-
Dɛn na Nyamesom mu Ahofadi Kyerɛ Ma Wo?Ɔwɛn-Aban—1997 | February 1
-
-
nya abusuabɔ a emu yɛ den, na wobu nkurɔfo a wɔwɔ nyamesom afoforo mu sɛ asiane ma amammui tumidi. Aban bi nso bebu nyamesom sɛ amammui ho asiane esiane sɛ ebia nyamesom horow no bɛma ɔsom a wɔde ma Onyankopɔn no adi osetie a wɔbɛyɛ ama ɔman no anim nti.”
Esiane eyinom nti, aban ahorow bi de wɔn nsa ato nyamesom dwumadi so. Emu kakra mma ɔsom biara ho kwan koraa. Ɛwom sɛ afoforo kyerɛ sɛ wogyina ɔsom mu ahofadi akyi de, nanso wɔhyɛ nyamesom mu dwumadi ahorow nyinaa so katee.
Sɛ nhwɛso no, susuw tebea a ɛkɔɔ so wɔ Mexico mfirihyia pii no ho hwɛ. Ɛwom sɛ Ɔman Mmara no de nyamesom mu ahofadi hokwan mae de, nanso ɛkae sɛ: “Asɔredan a ɔmanfo som wom no yɛ Ɔman a Aban no gyina n’anan mu no agyapade, wɔn na wɔbɛkyerɛ nea ɛsɛ sɛ wɔkɔ so de di dwuma wɔ saa kwan no so.” Wɔ 1991 mu no, wɔyɛɛ nsakrae wɔ Ɔman Mmara no mu de saa anohyeto no baa awiei. Nanso nhwɛso yi kyerɛ sɛ wobetumi akyerɛ nyamesom mu ahofadi ase wɔ akwan horow pii so wɔ nsase pii so.
Nyamesom mu Ahofadi Foforo Bi
So nyamesom mu ahofadi wɔ ɔman a wote mu no mu? Sɛ saa a, wɔkyerɛ ase dɛn? So wubetumi asom Onyankopɔn wɔ ɔkwan a wopɛ so, anaa wɔhyɛ wo sɛ kɔ Ɔman asɔre? So wɔma wo kwan ma wokenkan nyamesom ho nhoma na wokyekyɛ, anaasɛ aban no abara nhoma a ɛtete saa? Wubetumi aka wo gyidi ho asɛm akyerɛ afoforo, anaasɛ wobu eyi sɛ nea wɔde sɛe nyamesom hokwan a wɔwɔ?
Nsɛmmisa yi ho mmuae gyina faako a wote so. Nanso anigyesɛm ne sɛ nyamesom mu ahofadi bi wɔ hɔ a ennyina faako a wote so koraa. Bere a na Yesu wɔ Yerusalem wɔ 32 Y.B. no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Sɛ motra m’asɛm mu a, moyɛ m’asuafo ampa; na mubehu nokware no, na nokware no bɛma moade mo ho.”—Yohane 8:31, 32; NW.
Asɛm a Yesu kae yi kyerɛ dɛn? Na Yudafo a wɔretie no no kɔn dɔ sɛ wɔde wɔn ho fi Romafo nniso ase. Nanso ɛnyɛ amammui mu nhyɛso mu ahofadi ho asɛm na na Yesu reka. Mmom no, na ɔrehyɛ n’asuafo no biribi a eye kyɛn so ho bɔ, sɛnea yebehu wɔ asɛm a edi so no mu no.
-
-
Nokware no Ama Wɔanya AhofadiƆwɛn-Aban—1997 | February 1
-
-
Nokware no Ama Wɔanya Ahofadi
WƆDE nnipa bɛboro ɔpepem biako agu afiase wɔ United States. Eyinom mu dodow a wɔreyɛ adu mpensa yɛ nea wɔabu wɔn kumfɔ. Fa no sɛ wowɔ saa tebea no mu. Anka wobɛte nka dɛn? Akwanhwɛ a ɛte saa a wobesusuw ho no yɛ hu ankasa. Nanso wɔ ɔkwan bi so no, adesamma nyinaa wɔ tebea a ɛte saa ara mu. Bible ka sɛ: “Wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na Onyankopɔn anuonyam abɔ wɔn.” (Romafo 3:23) Yiw, sɛ Adam asefo no, bɔne tebea bi afa yɛn “dommum.” (Romafo 5:12) Yɛte yɛn tebea a ɛte sɛ afiasenna no nka da biara da, te sɛ Kristoni ɔsomafo Paulo a ɔkyerɛwee sɛ: “Mihu mmara foforo bi wɔ me honam akwaa mu a ɛne m’adwene mu mmara ko na ɛfa me dommum ma bɔne mmara a ɛwɔ me honam akwaa mu no.”—Romafo 7:23.
Esiane yɛn bɔne su nti, sɛ yɛbɛka a, wɔabu yɛn mu biara kumfɔ, efisɛ Bible ka sɛ: “Bɔne so akatua ne owu.” (Romafo 6:23) Odwontofo Mose kyerɛkyerɛɛ yɛn tebea no mu yiye: “Mfirihyia aduɔson pɛ na yɛwɔ—sɛ yɛn ho yɛ den a, mfirihyia aduɔwɔtwe; nanso nea ɛde brɛ yɛn ara ne ɔhaw ne awerɛhow; nkwa twam ntɛmso, na yɛyera.”—Dwom 90:10, Today’s English Version; fa toto Yakobo 4:14 ho.
Bɔne ne owu nkoayɛ mu a adesamma wɔ no na na ɛwɔ Yesu adwene mu ma enti ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Nokware no bɛma moade mo ho” no. (Yohane 8:32; NW) Na Yesu de saa nsɛm no reda biribi a ɛsen ahofadi a wobenya afi Romafo nniso ase no adi—na ɔrepata wɔn bɔne na wagye wɔn afi owu mu! Ɔkwan bɛn so na na wobenya eyi? Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ ɔba no ma mo ahofadi a, mubenya ahofadi ampa.” (Yohane 8:36; NW) Yiw ɛdenam ne nkwa a ɔde too hɔ so no, Yesu, “ɔba no,” dii dwuma sɛ mpatade, gyee nea Adam hweree no. (1 Yohane 4:10) Eyi buee kwan ma wogyee adesamma asoɔmmerɛfo nyinaa fii bɔne ne owu nkoayɛ mu. Onyankopɔn Dɔba a ɔwoo no koro no wui “na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.”—Yohane 3:16.
Enti nokware a ebetumi ama yɛanya ahofadi no gyina Yesu Kristo so. Wɔn a wobedi n’anamɔn akyi no wɔ anidaso a ɛne sɛ wobenya ahofadi afi bɔne ne owu ho, bere a Onyankopɔn Ahenni di asase so tumi no. Seesei mpo, wɔn a wogye Onyankopɔn Asɛm mu nokware tom no wɔ ahofadi a edi mu. Wɔ akwan bɛn so?
Awufo Ho Hu Ho Ahofadi
Ɛnnɛ, nnipa ɔpepem pii suro awufo. Dɛn ntia? Efisɛ wɔn som ahorow akyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔ owu mu no, ɔkra bi fi nipadua no mu kɔ ahonhom atrae. Ɛno nti na ɛyɛ amanne wɔ nsase bi so sɛ abusuafo si pɛ nna dodow bi no. Wɔtaa to nnwom gyegyeegye, yan akyene nso. Ayifo no gye di sɛ nneyɛe yi bɛsɔ owufo no ani na ne honhom ammeyi ateasefo no hu. Kristoman atoro nkyerɛkyerɛ a ɛfa awufo ho no ama atetesɛm yi mu atrɛw ankasa.
Nanso Bible da awufo tebea ho nokwasɛm adi. Ɛka no pefee sɛ wo kra ne wo, ɛnyɛ wo fã bi a ɛyɛ nwonwa a ɛkɔ so tra ase wɔ owu akyi. (Genesis 2:7; Hesekiel 18:4) Bio nso, wɔnyɛ awufo ayayade wɔ hellgya biara mu, na saa ara nso na wɔnyɛ wɔn a wɔwɔ ahonhom atrae no bi a wobetumi anya ateasefo so nkɛntɛnso. Bible ka sɛ: “Awufo de, wonnim biribiara . . . Adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman a worekɔ hɔ no.”—Ɔsɛnkafo 9:5, 10.
Bible mu nokware ahorow yi ama nkurɔfo pii anya ahofadi wɔ awufo ho hu ho. Wɔmmɔ afɔre a ne bo yɛ den biara bio mfa mpata wɔn nananom, na wɔnhaw wɔn ho wɔ wɔn adɔfo a wɔawuwu a esiane wɔn bɔne nti wɔreyɛ wɔn ayayade atirimmɔden so nso ho. Wɔahu sɛ Bible no wɔ anidaso a ɛyɛ anigye ma wɔn a wɔawuwu no, efisɛ ɛka kyerɛ yɛn sɛ wɔ Onyankopɔn bere a wahyɛ mu no, “owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre” no bɛba. (Asomafo no Nnwuma 24:15; Yohane 5:28, 29) Enti, seesei, awufo regye wɔn ahome te sɛ nea wɔada nnahɔɔ.—Fa toto Yohane 11:11-14 ho.
Nokware a ɛfa awufo tebea ho ne owusɔre ho anidaso no betumi ama yɛanya ahofadi wɔ abasamtu a ɛde ba no ho. Anidaso a ɛte saa no wowaw awarefo bi wɔ United States, bere a wɔn babarima a wadi mfirihyia anan nyaa akwanhyia wui no. Ne maame gye tom sɛ: “Yɛahwere biribi wɔ yɛn asetra mu a yɛrentumi nnya bi nsi ananmu kosi sɛ yebehu yɛn babarima no wɔ owusɔre no mu. Nanso yenim sɛ ɛyawdi no yɛ bere tiaa mu de, efisɛ Yehowa hyɛ bɔ sɛ ɔbɛpopa yɛn aniwam nisu nyinaa.”—Adiyisɛm 21:3, 4.
Daakye Ho Hu Ho Ahofadi
Dɛn na ɛwɔ hɔ ma daakye? So nuklea okunkɛse bi na ɛbɛsɛe asase? Asase so nneɛma a wɔresɛe no no remma yentumi ntra yɛn okyinnsoromma yi so bio? Ɔbrasɛe a abu so kɛse no de basabasayɛ bɛba? Eyinom ne ade a nnipa pii suro ankasa nnɛ.
Nanso, Bible ma wonya ehu a ɛtete saa ho ahofadi. Ɛma yɛn awerɛhyem sɛ ‘asase tim hɔ daa.’ (Ɔsɛnkafo 1:4) Yehowa ammɔ yɛn okyinnsoromma no kɛkɛ sɛ nnipa a hwee mfa wɔn ho mmɛsɛe no. (Yesaia 45:18) Mmom no, Yehowa bɔɔ asase sɛ ɛnyɛ paradise fie mma adesamma abusua a biakoyɛ wɔ wɔn ntam. (Genesis 1:27, 28) N’atirimpɔw nsakrae. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ, Onyankopɔn ‘bɛsɛe wɔn a wɔresɛe asase no.’ (Adiyisɛm 11:18) Bible ka sɛ ɛno akyi no, “ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”—Dwom 37:11.
Bɔhyɛ yi yɛ nokware, efisɛ Onyankopɔn nni atoro. Yehowa nam ne diyifo Yesaia so kae sɛ: “M’asɛm a efi m’anom no . . . ɛrensan mma me nkyɛn kwa, gye sɛ ɛyɛ nea mepɛ na ewie nea enti a mesomae no.” (Yesaia 55:11; Tito 1:2) Ɛnde, yebetumi de ahotoso ahwɛ Onyankopɔn bɔhyɛ a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu wɔ 2 Petro 3:13 no mmamu kwan sɛ: “Sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu.”
Nnipa Ho Hu Ho Ahofadi
Bible ma yehu mmarima ne mmea a wɔdaa akokoduru ho nhwɛso pa adi wɔ ɔsom a wɔde maa Onyankopɔn no mu. Eyinom bi ne Gideon, Barak, Debora, Daniel, Ester, Yeremia, Abigail, ne Yael—sɛ yɛbɛbobɔ kakraa bi pɛ din a. Saa mmarima ne mmea anokwafo yi daa odwontofo a ɔkyerɛwee eyi no su no bi adi: “Onyankopɔn so na mede me ho mato, merensuro, nnipa betumi ayɛ me dɛn?”—Dwom 56:11.
Asomafo Petro ne Yohane daa akokoduru a ɛte saa adi wɔ afeha a edi kan no mu, bere a nyamesom atumfoɔ baraa wɔn sɛ wɔnnka asɛm no. Wobuae sɛ: “Yɛn de, yentumi, gye sɛ yɛka nea yɛahu na yɛate.” Akyiri yi, wɔde Petro ne Yohane guu afiase esiane sɛ wogyinaa pintinn nti. Bere a wɔnam anwonwakwan so yii wɔn no, wɔsan kɔe kɔtoaa so “na wɔde nnam kaa Onyankopɔn asɛm.” Ankyɛ, wɔde Petro ne asomafo foforo no begyinaa Yudafo Sanhedrin no anim. Ɔsɔfo panyin no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yɛammara mo ketee sɛ monnkyerɛkyerɛ din yi mu anaa? Na hwɛ, mode mo kyerɛ yi ahyɛ Yerusalem ma.” Petro ne asomafo foforo no buae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa.”—Asomafo no Nnwuma 4:16, 17, 19, 20, 31; 5:18-20, 27-29.
Yehowa Adansefo nam wɔn adwuma a ɛne sɛ wɔbɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa nnɛ no so bɔ mmɔden sɛ wobesuasua afeha a edi kan no mu Kristofo no nsiyɛ. Mpɛn pii no, mmofra a wɔwɔ wɔn mu no mpo da wɔn ho adi sɛ wonsuro, denam wɔn gyidi ho asɛm a wɔka kyerɛ afoforo no so. Susuw nhwɛso ahorow bi ho hwɛ.
Stacie a wadu mpanyin mfe so no fi awosu mu fɛre ade. Ne saa nti, mfiase no, na afoforo a ɔbɛka ne gyidi ho asɛm akyerɛ wɔn no yɛ asɛnnennen. Ɔyɛɛ dɛn na odii fɛre no so? Ɔka sɛ: “Misuaa Bible no, na mehwɛ hui sɛ mete biribiara a mereka ho asɛm no ase. Ɛma ɛyɛɛ mmerɛw, na minyaa ahotoso kɛse.” Wɔkaa Stacie din pa no ho asɛm wɔ ɛhɔnom atesɛm krataa mu. Asɛm a ne sukuu mu kyerɛkyerɛfo bi kyerɛwee no kae sɛ: “Ɛte sɛnea [Stacie] gyidi ama no ahoɔden a ɔde bɛko atia nhyɛso horow a mmofra pii hyia no. . . . Ɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn som di kan wɔ n’adwenem.”
Tommy awofo fii ase kyerɛɛ no Bible no bere a na wadi mfirihyia anum pɛ. Ogyinaa nokware som afã pintinn wɔ bere a na onnyinii biara mpo. Bere a na Tommy adesuakuw no mufo a wɔyɛ mmofra no reyɛ dapɔnna ho mfonini ahorow no, ɔyɛɛ Onyankopɔn Paradise tebea a wɔahyɛ ho bɔ ho mfonini. Tommy bɛhyɛɛ no nsow sɛ na sukuufo no pii nte Yehowa Adansefo gyidi ahorow ase. Sɛ anka ehu bɛma wayɛ dinn no, ɔsrɛɛ n’akyerɛkyerɛfo no biako sɛ ebia ɔbɛma no kwan ma wabisabisa adesuakuw no mufo nsɛm, na wama wɔn nsɛmmisa nyinaa ho mmuae mmiako mmiako anaa. Ɔde hokwan no maa no, na odii adanse kɛse.
Bere a Markietta dii mfirihyia 17 no, onyaa hokwan a ɛkyɛn so sɛ ɔbɛka ne gyidi ho asɛm akyerɛ wɔn a ɔne wɔn gyina no. Ɔka sɛ: “Wɔmaa yɛn ɔkasa ho dwumadi. Miyii m’asɛmti fii Questions Young People Ask—Answers That Worka nhoma no mu. Mepaw atiri anum fii nhoma no mu na mekyerɛw nsɛmti no guu kyerɛwpon no so. Mibisaa adesuakuw no sɛ wɔnhyehyɛ eyinom nnidiso nnidiso sɛnea wosusuw sɛ ehia sen biara.” Nkɔmmɔbɔ a adesuakuw no mufo nyaa mu kyɛfa dii hɔ. Markietta de ba awiei sɛ, “mede nhoma no kyerɛɛ adesuakuw no, na adesuafo no pii bisaa nhoma no bi. Me kyerɛkyerɛfo mpo kae sɛ, ɔpɛ bi.”
Nokware no Betumi Ama Woanya Ahofadi
Sɛnea yɛahu no, Bible mu nokware no wɔ tumi a ɛma mpanyin ne mmofra a wosua na wɔde emu nsɛm sie wɔn komam no nyinaa nya ahofadi. Ɛma wonya ahofadi fi awufo, daakye, ne nnipa ho hu ho. Awiei koraa no, Yesu agyede no bɛma adesamma asoɔmmerɛfo anya bɔne ne owu ho ahofadi. Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ sɛ yɛbɛtra ase wɔ asase so paradise a bɔne tebea a yenya fii awo mu no mfa yɛn nnommum bio so!—Dwom 37:29.
Wobɛpɛ sɛ wusua pii fa nhyira horow a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no ho? Sɛ saa a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Yesu kae sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.” (Yohane 17:3) Enti sɛ wopɛ sɛ wunya ahofadi a Yesu de hyɛɛ n’asuafo no bɔ no bi a, ɛsɛ sɛ wusua Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba no ho ade. Ehia sɛ wuhu nea Onyankopɔn pɛ na woyɛ, efisɛ Bible ka sɛ: “Wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—1 Yohane 2:17.
[Ase hɔ asɛm]
a Watchtower Bible and Tract Society of New York Inc. na wotintimii.
[Kratafa 7 mfonini]
Awiei koraa no, wɔ Onyankopɔn Ahenni ase no, adesamma benya ahofadi afi bɔne ne owu ho
-