Nnipa Mmerɛwyɛ Ma Yehowa Tumi Da Adi Kɛse
“Obiara susuwii sɛ meyɛ bere nyinaa somfo a ɔwɔ anigye yi. Ná meyɛ obi a meboa afoforo wɔ wɔn haw ahorow ho bere nyinaa. Nanso, bere koro no ara no, metee nka sɛ merebrɛ. Ná adwennwen ne adwene mu haw repira me. Mifii ase twee me ho fii nnipa ho. Ná mepɛ sɛ meda me mpa mu wɔ fie nkutoo. Mede asram bi bɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma minwu.”—Vanessa.
TE SƐ nea ɛwɔ nhwɛso a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ mu no, ɛyɛ nea etumi ba sɛ ɛtɔ mmere bi a, Yehowa asomfo bɛte ɔhaw nka bere a wɔte “mmere a emu yɛ den” yi mu no. (2 Timoteo 3:1) Ebinom abam betumi abu mpo. (Filipifo 2:25-27) Sɛ ɔhaw no tra hɔ kyɛ a, abasamtu betumi ama yɛn ahoɔden so atew, efisɛ Bible ka sɛ: “Wo nsa mu gow ahohia da mu a, w’ahoɔden sua.” (Mmebusɛm 24:10) Yiw, sɛ yɛn abam bu a, yehia tumi—ebia nea ɔsomafo Paulo frɛɛ no “tumi a ɛboro so” no mpo.—2 Korintofo 4:7.
Yehowa Nyankopɔn ne tumi nyinaa wura. Eyi da adi bere a yɛhwehwɛ n’abɔde mu no. (Romafo 1:20) Fa owia sɛ nhwɛso. Asase twe ahoɔden a anoden si horsepower ɔpepepepem 240 fi owia mu. Nanso, saa ahoɔden yi yɛ owia no ahoɔden a efi mu no bɛyɛ ɔpepepem fã pɛ. Na sɛ wɔde owia toto nsoromma a wɔfrɛ no supergiants no ho a, na owia sua koraa. Eyinom mu biako ne Regel, nsoromma bi a ɛwɔ Orion nsoromma kuw mu a ne kɛse boro owia so mpɛn 50, na ahoɔden a efi mu no boro owia de no mpɛn 150,000!
Ɛsɛ sɛ Ɔbɔadeɛ a ɔyɛɛ ɔsoro ahoɔden a ɛtete saa no ankasa yɛ obi a ɔwɔ “ahoɔden kɛse.” (Yesaia 40:26; Dwom 8:3, 4) Nokwarem no, odiyifo Yesaia kae sɛ Yehowa ‘mmrɛ, na ɔmpa abaw.’ Na Onyankopɔn wɔ ɔpɛ sɛ ɔde ne tumi bɛma wɔn a esiane mmerɛwyɛ nti, wɔte nka sɛ wɔrebrɛ no. (Yesaia 40:28, 29) Wɔkyerɛkyerɛ sɛnea ɔyɛ eyi no mu wɔ Kristoni somafo Paulo asɛm no mu.
Sɔhwɛ Ahorow Ano a Yebegyina
Paulo kaa akwanside a na ɛsɛ sɛ ogyina ano ho asɛm kyerɛɛ Korintofo no. Ɔfrɛɛ no “ɔhonam mu nsɔe.” (2 Korintofo 12:7) Ebetumi aba sɛ na saa “nsɔe” yi yɛ yare bi, a ebia na ɛyɛ n’ani a ɛhaw no. (Galatifo 4:15; 6:11) Anaasɛ ebia na Paulo reka atoro asomafo ne ahawfo foforo a wɔne no dii asi wɔ n’asomafoyɛ ne n’adwuma mu no. (2 Korintofo 11:5, 6, 12-15; Galatifo 1:6-9; 5:12) Sɛnea na ɛte biara no, saa ‘honam mu nsɔe’ yi haw Paulo yiye, na ɔbɔɔ mpae daa sɛ wobeyi afi hɔ.—2 Korintofo 12:8.
Nanso, Yehowa anni Paulo abisade no ho dwuma. Mmom no, ɔka kyerɛɛ Paulo sɛ: “Me dom no dɔɔ wo so.” (2 Korintofo 12:9) Ná dɛn na Yehowa repɛ akyerɛ? Wiɛ, sɛ yesusuw sɛnea Paulo taa Kristofo bere bi no ho a, na ɛnam ɔdom nkutoo so na obetumi ne Onyankopɔn anya abusuabɔ mpo—na ankampɛsɛ wasom sɛ ɔsomafo!a (Fa toto Sakaria 2:8; Adiyisɛm 16:5, 6 ho.) Ebia na nea Yehowa reka akyerɛ Paulo ankasa ne sɛ hokwan a wanya sɛ osuani no ara ‘dɔɔso.’ Ná n’ankasa asetram haw ahorow a wɔnam anwonwakwan so beyi afi hɔ nka ho. Nokwarem no, hokwan afoforo pii a obi benya no betumi ama ɔhaw ahorow bi aba. (2 Korintofo 11:24-27; 2 Timoteo 3:12) Sɛnea ɛte biara no, na ɛsɛ sɛ Paulo gyina ne ‘honam mu haw’ no ano.
Nanso, biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ na Yehowa repo Paulo atirimɔden so. Mmom no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Me tumi wie pɛyɛ wɔ mmerɛwyɛ mu.” (2 Korintofo 12:9) Yiw, na Yehowa befi ɔdɔ mu ama Paulo ahoɔden a ɔde begyina ne tebea no ano. Enti, Paulo ‘honam mu nsɔe’ no bɛyɛɛ asuade ankasa. Ɛkyerɛɛ no sɛ ɔmfa ne ho nto Yehowa ahoɔden so, na ɛnyɛ n’ankasa de so. Ɛda adi sɛ Paulo nyaa saa asuade yi mu mfaso yiye, efisɛ mfe bi akyi no ɔkyerɛw kɔmaa Filipifo sɛ: “Masua sɛ asetra biara a mewɔ mu no, mepene ma ɛdɔɔ me so. Mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.”—Filipifo 4:11, 13.
Wo nso ɛ? Worehyia “ɔhonam mu nsɔe” bi, ebia yare anaa asetra mu tebea bi a ɛma dadwen kɛse? Sɛ saa a, ma wo bo ntɔ wo yam. Bere a ebia Yehowa renyi ɔhaw no mfi hɔ anwonwakwan so no, obetumi ama wo nyansa ne ahoɔden a wode begyina ano bere a wokɔ so de Ahenni nneɛma di kan wɔ asetra mu no.—Mateo 6:33.
Sɛ yare anaa mpanyinyɛ mma wuntumi nyɛ pii sɛnea wopɛ wɔ Kristofo adwuma no mu a, mma w’abam mmmu. Sɛ́ anka wubebu wo sɔhwɛ no sɛ ɛrema wo som a wode ma Yehowa so atew no, fa no sɛ ɛyɛ hokwan a ɛbɛma woakɔ so de wo ho ato ne so kɛse. Kae nso sɛ, ɛnyɛ nnwuma dodow a Kristoni yɛ na wɔde hu sɛnea ɔfata, na mmom ɛdenam ne gyidi ne ɔdɔ a emu dɔ so. (Fa toto Marko 12:41-44 ho.) Wo kra nyinaa a wode bɛsom Yehowa no kyerɛ sɛ wode w’ankasa ahoɔden nyinaa bɛsom no—ɛnyɛ obi foforo de.—Mateo 22:37; Galatifo 6:4, 5.
