Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • So Wugye Wo a Wɔsan Wo Obi no Di?
    Ɔwɛn-Aban—1997 | May 15
    • So Wugye Wo a Wɔsan Wo Obi no Di?

      MUKUNDBHAI kyerɛw kɔmaa ne babarima a na ɔwɔ sukuupɔn mu wɔ United States sɛ: “Wokae abeawa bi a na ɔte bɛn yɛn wɔ India ha a na w’ani gye ne ho bere a na woresi so no? Aka adapɛn kakraa bi na waware. Misusuw sɛ ɛsɛ sɛ wote.”

      Dɛn nti na papa no kaa asɛm yi kyerɛɛ ne babarima no? Anyɛ hwee koraa no, Mukundbhai na ɔde anibere twaa saa mmofraberem ɔdɔ ho nhyehyɛe no mu mfe bi a atwam no. Ɛno da nkyɛn a, na ne babarima no akodi States mfe asia retoa ne nhomasua so. Saa bere no nyinaa na ɔne abeawa no nni nkitaho biara, na na Mukundbhai nim saa.

      Ɛnde dɛn nti na na asɛm no hia no saa? Efisɛ na Mukundbhai gye wo a wɔsan wo obi, anaa awo foforo, no di.a Sɛ ɛkɔba sɛ ɔdɔ a na mmofra baanu no anya ama wɔn ho no fi yɛ a na wɔyɛ awarefo wɔ wɔn asetra a atwam no mu a, ɛbɛyɛ atirimɔdensɛm sɛ wɔbɛtetew wɔn ntam saa bere yi a wɔaso aware no. Ná Mukundbhai pɛ sɛ ɔma ne babarima no hu nea ɛrekɔ so no ansa na abeawa no abɛyɛ onipa foforo bi yere wɔ saa asetra yi mu.

      Susuw asɛm foforo ho. Ná wɔagye abeawa bi a wadi mfe anan ato ayaresabea bi mpɛn pii wɔ Mumbai, India, ma wahu amane wɔ hɔ. Ná ne haw no fi ne koma mu ntini bi a adi dɛm. Ná ɛhaw n’awofo a biribi wɔ wɔn nsam no kɛse sɛ wɔn ba no rehu amane. Nanso wonyaa adwene bi sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛfa no saa. Ebia ɔyɛɛ biribi wɔ n’asetra a atwam no mu nti na eyi aba ne so.”

      Wo a wɔsan wo obi ho gyidi no yɛ ade titiriw wɔ Hindusom, Buddhasom, Jainsom, Sikhsom, ne ɔsom afoforo a efi India no mufo ɔpepem pii asetram. Wobu nsɛm a esisi wɔ asetram—efi ɔdɔ a wonya ma obi so kosi amanehunu a emu yɛ den so—sɛ nneɛma a wɔyɛe wɔ asetra bi anaa asetra ahorow bi a atwam mu na ɛma ɛba.

      Nnipa pii a wɔwɔ Atɔe fam nsase so nso ani gye wo a wɔsan wo obi ho nkyerɛkyerɛ no ho. Amerikani guasodeyɛfo Shirley MacLaine kyerɛ sɛ ogye di. Nhoma kyerɛwfo Laurel Phelan a ɔwɔ Vancouver, British Columbia, Canada no, kyerɛ sɛ ɔkaakae n’asetra ahorow 50 a atwam mu nsɛm. Wɔ Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ 1994 mu maa CNN/USA Today mu no, mpanyimfo 1,016 mu bɛboro 270 kyerɛe sɛ wogye wo a wɔsan wo obi no di. Wo a wɔsan wo obi ho gyidi no ka Mmere Foforo dwumadi no ho. Nanso adanse bɛn na ɛfoa saa gyidi yi so?

      Wɔn a wogye wo a wɔsan wo obi di no ka sɛ: “Ɛyɛ kae a obi kae sɛ watra ase pɛn!” Ne saa nti, bere a Ratana a wadi mfe abiɛsa a ɔwɔ Bangkok no fii ase “kaakaee n’asetra a atwam mu nsɛm sɛ na ɔyɛ ɔbea nyamesomni a owui wɔ ne mfe 60 mu no,” nnipa a wɔwɔ nkyɛn no dodow no ara gyee n’asɛm no toom sɛ ɛyɛ adanse a edi mũ a ɛfoa wo a wɔsan wo obi no so.

      Nanso adwenem naayɛ pii wom. Na nneɛma a wɔkaakae a wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ asetra bi a atwam de no ho nkyerɛkyerɛmu foforo nso betumi ayɛ yiye.b Hinduni nyansapɛfo Nikhilananda ka wɔ ne nhoma Hinduism: Its Meaning for the Liberation of the Spirit mu sɛ ‘wontumi mfa biribi a wotumi te ase nkyerɛkyerɛ owu akyi asetra mu.’ Nanso ɔkyerɛ sɛ “nea ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ paara no dɔɔso sen nea ɛnkyerɛ sɛ ɛyɛ paara no.”

      Nanso so Bible foa saa nkyerɛkyerɛ yi so? Na anidaso bɛn na Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no wɔ ma awufo?

  • So Ɛsɛ sɛ Wugye Wo a Wɔsan Wo Obi no Di?
    Ɔwɛn-Aban—1997 | May 15
    • So Ɛsɛ sɛ Wugye Wo a Wɔsan Wo Obi no Di?

      HELANI nyansapɛfo Plato de ɔdɔ a obi nya ma obi no bataa adwene a ɛne sɛ wɔsan wo obi foforo no ho. Ná ogye di sɛ sɛ nipadua no wu a, esiane sɛ ɔkra no nwu nti, etu kɔtra nea wɔafrɛ no “baabi a nneɛma su a ɛyɛ kronn no wɔ.” Bere a enkura su biara no, ɛtra hɔ kakra, na esusuw su ahorow no ho. Afei sɛ ɔkra no kɔhyɛ nipadua foforo mu a, ɛkae baabi a su ahorow wɔ no, na n’ani gyina hɔ. Sɛnea Plato kyerɛe no, nea ɛma nkurɔfo nya ɔdɔ ma wɔn ho ne sɛ wohu ahoɔfɛ ankasa a wɔkae kakra na wɔhwehwɛ no, wɔ wɔn dɔfo no mu.

      Baabi a Efi ne Ne Nnyinaso a Yebehu

      Wo a wɔsan wo obi ho nkyerɛkyerɛ no kyerɛ sɛ ɔkra no nwu. Ɛnde wo a wɔsan wo obi ho adwenkyerɛ no befi nkurɔfo ne aman a na wɔwɔ saa gyidi no mu. Ebinom agyina eyi so asusuw sɛ efii ase wɔ tete Misraim. Afoforo nso gye di sɛ efii ase wɔ tete Babilon. Nea ɛbɛyɛ na Babilonfo som no anya nidi nti na n’asɔfokuw no de nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ ɔkra no tu kɔtra baabi no bae. Enti na wobetumi akyerɛ sɛ wɔn som mu akunini no yɛ nananom a na wɔyɛ nnipa titiriw a wɔawuwu dedaadaw.

      Nanso, India na wo a wɔsan wo obi ho gyidi no gyee ntini kɛse. Ná amansan haw a ɛne bɔne ne amanehunu a ɛrekɔ so wɔ nnipa mu no kyere Hindu anyansafo no adwene. Wobisaa wɔn ho sɛ, ‘Ɛbɛyɛ dɛn na saa nneɛma no ne adwene a ɛne sɛ Ɔbɔadeɛ a ɔteɛ bi wɔ hɔ no ahyia?’ Wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ nea enti a Onyankopɔn teɛ, nanso akwanhyia ne ntɛnkyea kɔ so wɔ wiase no mu. Bere kɔɔ so no, wɔyɛɛ “karma mmara no,” mmara a ɛkyerɛ sɛ biribi na ɛkɔfa biribi ba no—‘nea onipa gu biara no, ɛno ara na obetwa.’ Wɔyɛɛ ‘akontaabu’ bi a ɛkɔ akyiri a ɛkyerɛe sɛ sɛ obi bu bra pa anaa bra bɔne wɔ asetra mu a, onya ho akatua anaa asotwe wɔ asetra foforo mu.

      Nea “karma” kyerɛ ara ne “nneyɛe.” Sɛ Hinduni bi bɔ ne bra ma ɛne asetra ne ɔsom mu nneyɛe gyinapɛn hyia a, wɔkyerɛ sɛ ɔwɔ karma pa, na sɛ wanyɛ saa a, wɔkyerɛ sɛ ɔwɔ karma bɔne. Ne nneyɛe anaa ne karma no na ɛkyerɛ nea ɛbɛto no daakye wɔ awo a ebedidi so aba a wɔbɛsan awo no no mu. Nyansapɛfo Nikhilananda ka sɛ: “Wɔde awosu bi wo nnipa nyinaa, a wɔn asetra bi a atwam titiriw na esiesie no, ɛwom sɛ awosan na ɛkyerɛ honam fam su a wobekura de. [Enti] onipa hyɛbea gyina n’ankasa so, n’ankasa na ɔma ne nkrabea ba.” Enti, botae a ɛsen biara ne sɛ wɔbɛde wɔn ho afi saa nkwa kyinhyiadi yi mu akɔ Brahman mu—asetra a edi mũ. Wogye di sɛ ɔkwan a wɔfa so du eyi ho ne sɛ wɔbɛbɔ mmɔden ada suban a wogye tom wɔ asetram no adi na wɔanya Hindusom mu nimdeɛ soronko.

      Enti wo a wɔsan wo obi ho nkyerɛkyerɛ no gyina ɔkra a enwu da ho nkyerɛkyerɛ no so, na ɛde karma mmara no na ɛhyɛ mu den. Momma yɛnhwɛ nea Bible, Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu, no wɔ ka wɔ saa adwenhorow yi ho.

      So Ɔkra no Nwu?

      Nea ɛbɛyɛ na yɛanya saa asɛmmisa yi ho mmuae no, momma yɛnnan nkɔ nhoma a ɛsen biara a ɛka asɛm no ho biribi no so—Ɔbɔadeɛ no Asɛm a efi honhom mu no. Yehu “ɔkra” ho ntease a edi mũ wɔ Bible no nhoma a edi kan pɛɛ no, Genesis mu. Bible ka sɛnea wɔbɔɔ onipa a odi kan, Adam, no ho asɛm sɛ: “Awurade Nyankopɔn de fam dɔte nwenee onipa, na ohuw nkwa home guu ne hwene mu, na onipa yɛɛ ɔkra teasefo.” (Genesis 2:7) Ɛda adi pefee sɛ ɔkra no nyɛ biribi a onipa wɔ, na mmom ɛyɛ onipa no ankasa. Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha maa ɔkra no ne neʹphesh. Epue wɔ Bible mu bɛyɛ mpɛn 700, na ɛnka onipa fã bi a enni honam a atew ne ho ho asɛm da, na mmom bere nyinaa ɛka biribi a ɛwɔ su a aniwa hu ho asɛm.—Hiob 6:7; Dwom 35:13; 107:9; 119:28.

      Dɛn na ɛba ɔkra no so wɔ owu akyi? Susuw nea ɛbaa Adam so wɔ ne wu akyi no ho. Bere a ɔyɛɛ bɔne no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Wobɛsan akɔ dɔte mu, efisɛ emu na woyii wo fii, na woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.” (Genesis 3:19) Susuw nea ɛno kyerɛ no ho. Ansa na Onyankopɔn de dɔte rebɔ Adam no, na onni baabiara. Adam wu akyi no, ɔsan kɔɔ tebea koro no ara a na onni baabiara no mu.

      Yebetwa no tiawa a, Bible kyerɛkyerɛ sɛ owu yɛ nkwa abirabɔ. Yɛkenkan wɔ Ɔsɛnkafo 9:5, 10 sɛ: “Ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara, na wonni akatua bi bio, na werɛ afi wɔn nkae. Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman a worekɔ hɔ no.”

      Eyi kyerɛ sɛ awufo ntumi nyɛ hwee anaa wɔnte nka biara. Wonni nsusuwii biara bio, na wɔnkae hwee nso. Odwontofo no ka sɛ: “Mommfa mo ho nnto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so. Ne honhom fi kɔ, ɔsan kɔ ne dɔte mu, da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera.”—Dwom 146:3, 4.

