Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 2/15 kr. 27-29
  • Hwɛ Nneɛma Kɔ Akyiri Sen Nea W’ani Hu!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hwɛ Nneɛma Kɔ Akyiri Sen Nea W’ani Hu!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti na Ɛho Hia?
  • Bu Mprempren Amanehunu Ahorow sɛ Ɛyɛ Bere Tiaa Mu De!
  • Fa W’ani Si Nneɛma a Ɛtra Hɔ Daa a Aniwa Nhu no So!
  • Tra Ase Hu Nea Ani Nhu No!
  • So Wode W’ani Resi Akatua no So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • “Ahohia Bebree” Mu Mpo, Yi Wo Yam Som Onyankopɔn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Munnyina Pintinn Sɛ Wɔn A Wohu Nea Wontumi Nhu No No!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Mpa Abaw Wɔ Nkwa Mmirikatu No Mu!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 2/15 kr. 27-29

Hwɛ Nneɛma Kɔ Akyiri Sen Nea W’ani Hu!

HONAM fam aniwa a ehu ade yiye yɛ nhyira. Nokwarem no, nnipa dodow no ara na wɔbɛka sɛ ɛsom bo ma wɔn sen wɔn ahode fa kɛse no ara. Nanso, Kristofo de, wɔwɔ aniwa bi a ɔsomafo Paulo kaa ho asɛm a ɛsom bo sen honam fam aniwa a ehu ade yiye mpo. Paulo kyerɛwee sɛ: “Yɛnhwɛ nneɛma a wohu, na mmom yɛhwɛ nneɛma a wonhu no.” (2 Korintofo 4:18) Nokwarem no, ɛbɛyɛ aniwa bi a ɛyɛ soronko koraa a ehu nneɛma a aniwa nhu! Yebetumi afrɛ no honhom fam aniwa a ɛkyɛn so.

Dɛn Nti na Ɛho Hia?

Na afeha a edi kan mu Kristofo hia saa honhom fam aniwa yi denneennen. Na wɔreyɛ wɔn Kristofo som adwuma no wɔ ahokyere pii mu. Paulo kaa ho asɛm saa kwan yi so sɛ: “Ade nyinaa mu wohiahia yɛn ho, nanso yɛn ahome ntew yɛn ɛ; yɛn ho akyere yɛn, nanso yɛn ani ntanee ɛ. Wɔtaa yɛn, nanso wɔmpaa yɛn akyi ɛ; wɔhwe yɛn ase, nanso wɔnsɛee yɛn ɛ.”—2 Korintofo 4:8, 9.

Ɛmfa ho tebea a ɛtete saa no, asuafo anokwafo no gyinaa pintinn. Bere a na wɔwɔ Onyankopɔn mu gyidi a emu yɛ den no, na wobetumi aka sɛnea Paulo kae yi sɛ: “Yɛmpa abaw, na mmom sɛ yɛn honam ani ha yi nipa resɛe mpo a, emu nipa no dan foforo daa daa.” Ɛnde, dɛn na ɛmaa wonyaa ahoɔden foforo yi da biara da? Paulo toaa so kae sɛ: “Na yɛn mprempren [bere tiaa mu, NW] amanehunu a ɛyɛ hare yi nya daa anuonyam a ɛso kokuroo tra so bebree ma yɛn a yɛnhwɛ nneɛma a wohu, na mmom yɛhwɛ nneɛma a wonhu no; efisɛ nneɛma a wohu no nkyɛ mu twa, na nneɛma a wonhu no na ɛtra hɔ daa.”—2 Korintofo 4:16-18.

Na Paulo rehyɛ ne honhom fam anuanom nkuran sɛ wɔmmma ɔhaw ahorow, nsɛnnennen, ɔtaa—amanehunu biara—nnkata wɔn akatua a anuonyam wom a wɔde asi wɔn ani so no so a wonhu no yiye. Ɛsɛ sɛ wɔhwɛ tra wɔn mprempren tebea horow no, na wɔde wɔn ani si awiei pa a wobenya wɔ wɔn Kristofo asetra mu no so. Ɛno na ɛboaa wɔn da biara da ma wɔhyɛɛ wɔn bo a wosii sɛ wɔbɛkɔ wɔn anim wɔ akodi no mu no mu den. Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no hia honhom fam aniwa a ehu ade yiye saa ara.

Bu Mprempren Amanehunu Ahorow sɛ Ɛyɛ Bere Tiaa Mu De!

Yehu nneɛma a yɛmpɛ sɛ yehu da biara da a yɛyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye. Yebetumi ahwɛ ahwehwɛ mu, na akyinnye biara nni ho sɛ yebehu nkekae ahorow wɔ honam fam nipadua no ho a yɛn ani nnye ho, nneɛma a ɛkyerɛ honam fam sintɔ. Sɛ yɛhwɛ Onyankopɔn Asɛm ahwehwɛ no mu a, yehu honhom mu nkekae ahorow wɔ yɛne afoforo ho. (Yakobo 1:22-25) Na sɛ yɛhwɛ atesɛm krataa a ɛba da biara da mu anaa television a, ntɛnkyea, atirimɔdenne, ne asiane ho nsɛm ma awerɛhow hyɛ yɛn koma ma.

Satan bɛpɛ sɛ ɔma nneɛma a yehu no bu yɛn abam, anaa egye yɛn asabawmu na yɛn gyidi fi ase hinhim. Dɛn na yɛbɛyɛ na eyi ansi? Ɛsɛ sɛ yedi nhwɛso a Yesu Kristo yɛe no akyi, sɛnea ɔsomafo Petro kamfo kyerɛe no: “Na eyi na wɔbɔɔ din frɛɛ mo, efisɛ Kristo nso huu amane maa mo gyaw mo nhwɛso, sɛ munni n’anammɔn akyi.” (1 Petro 2:21) Yesu yɛɛ nhwɛso a edi mu wɔ Kristofo asetra mu biribiara mu.

Bere a Petro twee adwene sii Yesu so sɛ yɛn nhwɛsofo no, ade titiriw a ɔkaa ho asɛm ne sɛ Yesu huu amane. Nokwarem no, Yesu huu amane pii bere a na ɔwɔ asase so no. Sɛ Yehowa “dwumayɛni panyin” a na ɔwɔ hɔ bere a wɔrebɔ adesamma no, na onim tebea pɔtee a Onyankopɔn pɛe sɛ nnipa ba mu. (Mmebusɛm 8:30, 31, NW) Nanso saa bere no de, n’ankasa nyaa nea bɔne ne sintɔ ama wɔabɛyɛ ho osuahu. Ohuu nkurɔfo sintɔ ne wɔn mmerɛwyɛ ahorow, na na ɛsɛ sɛ ogyina ano da biara da. Ɛbɛyɛ sɛ ɛsɔɔ no hwɛe.—Mateo 9:36; Marko 6:34.

Afoforo amanehunu a Yesu hui akyi no, n’ankasa hyiaa bi. (Hebrifo 5:7, 8) Nanso ɔde honhom fam aniwa a ɛyɛ pɛ hwɛɛ ade kɔɔ akyiri, na ohuu akatua a ɛne sɛ wɔbɛma no so akɔ asetra a owu nni so tumi mu wɔ ne mudi mu kura no ho. Afei sɛ Mesia Hene no, na obenya hokwan ama adesamma a wɔwɔ ahohia mu afi wɔn tebea a ɛba fam mu asan akɔ pɛyɛ mu sɛnea na Yehowa atirimpɔw te fi mfiase no. Saa daakye anidaso ahorow a aniwa nhu yi a ɔde n’ani sii so no boaa no ma ɔkɔɔ so de anigye yɛɛ Onyankopɔn som adwuma, ɛmfa ho amane a ohuu no da biara da no. Akyiri yi Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɔhwɛɛ anigye a ɛda n’anim tɔɔ ne bo ase huu asɛndua ho amane, na wammu aniwu, na wakɔtra Onyankopɔn ahengua nifa.”—Hebrifo 12:2.

Yesu amma ɔhaw ne sɔhwɛ tebea ahorow ammu n’abam ma annye no asabawmu, anaa ne gyidi anhinhim. Sɛ n’asuafo no, ɛsɛ sɛ yedi ne nhwɛso a ɛkyɛn so no akyi pɛɛ.—Mateo 16:24.

Fa W’ani Si Nneɛma a Ɛtra Hɔ Daa a Aniwa Nhu no So!

Bere a Paulo reka nea ɛboaa Yesu ma okuraa ne mudi mu ho asɛm no, ɔkamfoo ɔkwan no kyerɛɛ yɛn bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Yɛmfa boasetɔ ntu aperepere a ɛda yɛn anim no mu mmirika, nhwɛ gyidi mu dikanfo ne ne wiefo Yesu a ɔhwɛɛ anigye a ɛda n’anim tɔɔ ne bo ase huu asɛndua ho amane, na wammu aniwu, na wakɔtra Onyankopɔn ahengua nifa.” (Hebrifo 12:1, 2) Yiw, sɛ yebetumi de anigye atu Kristofo mmirika no awie a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ tra nneɛma a ɛwɔ yɛn anim pɛɛ no. Nanso yɛbɛyɛ dɛn ‘ahwɛ’ Yesu, na dɛn na yebenya afi mu?

Ade biako ne sɛ, wɔ 1914 mu no, wɔde Yesu sii hɔ sɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene, na ofi soro di ade. Nokwarem no, eyi nyinaa nyɛ nea yɛn honam fam aniwa tumi hu. Nanso, sɛ ‘yɛhwɛ’ Yesu a, yɛn honhom fam aniwa no bɛboa yɛn ma yɛahu sɛ seesei wayɛ krado sɛ ɔrebedi dwuma asɛe mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne no na watu Satan ne n’adaemone dɔm no agu a wontumi nyɛ hwee. Sɛ yɛhwɛ tra ɛno nso a, yɛn honhom fam aniwa no behu wiase foforo a ɛyɛ anigye no a “owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”—Adiyisɛm 19:11-16; 20:1-3; 21:4.

Enti, sɛ anka yɛbɛma bere tiaa mu amanehunu a ebia yebehyia no da biara no ahyɛ yɛn so no, dɛn nti na yɛmfa yɛn ani nsi nneɛma a ɛtra hɔ daa no so? Dɛn nti na womfa gyidi aniwa nhwɛ ntra ɔyare ne amimdi a ɛrekɔ so wɔ asase a wɔagu ho fĩ yi so no nhwɛ paradise a nnipa a wɔn ho yɛ den, wɔn ani gye, na wodwen afoforo ho ayɛ so ma? Dɛn nti na wonhwɛ ntra yɛn honam ne honhom fam nkekae ahorow no, nhwɛ sɛ wɔnam Kristo agyede afɔrebɔ no bo a ɛsom so ayi afi hɔ korakora? Dɛn nti na wonhwɛ ntra nnipadɔm a akodi, nsɛmmɔnedi, ne basabasayɛ akunkum wɔn no nhwɛ nnipa a wɔanyan wɔn foforo a wɔrekyerɛkyerɛ wɔn Yehowa asomdwoe ne ne trenee no?

Nea ɛka ho no, Yesu a ‘yɛbɛhwɛ’ no no bɛhwehwɛ nso sɛ, ɛmfa ho sɛ yenhu Ahenni no, yɛde yɛn honhom fam aniwa no besi nea ayɛ wɔ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ asase so mu dedaw no so: biakoyɛ, asomdwoe, ɔdɔ, onuadɔ, ne honhom fam yiyedi. Bere a Kristoni bea bi a ɔwɔ Germany hwɛɛ United by Divine Teaching video no wiei no, ɔkyerɛwee sɛ: “Video no bɛboa me ma atra m’adwene mu yiye sɛ anuanom Kristofo mmarima ne mmae pii a wɔwɔ wiase nyinaa resom Yehowa nokwaredi mu mprempren yi ara—na wɔyɛ saa a ɔmanfo ɔsɔretia mfa ho. Hwɛ sɛnea yɛn onuayɛ a biakoyɛ wom yi som bo wɔ basabasayɛ ne nitan wiase yi mu!”

So wo nso “wuhu” sɛ Yehowa, Yesu, abɔfo anokwafo no, ne mfɛfo Kristofo ɔpepem pii gyina w’afã? Sɛ ɛte saa a, worenhaw wo ho bebree wɔ “wiase asetra yi mu dadwen ne haw” a ebetumi ahwe wo ase wɔ abasamtu mu na amma ‘woansow aba’ wɔ Kristofo som adwuma mu no ho. (Mateo 13:22) Enti ‘hwɛ’ Yesu, denam wo honhom fam aniwa a wode besi Onyankopɔn Ahenni a wɔde asi hɔ no ne ne nhyira horow a ɛwɔ hɔ nnɛ ne nea ɛbɛba daakye no nyinaa so.

Tra Ase Hu Nea Ani Nhu No!

Bere a yehu nsonsonoe kɛse a ɛda Onyankopɔn wiase foforo a ɛbɛtra hɔ daa no ne ɛnnɛ wiase dedaw a ɛrehwe ase yi ntam no, ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yɛyɛ yɛn ade wɔ ɔkwan a ɛbɛma wɔabu yɛn sɛ yɛfata sɛ yɛtra ase de yɛn ani hu nneɛma a seesei yetumi de gyidi aniwa nkutoo na ehu no so. Sɛ nnipadɔm a wobenya owusɔre no nyan behu asase so trenee paradise a ɛyɛ soronko koraa wɔ wiase a wohui ansa na wɔrewu no ho no a, ɛbɛyɛ wɔn sɛnea wɔreso dae. Hwɛ anigye ara a yebenya sɛ yɛbɛtra ase ama wɔn akwaaba, akyerɛkyerɛ nea Onyankopɔn ayɛ no mu akyerɛ wɔn!—Fa toto Yoel 2:21-27 ho.

Yiw, hwɛ sɛnea honhom fam aniwa a ehu ade yiye som bo fa, na hwɛ hia a ɛho hia sɛ yɛma so da hɔ! Yebetumi ayɛ eyi denam kokoam Bible adesua a yɛbɛyɛ no daa, Kristofo nhyiam horow a yɛbɛkɔ, yɛn anidaso a egyina Bible so no a yɛbɛka ho asɛm akyerɛ afoforo, ne nea ɛsen biara no, mpae a yɛbɛbɔ asrɛ ɔsoro akwankyerɛ no so. Eyi bɛma yɛn honhom fam aniwa no so ada hɔ na ahu ade yiye, na ama yɛahwɛ atra nneɛma a yɛn ani hu no!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena