-
Fa Wo Ho Ma!Ɔwɛn-Aban—1984 | November 1
-
-
ne sɛ, Gye adwuma a efi Yehowa ahyehyɛde no hɔ bere nyinaa na fi anigye mu yɛ w’adwene sɛ wobɛyɛ.”
17. (a) Wɔ asafo mu adawurubɔfo fam no, ɔsom ma Yehowa a enya nkɔso anaa wɔtrɛw mu hokwan ahorow bɛn na ɛwɔ hɔ? (b) Bere a Paulo huu ‘ɔpon kɛse a ɛkɔ adwumayɛ mu’ no, ɔde ne ho mae dɛn?
17 Sɛ́ asafo mu ɔdawurubɔfo a ɔwɔ abusua ne Kyerɛwsɛm mu asɛyɛde ahorow pii no, ebia wubebisa sɛ, ‘Ahe na metumi ayɛ?’ Obi foforo biara rentumi nka nkyerɛ wo. Nanso wubetumi abɔ Yehowa mpae aka akyerɛ no sɛ ɔmfa wo nyɛ adwuma kɛse sɛnea ebetumi wɔ ne som kronn mu. Ebia wubetumi ama bere dodow a wode yɛ asɛnka adwuma bere nyinaa no akɔ anim. Sɛ wunni ofie Bible adesua a wo ne onigyefo bi yɛ a, ebia wubetumi ayɛ bi ho nhyehyɛe. Na yɛn nyinaa betumi ama sɛnea ɔsom a yɛde ma Yehowa no te anya nkɔso, sɛ yɛde afotu a ɛwɔ n’Asɛm mu ne nea n’ahyehyɛde de ma no di dwuma a. Afei nso sɛ woyɛ ɔpanyin a wɔapaw no a, ebia wobehia wo honhom mu mmoa kɛse wɔ asafo foforo mu. Sɛ w’abusua no tu kɔ faako a mmoa ho hia kɛse ampa a, ebia wo, wo yere ne wo mma benya anigye kɛse bere a muhu wɔn a wɔte sɛ nguanten no na moboa wɔn no. Bere bi akyi no ebia mubenya hokwan aboa ma wɔahyehyɛ asafo foforo, anaa ebia mubenya nhyira afoforo pii a ɛsen nea mohwɛ kwan koraa. Bere a ɔsomafo Paulo hui sɛ ‘wɔabue ɔpon kɛse a ɛkɔ adwumayɛ mu’ no, ne ho peree no sɛ ɔbɛtrɛw ne som a ɔde yi Yehowa ayɛ no mu. (1 Korintofo 16:9; 2 Korintofo 2:12; Kolosefo 4:2-4) So wote nka saa?
18. (a) Sɛ ɔpon a ɛkɔ Kristofo adwuma a wɔtrɛw mu mu bue ma wo a, dɛn na wɔhyɛ ho nyansa? (b) Sɛ wode wo ho ma a, dɛn na ebefi mu aba?
18 Afei, sɛ wɔde Yehowa som hokwan si w’anim a, dɛn na wobɛyɛ? So wobɛtwentwɛn wo nan ase, anaasɛ wubeyi ho a wɔde bɔ afɔre honhom adi? Ampa, ɛsɛ sɛ wubu ho akontaa hwɛ. (Luka 14:27-30) Nanso sɛ ɔpon a ɛyɛ Kristofo adwuma a wɔtrɛw mu bue ma wo a, bɔ Yehowa mpae. Ka eyi ho asɛm pɔtee wɔ mpaebɔ a ɛte sɛɛ mu na hwehwɛ n’akwankyerɛ. (Dwom 37:5; Filipifo 4:6, 7) Afei, sɛ ne honhom kronkron no ka wo sɛ gye hokwan bi tom a, pene saa akwankyerɛ no so na yɛ ade wɔ gyidi mu wɔ wo soro Agya no mu. Sɛ wode wo ho bɔ afɔre wɔ ɔkwan a ɛma Ahenni nneɛma nya nkɔso so a, akyinnye biara nni ho sɛ wubenya nhyira. Na kae sɛ, “[Yehowa] nhyira na ɛyɛ ɔdefo, na ɔbrɛ adwuma mfa bi nka ho.” (Mmebusɛm 10:22; Malaki 3:10) Yiw, nhyira kɛse a wonhwɛ kwan bɛyɛ wo de ampa, sɛ wode wo ho ma a!
-
-
So Anigye Betumi Aba Aware Mu Nnɛ?Ɔwɛn-Aban—1984 | November 1
-
-
So Anigye Betumi Aba Aware Mu Nnɛ?
Eyi ne nea nnipa pii bisa. Na akyinnye biara nni ho sɛ wo nso wobɛpɛ sɛ wuhu. Ɛnde kenkan mmuae ne akwankyerɛ a egyina Bible so a wɔde ama wɔ nhoma fɛfɛ a wɔato din Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye no mu no. Yiw, sɛ wode ¢4O pɛ mana Watch Tower, Box 760, Accra, a, wo nsa bɛka eyi biako.
-