San Kɔ Wɔn a Wɔkyerɛɛ Anigye
1 Bere a wɔreyi nhoma foforo, Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu adi no, nhyiam no ɔkasafo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ “ɛsɛ sɛ asuafo a wɔwɔ koma pa no tumi sua nneɛma pii denam sua a wobesua so na wotumi gyina Yehowa afã na wɔbɔ wɔn asu.” Wɔayɛ nhoma no sɛnea wɔde bɛkyerɛkyerɛ nokware no ntɛmntɛm. Ɛde nsɛntiaa pɔtẽẽ bi a ebetumi akanyan osuani no ma wɔatu mpɔn wɔ honhom fam ma. Ɛde nokware no ma wɔ ɔkwampa so na ɛmfa adwene nsi atoro nkyerɛkyerɛ so. Sɛ yebedi yiye wɔ adwinnade yi a yɛde bedi dwuma no mu a, ɛsɛ sɛ yɛsan kɔhwɛ wɔn a wɔkyerɛɛ anigye no.
2 Sɛ wokasa kyerɛɛ obi a onni Nyankopɔn mu gyidi nanso ɔkyerɛɛ anigye bi a, wubetumi afi ase denam nhoma no mu mfonini a ɛwɔ nkratafa 4 ne 5 no a wode bɛkyerɛ no so na woaka sɛ:
◼ “Bere a edi kan a mebaa ha no, yɛhwɛɛ mfonini yi a nneɛma a ɛyɛ fɛ wom a ɛyɛ anigye no. Asɛm a ɛwɔ ase no bisa sɛ, ‘Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ na woanya mu atra?’ Wubebua ɛno dɛn? [Twɛn ma ommua.] Bible no da ahiade atitiriw no mu biako adi pefee. [Kenkan Yohane 17:3.] Ɛho hia sɛ yenya nimdeɛ ka gyidi a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn mu no ho. Ɔkwan soronko a yebetumi afa so asua nea ehia sɛ yehu ne sɛ yebesua Bible no nkakrankakra.” Dan kɔ ti 1 na kyerɛ no nkuranhyɛ nsɛm a ɛwɔ nkyekyem 1 kosi 5 mu no bi. Kyerɛkyerɛ no sɛnea yɛyɛ Bible adesua, na kyerɛ no sɛ wobɛsan aba ne no abesusuw nsɛm pii ho.
3 Sɛ wosan kɔ sɛ worekɔtoa mo nkɔmmɔbɔ a ɛfa nea enti a Onyankopɔn ama amanehunu ho kwan no so a, wubetumi aka sɛ:
◼ “Bere a etwa to a mebaa ha no, yɛbɔɔ nkɔmmɔ faa [nea mokaa ho asɛm biara] ho. Asemmisa bi sɔre faa nea enti a Onyankopɔn ama amanehunu ho kwan ho. W’adwene yɛɛ wo dɛn? [Twɛn ma ommua.] Ɛyɛ nkuranhyɛ sɛ yebehu sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na wama tebea ahorow a ɛhaw adwene a ɛtete saa no aba.” Dan nkɔ nkratafa 71-2 wɔ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no mu, na munsusuw Kyerɛwnsɛm a wɔaka ho asɛm wɔ nkyekyem 3 kosi 5 no ho. Kyerɛ no sɛ wobɛsan aba abɛkyerɛkyerɛ nea enti a yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɛrenkyɛ na amanehunu a Onyankopɔn ama ho kwan no aba awiei mu.
4 Sɛ woresan akɔsra ɔwofo bi a abusua mu ɔhaw ahorow ho nsɛm haw no a, wubetumi aka eyi:
◼ “Minim sɛ wo, sɛ ɔwofo no, pɛ sɛ esi wo mma yiye. Esiane sɛ ɛrentumi nyɛ yiye sɛ wobɛbɔ wɔn ho ban afi ade bɔne biara ho nti, ɛsɛ sɛ wokyerɛkyerɛ wɔn sɛnea wobegyina asetra mu haw ahorow ano. Wususuw sɛ ɔkwan bɛn so na wubetumi ayɛ ɛno? [Twɛn ma ommua.] Nneɛma a ɛho hia sen biara no mu biako a ɔwofo betumi de ama ne ntetee.” Dan kɔ nkratafa 145-6 wɔ Nimdeɛ nhoma no mu, na twe n’adwene si Bible afotu a nyansa wom no so, na si hia a ɛho hia ne sɛnea ɛsodi betumi ayɛ nhyira no so dua. Kyerɛ no sɛ wobɛsan aba abɛkyerɛ no sɛnea obetumi de saa nhoma yi asua pii afa abusua asetra mu ano Hɔ
nigye a obenya ho.
5 Sɛ woresan akɔ baabi a wokaa asɛntiaa bi a, wubetumi aka sɛ:
◼ “Ná ɛnyɛ Onyankopɔn atirimpɔw da sɛ yebenyinyin na yɛawuwu. Ná n’atirimpɔw ne sɛ yɛbɛtra ase daa wɔ paradise asase so.” Fa mfonini a ɛwɔ nkratafa 188-9 no kyerɛ no. Kenkan kratafa 184 nkyekyem 11 no. Yɛ nsrahwɛ foforo ho nhyehyɛe.
6 Akyinnye biara nni ho sɛ saa nhoma foforo yi yɛ nsiesiei foforo a efi Yehowa hɔ a ɔde ‘reyɛ’ anoboaboa adwuma no wɔ nna a edi akyiri yi mu ‘ntɛmntɛm.’ (Yes. 60:22) Sɛ yɛde di dwuma yiye a, yebetumi ama obi anya nimdeɛ a ɛbɛboa no ma wanya daa nkwa.