Sɛ asetram ahohia tebea bi, te sɛ wo dɔfo bi wu, ne wo ‘honam mu nsɔe’ a, di Bible afotu a edi so yi akyi: “Dan w’adesoa to Awurade [Yehowa, NW] so, na obeso wo mu, ɔremma ɔtreneeni ntwiw n’anan mu da.” (Dwom 55:22) Kristoni bea bi a wɔfrɛ no Sylvia yɛɛ eyi. Wɔ mfe kakraa bi mu no, ne kunu a na waware no mfe 50, ne n’abusuafo foforo baakron nso wuwui—a na ne mmanananom nkumaa baanu ka ho. Sylvia ka sɛ: “Sɛ ɛnyɛ Yehowa a, anka medi awerɛhow kɛse. Nanso minya awerɛkyekye kɛse wɔ mpaebɔ mu. Ɛkame ayɛ sɛ me ne Yehowa kasa bere nyinaa. Minim sɛ ɔno na ɔma me ahoɔden ma mede gyina ano.”
Hwɛ awerɛkyekye ara a ɛyɛ sɛ yebehu sɛ “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no betumi ama wɔn a wɔredi awerɛhow no tumi de agyina ano! (2 Korintofo 1:3; 1 Tesalonikafo 4:13) Bere a yɛahu eyi no, yebetumi ate nea Paulo ka faa asɛm no ho ase. Ɔkyerɛwee sɛ: “Kristo nti m’ani ka mmerɛwyɛ mu, ahohora mu, ahokyere mu, ɔtaa mu, ahometew mu; efisɛ sɛ meyɛ mmerɛw a, ɛno ansa na me ho yɛ den.”—2 Korintofo 12:10.
Sintɔ Ahorow Ano a Yebegyina
Yɛn nyinaa anya sintɔ afi yɛn awofo a wodi kan no hɔ. (Romafo 5:12) Enti, yɛne honam a ɛyɛ mmerɛw na ɛredi ako. Hwɛ abasamtu a ebetumi ayɛ sɛ yebehu sɛ ‘nipasu dedaw’ no wɔ yɛn so tumi kɛse sen sɛnea na yesusuw no! (Efesofo 4:22-24) Wɔ mmere a ɛte saa mu no, ebia yɛbɛte nka sɛnea ɔsomafo Paulo a ɔkyerɛwee nea edi so yi tee nka no: “Me mu-nipa fam de, m’ani gye Onyankopɔn mmara ho; nanso mihu mmara foforo bi wɔ me honam akwaa mu a ɛne m’adwene mu mmara ko na ɛfa me dommum ma bɔne mmara a ɛwɔ me honam akwaa mu no.”—Romafo 7:22, 23.
Ɛha nso, yebetumi de yɛn ho ato tumi a efi Yehowa hɔ no so. Sɛ wo ne honam mu mmerɛwyɛ bi redi apere a, nnyae da sɛ wobɛkɔ ne nkyɛn wɔ mpaebɔ mu, na fa anibere hwehwɛ ne fafiri, ɛmfa ho mpɛn dodow a ɛsɛ sɛ wode ɔhaw koro no ara kɔ n’anim no. Esiane ne dom nti, Yehowa a ‘ɔkari koma,’ na obetumi ahu nea ɛhaw wo ankasa no bɛma woanya ahonim pa. (Mmebusɛm 21:2) Yehowa nam ne honhom kronkron so betumi ama wo ahoɔden ma wode ako atia honam mu mmerɛwyɛ no.—Luka 11:13.
Yehia Yehowa ahoɔden nso bere a yɛredi afoforo sintɔ ho dwuma no. Sɛ nhwɛso no, ebia yɛn yɔnko Kristoni bi bɛkasa akyerɛ yɛn “sɛ nkrante nwowɔe.” (Mmebusɛm 12:18) Eyi betumi ahaw yɛn yiye, titiriw sɛ efi obi a yɛte nka sɛ onim pii hɔ a. Ebetumi ahaw yɛn kɛse. Ebinom mpo agyina mfomso ahorow a ɛte saa so agyae Yehowa akyi di—mfomso kɛse!
Nanso, nneyɛe a ɛkari pɛ bɛboa yɛn ma yɛanya afoforo mmerɛwyɛ ho adwene a ɛfata. Yɛrentumi nhwehwɛ pɛyɛ mfi nnipa a wɔnyɛ pɛ hɔ. Onyansafo Salomo kae yɛn sɛ: “Onipa bi nni hɔ a ɔnyɛ bɔne.” (1 Ahene 8:46) Arthur, Kristoni bi a wɔasra no a ɔde nokwaredi som Yehowa bɛyɛ mfe aduɔson no kae sɛ: “Yɛn mfɛfo asomfo mmerɛwyɛ ma yenya hokwan a yɛde bɛkyerɛ yɛn mudi mu kura, na ɛsɔ yɛn boasetɔ hwɛ. Sɛ yɛma kwan ma nea nnipa ka anaa wɔyɛ twitware ɔsom a yɛde ma Yehowa no mu a, na yɛresom nnipa. Bio nso, yɛn nuanom nso dɔ Yehowa. Sɛ yɛhwehwɛ ade pa a ɛwɔ wɔn ho no a, ɛnkyɛ na yɛahu sɛ wɔnyɛ nkurɔfo a wonye koraa sɛnea yesusuw no.”
Tumi a Yɛde Bɛka Asɛm No
Ansa na Yesu rekɔ soro no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Sɛ Honhom Kronkron no nya ba mo so a, mubenya ahoɔden, na moayɛ m’adansefo Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano nohɔ.”—Asomafo no Nnwuma 1:8.
Nea ɛne Yesu nsɛm no hyia no, Yehowa Adansefo reyɛ saa adwuma yi mprempren wɔ nsase 233 so wɔ wiase nyinaa. Sɛ yɛka ne nyinaa bom a, wɔde bɛboro nnɔnhwerew ɔpepepem biako na ɛboa afoforo afe biara ma wobenya Yehowa ho nimdeɛ. Ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛyɛ saa adwuma yi. Wɔ nsase bi so no, wɔabara Ahenni asɛnka adwuma no anaa wɔde anohyeto aba so. Susuw wɔn a wɔreyɛ adwuma no nso ho hwɛ—nnipa a wɔyɛ mmerɛw a wɔnyɛ pɛ, na wɔn mu biara wɔ n’ankasa haw ne ne dadwen. Nanso adwuma no kɔ so, ma enti, wɔ mfe abiɛsa a atwam mu no, nnipa bɛboro ɔpepem biako na wɔahyira wɔn nkwa so ama Yehowa, na wɔde nsu mu asubɔ ayɛ wɔn ahosohyira ho sɛnkyerɛnne. (Mateo 28:18-20) Nokwarem no, Onyankopɔn ahoɔden so nkutoo na wɔnam reyɛ saa adwuma yi. Yehowa nam odiyifo Sakaria so kae sɛ: “Ɛnyɛ tumi so, na ɛnyɛ wɔn ahoɔden so, na me honhom so, asafo Awurade [Yehowa, NW] na ose.”—Sakaria 4:6.
Sɛ woyɛ asɛmpa no ho ɔdawurubɔfo a, worenya saa adwuma kɛse no mu kyɛfa—ɛmfa ho sɛ ɛte sɛ nea esua no. Ɛmfa ho “nsɔe” a ɛsɛ sɛ wugyina ano no, wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa werɛ remfi ‘w’adwuma ne wo dɔ mmɔden a wobɔe ne din ho no.’ (Hebrifo 6:10) Enti kɔ so fa wo ho to tumi nyinaa Wura no so hwehwɛ mmoa. Kae sɛ, ɛyɛ Yehowa ahoɔden nkutoo mu na yebetumi agyina nsɛm ano; ne tumi wie pɛyɛ wɔ yɛn mmerɛwyɛ mu.
[Ase hɔ asɛm]
a Nokwarem no, esiane sɛ ‘nnipa nyinaa ayɛ bɔne na Onyankopɔn anuonyam abɔ wɔn’ nti, ɛyɛ Onyankopɔn mmɔborohunu na ɛma wɔne no nya abusuabɔ mpo.—Romafo 3:23.
[Kratafa 26 mfonini]
Yehowa tumi nkutoo so na wɔnam yɛ asɛnka adwuma no