Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 2/1 kr. 24-28
  • Afã a Nnwom Wɔ Wɔ Nnɛyi Som Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Afã a Nnwom Wɔ Wɔ Nnɛyi Som Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnwom Ho Abakɔsɛm Wɔ Ɔsom Mu
  • Afeha a Edi Kan mu Kristofo Nnwonto
  • Atoro Som Nkɛntɛnso
  • Nnwom a Wɔasan De Asi Beae a Ɛfata Wɔ Ɔsom Mu
  • ‘Nnwom a Yɛbɛto no Yɛn Koma mu Ama Yehowa’
  • Monto Dwom Mma Yehowa
  • Fa Anigye To Dwom!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Monto Ayeyi Nnwom Mma Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Yehowa A Yeyi No Ayɛ Wɔ Nnwonto Mu
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • To Dwom Ma Yehowa!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 2/1 kr. 24-28

Afã a Nnwom Wɔ Wɔ Nnɛyi Som Mu

NNWONTO yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. Yɛn nne a yɛde bɛto dwom no betumi ama yɛne yɛn Bɔfo no ani agye. Yebetumi de ada yɛn nkate ahorow, awerɛhow ne anigye nyinaa, adi. Nea ɛsen saa mpo no, yebetumi de ada ɔdɔ a yɛwɔ ma nnwom Farebae, Yehowa, no adi de akamfo no ayi no ayɛ.

Nnwom ho asɛm bɛyɛ mpɛn ahasa a Bible ka no dodow no ara fa Yehowa som ho. Wɔde nnwonto bata anigye nso ho—ɛnyɛ anigye a wɔn a wɔto no nya nko na mmom nea Yehowa nso nya. Odwontofo no kyerɛwee sɛ: ‘Ma wɔnto dwom mma no. Na Yehowa ani sɔ ne man.’—Dwom 149:3, 4.

Nanso nnwonto ho hia dɛn wɔ nnɛyi som mu? Ɔkwan bɛn so na Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no betumi de wɔn nne ato dwom ma asɔ n’ani? Ɔfã bɛn na ɛsɛ sɛ nnwom nya wɔ nokware som mu? Nnwom ho abakɔsɛm mu a yɛbɛhwehwɛ no bɛboa ma yɛabua saa nsɛmmisa yi.

Nnwom Ho Abakɔsɛm Wɔ Ɔsom Mu

Nnwom ho asɛm a edi kan a Bible ka no mfa Yehowa som ho tẽẽ. Wɔ Genesis 4:21 no, wɔbɔ Yubal din sɛ ɔno na gyama ɔyɛɛ adwinnade a edi kan a wɔde bɔ nnwom anaasɛ ebia ɔde nnwonto adwuma bi sii hɔ. Nanso, na nnwom ka Yehowa som ho ansa na wɔrebɔ nnipa mpo. Bible nkyerɛase dodow bi ka abɔfo ho asɛm sɛ wɔto dwom. Hiob 38:7 ka abɔfo no ho asɛm sɛ wɔde anigye teɛɛm na ‘wɔbɔɔ ose.’ Enti, Kyerɛwnsɛm mu nnyinaso a ɛbɛma yɛagye adi sɛ nnwom a wɔto de som Yehowa no yɛ biribi a wɔyɛe bere tenten ansa na onipa reba wɔ hɔ.

Abakɔsɛm akyerɛwfo binom agye kyim aka sɛ na wɔyɛ tete Hebrifo nnwom ma nne biako pɛ, a nne a aka no nka ho. Nanso wotumi de sanku, a wɔka ho asɛm kɛse wɔ Bible mu no bɔ nne ahorow wɔ bere koro mu. Ná ɔsankubɔfo bɛhyɛ no nsow sɛ sanku no nnyigyei tumi keka bom yɛ dwom a ɛnne ahorow no wom. Sɛ́ anka wɔn nnwom bɛyɛ sɛ nnipa a wɔn ani mmuei de no, akyinnye biara nni ho sɛ na wɔn nnwom no anya nkɔanim kɛse. Na sɛ yɛhwɛ sɛnea Hebri Kyerɛwnsɛm no mu anwensɛm ne kasakoa te no a, yebetumi aka sɛ na Israelfo nnwom di mũ kɛse. Akyinnye biara nni ho sɛ nneɛma a na ɛkanyan wɔn ma wɔhyehyɛ nnwom no yɛ kɛse sen aman a na atwa wɔn ho ahyia no de.

Tete asɔrefie hɔ dwumadi no ma wɔyɛɛ nhyehyɛe a ɛkɔ akyiri maa sankubɔ ne nnwonto wɔ asɔrefie hɔ som. (2 Beresosɛm 29:27, 28) Ná wɔwɔ “ahwɛfo,” “nhumufo,” ‘asuafo,’ ne ‘nnwontofo so atitiriw.’ (1 Beresosɛm 15:21, NW; 25:7, 8; Nehemia 12:46) Bere a abakɔsɛm kyerɛwfo Curt Sachs reka ahokokwaw a ɛkɔ akyiri a na wɔwɔ wɔ nnwom mu ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Nnwontofo ne asankubɔfo akuw a wodii dwuma wɔ Yerusalem Asɔrefie hɔ no da no adi sɛ na wɔn nnwomsua, emu ahokokwaw, ne ɛho nimdeɛ a wɔwɔ no di mũ yiye. . . . Ɛwom sɛ yennim sɛnea na saa tete nnwom no te de, nanso yɛwɔ adanse a ɛdɔɔso a ɛkyerɛ sɛ na tumi, nidi, ne ahokokwaw wom.” (The Rise of Music in the Ancient World: East and West, 1943, nkratafa 48, 101-2) Salomo Dwom no yɛ nhwɛso a ɛkyerɛ sɛnea na Hebrifo tumi bɔ wɔn tirim hyehyɛ nnwom ne sɛnea na edi mũ no. Ɛyɛ asɛm bi a wɔde ayɛ dwom, a ɛte sɛ agyemannare nhoma, anaa nnwom mu nsɛm a wɔde ayɛ ɔyɛkyerɛ. Wɔfrɛ dwom no wɔ Hebri nkyerɛwee no mu sɛ “Nnwom mu Dwom,” kyerɛ sɛ, dwom a ɛkyɛn so koraa. Ná nnwonto yɛ ɔsom mu ade titiriw ma tete Hebrifo no. Na ɛma wɔdaa nkate a ɛfata adi wɔ ayeyi a wɔde maa Yehowa no mu.

Afeha a Edi Kan mu Kristofo Nnwonto

Tete Kristofo no toaa so de nnwom dii dwuma wɔ ɔsom mu daa. Nnwom a honhom kaa nkurɔfo ma wɔhyehyɛe no akyi no, ɛkame ayɛ sɛ wɔn ankasa bɔɔ wɔn tirim hyehyɛɛ nnwom ne emu nsɛm ma wɔde dii dwuma wɔ ɔsom mu, de bɔɔ kwan maa Kristofo nnwom a wɔhyehyɛ no nnɛ no. (Efesofo 5:19) The History of Music nhoma, a Waldo Selden Pratt kyerɛwee no, kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ná nnwom a wɔto no baguam ne kokoam de som no yɛ tete Kristofo no amanne. Wɔ Yudafo a na wɔabɛyɛ agyidifo no fam no, na eyi yɛ hyiadan mu amanne no ntoaso . . . Hebri Nnwom . . . no akyi no, na ɔsom foforo no yɛ nnwom foforo bere nyinaa, a ɛda adi sɛ mfiase no na ɛyɛ akurododwom.”a

Nea esi hia a nnwonto ho hia so dua no, bere a Yesu de Awurade Anwummeduan no sii hɔ no, ɛbɛyɛ sɛ ɔne asomafo no boom too Haleluia nnwom no. (Mateo 26:26-30) Ná eyi yɛ nnwom a wɔto yi Yehowa ayɛ a wɔakyerɛw wɔ Nnwom nhoma no mu a na wɔto de di Twam afahyɛ no.—Dwom 113-118.

Atoro Som Nkɛntɛnso

Eduu nea wɔfrɛ no Esum Mmere no mu no, na ɔsom mu nnwonto abɛdan kwadwom twa. Bɛyɛ afe 200 Y.B. no, Clement a ofi Alexandria kae sɛ: “Yehia adwinnade a wɔde bɔ nnwom biako: ayeyisɛm a asomdwoe wom, ɛnyɛ asanku anaa akyene anaa mmɛn anaa ntorobɛnto.” Wɔde anohyeto ahorow sisii hɔ maa wɔde ano nkutoo na ɛtoo asɔre nnwom. Wɔbɛfrɛɛ saa kwan yi nkankye anaa nnwom hunu. Our Musical Heritage nhoma no ka sɛ: “Bere a wɔde Constantinople bagua no sii hɔ no, anni mfirihyia aduanan na Laodicea Bagua no (367 Y.B.) baraa nnwinnade a wɔde bɔ nnwom a wɔde di dwuma wɔ ɔsom amanne mu ne asafo ahorow a wonya mu kyɛfa no. Ano nkutoo na wɔde to nyamesom mu nnwom.” (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Ná saa anohyeto yi nni nnyinaso biara wɔ tete Kristosom mu.

Wɔ Esum Mmere no mu no, na Bible nni mpapahwekwa nsam. Wɔtaa Kristofo a wɔbɔɔ wɔn ho mmusu sɛ wobenya Bible anaa wɔbɛkenkan no, na wokunkum wɔn mpo. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ ayeyi nnwom a na wɔto ma Onyankopɔn no yerae koraa wɔ saa sum mmere no mu. Nokwarem no, sɛ na mpapahwekwa no nsa ntumi nka Kyerɛwnsɛm no a, na ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi ahu sɛ Bible mũ no nyinaa mu nkyekyem du mu biako yɛ nnwom? Ná hena na ɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ Onyankopɔn hyɛɛ n’asomfo sɛ ‘wɔnto dwom foforo mma Yehowa, na wɔnka n’ayeyi, ahotefo asafo mu’?—Dwom 149:1.

Nnwom a Wɔasan De Asi Beae a Ɛfata Wɔ Ɔsom Mu

Yehowa ahyehyɛde no ayɛ pii de nnwom ne nnwonto asi baabi a ɛsɛ wɔ ɔsom mu. Sɛ́ nhwɛso no, nnwom nkutoo na na ɛwɔ February 1, 1896, Zion’s Watch Tower no mu. Wɔtoo din sɛ “Sion Anigye Nnwom a Edidi Kan.”

Wɔ 1938 mu no, na wɔntaa nto nnwom wɔ asafo nhyiam horow ase bio. Nanso, ankyɛ na nyansa a ɛwom sɛ yebedi asomafo no nhwɛso ne wɔn akwankyerɛ akyi no bedii akoten. Wɔ 1944 ɔmantam nhyiam no ase no, F. W. Franz maa ɔkasa a wɔato din “Ahenni Som Adwuma Ho Dwom.” Ɔdaa no adi sɛ Onyankopɔn soro abɔde too nnwom de yii Yehowa ayɛ bere tenten ansa na wɔrebɔ onipa, na ɔkae sɛ: “Ɛfata, na ɛsɔ Onyankopɔn ani sɛ, N’asase so asomfo de wɔn nne bɛto dwom ankasa.” Bere a ɔkyerɛɛ ntease a ɛwom sɛ yɛbɛto nnwom wɔ yɛn som mu no, ɔbɔɔ amanneɛ sɛ wɔayi Kingdom Service Song Book [Ahenni Som Adwuma Dwom Nhoma] a wɔde bedi dwuma wɔ dapɛn dapɛn ɔsom nhyiam horow no ase adi.b Ɛno akyi no, December 1944 Informant (seesei wɔfrɛ no Yɛn Ahenni Som) no bɔɔ amanneɛ sɛ wɔde nnwom befi nhyiam afoforo nso ase de awie. Nnwonto bɛyɛɛ Yehowa som fã bio.

‘Nnwom a Yɛbɛto no Yɛn Koma mu Ama Yehowa’

Yɛn nuanom a wɔwɔ Europa Apuei fam ne Afrika, a wɔahyia ahohia ne ɔtaa wɔ mfe pii mu no, ma yehu mfaso a ɛwɔ so sɛ yebefi komam ato dwom. Lothar Wagner dii mfe ason wɔ obiakofo afiase dan bi mu. Ɔyɛɛ dɛn tumi gyinaa mu saa bere no? “Adapɛn pii mu no, mede m’adwene sii Ahenni nnwom a ɛwɔ me tirim a mewie no so. Sɛ mintumi nkae emu nsɛm no pɔtee a, na mebɔ me tirim kyerɛw ɔfã biako anaa abien. . . . Hwɛ nsɛm a ɛhyɛ nkuran na ɛma denhyɛ ara a abu so wɔ yɛn Ahenni nnwom no mu!”—1974 Yearbook of Jehovah’s Witnesses, nkratafa 226-8.

Bere a wɔde Harold King too obiakofo afiase dan bi mu esiane nokwaredi a ɔde gyinaa pintinn nti no, ɔhyehyɛɛ nnwom a wɔde yi Yehowa ayɛ, toe de kyekyee ne ho werɛ. Seesei Yehowa Adansefo de nnwom a ɔhyehyɛe no pii di dwuma wɔ wɔn som mu. Anigye a ɛbata nnwonto ho no wowaw nnipa. Nanso ɛnsɛ sɛ yehyia ɔtaa ansa na yɛagye adi sɛ ayeyi nnwom a yɛto ma Onyankopɔn no som bo.

Yehowa nkurɔfo nyinaa betumi anya nnwom mu anigye. Ɛwom sɛ ebia nneɛma bi betumi ama yɛatwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛbɛkasa de, nanso sɛnea yɛte nka wɔ Yehowa ho no betumi ada adi pefee bere a yɛnam nnwonto so ma ɛba abɔnten no. Ɔsomafo Paulo kyerɛɛ sɛnea yebetumi anya anigye wɔ ayeyi nnwom to mu, bere a otuu Kristofo fo sɛ “momfa sanku ho nnwom ne ayeyi nnwom ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛkyerɛ mo ho, monto dwom na mommɔ sanku mo koma mu mma Awurade [Yehowa, NW]” no. (Efesofo 5:19) Sɛ honhom fam nneɛma hyɛ yɛn koma ma a, yetumi da no adi kɛse wɔ nnwonto mu. Enti ade titiriw a ɛma nnwonto tu mpɔn ne koma a ɛfata.

Abusuabɔ pa a yɛne Yehowa benya no boa ma yɛda anigye honhom adi, na ɛka yɛn ma yɛkasa, to dwom, na yɛde nteɛm yi Yehowa ayɛ. (Dwom 146:2, 5) Yɛde anigye to nneɛma a yɛpɛ ho nnwom. Na sɛ yɛn ani gye sɛnea nnwom no kɔ anaa nnwom no mu nsɛm ho a, akyinnye biara nni ho sɛ yɛde nkate ankasa na ɛbɛto.

Ɛho nhia sɛ obi to dwom denneennen na akyerɛ sɛ ɔde nkate na ɛreto. Dwom a wɔto teɛteɛm nkyerɛ ankasa sɛ obi nim dwom to; na saa ara nso na dwom a wɔto a afoforo nte nso te. Ebinom a wofi awosu mu wɔ nne a ano yɛ den no nne bɛkɔ soro ɛmfa ho sɛ ebia wɔnto dwom no kɛse no. Nea ɛma ɛyɛ den sɛ nnwom a wɔbom to sɛ kuw no bɛyɛ dɛ no fã bi ne sɛ ɛsɛ sɛ wusua sɛnea wo nne ne afoforo de behyia. Sɛ́ mode nne ahorow na ɛreto anaasɛ mo nyinaa de nne biako reto no, wo nne a ɛne wɔn a wɔbɛn wo no de ano den bɛyɛ pɛ no ma nnwom no yɛ dɛ na ɛkɔ yɔɔ. Odwo a obi da no adi sɛ Kristoni, ne aso a ɔyɛ tie no boa ma ɔkari pɛ wɔ nnwom a ɔde nkate to ma epue, a bere koro no ara ɔmma ne nne mmoro so, mu. Nanso, ɛnsɛ sɛ wobu wɔn a wɔde ahokokwaw to dwom anaasɛ wɔn nne yɛ dɛ paa no abam da wɔ dwom a wɔto ma epue ho. Ɛnne a ɛyɛ dɛ betumi akanyan asafo a wɔreto ayeyi nnwom ama Yehowa no kɛse.

Nnwom a yɛto wɔ yɛn nhyiam horow ase no ma yenya hokwan a ɛfata nso de to nnwom a ɛnne no gu ahorow. Wɔhyɛ wɔn a wotumi hu ɛnne ahorow no mu nsonsonoe anaa wotumi hyehyɛ nnwom nhoma no mu nnwom to no nkuran sɛ wɔmfa nne ahorow no nka nnwonto no ho, na ama nnwom no ayɛ dɛ kɛse.c

Ebia ebinom bɛka sɛ, ‘Minnim nnwom to’ anaa ‘Me nne nyɛ dɛ; meto afã a ɛwɔ soro no a, ɛfam.’ Enti sɛ wɔreto dwom wɔ Ahenni Asa so mpo a, wɔfɛre. Nokwasɛm ne sɛ, ɛnne biara nni hɔ a ‘ɛnyɛ dɛ’ wɔ Yehowa ani so bere a wɔde to ayeyi nnwom ma no no. Sɛnea obi betumi ama ne nne a ɔde kasa no atu mpɔn denam dwumadi ne nyansahyɛ ahorow a mfaso wɔ so a wɔde ma wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu a ɔde bedi dwuma so no, saa ara nso na obi betumi ama ne nnwonto atu mpɔn. Ebinom ama wɔn nne atu mpɔn denam nnwom a wɔto wɔ wɔn menewa mu bere a wɔreyɛ nnwuma bi no so. Nnwom a wɔto no menewa mu no boa ma obi tumi siesie ne nne. Na wɔ mmere a ɛfata mu no, sɛ ɛka yɛn nkutoo anaasɛ yɛreyɛ adwuma wɔ baabi a ɛrentuatua nkurɔfo aso a, Ahenni nnwom a yɛbɛto no yɛ ɔkwan a etu mpɔn a yɛnam so siesie yɛn nne, ne ɔkwan a yɛnam so nya anigye na yɛn asom nso dwo yɛn.

Yebetumi nso ahyɛ Ahenni nnwom kakra a wɔbɛto wɔ aguabɔ horow ase nso ho nkuran. Nnwonto a ɛte saa a yɛde adwinnade a wɔde bɔ dwom te sɛ sanku anaa sankubɛn anaa Asafo ti no adakabɛn a wɔabɔ akyere agu kasɛt so no ka ho no, ma yɛn guabɔ no nya honhom fam mpɔntu. Afei nso ɛboa ma yesua nnwom no, to no yiye wɔ asafo nhyiam horow ase.

Nea ɛbɛboa asafo ahorow ama nnwom a wɔto wɔ nhyiam horow ase no akanyan wɔn no, Asafo ti no ama yɛn nnwom a wɔde nnwinnade a wɔde bɔ nnwom abɔ akyere agu kasɛt so. Sɛ ɛrebɔ a, ɛsɛ sɛ nea ɔhwɛ akasam afiri no so no ani kũ ne nnyigyei ho. Sɛ asafo no nte dwom no yiye a, ebia wɔbɛtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛto dwom no ma apue. Sɛ onua a ɔhwɛ akasam afiri no so no ne asafo no bom to dwom no a, obetumi ahu sɛ nnwom a ɛrebɔ no reboa ma wɔto anaasɛ ɛnyɛ saa.

Monto Dwom Mma Yehowa

Nnwonto ma yenya hokwan de da nkate a yɛwɔ ma yɛn Bɔfo no adi. (Dwom 149:1, 3) Ɛnyɛ nkate bi a yɛda no adi kɛkɛ, na mmom yɛn ayeyi a yɛde anigye da no adi ɔkwampa so a ɛntra so. Yɛn koma mu a yebefi ato asafo nnwom no betumi ama yɛanya adwene ne koma a ɛfata wɔ dwumadi a ebedi akyi no ho, na ebetumi akanyan yɛn ma yɛanya Yehowa som mu kyɛfa kɛse. Ɛwom sɛ nnwonto kanyan yɛn wɔ nkate fam de, nanso nsɛm nso betumi akyerɛkyerɛ yɛn. Bere a yɛde nne koro anaa nne ahorow da yɛn nkate adi no, na yɛde odwo ne ahobrɛase resiesie yɛn koma na yɛabom asua ade sɛ nkurɔfo a wɔahyiam.—Fa toto Dwom 10:17 ho.

Nnwonto bɛkɔ so ayɛ Yehowa som fã bere nyinaa. Enti yɛwɔ anidaso sɛ yebenya odwontofo no nkate yi bi daa: “Mete ase yi, meyi Awurade [Yehowa, NW] ayɛ, mewɔ hɔ yi, mɛto dwom mama me Nyankopɔn.”—Dwom 146:2.

[Ase hɔ nsɛm]

a Akurododwom yɛ nnwom a ahofadi honhom da adi wɔ n’afã ahorow bi. Mpɛn pii no na akurododwom kamfo nsɛm akɛse a asisi ne nnipa bi.

b Ɛkame ayɛ sɛ 1 Korintofo 14:15 da no adi sɛ na nnwonto ka afeha a edi kan Kristofo no som ho bere nyinaa.

c Wɔayɛ nnwom nhoma a seesei yɛde di dwuma, Monto Ayeyi Nnwom Mma Yehowa, no mu nnwom no bi sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de nne anan no ato, na ama wɔn a wɔn ani gye nnwom a wɔde nne ahorow no to ho no anya mu mfaso. Nanso, wɔahyehyɛ nnwom no pii sɛ wɔmmɔ no adakabɛn so, na wɔhyehyɛɛ nnwom no wɔ ɔkwan a wɔde bɛkora so sɛnea nnwom no te wɔ aman a efi mu bae no so. Nne ahorow a yɛn ankasa bɛyɛ de aka nnwom a wɔanhyɛ da anyɛ amma ɛnne ahorow anan no ho no betumi ama nnwom a yɛto wɔ nhyiam horow ase no ayɛ dɛ kɛse.

[Kratafa 27 adaka]

Nyansahyɛ Ahorow Bi Ma Nnwonto A Etu Mpɔn

1. Ma nnwom nhoma no so kɔ soro bere a woreto dwom no. Eyi boa ma wutumi home sɛnea ɛsɛ.

2. Gye ahome kɛse ansa na woafi kasamufã biara ase.

3. W’ano a wubebue no kɛse asen sɛnea anka wopɛ no no bɛma wo nne so na ama agyigye kɛse.

4. Nea ɛsen biara no, fa w’adwene si dwom a wɔreto no mu nsɛm so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena