Yehia Asafo No
1 Bere bi, Kora mma no daa anisɔ a wɔwɔ ma Yehowa asafo adi wɔ saa kwan yi so: “Wo fi adiwo dakorodi ye sen nna apem baabi foforo.” (Dw. 84:10, NW) Wɔn fam no, na biribiara nni wiase a wobetumi de atoto ho. Sɛ saa na wo nso wote nka a, ɛsɛ sɛ woma asafo no yɛ w’asetra mu ade titiriw.
2 Efi Kristofo asafo no ahyɛase no, ada no adi sɛ Yehowa nhyira wɔ so. (Aso. 16:4, 5) Ɛnsɛ sɛ yɛn mu biara bu asafo no abomfiaa anaa yɛte nka sɛ ɛyɛ ade a ɛma yehyia faako kɛkɛ. Asafo no ne Yehowa Adansefo a wɔwɔ mpɔtam biara nhyiambea titiriw. Ɛma yɛka bom bɔ fekuw sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa bɛkyerɛkyerɛ yɛn na wahyehyɛ yɛn ama Ahenni dwumadi.—Yes. 2:2.
3 Kristofo asafo no ne ɔkwan titiriw a wɔnam so kyerɛkyerɛ yɛn nokware no. (1 Tim. 3:15) Ɛsɛ sɛ Yesu asuafo ‘nyinaa yɛ biako’—wɔne Onyankopɔn, Kristo, ɛna wɔn ho wɔn ho yɛ biako. (Yoh. 17:20, 21; fa toto Yesaia 54:13 ho.) Wiase baabiara a yɛbɛkɔ no, yɛn nuanom gye Bible nkyerɛkyerɛ ne nnyinasosɛm ahorow di, na wɔbɔ wɔn bra ma ɛne no hyia.
4 Ɛtete yɛn siesie yɛn ma yetumi di yɛn asɛyɛde a ɛne sɛ yɛbɛyɛ asuafo no ho dwuma. Ɔsram biara, Ɔwɛn-Aban, Nyan!, ne Yɛn Ahenni Som de nsɛm a mfaso wɔ so ma de boa yɛn ma yetumi fi Kyerɛwnsɛm mu nkɔmmɔbɔ ase. Wosiesie nhyiam horow no ma ɛkyerɛ yɛn sɛnea yebenya anigyefo na yɛama wɔn anigye ayɛ kɛse. Nkɔanim a yenya wɔ wiase nyinaa no kyerɛ sɛ yɛwɔ ɔsoro mmoa wɔ adwuma yi mu.—Mat. 28:18-20.
5 Yɛnam asafo no so nya nkuranhyɛ da biara da ma ‘ɛtwetwe yɛn kɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.’ (Heb. 10:24, 25) Ɛhyɛ yɛn den ma yɛde nokwaredi gyina sɔhwɛ ahorow ano. Ahwɛfo a wɔwɔ dɔ boa yɛn ma yegyina nhyɛso ne dadwen ahorow ano. (Ɔsɛnk. 4:9-12) Wɔma yɛn afotu a ɛho hia bere a yɛreyɛ afom kwan no. Ahyehyɛde foforo bɛn na ɛde ɔhwɛ a ɔdɔ wom saa ma?—1 Tes. 5:14.
6 Nea Yehowa pɛ ne sɛ yɛbɛbata n’ahyehyɛde no ho na ama yɛn biakoyɛ atra hɔ. (Yoh. 10:16) Ɔkwan biako a asafo no fa so boa yɛn ma yɛkɔ so ne akoa nokwafo kuw no nya nkitahodi ne sɛ ɛsoma ahwɛfo akwantufo ma wɔbɛhyɛ yɛn nkuran. Sɛ yetie akwankyerɛ a efi ɔdɔ mu no a, ɛka yɛn bom wɔ koroyɛ mu na ɛma yɛkɔ so nya honhom mu ahoɔden.
7 Yehia asafo no na yɛatumi agyina wɔ honhom mu. Yɛrentumi nkwati na yɛnsom Yehowa mma ɛnsɔ n’ani. Ɛnde, momma yɛmmata nsiesiei a Yehowa ayɛ no ho. Ɛmmra sɛ yɛbɛyɛ ade ma ɛne ne botae horow ahyia, na yefi komam de afotu a yenya wɔ mu no adi dwuma. Saa kwan yi so nkutoo na yebetumi akyerɛ sɛnea asafo no som bo ma yɛn.—Dw. 27:4.