-
Amanehunu PiiƆwɛn-Aban—1997 | February 15
-
-
So Ɛka Onyankopɔn Nhyehyɛe Ho?
Sɛnea ebinom akyerɛ no, so ebetumi aba sɛ amanehunu a ɛkɔ so daa yi yɛ Onyankopɔn nhyehyɛe a wontumi nhu mu nkosi ase no fã bi? So ɛsɛ sɛ yehu amane seesei na ama yɛn ani asɔ ‘wiase a ɛreba no mu’ asetra? Sɛnea na Franceni nyansapɛfo Teilhard de Chardin gye di no, so ɛyɛ nokware sɛ “amanehunu a ekum nnipa ma ɔporɔw no, ho hia ma no na ama watra ase adan honhom”? (The Religion of Teilhard de Chardin; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Dabida!
So ɔyɛfo bi a ɔwɔ tema bɛhyɛ da ayɛ nneɛma a edi awu na afei wakyerɛ sɛ ɔwɔ ayamhyehye bere a ogye nkurɔfo fi emu haw mu no? Dabida! Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn a ɔwɔ dɔ ayɛ biribi a ɛte saa? Ɛnde dɛn nti na Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan? So amanehunu befi hɔ da bi? Asɛm a edi hɔ no bɛka nsɛmmisa yi ho asɛm.
-
-
Bere a Amanehunu Befi HɔƆwɛn-Aban—1997 | February 15
-
-
Bere a Amanehunu Befi Hɔ
NÁ AMANEHUNU nka Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ma adesamma abusua no ho. Ɛnyɛ ɔno na ɔyɛe, na saa ara nso na ɔmpɛ. ‘Sɛ ɛte saa a,’ ebia wubebisa sɛ, ‘ɛyɛɛ dɛn na ɛbae, na dɛn nti na Onyankopɔn ama kwan ma akɔ so abedu nnɛ?’—Fa toto Yakobo 1:13 ho.
Mmuae no wɔ onipa ho kyerɛwtohɔ a edi kan koraa, Bible mu, titiriw Genesis nhoma no. Ɛka sɛ, yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa, dii Satan Ɔbonsam akyi wɔ atua a ɔtew tiaa Onyankopɔn no mu. Wɔn nneyɛe no kɔfaa nsɛntitiriw bi a ɛkaa amansan mmara ne nhyehyɛe pa ankasa bae. Bere a wɔkyerɛe sɛ wɔwɔ hokwan sɛ wosi papa ne bɔne ho gyinae ma wɔn ho no, wotwaa Onyankopɔn tumidi mpoa. Wɔmaa hokwan a ɔwɔ sɛ odi tumi na ɔyɛ obi a ɔno nkutoo na obu “papa ne bɔne” ho atɛn no ho baa asɛm.—Genesis 2:15-17; 3:1-5.
Dɛn Nti na Wamma N’apɛde Anyɛ Hɔ Amonom Hɔ Ara?
Ebia wubebisa sɛ: ‘Dɛn nti na Onyankopɔn amma n’apɛde anyɛ hɔ amonom hɔ ara?’ Wɔ nnipa pii fam no, asɛm no te sɛ nea ɛnyɛ den. Wɔka sɛ: ‘Ná Onyankopɔn wɔ tumi. Na anka ɛsɛ sɛ ɔde di dwuma de sɛe atuatewfo no.’ (Dwom 147:5) Nanso bisa wo ho asɛm yi sɛ, ‘So m’ani gye wɔn a wɔde tumi a ɛkorɔn yɛ nea wɔpɛ no ho ntɛm ara? Sɛ katabaakofo bi nam akodiawufo so yi n’atamfo fi hɔ a, so ɛyɛ a ɛnhaw me?’ Ade a ɛte saa ma nnipa dodow no ara a wɔwɔ ntease ho dwiriw wɔn.
Woka sɛ, ‘Aa, sɛ Onyankopɔn de saa tumi no dii dwuma a, obiara nni hɔ a anka ɔbɛka ne nneyɛe ho asɛm.’ Wugye di? So ɛnyɛ nokware sɛ nkurɔfo ka Onyankopɔn tumidi ho asɛm? Wɔka nea enti a ɔmfa nni dwuma mmere bi ho asɛm, te sɛ abotare a onya wɔ nnebɔne ho no. Na wɔka nea enti a ɔde di dwuma mmere foforo mu no ho asɛm. Nã ogyidifo Abraham mpo wɔ sɛnea Onyankopɔn de ne tumi di dwuma tia N’atamfo no ho asɛm bi. Kae bere a Onyankopɔn sii gyinae sɛ ɔbɛsɛe Sodom no. Abraham dii mfomso suroe sɛ wobekum apapafo afra abɔnefo. Ɔkae sɛ: “Ɛmpare wo sɛ wubedi saa asɛm yi, sɛ wubekum ɔtreneeni ne ɔbɔnefo afra.” (Genesis 18:25) Na nnipa a wɔwɔ adwempa te sɛ Abraham mpo hwehwɛ sɛ wɔma wɔn awerɛhyem sɛ wɔremfa tumi a ɛsen biara nni dwuma ɔkwammɔne so.
Nokwarem no, na anka Onyankopɔn betumi asɛe Adam, Hawa, ne Satan amonom hɔ ara. Nanso susuw sɛnea anka ɛno betumi aka abɔfo foforo anaa abɔde a na wɔbɛba akyiri yi a ebia wɔbɛba abehu ne nneyɛe no. So ɛsɛ sɛ eyi ma wobisa teɛ a Onyankopɔn nniso ho nsɛm teɛ ho asɛm atutupɛ so? Nokwarem no, so ɛno renyɛ nea ɛbɛbɔ Onyankopɔn sobo sɛ ɔyɛ katabaakofo, sɛnea Nietzsche kaa ne ho asɛm sɛ Onyankopɔn a ɔsɛe obiara a ɔsɔre tia no atirimɔden so no?
Dɛn Nti na Ɔmma Nnipa Nyɛ Nea Ɛteɛ?
Ebia ebinom bebisa sɛ: ‘So Onyankopɔn ntumi mma nnipa nyɛ nea ɛteɛ?’ Wiɛ, susuw eyi nso ho. Wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, nniso ahorow abɔ mmɔden sɛ wɔbɛma nnipa ayɛ nea wosusuw. Nniso anaa sodifo ahorow bi afa akwan horow a wɔde di afoforo adwene so, ebia denam nnuru anaa oprehyɛn a wɔyɛ wɔn so ama nkurɔfo ahwere akyɛde a ɛne wɔn pɛ mu a wofi yɛ ade no. So yɛn ani nnye ho sɛ yɛyɛ nkurɔfo a yetumi paw nea yɛpɛ, bere a saa akyɛde no ho betumi aba asɛm mpo no? So yɛpene mmɔden a nniso anaa sodifo bi bɔ sɛ obegye hokwan a ɛte saa afi yɛn nsam no so?
Ɛnde, na ɔkwan foforo bɛn na ɛwɔ hɔ a Onyankopɔn betumi afã so de ne tumi adi dwuma ma mmara no ayɛ adwuma amonom hɔ ara? Yehowa Nyankopɔn sii gyinae sɛ ɔkwan kakra a ɔbɛma wɔn a wɔpo ne mmara no anya ahofadi afi ne nniso ho ne ɔkwan a eye sen biara a ɔbɛfa so adi atuatew no ho dwuma. Ná eyi bɛma adesamma abusua a wofi Adam ne Hawa mu bere kakra a wɔde bedi wɔn ho so a wɔnhyɛ Onyankopɔn mmara ase. Dɛn nti na ɔyɛɛ eyi? Efisɛ na onim sɛ, bere bi akyi no, adanse a edi mũ bɛda adi, ma wɔahu sɛ ne nniso teɛ na ɛfata bere nyinaa, na sɛ ɔde ne tumi a enni ano no ma n’apɛde yɛ hɔ mpo a, ɛrenkyɛ na atua biara a wɔtew tia no no ayɛ nea asiane wom.—Deuteronomium 32:4; Hiob 34:10-12; Yeremia 10:23.
Na Wɔn a Wɔn Ho Nni Asɛm a Wohu Amane no Nyinaa Nso Ɛ?
Ebia wubebisa sɛ, ‘Ne nyinaa mu no, wɔn a wɔn ho nni asɛm a wohu amane no nyinaa nso ɛ?’ ‘So mfaso wɔ so ankasa sɛ wohu amane na akyerɛ sɛ mmara reyɛ adwuma ɔkwan bi so?’ Wiɛ, ɛnyɛ sɛ Onyankopɔn bɛma mmara bi a asete yɛ den mu ada hɔ kɛkɛ nti na wama bɔne atra hɔ. Na mmom, sɛ ɔbɛma nokwasɛm titiriw bi mu ada hɔ koraa sɛ ɔno nkutoo ne otumfoɔ, ne sɛ osetie a wɔbɛyɛ ama ne mmara ho hia na ama n’abɔde nyinaa akɔ so anya asomdwoe ne anigye ntia.
Ade biako a ɛho hia a ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem ne sɛ, Onyankopɔn nim sɛ obetumi adi ɔhaw biara a eyi betumi de aba adesamma abusua so no ho dwuma koraa. Onim sɛ awiei koraa no, bere tiaa mu yaw ne amanehunu no bɛyɛ nea mfaso wɔ so. Susuw ɛna a oso ne ba mu denneennen bere a oduruyɛfo de paane wɔ no ma ɔte yaw de yɛ no aduru de bɔ ne ho ban wɔ yare bi a ebetumi akum abofra no ho. Ɛna biara nni hɔ a ɔpɛ sɛ ne ba te yaw. Oduruyɛfo biara nni hɔ a ɔpɛ sɛ ɔma ne yarefo hu amane. Abofra no nte nea enti a wɔyɛ no ade a ɛyɛ yaw no ase saa bere no, nanso akyiri yi, ɔbɛte nea enti a wɔmaa ho kwan no ase.
So Ɛyɛ Awerɛkyekye Ankasa Ma Wɔn a Wɔrehu Amane No?
Ebia ebinom bɛte nka sɛ saa nneɛma yi kɛkɛ a wɔn a wɔrehu amane behu no renkyekye wɔn werɛ ahe biara. Hans Küng ka sɛ nyansam a wofi kyerɛkyerɛ wɔ a amanehunu wɔ hɔ mu kyerɛ “ɔmanehunufo no reyɛ ayɛ te sɛ mfaso a enni nneɛma a ɛkeka bom yɛ nnuan ho nkyerɛkyerɛ a wɔde ma onipa bi a ɔkɔm de no so no.” Obisa sɛ: “So ntease pa a wɔma onipa a amanehunu reyɛ amene no no nya no nyinaa tumi ma onya awerɛkyekye ankasa?” Wiɛ, nnipa a wobu wɔn ani gu Onyankopɔn Asɛm, Bible, no so no “ntease pa” a wɔde ama no mmaa wɔn a wɔrehu amane no nnyaa awerɛkyekye. Nnipa nsusuwii a ɛte saa no ama ɔhaw no ayɛ kɛse bere a ɛka sɛ Onyankopɔn yɛɛ onipa sɛ ommehu amane, na ɔyɛɛ asase sɛ nusu bon bi, anaa baabi a wɔsɔ nnipa a awiei koraa no wobenya ɔsoro asetra no hwɛ. Abususɛm bɛn ara ni!
Nanso, Bible ankasa de awerɛkyekye a edi mũ ma. Ɛnyɛ wɔ a amanehunu wɔ hɔ no ho nkyerɛkyerɛmu nko na ɛkɔ so de ma, na mmom ɛma wonya awerɛhyem nso wɔ Onyankopɔn nokware bɔhyɛ a ɛne sɛ obedi ɔhaw biara a bere tiaa mu amanehunu a wama ho kwan de aba no ho dwuma no mu nso.
‘Nneɛma Nyinaa Ananmu a Wɔbɛhyɛ’
Ɛrenkyɛ biara, Onyankopɔn bɛsan ayɛ nneɛma sɛnea ɔpɛe sɛ ɛyɛ ansa na nnipa a odii kan bɔɔ wɔn no retew atua no. Ne bere a wahyɛ ama nnipa nniso a ne nsa nnim no reyɛ asa. Yɛte bere a ɔbɛsoma ‘Yesu a ɛsɛ sɛ ɔsoro gye no de kosi bere a wɔbɛhyɛ nneɛma a Onyankopɔn nam n’adiyifo kronkron anom fi teteete kae no nyinaa ananmu’ no mu.—Asomafo no Nnwuma 3:20, 21.
Dɛn na Yesu Kristo bɛyɛ? Obeyi Onyankopɔn atamfo nyinaa afi asase so. (2 Tesalonikafo 1:6-10) Eyi nyɛ ade a ɔbɛyɛ no ahopere so, sɛnea nnipa katabaakofo yɛ no. Asiane ahorow a onipa nniso bɔne de aba no bɛma ada adi sɛ Onyankopɔn di bem koraa sɛ ɔde ne tumi a enni ano no bɛma n’apɛde abam nnansa yi ara. (Adiyisɛm 11:17, 18) Mfiase no, eyi bɛkyerɛ sɛ “ahohiahia” a ebi mmaa asase so da, a ɛte sɛ Noa bere so Nsuyiri no, nanso emu yɛ den sen no, na ɛbɛba. (Mateo 24:21, 29-31, 36-39) Wɔn a wobefi “ahohia kɛse” yi mu aka no benya “ahodwo nna” bere a wohu Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow nyinaa a ‘ɔnam n’adiyifo kronkron anom’ kae no. (Asomafo no Nnwuma 3:19; Adiyisɛm 7:14-17) Bɔ bɛn na Onyankopɔn ahyɛ?
Wiɛ, Onyankopɔn tete adiyifo ka sɛ amanehunu a ɔko ne mogyahwiegu de aba no bɛba awiei. Sɛ nhwɛso no, Dwom 46:9 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Ɔma akodi gyae kosi asase ano.” Wɔn a wɔn ho nni asɛm a wohu amane ne aguanfo a wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ, wɔn a wɔato wɔn mmonnaa, wɔadi dɛm, ne wɔn a wɔakunkum wɔn wɔ atirimɔden akodi mu begyae! Odiyifo Yesaia ka sɛ: “Ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.”—Yesaia 2:4.
Adiyifo no kaa amanehunu a nsɛmmɔnedi ne nsisi de ba a ebefi hɔ nso ho asɛm siei. Mmebusɛm 2:21, 22 hyɛ bɔ sɛ “teefo na ɛbɛtra asase no so” na “wobegu” wɔn a wɔde ɛyaw ne amanehunu ba ‘ase afi so.’ ‘Onipa renni onipa so mma ɛnnan no bɔne’ bio. (Ɔsɛnkafo 8:9) Wobegu abɔnefo nyinaa ase akosi daa. (Dwom 37:10, 38) Obiara betumi atra ase asomdwoe ne ahotɔ mu a ɔrenhu amane.—Mika 4:4.
Afei nso, adiyifo no hyɛ bɔ sɛ amanehunu a honam ne nkate fam nyarewa de ba nso befi hɔ. (Yesaia 33:24) Yesaia hyɛ bɔ sɛ wɔbɛsa anifuraefo, asotifo, mpakye, ne wɔn a nyarewa ahorow aka wɔn nyinaa yare. (Yesaia 35:5, 6) Onyankopɔn beyi ɔhaw a owu de ba mpo afi hɔ. Yesu ka siei sɛ “wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne na wɔafi adi.” (Yohane 5:28, 29) Wɔ ɔsomafo Yohane anisoadehu a ɛfa “ɔsoro foforo ne asase foforo” ho no, wɔka kyerɛɛ no sɛ ‘Onyankopɔn ankasa bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio.’ (Adiyisɛm 21:1-4) Susuw ho hwɛ! Ɛyaw, nusu, osu, owu nni hɔ bio—amanehunu biara nni hɔ bio!
Wobedi awerɛhosɛm biara a ebia ɛbae wɔ bɔne ho kwan a wɔmae wɔ bere tiaa yi mu no ho dwuma. Wɔbɛpopa nnipa yaw ne amanehunu ho nkae—a ɛnka Onyankopɔn atirimpɔw ho da—mpo afi hɔ koraa. Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ: “Wɔn werɛ befi kan amanehunu no, . . . wɔrenkae kan de no na ɛremma koma mu bio.” (Yesaia 65:16, 17) Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw a ɛne adesamma abusua a ɛyɛ pɛ a wɔte asomdwoe ne anigye a edi mũ mu wɔ paradise asase so no bɛbam koraa. (Yesaia 45:18) Ahotoso a wobenya wɔ ne tumidi mu bɛyɛ nea edi mũ koraa. Hwɛ hokwan ara a ɛbɛyɛ sɛ wobɛtra ase wɔ bere a Onyankopɔn de nnipa amanehunu nyinaa bɛba awiei, bere a ɔda no adi sɛ ɔnyɛ “katabaakofo, ɔdaadaafo, osisifo, owudifo,” sɛnea Nietzsche kae no, na mmom sɛ obi a ɔda ɔdɔ adi bere nyinaa, onim nyansa, na ɔde ne tumi a ɛsen biara no di dwuma ɔkwan a ɛteɛ so no!
[Kratafa 5 mfonini]
Sodifo Ahorow Bi Adi Afoforo Adwene So, Wɔama Nkurɔfo Ahwere Wɔn Pɛ Mu A Wofi Yɛ Ade
[Asɛm Fibea]
UPI/Bettmann
[Kratafa 7 mfonini]
Bere a amanehunu nni hɔ bio no, obiara benya asetram anigye akosi ase
-