-
Mmofra A Wɔbɛboa Wɔn Ma Wɔanya Nkwa!Nyan!—1989 | January 8
-
-
Mmofra A Wɔbɛboa Wɔn Ma Wɔanya Nkwa!
Efi Nigeria Nyan! kyerɛwfo hɔ
NSU fĩ, aduan a ɛnnɔɔso, ɔyare ne nsan a emu trɛw—saa tebea horow yi abu so wɔ nsase a afei na ɛrenya nkɔso no mu. Nanso, Oduruyɛfo Chizu Okudo a ɔyɛ Nigeriani mmofra ɔyaresafo bi no ka kyerɛɛ Nyan! sɛ: ‘Awofo anibiannaso ne ani a wobu gu nneɛma so [wɔ ahotew pa ho no] boa ma tebea horow a ɛde nyarewa ba nya nkɔso.’
Oduruyɛfo Okudo toa so sɛ: ‘Wɔn a wɔanyinyin no tu awofo a wonnyinii no fo sɛ ayamtu a nsu nkutoo na ɛba no hohoro efi fi obi yam enti ɛsɛ sɛ wɔma no kwan.’ Bere a awofo di afotu a mfomso wom saa no akyi no, wogyaw wɔn mma a wɔyare no a wɔmma wɔn aduru. Mpɛn pii no owu na efi mu ba.
Nanso, nkwa som bo ma wɔn a wodi “nkwa fibea” no ni nyinaa. (Dwom 36:9) Enti, awofo a wosuro Onyankopɔn no mma gyidi hunu ne mpɔtam bi amammerɛ mfa wɔn mma nkwa nto asiane mu. Na, sɛnea Malaysia akwahosan ho kwankyerɛfo ka no, “ɛsɛ sɛ nyarewa anosiw . . . fi ase wɔ fie.”
So Efi Nnipa Pii a Ɛsɛ sɛ Wɔma Wɔn Aduan?
Wohu “ɔkɔm” wɔ yɛn bere yi so, na nsase a afei na wɔrenya nkɔso no na ɛka wɔn kɛse. (Mateo 24:7) Nea ɛma asɛnnennen no yɛ hwanyann mpo ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ, sɛnea Planning the Global Family a ɛyɛ Worldwatch Institute no amanneɛbɔ bi kyerɛ no, “abawo a ɛkɔ soro kɛse—ɔbea biara wo baasia—da so ara wɔ Afrika ne Mfinimfini Apuei.”
Ɛnde, dɛn nti na Afrikafo awarefo ntew wɔn mmusua so no? Worldwatch amanneɛbɔ no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “[Afrikani] ɔbea nam mmofra dodow a ɔwo wɔn no so ma ne sikasɛm ne n’asetra mu gyinabea kɔ soro, titiriw no esiane sɛ mmofra no boa wɔ afuw so, adetɔn mu, ne nnwuma afoforo mu no nti. Nhoma Africa in Crisis no de ka ho sɛ: “Hokwan kɛse a ɛwɔ hɔ sɛ mmofra bewuwu no hyɛ Afrikafo awofo nkuran ma wɔpɛ mmusua akɛse.” Wɔ Afrika aman bi mu no, bɛyɛ mmofra baanum biara mu biako wu wɔ wɔn afe a edi kan no ara mu! Nanso, nea ɛne no nhyia no, mmofra pii a wɔwo wɔn no taa de nkyereso, afie a emu ntew ne ahotew nhyehyɛe a esua ba—tebea horow a ɛwɔ ɔfã kɛse wɔ mmofra wu mu no.
Nnuruyɛfo kɔ so ka sɛ ɔbea hia sɛ onya bere de te apɔw fi nyinsɛn ne awo mu ansa na wanyinsɛn bio. Anyɛ saa a, tumi a ɔwɔ sɛ ɔbɛwo mmofra a wɔte apɔw no ho ka wɔ ɔkwan a ɛyɛ anibere so.
