“Mommɔ Ɔbra Pa Amanaman Mu”
1 Wonim nokware Kristofo sɛ wɔbɔ bra pa wɔ asetra mu biribiara mu. Wɔn ho tew wɔ honam, abrabɔ ne honhom fam, a nea enti a ɛte saa ara ne sɛ wosuasua Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba, Yesu Kristo. (Efe. 5:1, 2) Saa a wɔyɛ no mma wɔnto obiara hintidua, na mmom wɔnam wɔn asetra kwan so hyɛ afoforo nkuran ma wosuasua wɔn.—1 Kor. 11:1; 2 Kor. 6:3, 4.
2 Nea ɛne no bɔ abira no, wiase a atwa yɛn ho ahyia nnɛ no aporɔw wɔ akwan nyinaa mu, na wɔde wɔn ho ahyɛ adapaade mu araa ma ɛyɛ ahodwiriw. Enti sɛ nokware Kristofo no, “yɛayɛ ahwɛde ama wiase.” Bere koro no ara nso ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hyerɛn “sɛ akanea ewiase.”—1 Kor. 4:9; Fil. 2:15.
3 Nneɛma a Satan de n’ani asi so kɛse no biako ne aware, a ɛyɛ nnipa abusua nnyinaso no. Wayɛ nea obetumi biara sɛ obegu ho fĩ. Enti Yehowa de ahyɛde ma sɛ: “Wonni aware ni, ade nyinaa mu.” (Heb. 13:4) Yehowa adɔe nti, waboa ne nkurɔfo ma wɔayɛ saa pɛpɛɛpɛ wɔ nneɛma nhyehyɛe a aporɔw yi nna a edi akyiri yi mu, na yɛn ani sɔ eyi kɛse.
4 Nkurɔfo ka Yehowa nkurɔfo aware ho asɛmpa wɔ ɔman yi mu. Eyi nyɛ nwonwa, efisɛ Onyankopɔn ama yɛn ɛho afotu ne akwankyerɛ pa. Yɛwɔ Bible no ankasa. Yɛwɔ Nyan! ne Ɔwɛn-Aban mu nsɛm a ɛfa aware ho, Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye nhoma no, ne nnansa yi ara, nhoma foforo a ɛne Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba. Asram kakra a abɛsen kɔ mu no, Yɛn Ahenni Som mu nsɛm bi nso aka su a ɛsɛ sɛ ɛda adi wɔ mmarima ne mmea ntam nkitahodi mu. Wɔnam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so na ɛde eyinom nyinaa ma.—Mat. 24:45-47.
5 Bere a Wɔretutu Anammɔn Akɔ Aware Mu: Ɔbra pa a wɔbɛbɔ wɔ aware mu no fi ase wɔ ne nhyɛase pɛɛ, bere a wɔretutu anammɔn akɔ aware mu no. Kristofo nim sɛ Bible kasa tia ɔbarima ne ɔbea nna a edi aware anim. (1 Kor. 6:9, 10) Bere a Bible ma nsɛm a ɛho tew a wɔka de kyerɛ ɔdɔ a nna ho nsɛm nnim ho kwan no, akyinnye biara nni ho sɛ ɛkasa tia afideyɛ anaa ahohwi a obi de ne ho bɛhyɛ mu.—Rom. 16:16; Efe. 5:5; Adi. 22:15.
6 Afideyɛ kyerɛ kasa ne nneyɛe biara a ɛho ntew. Nea ɛka eyi ho ne obi nufu anaa ne baabi foforo a ɛkanyan akɔnnɔ a wosuso no bere tiaa mu de kanyan nna ho akɔnnɔ, te sɛ amiamia. Sɛ wɔboapa yɛ saa a, ɛyɛ afideyɛ na wohia afotu a emu yɛ den. Sɛ wɔyɛ no mpɛn pii a, ɛdan ahohwibra. (Gal. 5:19-21) Ɛwom sɛ wiase no bu nneyɛe a ɛtete saa sɛ ɛnsɛe hwee na mfomso nni ho de, nanso ebetumi ama wɔatu obi afi Yehowa ahyehyɛde a ɛho tew no mu.
7 Bere a Obi De N’ano Ato Obi So: Adɛn nti na ɛbɛyɛ mfomso sɛ bere a obi de n’ano ato obi so no, wɔde wɔn ho bɛhyɛ nsɛm a wɔka de kyerɛ ɔdɔ a ɛkanyan akɔnnɔ mu? Baabiara nni hɔ a Kyerɛwnsɛm ma nnipa baanu a wɔahyɛ wɔn ho bɔ sɛ wɔbɛware kwan sɛ wotumi yɛ wɔn ade te sɛ awarefo. (Fa toto Mmebusɛm 7:18-21 ho.) Ɛmfa ho nea wiasefo yɛ ne nea wɔka no, sɛ Kristoni bi de n’ano to obi so a, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wɔn ho yiye denam tebea horow a ɛbɛma wɔagyae wɔn ho mu a wɔkwati no so. Wɔremfa nsɛm nni agoru na wɔn nkutoo ntra kar a esi faako anaasɛ dan anaa fie bi mu. Sɛ nnipa baanu no behyiam wɔ baabi a obiara nni a, ɛbɛyɛ papa sɛ obi a wanyin bɛka wɔn ho bere nyinaa. Afei nso, esiane sɛ mmosa tumi brɛ ahosodi ase nti, nyansa wom sɛ nnipa baanu no susuw ho yiye paa ansa na wɔanom kakraa bi mpo bere a aka wɔn baanu nkutoo no.—Hos. 4:11.
8 Nokware Kristofo fa nsɛm a ɛwɔ 1 Tesalonikafo 4:3-6 no aniberesɛm. Ɛwom sɛ wiase no bu mfewano a ɛkanyan akɔnnɔ, afomfam, ne amiamia, a nnipa baanu a obiako de n’ano ato ne yɔnko so de wɔn ho bɛhyem sɛ ɛyɛ ade pa de, nanso ɛnsɛ sɛ ‘yedi nnipa dodow akyi kɔyɛ bɔne.’—Ex. 23:2.
9 Ɛsɛ sɛ Wɔde Amanne Kwan So Aware Ho Amanneɛbɔ Ma?: Wɔ asɛm a wɔato din “De Kɔma Ahenni Adawurubɔfo Nyinaa” a ɛfa amanne kwan so aware ne ɛho kyerɛwtohɔ ho, a ɛwɔ krataa a ɛhyɛ March 1978 Yɛn Ahenni Som mu no mu no, wɔmaa emu daa hɔ sɛ nea wobu no sɛ aware a ɛho tew wɔ Ghanafo ne Onyankopɔn ani so ne amanne kwan so aware a wowie ho biribiara ma nkurɔfo di nhyehyɛe no ho adanse. Ɛno akyi no, mmara hwehwɛ sɛ wɔyɛ aware a wɔahyehyɛ no saa kwan no so no ho kyerɛwtohɔ wɔ ɔmansin agyinatufo dwumadibea. Sɛ wɔyɛ saa a, na ɛkyerɛ sɛ wɔadi nea amanne, mmara, ne Kyerɛwnsɛm hwehwɛ no ho dwuma.
10 Afei hwɛ tebea yi: Onua bi kotua tiade no de ware obi wɔ baabi wɔ amanne kwan so. Ɛno akyi no, ɔkɔfa ne yere no ne no bɛtra ne fie dinn, bere a asafo no mufo ne mpɔtam hɔfo fa kɛse no ara nnim sɛ wɔaware wɔ saa kwan no so. Anaasɛ bere a wɔaware wɔ amanne kwan so saa awie no, wɔn mu biako kɔsra ne yɔnko kodi nna kakra wɔ ne nkyɛn sɛ okunu ne ɔyere, na afei ɔsan kɔ baabi a ofi bae. So mfomso bi wɔ saa nsɛm yi mu?
11 Ɛyɛ nokware sɛ nnipa baanu no aware mmara kwan so ma ɛne Kyerɛwnsɛm nso hyia. Nanso anuanom ne nnipa foforo a wɔwɔ mpɔtam hɔ a wonnim wɔn aware no ho hwee bebu asɛm no dɛn? Sɛ wohu sɛ ɔbea bi aba fie hɔ mpofirim, anaasɛ ɛwom araa a na obiako akɔsra ne yɔnko ma wɔada dan koro mu a, so ɛremma wɔn a wɔwɔ nkyɛn adwenem nyɛ wɔn naa wɔ ɔkwan a ntease wom so, esiane sɛ wonim sɛ Yehowa asomfo ware wɔ ɔkwan a nidi wom so nti? Sɛ wɔbɔ aware no ho amanneɛ wɔ baguam a, saa adwenem naayɛ yi remma.
12 Tebea foforo: Onua bi a ɔware wɔ amanne kwan so, a wayɛ n’adwene sɛ akyiri yi ɔbɛyɛ aban mu aware ho kyerɛwtohɔ nso ɛ? Ɛmfa ho sɛ eyi ho nhia na ama aware no adi mu (esiane sɛ amanne kwan so aware no ankasa di mũ nti) no, ebinom yɛ ɛno nso ka ho. So mfomso bi wom sɛ saa awarefo yi bɛka abom sɛ okunu ne ɔyere ansa na saa aban mmara mu dwumadi no aba so? Nokwarem no, wɔaware wɔ mmara kwan so na ɛne Kyerɛwnsɛm nso hyia. Na asɛm a ɛsɔre wɔ ha yi nso ne sɛ: Wɔn a wɔwɔ nkyɛn a wonim sɛ wɔrebɛyɛ aban mu aware ho kyerɛwtohɔ no bebu ka a wɔka bom sɛ okunu ne ɔyere no dɛn? So ɛremma wonnya adwene sɛ nnipa baanu no de wɔn ho rehyɛ nna mu ansa na wɔaware, ɛmfa ho sɛ wɔaware amanne kwan so dedaw no?
13 Aware a Wodi no Ni: Ɛnde ɔkwan bɛn na wobetumi afa so adi nsɛm tebea a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no ho dwuma wɔ nidi mu, na anto obiara hintidua? Sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn ‘abrabɔ bɛfata asɛmpa no,’ ɛbɛyɛ papa sɛ yesusuw nneɛma bi ho. (Fil. 1:27) Esiane sɛ yɛte ɔbrasɛe wiase a wobu nna mu ɔbrasɛe sɛ ɔbra a asɛm biara nni ho nti, yɛmpɛ sɛ yɛbɛma nkurɔfo anya adwene sɛ yɛresuasua gyinapɛn koro no ara. Mmom no, yɛpɛ sɛ yɛyɛ soronko. Enti, nea ɛbɛyɛ na yɛadi aware ni wɔ Onyankopɔn ne nnipa ani so no, ansa na nnipa a wɔaware amanne kwan so bɛka abom sɛ okunu ne ɔyere no, ɛbɛyɛ papa sɛ wɔbɔ aware no ho amanneɛ wɔ ɔkwan bi so, ebia denam nkaebɔ a wɔde bɛma asafo no anaasɛ nnamfo kakraa bi a wɔbɛfrɛfrɛ wɔn ma wɔato adeyɛ no ho pon, anaa abien no nyinaa so. Aware ho ɔkasa bɛfata tebea a ɛte saa.—Fa toto Mateo 25:1-10; Adiyisɛm 19:9 ho.
14 Sɛ adwene no ne sɛ wɔbɛyɛ aban mu aware ho kyerɛwtohɔ wɔ amanne kwan so aware no akyi pɛɛ, na sɛ wɔabɔ nkurɔfo amanneɛ wɔ eyi ho a, ɛnde so ɛrenyɛ nea nidi wom sɛ wɔbɛyɛ ɛno nso ansa na wɔaka abom sɛ okunu ne ɔyere, na amma nkurɔfo annya adwemmɔne bi?
15 Wɔ nsase a wɔmma Ahenni Asa horow tumi krataa sɛ wotumi ware wɔ aban mu wɔ hɔ no, April 15, 1997, Ɔwɛn-Aban no ka wɔ kratafa 24 sɛ: “Sɛ wɔyɛ ayeforohyia kasa ho nhyehyɛe bere a wɔayɛ aban mu de awie a, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wɔremma nna pii mmɛda dwumadi no abien ntam.” Saa ara na wɔ yɛn man yi mu no, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wɔremma nna pii mmɛda amanne kwan so dwumadi no ne Ahenni Asa so ɔkasa no ntam. Eyi ma wɔkwati sɛ wɔbɛto obiara hintidua esiane sɛ nnipa baanu no tra sɛ okunu ne ɔyere ansa na wɔahyɛ da de aware no ho amanneɛbɔ ato gua nti. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ ansa na mpanyimfo no bɛma kwan sɛ wɔmma aware ho ɔkasa no wɔ Ahenni Asa so wɔ amanne kwan so dwumadi no akyi no, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ hu sɛ wɔayɛ amanne kwan so aware no ho kyerɛwtohɔ dedaw wɔ mpɔtam hɔ mansin agyinatufo dwumadibea hɔ. Sɛ wɔama Ahenni Asa no tumi krataa sɛ wotumi ware aban mu wɔ hɔ, na sɛ aware ho ɔkasa no ne aban mu aware ho kyerɛwtohɔ no bom a, eyi ho nhia.
16 Nea ɛne atifi hɔ nyansahyɛ no hyia no, ebinom atumi ayɛ amanne kwan so aware no anɔpa, de aban mu aware no atoa so wɔ Ahenni Asa so saa da no ara awia. Afoforo nso atumi ayɛ aban mu aware no wɔ Ahenni Asa so wɔ dapɛn a wɔyɛ amanne kwan so dwumadi no awiei. Nyansa wom sɛ wɔremma bere tenten mmɛda dwumadi abien no ntam.
17 Wɔ ankorankoro a wɔabom atra sɛ okunu ne ɔyere wɔ amanne kwan so aware akyi fam no, sɛ wosi gyinae akyiri yi sɛ wɔbɛyɛ aban mu aware ho kyerɛwtohɔ a, ɛrenyɛ papa sɛ wɔbɛto nsa afrɛ ahɔho aba Ahenni Asa so abetie ayeforohyia kasa te sɛ nea afei na wɔreware. Wɔde wɔn aware no ho amanneɛbɔ ama dedaw, na wɔayɛ wɔn ade sɛ awarefo. Sɛ wɔka ntam no de wɔn nsa hyɛ kyerɛwtohɔ krataa no ase a, ɛno ara dɔɔso.
18 Sɛ yedi nsɛm ho dwuma saa kwan yi so a, yɛwɔ awerɛhyem sɛ ɛrento obiara hintidua, na yɛbɛkɔ so abɔ bra pa wɔ amanaman mu.—1 Pet. 2:12.