Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 12/1 kr. 29-31
  • So Anwiinwii Nyinaa Nye?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Anwiinwii Nyinaa Nye?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nkɛntɛnso Bɔne a Enya Wɔ Yɛn ne Afoforo So
  • So Anwiinwii Nyinaa Mfata?
  • Kristofo Asafo No
  • Ɛsɛ sɛ Edu Wɔn a Wɔfata Asom
  • Nea Enti a Onwiinwiifo Asetra Nyɛ Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Adɛn Nti Na Ɛnsɛ Sɛ Yenwiinwii?
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
  • ‘Monkwati Anwiinwii Biara’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Monkɔ So Nsom Wɔ Biakoyɛ mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 12/1 kr. 29-31

So Anwiinwii Nyinaa Nye?

Nneɛma a ɛhyɛ abufuw bɛn na ɛyɛ yaw sen nea yentumi nka ho asɛm nkyerɛ afoforo?—Marquis De Custine, 1790-1857.

WAGYINA nna ho ahoguan a ne yɔnko dwumayɛni bi de ahaw no ano mfe abien. Kasa a ɔkasaa ho no kowiee atɛnnidi ne ani a wobu guu ne so mu. Ná ɛho adwennwen a ɛhyɛ ne so no rehaw n’akwahosan, nanso dɛn na na obetumi ayɛ? Saa ara nso na woyii sukuuni bi a na odi kan wɔ n’adesuakuw mu adi esiane sɛ na n’ahonim mma no kwan mma ɔmfa ne ho nhyɛ ntɔkwaw a wosua no sɛ agumadi ho ntetee a na ɛyɛ sukuu no ahwehwɛde mu nti. Wɔn baanu nyinaa tee nka sɛ wɔasisi wɔn, nanso, so na ɛsɛ sɛ wɔkasa mu? Sɛ wɔyɛ saa a, na wobetumi ahwɛ ahotɔ kwan, anaasɛ na ɛbɛma nneɛma asɛe mmom?

Anwiinwii a ɛtete sɛɛ ne afoforo abu so nnɛ, bere a yɛne nnipa a wɔnyɛ pɛ te wiase bɔne mu no. Anwiinwii betumi ayɛ biribi a wɔnkyerɛ ho anigye, awerɛhow, ɛyaw, anaa abufuw a wɔda no adi wɔ tebea bi a wɔahyɛ da abɔ obi sobo wɔ ho ho. Nnipa dodow no ara pɛ sɛ wɔkwati anwiinwii ne ntawntawdi; nanso, so ɛsɛ sɛ bere nyinaa obi mua n’ano? Dɛn ne Bible no adwene?

Nkɛntɛnso Bɔne a Enya Wɔ Yɛn ne Afoforo So

Akyinnye biara nni ho sɛ anwiinwii bebrebe sɛe ade, na Bible kasa tia. Onwiinwiifo sɛe n’ankasa ho wɔ honam ne honhom fam, na ɔhyɛ wɔn a onwiinwii tia wɔn no abufuw. Bere a ɛreka ɔyere onwiinwiifo ho asɛm no, Bible mu abebusɛm bi ka sɛ: “Asusow bere mu nsu a ɛsosɔ daa ne ɔbea tutupɛfo sɛ.” (Mmebusɛm 27:15) Nea enye koraa ne sɛ obi benwiinwii atia Yehowa anaa ne nsiesiei ahorow no mu bi. Bere a Israel man nwiinwii wɔ mana a wɔnam anwonwakwan so de maa wɔn wɔ wɔn mfirihyia 40 akwantu mu wɔ sare so no ho na wɔfrɛɛ no “aduan hunu” no, Yehowa de awɔ a wɔhyehye bɛtwee anwiinwiifo a na wɔyɛ aniammɔho no aso, na nnipa pii wuwui.—Numeri 21:5, 6.

Afei nso, Yesu tuu n’akyidifo fo sɛ yennnwiinwii wɔ mfomso “duaa” a yehu wɔ yɛn yɔnko nnipa ho no ho, na mmom yɛnhwɛ sintɔ ho “mpuran” kɛse a yɛn ankasa wɔ no. (Mateo 7:1-5) Saa ara nso na Paulo kasa tiaa bu a wobu afoforo atɛn (anwiinwii foforo) sɛ ade a ‘enni anoyi biara, efisɛ wo a wubu atɛn no, woyɛ saa ade no ara bi.’ Ɛsɛ sɛ kɔkɔbɔ a wɔde ma wɔ anwiinwii ho yi ka yɛn ma yɛkwati sɛ yɛbɛyɛ katee sɛnea ɛnsɛ, na yɛanna anwiinwii su adi.—Romafo 2:1.

So Anwiinwii Nyinaa Mfata?