Bere a nokwasɛm ahorow no nyinaa mfa ho no, ɛte sɛ nea Afrikafo sɔre tia abusua a wɔbɛhyehyɛ adwene no.a Nanso, ɛnsɛ sɛ ankorankoro tow asɛm no kyene a wonsusuw ho anibere so. Kristofo betumi asusuw ho sɛ bere a Bible no nkasa ntia awo no, ɛka wɔ 1 Timoteo 5:8 sɛ: “Na sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa ne, titiriw no, ne fifo a, wapa gyidi.” Ebia abusua kɛse a wobenya no bɛma ayɛ den kɛse ama awofo sɛ wobenya nnuan, ntama, ne dabere a ɛdɔɔso ama wɔn mma no. Ɛwom sɛ ɛyɛ obi ankasa asɛm de, nanso awofo binom asua sɛ wobesiw awo kwan na wɔakwati mmofra a wɔbɛwo wɔn aboro nea wobetumi ahwɛ wɔn yiye no so no.
Nufu-ma ne Ntoa mu Aduanma
Nhwehwɛmufo William Chandler se: “Aduan pa a wonnya a mmofra aduanma a enye de ba no kunkum mmofra a ɔkɔm kunkum wɔn no bɛboro mpɛn du. Bere a ayamtu a ɛtwe obi ho nsu no ka ho no, aduan pa a wonnya abɛyɛ nea edi awu kɛse wɔ wiase.” Mpɛn pii no, ‘mmofra aduanma a enye’ no fi ase wɔ mmofraase.
Nufusu ne mmotafowa aduan a eye sen biara efisɛ ɛwɔ aduannuru a wohia no nyinaa bi. Ɛnan wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so ne ntɛmntɛm. Ɛyɛ foforo bere nyinaa na ɛwɔ ɔhyew a ɛfata no. Ekura mmoawa a wɔko tia nyarewa a ɛbɔ abofra no ho ban no na ɛboa no ma otumi ko tia nsan ahorow. Afei nso nufu-ma ma mmofra nya ɔdɔ a ehia ma wɔn nkate mu onyin no.
Nanso, bere a mmea kɔyɛ adwuma no, nufu-ma so tew wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso pii mu. Nea afi mu aba ne sɛ wɔde nkankyee mu nnuan na ɛma Afrikafo mmofra pii. Sɛ wosiesie saa nnuan no pɛpɛɛpɛ wɔ ahotew tebea horow mu a, ahoɔden wom. Time nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ: “Nanso, wɔ wiase mmeae ahorow a ohia wɔ hɔ no, ɛtɔ mmere bi a ɛno ntumi nyɛ yiye. Ɛnanom de nsu fĩ frafra nnuan no a wonnim anaasɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremmɔ ka nti no, wɔfra mu pii dodo.” Nea efi mu ba betumi ayɛ nea edi awu.
Queen a ɔyɛ Nigeriani ɛna bi a ɔwɔ mma baason no ka sɛ ayaresabea ayarehwɛfo kyerɛɛ ne mma ntoa mu aduanma fi mfiase pɛɛ. Queen toaa adeyɛ no so wɔ fie. Nanso, ne mma baasia nyinaa nyaa ayamtu a na anibere wom na ɛba ntoatoaso—anka obiako reyɛ awu. Ne kunu se: “Yehui sɛ na yɛn ba a ɔto so asia no nam ntoa mu aduanma no so renya nsan, enti yegyaee dwuma a yɛde di no, na ɔtee apɔw. Mprempren Queen rema yɛn ba a ɔto so ason no nufu wɔ n’asram kakraa a edi kan no mu.”
Nkrasɛm bɛn na ɛwom? Ma wo ba no nufu ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara! W’ankasa di nnuan a ɛkari pɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya nufusu a ahoɔden wom. Nufu-ma mu mfaso biako ne sɛ ɛte sɛ nea ɛtwentwɛn nsabu ase wɔ awo akyi. Enti na wɔfrɛ no adebɔ mu awo anosiw no.
Ma Wɔn Aduan Sɛnea Ɛfata!
Nanso, ɛtɔ da a, wɔma Afrikafo mmofra nufu nkutoo kodu wɔn ɔsram a ɛto so 18 no mu. William Chandler se: “Sɛ wotwa mmofra pii nufu a, wɔma wɔn mpanyimfo nnuan a wontumi nwesaw, anaasɛ ahoɔden nnim.”
UNICEF dwumadibea a ɛwɔ Côte d’Ivoire no yɛɛ dawurubɔ krataa bi a etu ɛnanom fo sɛ: “Wɔ asram anum akyi no, ma no nea ɛsen nufu.” Ɛsɛ sɛ wɔde nnuaba, koko, ne nnuadewa a wɔanoa na wɔasɔn so ma enti ɛyɛ mmerɛw sɛ abotafowa betumi awesaw no wamene ma de ka nufu no ho. Nigeriani ɛna bi a wɔfrɛ no Ijeoma maa ne mma baanan mu biara nufu wɔ wɔn asram anan a edi kan no mu. Ɔtoaa so maa wɔn nufu kosii sɛ wodii asram 12, na ɔde atere anaa toa maa wɔn nnuaba a wɔakyim, koko, ne nnuan afoforo bi sii ananmu nkakrankakra. Odii ahotew akyi dennen wɔ saa nnuan yi siesie mu. Dɛn na efii mu bae? Ne mma no anyinyin ahoɔden mu na nsan kakraa bi pɛ na wonyinyae.
Bere a abofra no nyin no, aduan a ɛkari pɛ bɛboa no ma wakɔ so anya ahoɔden. Aduan a setaakye na ɛdɔɔso wom, te sɛ bayerɛ, bankye, anaa ɛmo a wɔapɔw ho no nni aduannuru a ɛdɔɔso. Ne nipadua no hia aduannuru ahorow a wonya fi nam, nkesua, nufusu, adua, aburoo, ne nnuadewa ne nnuaba ahorow mu no.
Nea ɛho hia nso ne sɛnea wodi nnuan ho dwuma no. Ebetumi ayɛ sɔhwɛ sɛ wɔde nnuan a etumi sɛe a wɔagyaw asi hɔ nnanu a wɔamfa anhyɛ fridge mu no bedi dwuma, nanso MMFA NNI DWUMA! “Nnuan a efĩ akɔ mu taa yɛ nea enye na ebetumi de ayamtu ne nsanyare afoforo a ɛba ntoatoaso aba.” Enti, (1) hohoro wo nsa ansa na woaso nnuan ahorow no mu anaasɛ woasiesie. (2) Di aduan no bere a woanoa awie no akyi pɛɛ—mfa nsi ɔdan mu nkyɛ. (3) Ma wo mukaase, wo nkuku, wo ntama, ne w’ankasa ho ntew bere nyinaa.—World Health nsɛmma nhoma.
Ɔyare mmoawa ne mmoawa a wodidi nneɛma afoforo ho nyɛ na wɔ nsu fĩ mu. Enti sɔn nsu so anaasɛ noa ansa na wode adi dwuma. Fa nsuhyew hohoro nkuku mu, na hohoro wo nsa ansa na woaso aduan mu.
Nokwarem no, ebia akwahosan banbɔ a ɛyɛ tiaa sen biara no ne sɛ wubekura ahotew gyinapɛn a ɛkorɔn mu. Nanso, wɔ nsase a afei na wɔrenya nkɔso mu no, eyi betumi ayɛ asɛnnennen ankasa.
