwa yi mu nneɛma ho dadwen ne haw ahorow hyɛ yɛn koma so a, yɛbɛtɔ asiane mu. Yesu Kristo bɔɔ yɛn kɔkɔ wɔ Luka 21:34, 35 sɛ: “Monhwɛ mo ho so yiye, na potwaa ne asabow ne nkwa yi mu nneɛma ho dadwen ne haw anhyɛ mo koma so, na ɛda no ammɛto mo mpofirim te sɛ afiri, na ɛbɛba wɔn a wɔte asase nyinaa ani nyinaa so.”

3, 4. (a) Dɛn na na Yesu kyerɛ bere a ɔkae sɛ Onyankopɔn abufuw da no bɛba nkurɔfo so mpofirim “te sɛ afiri” no? (b) Esiane sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na osum afiri no nti, dɛn nti na saa da no bɛba abɛto nkurɔfo pii bere a wɔnhwɛ kwan?

3 Ntease pa nti na Yesu kae sɛ Yehowa da no ‘bɛba abɛto yɛn mpofirim te sɛ afiri no.’ Wɔtaa bɔ hama pɔw de hyɛ afiri ho na wɔde kyere nnomaa ne mmoa afoforo. Afiri no wɔ pɛrewa, na obiara a otia mu no tia pɛrewa no so. Afei afiri no huan, na eyi onii ko. Eyi nyinaa ba mpofirim. Yesu kae sɛ saa kwan no ara so na nneɛma befi wɔn a wɔnyɛ hyew wɔ honhom mu no mpaase a wɔn ani nna wɔn ho so wɔ Onyankopɔn “abufuw da” no mu.​—Mmebusɛm 11:4.

4 So Yehowa Nyankopɔn na osum nkurɔfo afiri? Dabi, ɔntetɛw nkurɔfo na wakyere wɔn bere a wɔn ani nni wɔn ho so asɛe wɔn. Nanso saa da no bɛba abɛto nnipa pii mpofirim efisɛ wɔmma Onyankopɔn Ahenni no nni kan wɔ wɔn nsusuwii mu. Wɔyɛ nea wɔpɛ wɔ asetra mu nneɛma akyidi mu, na wobu wɔn ani gu nea nneɛma a ɛrekɔ so a wohu no kyerɛ so. Nanso, eyi nsakra Onyankopɔn bere nhyehyɛe. Ɔwɔ n’ankasa bere a wahyɛ ato hɔ ama akontaabu. Na ofi mmɔborohunu mu ama adesamma ahu sɛ ɔde atemmu bi reba.​—Marko 13:10.

5, 6. (a) Esiane atemmu a ɛreba no nti, ɔdɔ nsiesiei bɛn na ɔbɔadeɛ no ayɛ ama abɔde a wɔyɛ adesamma, nanso dɛn na afi mu aba? (b) Dɛn na yebesusuw ho na aboa yɛn ma yɛakɔ so awɛn?

5 Kɔkɔbɔ a wɔadi kan de ama yi yɛ ɔdɔ nsiesiei a Ɔbɔadeɛ kɛse, a abɔde a wɔyɛ adesamma a wɔwɔ ne sɛnkyerɛnne kwan so nan ntiaso so no yiyedi ho hia no no ayɛ. (Yesaia 66:1) Wɔn a wɔte faako a wɔka sɛ n’anan sisi no som bo ma no. Enti ɔnam n’asase so ananmusifo ne asomafo so bɔ wɔn nsɛm a ɛrebesisi no ho kɔkɔ. (2 Korintofo 5:20) Nanso, kɔkɔbɔ a wɔde ama no nyinaa akyi no, saa nsɛm no bɛba abɛto adesamma abusua no mpofirim te sɛ nea wɔatɔ afiri mu ara pɛ. Dɛn ntia? Efisɛ nnipa pii reda wɔ honhom fam. (1 Tesalonikafo 5:6) Wɔn mu kakraa bi pɛ a wotie kɔkɔbɔ no na wobenya nkwa akɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu.​—Mateo 7:13, 14.

6 Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn atumi akɔ so awɛn wɔ awiei bere yi mu na ama wɔde yɛn aka wɔn a wobegye wɔn nkwa no ho? Yehowa ma yɛn mmoa a yehia no. Momma yɛnhyɛ nneɛma ason a yebetumi ayɛ no nsow.

Ko Tia Nneɛma a Egye Asabawmu

7. Nneɛma a egye yɛn asabawmu ho kɔkɔbɔ bɛn na Yesu de mae?

7 Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yɛko tia nneɛma a egye asabawmu. Yesu kae wɔ Mateo 24:42, 44 sɛ: “Enti monwɛn, efisɛ munnim da ko a mo wura no bɛba. Eyi nti, munsiesie mo ho nsie, efisɛ dɔn a munsusuw no mu na onipa ba no reba.” Nsɛm a Yesu de dii dwuma wɔ ha no kyerɛ sɛ wɔ saa bere a emu yɛ den yi mu no, nneɛma pii betumi agye yɛn asawbawmu, na sɛ nneɛma gye yɛn asabawmu a, ebetumi de yɛn akɔ ɔsɛe mu. Noa nna no mu no, nneɛma pii gyee nkurɔfo adwene. Enti nnipa a nneɛma agye wɔn asabawmu no ‘anhyɛ’ nea na ɛrekɔ so no ‘nsow,’ na Nsuyiri no bɛsɛee wɔn nyinaa. Enti, Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Saa ara nso na onipa ba no ba bɛyɛ.”​—Mateo 24:37-39.

8, 9. (a) Ɔkwan bɛn so na da biara da asetra mu nneɛma akyidi betumi agye yɛn asabawmu ɔkwan a asiane wom so? (b) Kɔkɔbɔ bɛn na Paulo ne Yesu de maa yɛn?

8 Ma ɛntra w’adwenem nso sɛ wɔ ne kɔkɔbɔ a ɛwɔ Luka 21:34, 35 no, na Yesu reka da biara asetra mu nneɛma ahorow ho asɛm ara kwa, te sɛ adidi, ɔnom, ne sika a obi benya de ahwɛ ne ho ho dadwen. Ɛyɛ nneɛma a nnipa nyinaa yɛ bi, a Awurade Yesu asuafo no nso ka ho. (Fa toto Marko 6:31 ho.) Ebia nneɛma yi ankasa bɛyɛ nea bɔne biara nni ho, nanso sɛ yɛma kwan a, ebetumi agye yɛn adwene, na ama yɛatɔ honhom mu nko a asiane wom.

9 Enti, mommma yemmmu yɛn ani nngu ade a ɛho hia sen biara no so​—Onyankopɔn a yɛbɛsɔ n’ani. Sɛ́ anka yɛbɛma da biara da asetra mu nneɛma agye yɛn bere nyinaa no, momma yɛmfa nni dwuma nkosi faako a yehia na yɛde ahwɛ yɛn ho no ara kɛkɛ. (Filipifo 3:8) Ɛnsɛ sɛ eyi Ahenni nneɛma ho anigye fi yɛn asetra mu. Sɛnea Romafo 14:17 ka no, “Onyankopɔn ahenni nyɛ adidi ne ɔnom, na mmom ɛyɛ trenee ne asomdwoe ne honhom kronkron mu anigye.” Kae Yesu nsɛm a ɔkae yi: “Monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.” (Mateo 6:33) Bio nso, Yesu kae wɔ Luka 9:62 sɛ: “Obi a ɔde ne nsa koso fɛtɛw ade mu na ɔhwɛ n’akyi no mfata Onyankopɔn ahenni mu.”