      Bible kyerɛ pefee sɛ owu akyi no, ɔkra no ntu nkɔtra nipadua foforo mu, na mmom ewu. Bible ka no pen sɛ: “Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu.” (Hesekiel 18:4, 20; Asomafo no Nnwuma 3:23; Adiyisɛm 16:3) Enti, nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ ɔkra nwu—nea wo a wɔsan wo obi bio ho adwenkyerɛ no gyina so ankasa—no nni nnyinaso biara wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. Sɛ ɛno nni hɔ a, saa adwenkyerɛ no ntumi nnyina. Ɛnde amanehunu a ɛkɔ so wɔ wiase no ase ne dɛn?

      Dɛn Nti na Nnipa Hu Amane?

      Ade titiriw nti a nnipa hu amane ne sintɔ a yɛn nyinaa nya fi ɔbɔnefo Adam mu no. Bible ka sɛ: “Sɛnea ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae no, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” (Romafo 5:12) Esiane sɛ yefi Adam mu nti, yɛn nyinaa tumi yare, yenyinyin, na yewuwu.—Dwom 41:1, 3; Filipifo 2:25-27.

      Bio nso, Ɔbɔadeɛ no abrabɔ ho mmara horow a wontumi nsesa no no ka sɛ: “Monnnaadaa mo ho, Onyankopɔn, wonsi no atwetwe; efisɛ nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa. Nea ogu gu ne honam so no fi honam mu betwa porɔwee.” (Galatifo 6:7, 8) Enti ɔbrasɛe asetra kwan betumi de nkate fam ahohia, nyinsɛn a wɔnhwɛ kwan, ne ɔbarima ne ɔbea ntam nna mu nyarewa aba. Scientific American nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ wobetumi aka sɛ sigaretnom ne ade titiriw a ɛde kokoram a edi awu [wɔ United States] no mu ɔha biara mu 30 ba, na dodow a ɛte saa ara nso fi asetra kwan, titiriw aduan a wodi ne apɔw-mu-teɛteɛ a wɔnyɛ.” Asiane horow a ɛma nnipa hu amane no bi fi asase so nneɛma a onipa mfa nni dwuma yiye.—Fa toto Adiyisɛm 11:18 ho.

      Yiw, onipa amanehunu no fã kɛse fi n’ankasa. Nanso, esiane sɛ ɔkra no wu nti, wontumi nka sɛ ‘obi twa nea ogu’ mfa nkyerɛkyerɛ mu sɛ nnipa amanehunu fi karma—nneyɛe a wɔkyerɛ sɛ obi yɛe wɔ n’asetra bi a atwam mu. Bible ka sɛ: “Nea wawu no, wɔabu no bem afi bɔne ho.” (Romafo 6:7, 23) Enti wɔmfa bɔne so akatua no nkɔ owu akyi asetra bi mu.

      Satan Ɔbonsam nso de amanehunu pii ba. Nokwarem no, Satan na odi wiase yi so. (1 Yohane 5:19) Na sɛnea Yesu Kristo ka siei no, na N’asuafo no bɛyɛ wɔn a ‘ne din nti nnipa nyinaa bɛtan wɔn.’ (Mateo 10:22) Ne saa nti, mpɛn pii no, atreneefo hyia ɔhaw bebree sen abɔnefo.

      Wɔ saa wiase yi mu no, nsɛm bi tumi sisi a ɛyɛ den sɛ wobehu nea ɛde ba. Mmirikatufo a ne ho yɛ hare sen biara betumi ahintiw ma mmirikatu no abɔ no. Asraafo dɔm bi a wɔyɛ den betumi adi nkogu wɔ asraafo a wɔn ahoɔden sua anim. Adwuma pa ho betumi ayɛ den ama onyansafo na ama wadi kɔm. Nsɛm tebea bi betumi ama nnipa a wɔwɔ adwuma sohwɛ mu nhumu kɛse ntumi mfa wɔn nimdeɛ no nni dwuma, ma ɛno nti, ahia wɔn. Atumfoɔ bo betumi afuw animdefo ma wɔahwere anuonyam. Dɛn nti na eyi te saa? Onyansafo Ɔhene Salomo bua sɛ: “Ɛbere ne asiane to wɔn nyinaa.”—Ɔsɛnkafo 9:11, NW.

      Ná adesamma hu amane bere tenten ansa na Hindu anyansafo no rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ nea enti a ɛwɔ hɔ no mu. Nanso daakye a ɛkyɛn so bi ho anidaso wɔ hɔ anaa? Na bɔhyɛ bɛn na Bible wɔ ma awufo?

      Daakye a Asomdwoe Wom

      Ɔbɔadeɛ no ahyɛ bɔ sɛ ɛrenkyɛ ɔde mprempren wiase nhyehyɛe a Satan di so yi bɛba awiei. (Mmebusɛm 2:21, 22; Daniel 2:44) Wobenya nnipa abusua foforo a wɔyɛ atreneefo—“asase foforo”—saa bere no. (2 Petro 3:13) Saa bere no “ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow!” (Yesaia 33:24) Wobeyi owu a ɛyɛ yaw no mpo afi hɔ, efisɛ Onyankopɔn ‘bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.’—Adiyisɛm 21:4.

      Odwontofo no hyɛɛ wɔn a wɔbɛtra Onyankopɔn wiase foforo a ɔde ahyɛ bɔ mu no ho nkɔm sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.” (Dwom 37:29) Afei nso, wɔn a wodwo no “benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”—Dwom 37:11.

      Mukundbhai a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm a edi eyi anim mu no akɔda wɔ owu mu, a onnim Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ nwonwa no. Nanso ɔpepem pii a wɔawuwu a na wonnim Onyankopɔn no, wɔ anidaso sɛ wobenyan wɔn aba asomdwoe wiase foforo a ɛte saa mu, efisɛ Bible hyɛ bɔ sɛ: “Owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.”—Asomafo no Nnwuma 24:15; Luka 23:43.

      Ɛha no, wɔkyerɛɛ asɛmfua “owusɔre” no ase fii Hela asɛmfua a·naʹsta·sis mu, a nea ɛkyerɛ ankasa ne “sɛ wɔsɔre gyina bio.” Enti owusɔre yɛ onipa no asetra su a wɔsan ma ɛba.

      Ɔsoro ne asase Bɔfo no nyansa nni ano. (Hiob 12:13) Ɛnyɛ den mma no sɛ ɔbɛkaakae wɔn a wɔawuwu no asetra su. (Fa toto Yesaia 40:26 ho.) Yehowa Nyankopɔn dɔ nso nni ano. (1 Yohane 4:8) Enti obetumi de kae a otumi kae biribiara no adi dwuma, a ɛnyɛ sɛ ɔde bɛtwe awufo asõ wɔ bɔne a wɔayɛ ho, na mmom ɔde benyan wɔn aba nkwa mu bio wɔ paradise asase so a wokura nipasu a na wɔwɔ ansa na wɔrewuwu no.

      Wɔ ɔpepem pii a wɔte sɛ Mukundbhai no fam no, owusɔre bɛkyerɛ wɔn adɔfo a wɔne wɔn bɛsan ahyiam. Nanso susuw nea ɛbɛkyerɛ ama wɔn a wɔte ase mprempren no ho. Sɛ́ nhwɛso no, susuw Mukundbhai babarima no a wabehu Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ahorow ho nokwasɛm a ɛyɛ nwonwa no ho hwɛ. Hwɛ sɛnea ne werɛ akyekye sɛ wahu sɛ ne papa ho nkyeree no wɔ wo a wɔsan wo obi ho kyinhyiadi a ɛkame ayɛ sɛ ɛto ntwa da no mu, a emu biara mu no, amanehunu na ɛwom no! Wakɔda wɔ owu mu kɛkɛ a ɔretwɛn owusɔre. Hwɛ sɛnea ɛyɛ no anigye sɛ obesusuw ho sɛ ebetumi aba sɛ da bi, ɔbɛka nea n’ankasa asua afi Bible mu no bi akyerɛ ne papa!

      Ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ “wogye nnipa nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu.” (1 Timoteo 2:3, 4) Mprempren ne bere a ɛsɛ sɛ wusua sɛnea wo ne afoforo ɔpepem pii a wɔreyɛ Onyankopɔn apɛde dedaw no betumi atra ase daa wɔ paradise asase so.—Yohane 17:3.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena