Ahenni Anidaso a Yɛbɛka Akyerɛ Denam “Kingdom Come” Nhoma no a Yɛde Bɛma So
1 Anidaso bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo ka kyerɛ nnɛ? Nokwarem no, ɛnyɛ onipa amammui anidaso bi! Abakɔsɛm di adanse sɛ nnipa nhyehyɛe ne n’akwankyerɛ ntumi nnii adesamma ahiade a ɛtra hɔ kyɛ ne wɔn nkwagye ho dwuma. Nokware anidaso ne Onyankopɔn Ahenni. (Mat. 6:10) Yɛwɔ hokwan a ɛfata wɔ December mu sɛ yɛde “Kingdom Come” nhoma no bɛma de akyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni betumi ayɛ biribi pa ama adesamma ankasa. Dɛn na yebetumi aka de akanyan anigye?
2 Ebia nnipa a wonnye nni sɛ Ahenni no yɛ nokware no ani begye asɛm a edi so yi a wobɛka ho:
◼ “Yɛn mu dodow no ara nim Awurade mpaebɔ no fã bi a ɛka sɛ: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so sɛnea ɛyɛ ɔsoro” no. Merebisa sɛ yɛn mu baahe na wosusuw sɛ Ahenni no yɛ paara ankasa? Wususuw dɛn? [Twɛn ma ommua.] Ma yɛnkenkan Adiyisɛm 21:3, 4, mfa nsi so dua sɛ Onyankopɔn Ahenni no yɛ nniso a ɛwɔ ne nhyehyɛe ankasa a ɛnam so bedi adesamma haw ho dwuma. [Kenkan kyerɛwsɛm.] Ɔkwan bɛn so na wobɛpɛ sɛ wotra nniso bi a ɛde tebea a ɛte saa bɛba no mu? [Twɛn ma ommua.] Wɔayɛ saa nhoma yi na aboa nkurɔfo ma wɔahu nokware a saa Ahenni yi yɛ.” Fa nhoma no ma ofiewura no bere a wo ne no akenkan wɔn a wɔyɛe no nnianim asɛm a ɛwɔ kratafa 2 no akyi no. Yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛsan aba abɛkyerɛ no sɛnea obetumi asua nhoma no.
3 Bere a ahotɔ a enni wiase ne nniso a ɛnyɛ pɛ ho asɛm wɔ w’adwenem no, wubetumi aka sɛ:
◼ “Bere a me ne m’afipamfo rekasa no, mihui sɛ nnipa pii kɔn dɔ sɛ wɔbɛtra nniso bi a ebetumi adi ɔhaw akɛse a ɛwɔ hɔ nnɛ—basabasayɛ ne asetrade ho ka a akɔ soro (anaa ɔhaw biara a ɛwɔ mo hɔnom mprempren)—no ho dwuma ase. Ɛno ne nea obiara hia, anaa ɛnte saa? [Twɛn ma ommua.] Nniso a ɛte saa wɔ hɔ nnɛ? [Twɛn ma ommua.] Nnipa pii abɔ nniso a ebetumi ayɛ saa nneɛma yi ho mpae. Akyinnye biara nni ho sɛ wo nso woabɔ ho mpae. Kyerɛwsɛm a ɛwɔ Daniel 2:44 no ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm sɛ ɛno ne saa nniso no.” Kenkan kyerɛwsɛm na munsusuw ɛne nhoma no mu adaka a ɛwɔ kratafa 11 no ho fa kyerɛ paara a Onyankopɔn Ahenni no yɛ. Fa nhoma no ma no, na yɛ ofie Bible adesua ho nhyehyɛe.
4 Wubetumi aboa obi a wahwere Onyankopɔn mu gyidi denam eyi a wobɛka so:
◼ “Adwene a nnipa dodow no ara kura ne sɛ Bible nkɔmhyɛ ahorow no rennya mmamu wɔ wɔn bere so. Nanso Bible no kyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni redi tumi wɔ soro dedaw na ɛrenkyɛ ebedi asase so nso. Mesrɛ wo hyɛ nea wɔaka wɔ ha wɔ Habakuk 2:3 no nsow.” Afei fa mfonini a ɛwɔ nkratafa 52-3 no kyerɛ no na kamfo mmarima agyidifo a wɔde anigye twɛnee sɛ wobehu Ahenni no wɔ wɔn bere so ho nhwɛso no kyerɛ. Yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛsan aba ne no abesusuw nsɛm foforo a ɛfa nea enti a ɛte sɛ nea bɔhyɛ no akyɛ no ho.
5 Sɛ wode nhoma no mu mfonini ahorow bi redi dwuma a, wubetumi aka sɛ:
◼ “Mereba wo nkyɛn nnɛ ne wo abesusuw Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛyɛ anigye a ɛfa asase a wɔasiesie so a ɛbɛba wɔ n’Ahenni ase no ho. [Kenkan Adiyisɛm 21:3, 4 anaa Yesaia 11:6-9] Tebea a ɛte saa no yɛ anigye ankasa, anaa ɛnte saa? [Twɛn ma ommua.] Mepɛ sɛ yɛhwɛ paradise tebea a wɔahyɛ ho bɔ no ho mfonini bi a ɛwɔ saa nhoma yi mu no.” Bue mfonini a ɛwɔ nkratafa 4-5 anaa 180-1 no kyerɛ no na munsusuw ho. Fa nhoma no ma ofiewura no, na yɛ nhyehyɛe boa no ma onhu mfaso a ɛwɔ emu nsɛm no so.
6 Sɛ Ahenni anidaso a ɛyɛ nwonwa no ka wo koma, na wowɔ awerɛhyem koraa sɛ ɛbɛbam a, ɛnde wuntumi ntwentwɛn wo nan ase, ɛbɛka wo ma wode anigye aka ho asɛm akyerɛ afoforo.—Heb. 10:23.