10. Asiane bɛn na ɛwɔ yɛn ani a yɛremma ɛnhwɛ botae no tee no mu?

10 Sɛnkyerɛnne kwan so no, sɛ yefi ase fɛntɛm asase ani a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn anim tee. Nea ɔrefɛntɛm asase ani a ɔhwɛ n’akyi no rentumi nkɔ no tee. Nneɛma afoforo gye n’adwene na ɛyɛ mmerɛw sɛ akwanside bi bɛma waman anaasɛ wagyina. Mommma yɛnnyɛ sɛ Lot yere a ɔhwɛɛ n’akyi ma enti wankodu nea ahobammɔ wɔ no. Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ani si botae no so tee. Sɛ yebetumi ayɛ saa a, ɛsɛ sɛ yɛko tia nneɛma a egye yɛn asabawmu no.​—Genesis 19:17, 26; Luka 17:32.

Bɔ Mpae a Emu Yɛ Den

11. Bere a Yesu bɔɔ yɛn kɔkɔ wɔ nneɛma a egye yɛn asabawmu ho wiei no, dɛn na osii so dua?

11 Nanso, pii wɔ hɔ a yebetumi ayɛ na yɛakɔ so awɛn. Nea ɛto so abien a ɛho hia sɛ yɛyɛ ne sɛ: Yɛbɛbɔ mpae a emu yɛ den. Bere a Yesu de da biara da asetra mu nneɛma akyidi a ebegye yɛn asabawmu ho kɔkɔbɔ ma wiei no, ɔde afotu yi mae sɛ: “Enti monwɛn na monsrɛ daa, na moanya ahoɔden de aguan afi nneɛma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na moakogyina onipa Ba no anim.”​—Luka 21:36.

12. Mpaebɔ bɛn na ɛho hia, na dɛn na ebefi mu aba?

12 Enti, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so bɔ sɛnea asiane wɔ yɛn tebea no mu ne sɛnea ehia sɛ yɛma yɛn ani da hɔ no ho mpae daa. Enti momma yɛmfa nkotɔsrɛ a emu yɛ den nkɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu. Paulo ka wɔ Romafo 12:12 sɛ: “Munkura mpaebɔ mu ara.” Na yɛkenkan wɔ Efesofo 6:18 sɛ: “Momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ nyinaa mmɔ mpae daa honhom mu, na ɛno ara nti monwɛn.” Eyi nyɛ mpae a wɔbɔ no te sɛ asɛm bi a esi ara kwa a ɛho nhia kɛse biara. Yɛn asetra ankasa aba asiane mu. Enti yehia sɛ yɛsrɛ Onyankopɔn mmoa denneennen. (Fa toto Hebrifo 5:7 ho.) Yɛnam saa kwan no so bɛkɔ so agyina Yehowa afã. Biribiara nni hɔ a ebetumi aboa yɛn ma yɛayɛ eyi sen sɛ ‘yɛde nkotɔsrɛ bɛma bere nyinaa.’ Afei Yehowa bɛma yɛn ani aba yɛn ho so na yɛakɔ so awɛn bere nyinaa. Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛbɔ mpae a yennyae!

Bata Onyankopɔn Ahyehyɛde ne N’adwuma ho Pintinn

13. Fekubɔ bɛn na yehia na ama yɛatumi akɔ so awɛn?

13 Yɛpɛ sɛ yeguan fi nneɛma a ɛbɛba wiase no so yi nyinaa mu. Yɛpɛ sɛ yegyina onipa Ba no anim a yɛsɔ n’ani. Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi ayɛ saa no, ade a ɛto so abiɛsa bi wɔ hɔ a yebetumi ayɛ: Ɛsɛ sɛ yɛbata Yehowa teokrase ahyehyɛde no ho pintinn. Ɛsɛ sɛ yɛne saa ahyehyɛde no bɔ wɔ biribiara mu na yenya emu dwumadi ahorow mu kyɛfã. Yɛnam saa kwan yi so bɛma wɔahu yɛn pefee sɛ Kristofo a wɔrewɛn.

14, 15. (a) Adwuma bɛn a yɛde yɛn ho behyem na ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so awɛn? (b) Hena na ɔbɛkyerɛ sɛ wɔaka asɛm no awie, na ɛsɛ sɛ yɛte nka wɔ ho dɛn? (d) Ahohiahia kɛse no akyi no, sɛ yebu kɔmpɔ hwɛ Ahenni asɛmpaka adwuma a wɔyɛe no a, dɛn na yebehu?

14 Nea ɛbɛn eyi ho yiye ne ade a ɛto so anan a ebetumi aboa yɛn ma yɛakɔ so awɛn. Ɛsɛ sɛ yɛka wɔn a wɔde nneɛma nhyehyɛe yi awiei a ɛreba no ho kɔkɔbɔ ma nkurɔfo no ho. Nneɛma nhyehyɛe dedaw yi awiei koraa no remma gye sɛ yɛaka “ahenni no ho asɛmpa yi” akodu faako a Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn abɔ ne tirim sɛ enkodu no ansa. (Mateo 24:14) Ɛnyɛ Yehowa Adansefo na wɔbɛkyerɛ sɛ wɔawie asɛnka adwuma no. Saa hokwan no yɛ Yehowa ankasa de. (Marko 13:32, 33) Nanso, yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ adwuma denneennen sɛnea yebetumi ne bere tenten a ebehia sɛ yɛka aban a eye sen biara a adesamma betumi anya, Onyankopɔn Ahenni, no ho asɛm no. “Ahohiahia kɛse” no befi ase bere a yɛda so ara reyɛ saa adwuma yi. (Mateo 24:21) Wɔ daakye bere biara mu no, wɔn a wonyaa nkwagye no betumi akae na wɔde anigye asi so dua sɛ na Yesu nyɛ atoro diyifo. (Adiyisɛm 19:11) Ɛbɛyɛ nea na wɔayɛ asɛmpaka adwuma no akodu baabi a ɛkɔ akyiri sen sɛnea wɔn a wɔrenya mu kyɛfa no hwɛɛ kwan koraa no.

15 Enti, ebedu bere titiriw a na wɔayɛ adwuma yi akodu faako a ɛsɔ Yehowa ani no, na nnipa pii renya ne yɛ mu kyɛfã sen bere biara a atwam. Hwɛ sɛnea yɛde aseda bɛma sɛ yenyaa adwuma kɛse yi yɛ mu kyɛfã! Ɔsomafo Petro ma yɛn awerɛhyem sɛ Yehowa mpɛ “sɛ nnipa bi bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu.” (2 Petro 3:9) Ne saa nti, Ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn adeyɛ tumi no reyɛ adwuma denneennen nnɛ sen bere biara a atwam, na Yehowa Adansefo wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ adwuma a honhom no kanyan ne yɛ yi. Enti bata Yehowa ahyehyɛde no ho pintinn, na fa wo ho hyɛ ne baguam asɛnka adwuma no mu fee. Eyi bɛboa wo ma woakɔ so awɛn.

Hwehwɛ Wo Ho Mu

16. Dɛn nti na ehia sɛ yɛhwehwɛ yɛn ho mu wɔ yɛn mprempren honhom fam gyinabea mu?

16 Ade a ɛto so anum bi wɔ hɔ a yebetumi ayɛ na yɛakɔ so awɛn. Ɛsɛ sɛ yɛn ankorankoro biara hwehwɛ yɛn ho mu wɔ yɛn mprempren gyinabea ho. Eyi fata mprempren sen bere biara a atwam. Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ nea yegyina n’afã pintinn. Paulo kae wɔ Galatifo 6:4 sɛ: “Ma obiara nsɔ n’ankasa n’adwuma nhwɛ.” Hwehwɛ wo ho mu ma ɛne Paulo nsɛm a ɛwɔ 1 Tesalonikafo 5:6-8 no nhyia: “Enti mommma yɛnnna sɛ wɔn a aka no, na mmom momma yɛnwɛn, na yɛn ani nna hɔ. Efisɛ wɔn a wɔda da anadwo, na wɔn a wɔbow bow anadwo, na yɛn a yɛyɛ adekyee de yi, momma yɛn ani nna hɔ, na yɛnhyɛ gyidi ne ɔdɔ nkatabo ne nkwagye anidaso sɛ dade kyɛw.”

17. Sɛ yɛrehwehwɛ yɛn ho mu a, nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho?

17 Na yɛn nso ɛ? Sɛ yegyina Kyerɛwnsɛm no so hwehwɛ yɛn ho mu a, so yehu sɛ yɛkɔ so wɛn, na yɛahyɛ nkwagye anidaso no sɛ dade kyɛw? So yɛyɛ nnipa a yɛatwe yɛn ho afi nneɛma nhyehyɛe dedaw no ho koraa ma yenkura emu nsusuwii bio anaa? So yɛwɔ Onyankopɔn wiase foforo no honhom ampa? So yenim nea nhyehyɛe yi ani kyerɛ no yiye? Sɛ ɛte saa a, Yehowa da no remmɛto yɛn mpofirim te sɛ nea yɛyɛ awifo.​—1 Tesalonikafo 5:4.

18. Nsɛm afoforo bɛn bio na ebia ebehia sɛ yebisa yɛn ho, na dɛn na ebefi mu aba?

18 Nanso, sɛ yɛn ho mu a yɛhwehwɛ no da no adi sɛ yɛyere yɛn ho na yɛanya ahonya, ne ahotɔ asetra kwan bi a ɔbrɛ nnim nso ɛ? Sɛ yehu sɛ yɛn ani rekum wɔ honhom mu nso ɛ? So yɛwɔ tebea bi a ɛte sɛ adaeso mu, a yɛredi wiase ahuhude bi akyi anaa? Sɛ saa a, ɛnde momma yennyan!​—1 Korintofo 15:34.

Susuw Nkɔmhyɛ Ahorow a Abam Ho

19. Nkɔmhyɛ a yɛahu sɛ abam no bi ne nea ɛwɔ he?

19 Afei yɛadu ade a ɛto so asia a ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so awɛn so: Susuw nkɔmhyɛ ahorow pii a abam wɔ awiei bere yi mu no ho. Efi bere a amanaman no mmere a wɔahyɛ ato hɔ no baa awiei wɔ 1914 mu no, yɛatra afe a ɛto so 77 no dedaw. Bere a yebu kɔmpɔ hwɛ afeha nkyem anan mu abiɛsa a atwam no, yetumi hu sɛnea nkɔmhyɛ ahorow no abam atoatoa so​—nokware som a wɔasan de asi hɔ; nkaefo a wɔasra wɔn, ne wɔn ahokafo no a wɔagye wɔn akɔ honhom fam paradise bi mu; Ahenni no ho asɛmpa a wɔreka wɔ asase so nyinaa; nnipakuw kɛse a wɔbɛba no. (Yesaia 2:2, 3; ti 35; Sakaria 8:23; Mateo 24:14; Adiyisɛm 7:9) Wɔama Yehowa din kɛse ne n’amansan tumidi no ayɛ kɛse, na nea osua koraa no adan apem, na akumaa adan ɔman a ɛyɛ den, na Yehowa ama ayɛ ntɛm wɔ ne bere mu. (Yesaia 60:22; Hesekiel 38:23) Na ɔsomafo Yohane anisoadehu ahorow a ɛwɔ Adiyisɛm kyerɛwtohɔ no mu no rebɛn n’awiei mprempren.

20. Gyidi bɛn na Yehowa Adansefo nyinaa wɔ, na ada adi sɛ ɛyɛ dɛn ankasa?

20 Enti, Yehowa Adansefo gye di yiye sen bere biara a atwam sɛ wɔn ntease wɔ nea wiase nsɛm a asisi fi 1914 kyerɛ ho no yɛ nokware. Esiane gyidi a ɛte saa a wɔwɔ no nti, wɔayɛ adwinnade wɔ Ɔsorosoroni Nyankopɔn nsam. Wɔn na wɔde ahyɛde ama wɔn sɛ wɔnka ɔsoro nkrasɛm no nkyerɛ wɔ bere titiriw yi mu. (Romafo 10:15, 18) Yiw, Yehowa nsɛm ma awiei bere yi no abam. (Yesaia 55:11) Ɛsɛ sɛ eyi nso kanyan yɛn ma yɛkɔ so gyina kosi sɛ yebehu sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow nyinaa a ɔnam Yesu Kristo so de mae no nyinaa abam koraa.

Nkwagye Abɛn Akyɛn Bere a Yɛdan Gyidifo No

21. Ade a ɛto so ason a ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so awɛn wɔ honhom fam bɛn na yɛwɔ?

21 Nea etwa to koraa no, ade a ɛto so ason a ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so awɛn ni: Momma ɛntra yɛn adwenem bere nyinaa sɛ yɛn nkwagye abɛn akyɛn bere a yɛdan gyidifo no. Nea ɛho hia kyɛn saa no, Yehowa amansan tumidi a wɔbɛsan ho ne ne din a wɔbɛtew ho no abɛn yiye. Enti, sɛnea ebia sɛ yɛkɔ so wɛn no gye ntɛmpɛ sen bere biara. Ɔsomafo Paulo kyerɛw sɛ: “Yenim bere no, sɛ dɔn a mufi nna mu sɔre no anya adu, na afei yɛn nkwagye abɛn akyɛn bere a yɛdan gyidifo no. Anadwo akɔ n’anim, adekyee abɛn.”​—Romafo 13:11, 12.

22. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ sɛnea yɛn nkwagye abɛn no ka yɛn?

22 Bere a yɛn nkwagye abɛn sɛɛ yi, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so wɛn! Ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn ankasa anaa wiase anigyede bi bunkam anisɔ a yɛwɔ ma nea Yehowa reyɛ ama ne nkurɔfo wɔ awiei yi mu no so. (Daniel 12:3) Ehia sɛ yɛyɛ pintinn sen bere biara a atwam na yɛamman amfi ɔkwan a Onyankopɔn Asɛm kyerɛ yɛn pefee sɛ yɛmfa so no ho. (Mateo 13:22) Adanse no da no adi pefee sɛ wiase yi wɔ ne nna a edi akyiri mu. Ɛrenkyɛ na wɔayi afi hɔ koraa na abue kwan ma trenee wiase foforo bi aba.​—2 Petro 3:13.

23. Ɔkwan bɛn so na Yehowa bɛboa yɛn, na nhyira bɛn na ebefi mu aba?

23 Ɛnde, nea ɛte biara, momma yɛnkɔ so nwɛn. Momma yɛn ani nna hɔ nsen bere biara a atwam wɔ faako a yɛadu wɔ bere yi mu no mu. Monkae sɛ Yehowa renna da wɔ asɛm yi mu. Mmom no, ɔbɛkɔ so aboa yɛn na yɛakɔ so awɛn wɔ awiei bere yi mu. Anadwo akɔ n’anim. Adekyee abɛn. Enti monkɔ so nwɛn! Ɛrenkyɛ yebehu da bi a ɛyɛ anigye sen biara, bere a Mesia Ahenni no ma Yehowa atirimpɔw wɔ asase yi ho ba mu no!​—Adiyisɛm 21:4, 5.

Wubebua Dɛn?

◻ Dɛn na na Yesu kyerɛ bere a ɔkae sɛ Onyankopɔn abufuw da bɛba nkurɔfo so “te sɛ afiri” no?

◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛko tia nneɛma a egye yɛn asabawmu, na yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

◻ Mpaebɔ bɛn na yehia na ama yɛakɔ so awɛn?

◻ Fekubɔ bɛn na ɛho hia?

◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ yɛn ho mu wɔ yɛn honhom fam gyinabea mu?

◻ Afã bɛn na nkɔmhyɛ wɔ wɔ wɛn a yɛbɛkɔ so awɛn no mu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena