Hwɛ Yiye na Woannwen Adwemmɔne Amma Afoforo
TELEVISION so ɔsɛnkafo bi a wagye din kasa tiaa ne yɔnko sɛnkafo bi yayaaya sɛ wasɛe aware. Nanso annu afe na wɔkyeree ɔsɛnkafo sobobɔfo yi sɛ wakɔfa tuutuuni bi.
Wɔ asɛm foforo a esii mu no, wiase tumidi kɛse bi somaa abɔfo sɛ wonkosiesie aman a wɔredi ako ntam. Bere koro no ara mu no, saa ɔman koro no ara wiaa ne ho somaa wɔn a wɔtɔn n’akode ma wɔkɔɔ amannɔne kɔtɔnee akode a ne bo bɛyɛ dɔla ɔpepepem pii.
Esiane sɛ nyaatwomyɛ abu so kɛse nti, so ɛyɛ nwonwa sɛ adwenem naayɛ abesi ahotoso ananmu? Wɔ nnipa pii fam no, afoforo a wodwen adwemmɔne ma wɔn no, abɛyɛ wɔn su.
Sɛ́ Kristofo no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye sɛ yɛremma su a ɛte saa nsɛe yɛne yɛn mfɛfo gyidifo anokwafo ntam. Ɛwom sɛ Yesu Kristo hyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ “anifere sɛ awɔ” wɔ yɛn atamfo ntam de, nanso wanka sɛ ɛsɛ sɛ yedwen adwemmɔne ma n’akyidifo anokwafo no. (Mateo 10:16) Ɛnde, asiane bɛn na ɛwom sɛ yebedwen adwemmɔne ama afoforo? Nneɛma bɛn mu titiriw na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛkwati su a ɛte saa? Na yɛbɛyɛ dɛn atumi akura yɛne yɛn mfɛfo Kristofo ntam abusuabɔ a ɛsom bo no mu?
Tete Asuade Bi
Afoforo a yebedwen adwemmɔne ama wɔn a ntease biara nnim no te sɛ nea yɛabu wɔn atɛn ara pɛ. Ɛte sɛ nea yɛrepere yɛn ho abu wɔn kasa anaa nneyɛe ho atɛn sɛ ɛyɛ nea wɔde kata nkontompo anaa adwemmɔne bi so ara kwa. Mpɛn pii no, nea asɛm no gyina so ankasa ne adwempa a wonnya wɔ asɛm bi ho, sɛnea yebetumi ahu afi Bible mu asɛm a ɛwɔ Yosua ti 22 no.
Ná Israelfo ako afa Bɔhyɛ Asase no awie, na na mmusuakuw no nsa kaa wɔn nsase no nkyɛe. Ruben ne Gad mmusuakuw no ne Manase abusuakuw no fã sii afɔremuka a “wohwɛ a, ɛsõ” wɔ Yordan Asubɔnten no ano. Mmusuakuw a aka no dii mfomso susuw sɛ na eyi yɛ ɔwae ade a wɔyɛe. Wosusuwii sɛ, sɛ́ anka mmusuakuw abiɛsa yi bɛkɔ ahyiae ntamadan a ɛwɔ Silo, baabi a wɔapaw ama ɔsom no mu no, wɔde afɔremuka kɛse yi na ɛbɛbɔ afɔre. Ntɛm ara, mmusuakuw a wɔbɔɔ sobo no siesiee wɔn ho maa ɔsa.—Yosua 22:10-12.
Wɔyɛɛ ade sɛ wɔsomaa abɔfo a Pinehas di wɔn anim kɔɔ wɔn nuanom Israelfo no nkyɛn ne wɔn kɔkasae. Bere a wɔtee sɛ wɔabɔ wɔn sobo sɛ wɔanni nokware, wɔatew atua, na wɔadan awaefo atia Yehowa no, mmusuakuw a na wose wɔafom no kyerɛkyerɛɛ nea enti a wosii afɔremuka kɛse no mu. Ná ɛnyɛ afɔremuka a wɔde bɛbɔ afɔre, na mmom ná ɛbɛyɛ biakoyɛ a Israel mmusuakuw no de bɛsom Yehowa no ho “adanse.” (Yosua 22:26, 27) Abɔfo no san kɔɔ wɔn kurom a na wɔn koma atɔ wɔn yam sɛ na biribiara ntɔɔ kyima wɔ wɔn nuanom no fam. Ne saa nti, wɔkwatii ɔmanko ne mogyahwiegu a anka ɛbɛyɛ hu no.
Hwɛ asuade a ɛyɛ ma yɛn sɛ yɛrempere yɛn ho nnwen adwemmɔne mma afoforo! Mpɛn pii no, sɛ yɛtɔ yɛn bo ase yɛ nhwehwɛmu a, ade a ɛte sɛ nea ɛyɛ nokware wɔ ani so ara kwa no, bɛdan ade foforo koraa. Eyi yɛ nokware wɔ Kristoni asetra afã pii mu.
Adwene a Yɛwɔ Wɔ Mpanyimfo Ho
Wɔ wɔn asɛyɛde ho dwumadi a ɛne sɛ ‘wɔbɛyɛn Onyankopɔn asafo’ no mu no, ɛtɔ mmere bi a na ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo tu ankorankoro a wɔwɔ asafo no mu fo. (Asomafo no Nnwuma 20:28) Sɛ nhwɛso no, sɛ ɔpanyin bi ne yɛn susuw yɛn mma ho wɔ nsɛm a ɛfa biribi te sɛ fekubɔne anaa bra bɔne a wɔne obi a ɛsono ne bɔbeasu bɔ ho a, dɛn na yɛyɛ wɔ ho? So yɛfa no sɛ wanya adwene bi asie, na yɛka wɔ yɛn tirim sɛ, ‘N’ani sa yɛn abusua no’? Sɛ yɛma nkate a ɛte saa daadaa yɛn a, akyiri yi, yebenu yɛn ho. Ebia na yɛn mma honhom mu yiyedi ho aba asɛm, na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm mu afotu a mfaso wɔ so ho anisɔ.—Mmebusɛm 12:15.
Sɛ asafo mu panyin bi tu yɛn fo a, mommma yennnya akyi adwene bi. Mmom no, momma yemmisa yɛn ho sɛ ebia ɔkwan bi wɔ hɔ a yebetumi anya n’afotu a egyina Bible so no mu mfaso anaa. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Asotwe biara asotwe, mprempren de, ɛnyɛ yɛn sɛ anigyede, na mmom awerɛhowde, nanso akyiri no, ɛsow asomdwoe aba a ɛyɛ trenee ma wɔn a wɔnam so asɔ wɔn ahwɛ no.” (Hebrifo 12:11) Enti momma yɛnkyerɛ ho anisɔ na yensusuw nsɛm ho yiye. Kae sɛ mpɛn pii no, sɛnea ɛyɛ den ma yɛn sɛ yebegye afotu atom no, saa ara na ɛyɛ den ma mpanyimfo no sɛ wɔde afotu bɛma yɛn.
Sɛnea Wɔte Nka Wɔ Awofo Ho
Mmofra bi wɔ hɔ a wonhu wɔn awofo tirim bere a wɔma wɔn ahyɛde horow no. Ebia mmofra bi bebisa sɛ: ‘Dɛn nti na m’awofo hyehyɛ mmara pii saa? Wɔmpɛ sɛ m’ani gye wɔ asetra mu ntia.’ Sɛ anka wobesusuw nsɛm ho saa kwan no so no, ɛsɛ sɛ mmofra susuw tebea no ho yiye.
Awofo de mfe pii na atete wɔn mma. Wɔde nneɛma pii na abɔ afɔre wɔ honam fam ne akwan foforo so wɔ eyi yɛ mu. So biribi wɔ hɔ a yebetumi agyina so aka sɛ afei de wɔmpɛ sɛ wɔn mma a wɔadu mpanyin afe so no ani gye? So ntease nim mmom sɛ yebesusuw sɛ ɔdɔ na ɛkanyan awofo yi ma wɔbɔ wɔn mma ho ban na wɔhwɛ wɔn so? So ɛnyɛ ɔdɔ koro no ara na ɛka wɔn ma wɔde ahyɛde horow ma wɔn mma a mprempren wohyia nsɛnnennen foforo wɔ asetram no? Hwɛ atirimɔden ne bonniayɛ a ɛbɛyɛ sɛ yebedwen adwemmɔne ama awofo a wɔwɔ ɔdɔ!—Efesofo 6:1-3.
Yɛn Su Wɔ Mfɛfo Kristofo Ho
Ɛyɛ nnipa pii su sɛ wobebu afoforo atɛnkan de nsɛm bi asusuw wɔn. Sɛ yɛn ankasa anya su a ɛte saa, na ɔkwan bi so no, yɛadwene bɔne ama nnipa bi nso ɛ? So wiase no su na anya yɛn so nkɛntɛnso saa?
Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ yɛn honhom fam anuanom no mu bi wɔ fie a ɛyɛ fɛ ne kar a ne bo yɛ den. So ɛsɛ sɛ ɛno ma yɛka sɛ ɔyɛ obi a n’ani gye ahonyade ho a ɔmfa Ahenni nneɛma nni kan wɔ asetram? Ebia Kristofo binom betumi atotɔ nneɛma a ɛyɛ fɛ, nanso ɛno nkyerɛ sɛ wɔwɔ adwemmɔne anaa ‘wɔnhwehwɛ ahenni no kan.’ Ebia na wɔde wɔn ho hyɛ honhom fam dwumadi horow mu denneennen, fi ayamye mu de wɔn ahonyade boa ma Ahenni nneɛma nya nkɔso a wɔnyɛ mma nnipa nhu.—Mateo 6:1-4, 33.
Ná nnipa ahorow nyinaa bi wɔ afeha a edi kan Kristofo asafo no mu—adefo ne ahiafo. (Asomafo no Nnwuma 17:34; 1 Timoteo 2:3, 4; 6:17; Yakobo 2:5) Ɛnyɛ nkurɔfo sikasɛm tebea so na Onyankopɔn gyina de susuw wɔn ho, na saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ. Ɛsɛ sɛ yɛdɔ yɛn mfɛfo gyidifo anokwafo a wɔasɔ wɔn ahwɛ no, na ‘yɛnyɛ biribiara nyiyim so.’—1 Timoteo 5:21.
Wɔ saa wiase a ɛda Satan tumi mu yi mu no, nsɛm a wɔde susuw afoforo, ne adwemmɔne a wodwen ma afoforo da adi wɔ akwan horow pii so. Sɛ nhwɛso no, ebia esiane abusua a obi fi mu nti, wobebu no sɛ ɔyɛ basabasa anaasɛ n’ani gye honam fam ade dodowpɛ ho. Nanso, sɛ́ Kristofo no, ɛnsɛ sɛ yenya su a ɛtete saa. Kateeyɛ ne afoforo ho adwene a ɛnteɛ nni afã biara wɔ Yehowa ahyehyɛde mu. Ehia sɛ nokware Kristofo nyinaa suasua Yehowa Nyankopɔn a “nkontompo ne animhwɛ . . . nni ne fãm” no.—2 Beresosɛm 19:7; Asomafo no Nnwuma 10:34, 35.
Ma Ɔdɔ Nkanyan Wo
Kyerɛwnsɛm no ka no pen sɛ “wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na Onyankopɔn anuonyam abɔ wɔn.” (Romafo 3:23) Enti ehia sɛ yebu yɛn mfɛfo asomfo sɛ nnipa a wɔne yɛn de biakoyɛ rebɔ mmɔden de ɔsom a ɛsɔ ani ama Yehowa. Sɛ yɛama afoforo ho adwene a ɛnteɛ anaa nkate foforo a enye bi ho kwan ma asɛe yɛne honhom fam onua anaa onuawa bi ntam a, momma yɛmmɔ mpae nsrɛ Onyankopɔn hɔ mmoa mfa nni su a ɛte saa so na Satan nsa anka yɛn. (Mateo 6:13) Ɔdaadaa Hawa ma ogye dii sɛ na Yehowa wɔ adwemmɔne, na na onsusuw ne yiyedi ho, na na ɔde ahofadi a ɛbɛma n’ani agye ankasa rekame no. (Genesis 3:1-5) Adwemmɔne a yebedwen ama yɛn nuanom no di n’atirimpɔw ho dwuma.—2 Korintofo 2:11; 1 Petro 5:8.
Sɛ yehu sɛ yɛwɔ su bi a ɛma yedwen bɔne ma afoforo a, ɛsɛ sɛ yesusuw Yesu Kristo nhwɛso no ho. Ɛwom sɛ na ɔyɛ Onyankopɔn Ba a ɔyɛ pɛ de, nanso wanhwehwɛ n’asuafo no ho adwemmɔne biara. Mmom no, Yesu hwehwɛɛ su pa a na ɛwɔ wɔn mu no. Bere a na n’asuafo no repere dibea ho no, wamfa no sɛ wɔwɔ adwemmɔne ma wamfa asomafo 12 foforo ansi wɔn ananmu. (Marko 9:34, 35) Esiane sɛ na wɔnyɛ pɛ nti, ebia Yudafo a wɔawae no amanne a ɛtwe adwene si kɛseyɛ ne dibea so no anya wɔn so nkɛntɛnso. Ná Yesu nim sɛ ade a ɛkanyan n’akyidifo no titiriw ne Yehowa ho dɔ. Esiane ɔdɔ a ɛte saa a wɔdaa no adi ne Yesu a wɔkɔɔ so bataa ne ho nti, wohyiraa wɔn kɛse.—Luka 22:28-30.
Sɛ yɛde adwene a ɛnteɛ susuw yɛn mfɛfo gyidifo anokwafo a, eyi bɛyɛ te sɛ nea yɛde ahwehwɛ a ani yɛ bisii rehwɛ ade. Yɛrenhu biribiara sɛnea ɛte ankasa. Enti, momma yɛmfa ɔdɔ nhwɛ ade. Adanse pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ mfɛfo Kristofo anokwafo dɔ yɛn na ɛfata sɛ yesusuw wɔn ho. (1 Korintofo 13:4-8) Enti ɛmmra sɛ yɛbɛda ɔdɔ adi akyerɛ wɔn na yɛahwɛ yiye sɛ yennwen adwemmɔne mma wɔn.
[Kratafa 26 mfonini]
Wubu afoforo a wɔde nokwaredi som Onyankopɔn dɛn?
[Kratafa 27 mfonini]
Ahotoso ne obu ka Yehowa Adansefo bom sɛ abusua biako a wɔwɔ anigye