Faako a Woyi Ahɔhoyɛ Adi Kyerɛ Wɔn a Wonnim Wɔn
Wɔ September 1994 no, ɔbarima bi a ofi Michigan, U.S.A., kyerɛw krataa kɔmaa Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ Lebanon, Tennessee no. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ:
“Mibetiee mo baguam ɔkasa ne Ɔwɛn-Aban Adesua no bi Kwasida, June 6, 1993. Ɛno ne bere a edi kan koraa a mekɔɔ Ahenni Asa bi so, na sɛnea na obiara reserew ne nokware dɔ a woyii adi kyerɛɛ me no yɛɛ me anigye ankasa. Mekaa akyiri kakra, na bere a wɔmaa me baa mu no, me nkutoo mekɔtraa baabi. Awarefo bi a wɔn mfe nkɔɔ anim pii a na wɔte nkongua a ɛne me de no sa so no bi so maa me Bible ne akyiri yi, Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma a na wɔresua no bi.
“Nhyiam no akyi no, mo mu dodow no ara ne me kasae, kyiaa me nsam, na momaa me nsrahwɛ no yɛɛ anigye yiye. Bere a awiei koraa merefi mo Ahenni Asa no so no, migyee nhoma abiɛsa—Bible, Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn, ne Wubetumi Atra Ase Daa Wɔ Paradise Wɔ Asase So. Saa anadwo no, mekenkan Tra Ase Daa nhoma no fã kɛse, na mihuu din foforo a wɔde frɛ me Nyankopɔn, Yehowa. . . .
“Mepɛ sɛ mo nyinaa muhu anisɔ kɛse a minyae wɔ ahɔhoyɛ nwonwaso a muyii adi kyerɛɛ obi a munnim no baabiara no ho, na nea mepɛ sɛ muhu titiriw ne sɛ . . . Wɔbɔɔ me asu July 9, 1994, bere a na misua koraa a madi mfe 70.”