[Ase hɔ nsɛm]
a Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ nsase a afei na wɔrenya nkɔso mu no daa no adi sɛ wɔ Latin America no, ɛnanom mu dodow no ara mpɛ sɛ wɔwo mma bio. “Afrika nkutoo na mmea no mu kakraa bi na wɔwɔ saa adwene yi.”—State of the World 1985, Worldwatch Institute.
[Kratafa 5 adaka]
Aduan pa a Wonnya ho Nsɛnkyerɛnne Ahorow
◼ Ahoɔden so a ɛtew—abofra no ntumi nni agoru dennen
◼ Anom a ɛtõ—abofra no pow aduan, odidi kakraa bi
◼ Onnyin ntɛm—abofra no sua sen ne mfe
◼ Ahoɔden a ɔde gyina yare ano a ɛso tew—nsan nketenkete biara taa ma ɔyareyare
Nneɛma bi a Ɛde Aduan pa a Wonnya Ba
◼ Aduan a wonnya
◼ Aduan pii nanso ɛnyɛ nea ɛfata
◼ Ntoa mu nnuan a wɔmfra no yiye anaasɛ ɛho ntew
◼ Nsan ahorow
◼ Mmoawa a wɔkɔ nsono mu a ɛde ayamtu anaa ɔfe ba
[Adaka/Mfoni wɔ kratafa 7]
Nkwagye Akwan Afoforob
Mmofra bɛboro 2,000 na nyarewa te sɛ ntoburo, mmubui, nkɔnkɔn, menewam yare, asensen, ne nsamanwaw kunkum wɔn da biara—a ne nyinaa yɛ nea nnuruyɛfo kyerɛ sɛ ɛnyɛ den sɛ wɔnam ntete so besiw ano. Enti awofo pii ankasa asi gyinae sɛ wɔbɛma wɔatete wɔn mma de ako atia saa nyarewa ahorow yi. Sɛ nhwɛso no, Nigeria wɔ EPI (Ntete Dwumadi bi.) Ebia na nhyehyɛe a ɛte saa ara bi wɔ wo man mu.—Hwɛ August 22, 1965 “Awake!” mu pɛ ntete ho nsɛm afoforo.
Nanso, kae sɛ, sɛ abofra bi benya ahobammɔ koraa a, ebia ɛho behia sɛ wosan kɔ ma wotete no bio. Mpɛn pii no awofo haw wɔ ahoɔhyew ne ɛyaw a ebia ɛbɛba wɔ abofra no ntete a edi kan no akyi no ho. Nanso, awofo pii susuw sɛ ɛyaw kakraa bi no yɛ bo ketewaa bi a ɛsɛ sɛ wotua ma abofra no nya ahobammɔ fi ɔyare a edi awu ho.
Afei nso sua ORT (Oral Rehydration Therapy) ho nsɛm pii.c Wɔ nnansa yi ara mfe du bere bi mu no, mmofra bɛyɛ ɔpepem 30 na wɔn ho nsu a ɛsa ne aduan pa a wonnya a ayamtu de ba no kunkum wɔn. Nanso, asikre, nkyene, ne nsu a wɔde afra ara kwa no betumi agye wo ba no nkwa bere a ayamtu aka no no. Sɛ wode ma no sɛ anonne a, ɛma nipadua no tumi nonom nsu de hyɛ nea ayamtu ne ɔfe ma ɛsen no ananmu. Sɛ wurentumi nya nea wɔasiesie dedaw no bi a, di akwankyerɛ tiatiaa yi akyi: Fa nkyene a wɔayam atere ketewa (teaspoon) ma, asikre atere ketewaa awotwe, ne nsu liter biako (nkuruwa 5) fra. ORT “siw owu a ayamtu a ɛma obi ho nsu sa de ba ɔha biara mu 90 ano.”
Wɔ ahwɛyiye nyinaa akyi no, mmofra betumi anya nsan ne mmoawa a wɔkɔ nsono mu ara. Ɔkwan bɛn so na obi betumi ahu tebea horow a asiane wom yi? Weight-progress chart (kɛse-yɛ nkɔso kratasin) a nsa tumi ka bi ntɛm ara wɔ nsase pii so no betumi aboa. Kari wo ba no ɔsram biara na kyerɛw ne mu duru no hyɛ kratasin no a ɛkyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ ne mu duru yɛ no so kɛkɛ. Ne mu duru no abien a wode bɛtoto ho no bɛkyerɛ sɛ biribi resiw ne nyin kwan anaa.
[Nsɛm a Wɔahyehyɛ]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)
Weight-Progress Chart (Kɛse-yɛ Nkɔso Kratasin)
abofra a ɔte apɔw sɛnea ɛsɛ
ebia n’aduan nye (kohu oduruyɛfo anaasɛ kɔ ayaresabea)
1 Kg = 2.2 lb.
20
18
16
14
12
10
8
6
4
2
kg 0
Afe 1, Mfe 2, Mfe 3, Mfe 4, Mfe 5
[Ase hɔ nsɛm]
-
-
Ahotew Ho Asɛnnennen No Ho Dwuma A WobediNyan!—1989 | January 8
-
-
Ahotew Ho Asɛnnennen No Ho Dwuma A Wobedi
Efi Kenya Nyan! kyerɛwfo hɔ
ABOFRA no teɛm sɛ: “Mamaaa, nakufa!” Ɛkyerɛ sɛ, “Mama, merewu!” So wɔredi no awu? Dabi, abofra ketewaa bi gyina guasɛn mu na ne na retwitwiw ne ho fefeefe. Wɔ ɔsɔretia dennen no nyinaa akyi no, Ɛna wie n’adwuma no!
Nsɛm a ɛtete saa no abu so wɔ Afrika wɔ mmeae a ahia wɔn kɛse no mpo. Nanso, ahotew gyinapɛn mu a wobekura no nyɛ mmerɛw. Afrika wim tebea hyehyeehye no ma aprapra adwuma yɛ den yiye. Mfutuma bɔ gu ɔdan mu baabiara. Sikasɛm mu tebea a asɛe ma aprapra, nneɛma siesie—ne nsu mpo—ho yɛ na ma pii. Wɔ mmeae a ɛsɛ sɛ mmea nantew akwansin pii ansa na wɔakɔsaw nsu no, ntease wom sɛ wɔtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔde ade a ɛsom bo kɛse yi bɛhoro nneɛma.
Nkurow akɛse ne nkuraase nnipa a wɔn dodow rekɔ anim no nso de akwahosan ho nsɛnnennen ba. Ɛkã a ɛso abuebue, nwura pii a wɔnsesaw, ɔmanfo nyinaa tiafi a ɛso ayeyɛ fĩ, nkura, ntɛfrɛw, ne nwansena a wɔde nyarewa nam abɛyɛ nea wohu daa.
Bio, ahotew a ɛfata ho nimdeɛ a wonni abu so. Nkurɔfo sɛe nsu a wonnim sɛnea ebetumi adi awu no. Wɔma nkura ne mmoa afoforo a wɔde nyarewa ba kwan—mmofra de wɔn di agoru mpo.
Ahotew—Emu Mfaso Horow
Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mmusua horow yɛ nea wobetumi nyinaa na wɔbɔ ka mpo ma nneɛma ho tew? Efisɛ ɔyare mmoawa ne mmoawa a wodidi afoforo ho pɛ baabi a efĩ wɔ. Enti ade a ɛyɛ tiaa te sɛ aguare betumi de nsonsonoe aba owu ne nkwa ntam ama wo ba! Ampa, ahotew ma ofie ka yɛ kɛse. Ebia nsu a wobeguare no bo yɛ den na ɛyɛ den sɛ nsa bɛka. Nanso aduru bo yɛ den kɛse koraa. Samina, nnuru a wɔde siw nsan ano, daagyere, nkura firi, ne nwura adaka nso sɛe sika nanso ennu nea oduruyɛfo begye.
Nea ɛyɛ anigye no, wɔ Bible mu no nsɛm a ɛfa ‘ahotew,’ “kronn,” ne ‘hohoro’ ho no pue bɛboro mpɛn 400. Na Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israel no wɔ ahyɛde pɔtee a ɛhyɛɛ honam fam ahotew ho nkuran. (Exodus 30:18-21; Deuteronomium 23:11-14) “Dɔ wo yɔnko” ahyɛde no kanyan Kristofo ma wɔma wɔn ho ne wɔn afie tew.—Mateo 22:39.
Adaka a ɛwɔ kratafa 10 no bobɔ nneɛma bi a etumi boa a wobetumi ayɛ wɔ fie no din. Nnyinasosɛm no tumi yɛ adwuma wɔ asase biara so. Nyansahyɛ ahorow no mu binom, te sɛ daagyere a wode betwitwiw fam (ma enti woatuatua ntokuro nketenkete no) ne nwura adaka a wobɛkata so no remma nkoekoemmoa ne mmoawa afoforo a wɔde nyarewa ba mma wo fie hɔ. Ɛnyɛ mfutuma nkutoo na apon ne mfɛnsere mu ntokuru a wubesiesie no besiw no kwan na mmom mmoa nketenkete a wɔhaw adwene nso. Sɛ biribi foforo ka ho bio a, ɛne sɛ ahotew bɛma wo fie ayɛ beae pa a ɛsɛ sɛ wɔtra!
Abusua Biakoyɛ
Bere a ɔbea warefo bi ahwehwɛ nea wɔabobɔ din no mu akyi no, obetumi ayɛ daa aprapra nhyehyɛe bi. Sɛ abusua no mufo nyinaa yɛ biako a, ɛho nhia sɛ nhyehyɛe no yɛ adesoa.
Sɛ nhwɛso no, Jecinta yɛ ɛna bi a ɔwɔ mma baawɔtwe na wɔte ɔdan ketewaa bi mu wɔ Afrika Apuei Fam kurow bi mu. Bere a wobisaa no sɛnea otumi siesie ne fie kama saa no, obuae sɛ: “Obiara asua sɛ ɔbɛdi ne fã ho dwuma. Sɛ obi hwie biribi gu a, wɔma no ntamagow anaasɛ ade foforo a ɔde bɛpopa so. Yɛakyerɛkyerɛ wɔn sɛ obiara mma ne ho ntew bere a odidi no.” Agya nso betumi ne ne yere ayɛ biako na waboa ne mmɔdenbɔ no. Ɔno nso betumi anya mmofra a wɔtete wɔn fi mmofraase ma wɔn ho tew no mu kyɛfa.
Ahobammɔ Akwan
Ɛtɔ da a obi betumi ama aprapra adwuma no so atew denam ahobammɔ akwan bi so a ɔbɛfa no so. Sɛ nhwɛso no, dɛn nti na wunnua nsensan ne nnua wɔ wo fie no ho sɛnea ɛbɛyɛ a mfutuma so bɛtew? Anaasɛ dɛn nti na wommɔ mmɔden sɛ wubegye ban afa beae bi a ɛbɛn wo fie no ho sɛnea ɛbɛyɛ a wo mma no benya baabi a ɛhɔ tew adi agoru? Sɛ nkyereso a ɛyɛ hu wɔ mo mpɔtam hɔ a, so ebetumi ayɛ yiye sɛ mubenya baabi a wɔnkyeree so pii akɔtra hɔ? Ebia eyi bɛkyerɛ sɛ wobɛnantew kakra akɔ adwuma, nanso ebetumi ayɛ nea ɛfata mmɔdenbɔ no.
Afei nso, bɔ mmɔden to nneɛma bi a ɛho nni mfaso a wode asie no gu. Eyi betumi ama wo ne no ade ne ho afi nwura a ɛho nhia ho. Na sɛ osu tɔ na ɔkwan a ɛkɔ wo fie no so yɛ dontori a, dɛn nti na wommfa mmosea ngu so? Sɛ wowɔ tiafi a ɛwɔ wo fie no akyi a, dɛn nti na wommfa safe nto mu na afoforo ankɔyɛ so fĩ?
Su a Eye
Nnya gyidi bi sɛ nea wotumi hu nkutoo na ɛsɛ sɛ ɛho tew. Ebinom te nka sɛ bere a ɛho hia sɛ ofie anim tew no, mfikyiri no de betumi afuw; sɛ ɛsɛ sɛ ɔdan a wɔtra mu no mu yɛ kama, nanso nea wɔda mu no mu betumi ayɛ basaa anaasɛ nsa ano nsensanee ne wusiw betumi ama mukaase afasu ho ayɛ tumm. Saa nneɛma a wɔne wɔn ho nhyia yi kae yɛn Yesu nsɛm a ɔka kyerɛɛ Farisifo no: “Mutwiw kuruwa ne abeyaa akyi, na emu de, dwowtwa . . . ahyɛ no ma. . . Twiw kuruwa no mu kan, na akyiri nso afi.” (Mateo 23:25, 26) Yegye tom sɛ ɛrentumi nyɛ yiye sɛ ofi no ho baabiara bɛtew nwann bere nyinaa. Nanso anyɛ yiye koraa no so ɛnyɛ botae pa sɛ ahotew bedi so wɔ wo fie—a ɛnyɛ sɛ afã bi nkutoo?
Afei nso ɛrenyɛ papa sɛ wubenunu ofiewura no sɛ ɔno na ɔmma ɛhɔ ntew. Ampa, ebia na wɔde nnuru kaa ɔdan no ho akyɛ, nanso eyi nkyerɛ sɛ wɔrentumi nhohoro afasu no ho. Na ebia wubetumi ne ofiewura no ayɛ nhyehyɛe bi sɛ w’ankasa wubedi ofie no mu siesie no bi ho dwuma—na ɔde atew wo dan ka no so.
So Wubedi Asɛnnennen no ho Dwuma?
Joseph a ɔyɛ Afrika abusua bi ti no gye tom sɛ: “Mfiase no mannye anni.” Na ɔreka Bible mu ɔkasa bi a ɛfa ahotew ho a otee no ho asɛm. N’abusua no te nnuadan ketewaa bi a ɛhyɛ afipamfo dumien ntam mu. Wɔwɔ ɔmanfo nyinaa tiafi biako ne ne kwan a wɔmmɔe. Nanso, Joseph ne n’abusua no fii ase de saa Bible nnyinasosɛm ahorow yi dii dwuma wɔ wɔn fie. Joseph se: “Mprempren me mma no hyɛ mpaboa, yɛpopa yɛn nan ho, yɛde samina ne nsu hohoro yɛn nsa na yedi ahotew akwan afoforo akyi.” Dɛn na afi mu aba? “Me ho dwiriw me. Mmofra no ntaa nyareyare koraa, na yɛmmɔ ayaresabea ho ka pii no bio.”
Enti ɛdenam ɛka ne mmɔdenbɔ a sɛ wɔde toto ho a esua so no, awofo a wɔwɔ nsase a afei na wɔrenya nkɔso so no betumi ama wɔn afie mu ayɛ mmeae a ahobammɔ wɔ, baabi a ɛhɔ tew ma wɔne wɔn mma. Nanso, ɛda adi sɛ pii wɔ hɔ a ehia sɛ wɔyɛ na wɔde di aman a afei na wɔrenya nkɔso no akwahosan ho nsɛnnennen no ho dwuma. So ntease wɔ hɔ a enti wobetumi agye adi sɛ mmɔdenbɔ a emu trɛw bedi yiye?
-