Ɛnde, so ɛsɛ sɛ yɛde ba awiei sɛ, anwiinwii nyinaa mfata? Dabi, ɛnsɛ sɛ yɛka saa. Bible no kyerɛ sɛ ntɛnkyea pii wɔ wiase bɔne a yɛte mu yi mu a ɛfata sɛ wosiesie. Wɔ mfatoho bi mu no, Yesu kaa ɔtemmufo tirimɔdenfo bi a ɔde amemenemfe buu atɛntrenee maa ɔbea kunafo bi a na wɔresisi no, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenkɔ so ‘mma daa mfa mmeguan ne ho’ ho asɛm. (Luka 18:1-8) Ɔkwan bi so no, ebia ebehia sɛ yɛn nso yɛkɔ so nwiinwii kosi sɛ wobesiesie mfomso horow bi.

Ɛdenam ka a Yesu ka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra so no, so wanhyɛ yɛn nkuran sɛ yenhu mprempren wiase yi sintɔ na ‘yensu mfrɛ’ Onyankopɔn ma onsiesie nneɛma? (Mateo 6:10) Bere a Sodom ne Gomora amumɔyɛ ho “nteɛm” duu Yehowa asom no, ɔsomaa n’abɔfo sɛ ‘wɔnkɔhwɛ sɛ wɔayɛ sɛnea nteɛm a eduu ne nkyɛn no te anaa’ na wonsiesie nneɛma. (Genesis 18:20, 21) Bere kɔɔ so no, Yehowa siesiee tebea no maa wɔn a wonwiinwii kyerɛɛ no no ho tɔɔ wɔn denam sɛe a ɔsɛee nkurow abien no ne emufo a na wɔn bra asɛe no so.

Kristofo Asafo No

So ɛsɛ sɛ ɛyɛ soronko wɔ anuanom a wɔwɔ Kristofo asafo mu no ntam? Ɛmfa ho sɛ Kristofo mmarima ne mmea nyɛ pɛ no, wɔrebɔ mmɔden kɛse sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn wɔ asomdwoe ne biakoyɛ mu. Nanso tebea horow bɛsɔre wɔn mu a ɛbɛma wɔanwiinwii, na ebehia sɛ wosiesie. Wɔ afeha a edi kan no mu no, tebea bi sɔree wɔ wɔn a na wɔasra wɔn asafo no mu wɔ Pentekoste akyi pɛɛ. Nnipa pii a na wɔabɛyɛ Kristofo foforo kaa Yerusalem gyee ɔkyerɛkyerɛ ne nkuranhyɛ afoforo. Ná wɔkyekyɛ aduan a wɔwɔ ma wɔn ho wɔn ho. Nanso, “huhuhuhu baa Helenifo no mu tiaa Hebrifo no, sɛ wobu wɔn ani gu wɔn akunafo daa ɔhwɛ no so.” Sɛ́ anka wɔbɛkasa atia anwiinwiifo yi sɛ wɔyɛ abusuyɛfo no, asomafo no yɛɛ ho biribi de siesiee tebea no. Yiw, wɔn a asafo no sohwɛ hyɛ wɔn nsa no fi ahobrɛase mu betie anwiinwii a ɛfata a wɔde obu ne adwempa da no adi no, na wɔadi ho dwuma.—Asomafo no Nnwuma 6:1-6; 1 Petro 5:3.

Ɛsɛ sɛ Edu Wɔn a Wɔfata Asom

So wohyɛɛ no nsow wɔ atifi hɔ nhwɛso no mu sɛ ɛsɛ sɛ wɔde adwempa nwiinwii kyerɛ wɔn a wɔfata? Sɛ nhwɛso no, ɛbɛyɛ nea nyansa nnim sɛ wubenwiinwii wɔ tow a ne bo yɛ den ho akyerɛ polisini anaasɛ wobɛka wo nipaduam nyarewa ho asɛm akyerɛ ɔtemmufo. Saa ara nso na ɛrenyɛ papa sɛ wubenwiinwii wɔ tebea bi a ɛwɔ asafo no mu anaa akyi ho akyerɛ obi a ɔmfata anaa ontumi mmoa wo.

Wɔ aman dodow no ara mu nnɛ no, asɛnnibea horow ne mmeae foforo a ɛfata a obi betumi de n’asɛm akɔdan de ahwehwɛ mmoa wɔ hɔ. Bere a sukuuni a yɛbɔɔ ne din wɔ asɛm no mfitiase no de n’asɛm kɔɔ asɛnnibea no, atemmufo no buu no bem, na wɔsan gyee no, na sukuu no maa no dibem. Saa ara na ɔbea dwumayɛni a wɔde nna guan ne ho no nyaa mmoa denam mmea adwumayɛfo fekuw bi so. Sukuu baguafo no maa no dibem. N’adwumawuranom yɛɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wɔasiw nna ho ahoguan ano.

Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ wobedi anwiinwii nyinaa ho dwuma saa. Ɔhene Salomo nyansafo no kae wɔ ɔkwan a ɛfata so sɛ: “Nea akyea no, wontumi nteɛ.” (Ɔsɛnkafo 1:15) Eye sɛ yebehu sɛ nsɛm bi wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ yɛtwɛn Onyankopɔn ma osiesie nneɛma wɔ n’ankasa bere a ɛfata mu.

[Kratafa 31 mfonini]

Asafo mu mpanyimfo tie na wodi anwiinwii horow a ɛfata ho dwuma

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena