Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Nsɛmmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban—1997 | April 1
    • Nsɛmmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

      Sɛ wɔfrɛ Kristoni bi sɛ ɔnkɔyɛ asɛnni baguafo adwuma a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?

      Wɔ nsase bi so no, atemmu adwuma no paw asɛnni baguafo fi ɔmanfo mu. Baabi a wɔyɛ eyi no, ɛsɛ sɛ Kristoni si nea ɔbɛyɛ ho gyinae sɛ wɔfrɛ no sɛ ɔnkɔyɛ asɛnni baguafo adwuma a. Kristofo pii de ahonim pa aka sɛ Bible nnyinasosɛm ahorow mmara gye a wobegye ɔfrɛ no so, sɛnea Sadrak, Mesak, ne Abednego yɛe bere a Babilon aban no frɛɛ wɔn sɛ wɔmmra Dura asasetaw so, na Yosef ne Maria nso kɔɔ Betlehem wɔ Roma atumfoɔ akwankyerɛ ase no. (Daniel 3:1-12; Luka 2:1-4) Nanso, nsɛm bi wɔ hɔ a Kristofo anokwafo betumi asusuw ho.

      Ɛnyɛ aman nyinaa mu na wɔde asɛnni baguafo di dwuma. Wɔ nsase bi so no, obi a wasua atemmufo adwuma no anaa atemmufo kuw bi na esi ɔmanfo ntam nsɛmnsɛm ne nsɛmmɔnedi ho nsɛm ho gyinae. Wɔ baabi foforo no, nea wɔfrɛ no amammerɛ mmara na wɔde di dwuma, na asɛnni baguafo ka atemmufo no ho. Nanso, nnipa dodow no ara nni ɔkwan a wɔfa so paw asɛnni baguafo ne nea wɔyɛ ho adwene ahe biara. Enti hu a wubehu no bɛboa wo, sɛ ebia worehyia asɛnni baguafo adwuma ho nsɛm anaasɛ ɛnte saa.

      Onyankopɔn nkurɔfo gye Yehowa tom sɛ Ɔtemmufo Kunini. (Yesaia 33:22) Wɔ tete Israel no, mmarima a na wɔwɔ suahu a wɔteɛ, na wɔnhwɛ nnipa anim na wodii dwuma sɛ atemmufo siesiee akasakasa, na wobuaa mmara ho nsɛm ahorow. (Exodus 18:13-22; Leviticus 19:15; Deuteronomium 21:18-21) Ebeduu bere a Yesu baa asase so no, na Sanhedrin, Yudafo no asɛnnibea kɛse no, na edi atemmu ho dwuma. (Marko 15:1; Asomafo no Nnwuma 5:27-34) Ná nsiesiei biara nni hɔ sɛ Yudani bi bɛyɛ ɔman asɛnni baguani.

      Nsase foforo de asɛnni baguafo a wɔyɛ ɔmanfo na edi dwuma. Asɛnni baguafo 501 na wodii Socrates asɛm. Ná wɔma asɛnni baguafo di asɛm wɔ Roma Adehyeman no mu, ɛwom sɛ wɔbaraa eyi wɔ ahempɔn no nniso ase de. Akyiri yi, Ɔhene Henry III a ofi England yɛɛ nhyehyɛe ma obi a wɔabɔ no sobo no afipamfo buu no atɛn. Wɔtee nka sɛ esiane sɛ wonim nea wɔabɔ no sobo no nti, atemmu no bɛyɛ papa asen sɛ ɔbɛko agye ne ho anaa wɔnam ayayade a wɔde bɛyɛ no so bedi n’asɛm. Bere kɔɔ so no, wɔsesaa asɛnni baguafo nhyehyɛe no yɛɛ no ɔmanfo dodow bi a wotie asɛm na wogyina adanse so bu atɛn. Ná ɔtemmufo ankasa bi kyerɛ wɔn akwan a wɔbɛfa so anya adanse ahorow.

      Asɛnni bagua no gu ahorow wɔ baguafo dodow a wɔwom, ne ɔkwan a wɔfa bu ntɛn no mu. Sɛ nhwɛso no, wɔ United States no, asɛnni baguafo a emufo yɛ 12 kosi 23 na wɔhwehwɛ asɛm bi mu hwɛ sɛ ebia adanse a ɛdɔɔso wɔ hɔ sɛ wɔbɔ obi sobo sɛ ɔyɛ nsɛmmɔnedifo anaa; wɔnkyerɛ sɛ obi di fɔ anaasɛ odi bem. Saa ara na wɔ asɛnni bagua a ɛhwehwɛ nsɛm mu ho no, baguafo no gyina adanse a wonya so si gyinae sɛ ebia obi adi nsɛmmɔne ankasa anaa.

      Sɛ nnipa dodow no ara resusuw asɛnni bagua ho a, nea wodwen ho ara ne ɔmanfo 12 a wɔredi asɛm—sɛ ɛyɛ ɔmanfo ntam akasakasa anaa nsɛmmɔnedi bi—a wotie adanse a ɛwom, na wogyina so kyerɛ sɛ obi di fɔ anaa odi bem. Sɛ wode toto asɛnni bagua kɛse ho a, eyi yɛ asɛnni bagua ketewa. Sɛnea wɔyɛ no no, asɛnnibea no de nkaebɔ kɔma ankorankoro a wɔpaw wɔn fi nnipa a wɔtow aba, ahyɛnkafo a wɔwɔ tumi krataa, anaa nea ɛtete saa sɛ wɔmmɛyɛ asɛnni baguafo adwuma. Ebinom wɔ hɔ a ebia wɔremfata koraa, te sɛ nsɛmmɔnedifo a wɔada afiase pɛn ne wɔn a wɔn adwene nkyere ade ntɛm. Afoforo te sɛ—nnuruyɛfo, asɔfo, mmaranimfo, anaa nnwuma nketewa wuranom—tumi yi wɔn ho fi mu, a egyina sɛnea ɛhɔ mmara te so. (Ebinom yi wɔn ho fi mu esiane sɛ wɔn ankasa fi ahonim mu sɔre tia asɛnni baguafo adwuma no denneennen nti.) Nanso, atumfoɔ no rekɔ so bara yi a nkurɔfo tumi yi wɔn ho fi mu no, na ayɛ ahyɛde ama obiara akɔyɛ asɛnni baguafo adwuma no bi, na ebia wadi nsɛm mpɛn pii wɔ mfe bebree mu.

      Ɛnyɛ wɔn a wɔkɔ sɛ wɔrekɔyɛ asɛnni baguafo adwuma nyinaa na wɔtra asɛm mu. Woyiyi nnipa a wɔfrɛ wɔn ma asɛnni baguafo adwuma no mu, wɔpaw ebinom sɛ asɛnni baguafo ma asɛm pɔtee bi. Afei ɔtemmufo no hu afanu a wɔredi asɛm no ne wɔn mmaranimfo, na ɔma wohu asɛm no ani so. Ɔno ne mmaranimfo no yɛ wɔn a wɔrebɛyɛ asɛnni baguafo no mu biara ho nsɛm mu nhwehwɛmu. Saa bere yi ne bere a sɛ obi wɔ ntease bi a egyina ahonim so nti ɔmpɛ sɛ ɔka asɛnni baguafo no ho esiane sɛnea asɛm no te nti a, ɛsɛ sɛ ɔka.

      Ehia sɛ wɔtew asɛnni baguafo no dodow so ma ɛka wɔn a wɔbɛtra saa asɛm no mu no ankasa. Ɔtemmufo no beyi obiara a ɛda adi sɛ obetumi ahwɛ nnipa anim wɔ asɛm no mu esiane sɛnea ɛfa ne ho nti no afi mu. Afei nso, afanu no nyinaa mmaranimfo no wɔ tumi sɛ woyi asɛnni baguafo no kakra fi mu. Obiara a woyi no fi saa asɛnni baguafo no mu san kɔka baguafo a aka no ho twɛn sɛ wɔbɛsan apaw no ama nsɛm foforo. Kristofo binom a wɔwɔ tebea a ɛte sɛ eyi mu no de bere no ayɛ bɔnnɔ so adansedi. Nna bi akyi no, obi wie n’asɛnni bagua adwuma no, sɛ ɔtraa asɛm bi mu ankasa sɛ asɛnni baguani anaasɛ wantra bi mu.

      Kristofo bɔ mmɔden sɛ ‘wɔbɛyɛ wɔn ankasa ade,’ ɛnyɛ sɛ wɔde wɔn ho bɛhyehyɛ “ebinom nsɛm mu.” (1 Tesalonikafo 4:11; 1 Petro 4:15) Bere a Yudani bi ka kyerɛɛ Yesu sɛ onni awunnyade bi ho asɛm no, obuae sɛ: “Onipa, hena na ɔde me sii mo so sennifo anaa ɔdekyɛfo?” (Luka 12:13, 14) Yesu ba bɛkaa Ahenni ho asɛmpa, wammedi nsɛm. (Luka 4:18, 43) Ebia Yesu mmuae no kaa ɔbarima no ma ɔfaa ɔkwan a wɔnam so siesie akasakasa a wɔada no adi wɔ Onyankopɔn Mmara mu no so. (Deuteronomium 1:16, 17) Ɛwom sɛ nsɛm a ɛtete saa fata de, nanso nsa a wɔto frɛ obi sɛ ɔmmɛyɛ asɛnni baguafo adwuma a obegye so no yɛ soronko wɔ afoforo nsɛm a ɔde ne ho bɛhyehyɛ mu ho. Ɛreyɛ ayɛ sɛ Daniel ne ne mfɛfo baasa no tebea no. Babilon aban no hyɛɛ wɔn sɛ wɔmmra Dura asasetaw no so, na saa a wɔyɛe no anto Onyankopɔn Mmara. Nea wɔyɛe wɔ ɛno akyi no yɛɛ asɛm foforo, sɛnea Bible da no adi no.—Daniel 3:16-18.

      Bere a Onyankopɔn asomfo fii Mose Mmara no ase no, na ɛsɛ sɛ wɔne nsase horow so asɛnnibea di nsɛm. Ɔsomafo Paulo hyɛɛ “ahotefo” a wɔwɔ Korinto no nkuran sɛ wonsiesie wɔn ntam nsɛmnsɛm wɔ asafo no mu. Bere a na Paulo reka wiase asɛnnifo ho asɛm sɛ “wɔn a wɔnteɛ” no, wankyerɛ sɛ saafo no nni ho kwan sɛ wodi wiase nsɛm. (1 Korintofo 6:1) Oyii n’ano wɔ Romafo asɛnnibea, na ɔde n’asɛm kɔdan Kaesare mpo. Enti ɛnyɛ sɛ wiase asɛnnibea ahorow no mfata.—Asomafo no Nnwuma 24:10; 25:10, 11.

      Wiase asɛnnibea ahorow yɛ ‘atumfoɔ a wɔkorɔn’ no nhyehyɛe. “Onyankopɔn na ɔde atumfoɔ a wɔwɔ hɔ no agyina wɔn sɛso gyinabea,” na saafo no hyɛ mmara na wɔhwɛ ma ɛyɛ adwuma. Paulo kyerɛwee sɛ: “Wɔyɛ Onyankopɔn asomfo ma wo papa. Na sɛ woyɛ bɔne a, suro, na wonkura afoa no kwa; na wɔyɛ Onyankopɔn asomfo a wodi were de abufuw ba nea ɔyɛ bɔne no so.” Kristofo ne ‘tumi no nni asi’ bere a ɛreyɛ adwuma a wɔde ama no no, efisɛ wɔmpɛ sɛ ‘wɔne no di asi’ na wonya afobu.—Romafo 13:1-4, NW; Tito 3:1.

      Sɛ Kristofo resusuw nsɛm ho a, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ sɛ ebia wobetumi abrɛ wɔn ho ase ama Kaesare ahyɛde horow bi anaa. Paulo tuu fo sɛ: “Muntua obiara [atumfoɔ a wɔkorɔn no] nea ɛsɛ no! Munyi tow mma nea ɔtow sɛ no, amanne mma nea amanne sɛ no, munsuro nea osuro sɛ no, munni nea nidi sɛ no ni.” (Romafo 13:7) Eyi fa sika fam tow ho tee. (Mateo 22:17-21) Sɛ Kaesare ka sɛ ɔmanfo mfa wɔn bere ne wɔn ahoɔden nsiesie akwan anaasɛ wɔnyɛ nnwuma foforo a ɛyɛ Kaesare nnwuma a, ɛsɛ sɛ Kristoni biara si ho gyinae wɔ ne ho a ɔde bɛhyɛ mu no ho.—Mateo 5:41.

      Kristofo binom abu asɛnni baguafo adwuma no sɛ Kaesare de a wɔde ma Kaesare. (Luka 20:25) Wɔ asɛnni baguafo adwumam no, adwuma no ne sɛ wubetie adanse ahorow na wufi nokwaredi mu akyerɛ w’adwene wɔ nsɛm anaa mmara no ho. Sɛ nhwɛso no, wɔ asɛnni bagua kɛse mu no, baguafo si gyinae sɛ ebia adanse a wonya no fata sɛ wɔde obi kɔ asɛnnibea anaa; ɛnyɛ wɔn na wobu obi fɔ. Na nsɛm a wodi nso ɛ? Wɔ ɔmanfo ntam nsɛmnsɛm mu no, asɛnni baguafo no tumi bɔ obi ka anaasɛ wɔma otua mpatade. Wɔ asɛm a ɛfa nsɛmmɔnedi ho no, wɔn na wɔkyerɛ sɛ ebia adanse a wonya no kyerɛ sɛ obi di fɔ ankasa. Ɛtɔ mmere bi a wɔn na wɔkyerɛ asotwe ko a mmara kyerɛ sɛ wɔmfa mma. Afei aban no de ne tumi di dwuma “de abufuw ba nea ɔyɛ bɔne no so,” anaasɛ ‘wɔde asotwe ba nnebɔneyɛfo so.’—1 Petro 2:14.

      Na sɛ Kristoni bi te nka sɛ n’ahonim mma no kwan sɛ ɔmfa ne ho nhyɛ asɛnni bagua bi mu nso ɛ? Bible nka asɛnni baguafo adwuma ho asɛm, enti ɔrentumi nka sɛ, ‘Etia me som sɛ mede me ho bɛhyɛ asɛnni bagua bi mu.’ Obetumi aka sɛ ɛhaw n’ahonim sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ asɛnni bagua bi a ɛredi asɛm pɔtee bi mu a egyina sɛnea asɛm no te so. Ebetumi aba saa, bere a sɛ asɛm no fa nna mu ɔbrasɛe, nyinsɛn a wotu gu, awudi, anaa biribi foforo a adwene a ɔwɔ wɔ ho nnyina wiase mmara kɛkɛ so na mmom egyina nimdeɛ a wanya afi Bible ntetee so ho no. Nanso, nokwarem no, ebetumi aba nso sɛ asɛm a wɔpaw no sɛ onni no mfa nneɛma a ɛtete saa ho.

      Kristoni bi a ne ho akokwaw besusuw ho nso sɛ ebia atemmufo no ntɛn a wobebu no ho asodi bi bɛda ne so anaa. (Fa toto Genesis 39:17-20; 1 Timoteo 5:22 ho.) Sɛ wodi mfomso bu obi fɔ na wobu no kumfɔ a, so Kristoni a ɔka asɛnni baguafo no ho no bedi mogya ho fɔ bi? (Exodus 22:2; Deuteronomium 21:8; 22:8; Yeremia 2:34; Mateo 23:35; Asomafo no Nnwuma 18:6) Bere a wɔredi Yesu asɛm no, Pilato hwehwɛe sɛ ‘onipa yi mogya remma ne so.’ Yudafo no de ahopere kae sɛ: “Ne mogya mmra yɛn ne yɛn mma atifi.”—Mateo 27:24, 25.

      Sɛ Kristoni bi pene asɛnni baguafo adwuma so, sɛnea aban kyerɛ, nanso esiane n’ankasa ahonim nti ɔkyerɛ sɛ ɔrenni asɛm pɔtee bi ɛmfa ho sɛ ɔtemmufo hyɛ no a, ɛsɛ sɛ Kristoni no siesie ne ho sɛ obehyia ɔhaw biara a ebefi mu aba—sɛ ɛyɛ ɛka a wɔbɛbɔ no anaa afiase a wɔde no bɛto.—1 Petro 2:19.

      Nea edi akyiri no, ɛsɛ sɛ Kristoni biara a ohyia asɛnni baguafo adwuma ho nsɛm no gyina Bible mu ntease a ɔwɔ ne n’ankasa ahonim so si nea ɔbɛyɛ ho gyinae. Kristofo binom akɔyɛ asɛnni baguafo adwuma na wɔatra nsɛm bi mu. Afoforo ate nka sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ, bere a wohyia ɛho asotwe mpo no. Ɛsɛ sɛ Kristoni biara si nea ɔbɛyɛ ho gyinae, na ɛnsɛ sɛ afoforo kasa tia ne gyinaesi no.—Galatifo 6:5.

  • Yehowa Adansefo Bɛyɛ Amanaman Ntam Nhyiam Ahorow
    Ɔwɛn-Aban—1997 | April 1
    • Yehowa Adansefo Bɛyɛ Amanaman Ntam Nhyiam Ahorow

      Yehowa Adansefo Sodikuw no reyɛ nhyehyɛe ayɛ amanaman ntam nhyiam ahorow wɔ 1998 mu. Wɔkyerɛɛ amanneɛbɔ yi ho anigye kɛse wɔ Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania, afe afe nhyiam a wɔyɛe wɔ Jersey City Nhyiam Asa so wɔ Memeneda, October 5, 1996 no ase.

      Wɔbɛyɛ amanaman ntam nhyiam dodow bi wɔ Amerika Kusuu fam wɔ 1998 mfinimfini aka amantam nhyiam a wɔtaa yɛ no ho. Wɔhwɛ kwan sɛ nhyiam ahorow yi bɛma Adansefo ɔpehaha pii a wofi asase so mmeae pii abom ahyia. Nea ɛbɛyɛ na nnipa atumi afi nsase pii so aba bi no, wɔbɛma Ɔwɛn Aban Asafo ti no baa dwumadibea ahorow a ɛboro 100 no mu biara apaw nhyiamfo no dodow bi ma wɔakɔ kurow a wɔbɛyɛ amanaman ntam nhyiam wom wɔ Amerika Kusuu fam no bi.

      Ɛda adi sɛ, ɛnyɛ wɔn a wɔbɛpɛ sɛ wotu kwan kɔ Amerika Kusuu fam no nyinaa na wobetumi ayɛ saa. Nanso, nnipa mpempem pii betumi akɔ amanaman ntam nhyiam a ɛbɛn wɔn yiye no bi. Wɔreyɛ nhyehyɛe ahorow ama wɔayɛ amanaman ntam nhyiam ahorow wɔ Europa aman abien anaa abiɛsa mu, ne afoforo mu wɔ Afrika, Asia, Latin Amerika, South Pacific, ne Caribbean.

      Bere a ɛfata mu no, Asafo ti no baa dwumadibea ahorow no bɛka kurow anaa nkurow a wɔbɛma wɔakɔ mu nhyiam no ho asɛm akyerɛ asafo ahorow a ɛwɔ wɔn nsasesin mu no. Wɔbɛma wɔate mmere a wɔbɛyɛ nhyiam no ne nhyehyɛe ahorow a wɔnam so paw nhyiamfo no ho nsɛm. Wɔn a wɔayɛ wɔn adwene sɛ wobebisa hokwan no akɔ bi betumi afi ase asie sika de ahwɛ dwumadi soronko yi kwan.

      Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa betumi ahwɛ nea ɛda wɔn anim wɔ amanaman ntam nhyiam a wɔbɛyɛ 1998 no kwan. Dwumadi koro no ara na wɔbɛyɛ wɔ amantam nhyiam horow a wɔbɛyɛ wɔ aman nyinaa mu no ase.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena