Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 12/15 kr. 28-29
  • Yehowa De Ayamhyehye na Edi Tumi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa De Ayamhyehye na Edi Tumi
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Ayamhyehye a Yebesuasua
  • Ayamhyehye Wɔ Atirimɔden Wiase Mu
  • Nya “Ayamhyehye”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Suasua Yehowa Ayamhyehye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Kyerɛ Mmɔborohunu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • “Yɛn Nyankopɔn Mmɔborɔhunu”
    Bɛn Yehowa
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 12/15 kr. 28-29

Yehowa De Ayamhyehye na Edi Tumi

WƆ ABAKƆSƐM nyinaa mu no, nnipa tumidifo pii adi tumi wɔ atirimmɔden so a wɔansusuw wɔn a wodi wɔn so no amanehunu ho. Nanso, Yehowa nam ɔman—Israel—a ɔpaw wɔn na odii wɔn so tumi ayamhyehye so no so yɛɛ nea ɛne eyi bɔ abira.

Bere a na Israelfo no da so ara yɛ nkoa wɔ tete Misraim no, Yehowa tiee wɔn sufrɛ. “Wɔn ahohia nyinaa mu no, ne ho hiaa no, . . . ne dɔ ne ne nkyɛeso mu na ogyee wɔn.” (Yesaia 63:9) Yehowa gyee Israelfo, maa wɔn aduan anwonwakwan so, na ogyee wɔn kɔɔ wɔn ankasa asase so.

Yehowa ayamhyehye su san daa adi wɔ mmara horow a ɔde maa ɔman yi no mu. Ɔhyɛɛ Israelfo no sɛ wɔne nyisaa, akunafo, ne ahɔho nni no ayamhyehye so. Ná ɛnsɛ sɛ wosisi wɔn a na wɔadi dɛm no.

Ná Mmara no hwehwɛ sɛ wɔda ayamhyehye adi kyerɛ ahiafo. Ná ahiafo betumi adi mpɛpɛwa bere a nkurɔfo atwa wɔn nnɔbae awie no. Ná wotwa nkurɔfo aka mu wɔ Ɔhome afe (a ɛto so ason) mu. Ná ɛsɛ sɛ wɔsan de awunyade nsase a wɔatɔn ma wɔn wuranom wɔ Ahosɛpɛw afahyɛ afe (a ɛto so 50) no mu. Ancient Israel—Its Life and Institutions bɔ amanneɛ sɛ: “Ná asetra mu gyinabea mu nsonsonoe biara nni Israel te sɛ nea yehu nnɛ no.” “Mfitiase a wɔbaa wɔn atrae hɔ no, ɛkame ayɛ sɛ na Israelfo no nyinaa asetra yɛ pɛ.”—Leviticus 25:10; Deuteronomium 15:12-14; 24:17-22; 27:18.

Yehowa Ayamhyehye a Yebesuasua

Onyankopɔn ayamhyehye kanyan n’asomfo. Sɛ nhwɛso no, wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, ahemfo a wɔabedi ade foforo binom akunkum wɔn a wobesii wɔn ananmu no adehye abusua no mu nkaefo. Nanso, Yehowa somfo Dawid, anyɛ saa. Ɔhene Saul wu akyi no, Dawid bɔɔ Saul nena ne ɔdedifo Mefiboset ho ban. “Ɔhene kyɛee Saul ba Yonatan ba Mefiboset so.”—2 Samuel 21:7.

Onipa foforo biara nsuaa Yehowa ayamhyehye sɛnea Yesu yɛe no. Ayamhyehye a ɛfata na ɛkaa no ma ɔyɛɛ anwonwade horow no. Bere bi, ɔkwatani bi srɛɛ no sɛ: “Sɛ wopɛ a, wubetumi ama me ho afi.” Ɔyɛɛ Yesu mmɔbɔ na ɔde ne nsa kaa no kae sɛ: “Mepɛ, wo ho mfi.” (Marko 1:40-42) Bere foforo nso, nkurɔfokuw pii dii Yesu akyi. Wɔ gyegyeegye no nyinaa mu no, Yesu nyaa anifuraefo baanu bi ho adagyew bere a wɔteɛteɛɛm sɛ: “Hu yɛn mmɔbɔ, Awurade, Dawid ba! . . . Wɔn ade yɛɛ Yesu mmɔbɔ, na ɔde ne nsa kekaa wɔn ani, na ntɛm ara wohuu ade.”—Mateo 20:29-34.

Nkurɔfokuw pii no antumi anwudwo sɛnea Yesu te nka ma afoforo no ano. Bere bi esiane sɛ na bere a wɔde didi atwam nti ɔkae sɛ: “Nkurɔfokuw yi yɛ me mmɔbɔ.” Enti ɔnam anwonwakwan so maa wɔn aduan dii. (Marko 8:1-8) Bere a Yesu kɔɔ mmeaemmeae no, ɛnyɛ nkyerɛkyerɛ nko na ɔde maa nnipakuw pii, na mmom ohuu wɔn ahiade nso. (Mateo 9:35, 36) Bere bi a wɔkɔɔ baabi saa no, Yesu ne n’asuafo no annya adagyew mpo annidi. Bible kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na wosiim nam ɔkorow mu kɔɔ sare so fa baabi. Na nkurɔfo huu wɔn sɛ wɔrekɔ, nso na pii nim wɔn; na wɔnam fi nkurow no nyinaa mu tutuu mmirika kɔɔ hɔ, na wotwaa wɔn ano. Na Yesu sii fam no, ohuu nkurɔfokuw pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, efisɛ na wɔte sɛ nguan a wonni hwɛfo; na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.”—Marko 6:31-34.

Ɛnyɛ yare ne ohia a na aka nkurɔfo no nko na ɛkaa Yesu, na mmom wɔn honhom fam tebea nso. Na wɔn akannifo no sisi wɔn, enti “wɔyɛɛ [Yesu] mmɔbɔ.” Hela asɛmfua ma “wɔyɛɛ no mmɔbɔ” no kyerɛ “sɛ obi nsono mu betwa no.” Ná Yesu yɛ ɔbarima a ɔwɔ ayamhyehye ampa!

Ayamhyehye Wɔ Atirimɔden Wiase Mu

Mprempren Yesu Kristo ne Yehowa ɔsoro Ahenni no Hene. Sɛnea ɔyɛe wɔ tete Israel no, ɛnnɛ Onyankopɔn de ayamhyehye na edi ne nkurɔfo so. “Wɔbɛyɛ me de, asafo [Yehowa, NW] na ose, ɛda a mɛyɛ no so, ayɛ m’ankasa m’ade, na mɛkyɛe wɔn so sɛnea obi kyɛe ne ba a ɔsom no no so.”—Malaki 3:17.

Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ Yehowa hu wɔn mmɔbɔ no suasua n’akwan. Ɛyɛ nokware sɛ yɛte wiase bi a nkurɔfo ani gye sɛ wɔbɛbɔ wɔn asetra kwan ho ban sen sɛ wɔbɛboa wɔn a ahia wɔn no mu. Mmarima a wɔwɔ tumi taa de wɔn adwumayɛfo yiyedi to asiane mu de hwehwɛ mfaso. Wɔ 2 Timoteo 3:1-4 no, Bible ka yɛn bere yi mu abrabɔ tebea a ayi ayamhyehye afi nnipa pii komam no ho asɛm ma ɛfata.

Ne nyinaa akyi no, yebetumi anya hokwan de ada ayamhyehye adi. So yebetumi ayɛ yɛn afipamfo mmoa bi a wohia? Ɔyarefo bi wɔ hɔ a yebetumi akɔsra no? Yebetumi akanyan wɔn a wɔahaw ma ɛne afotu a ɛse: “Monkyekye wɔn a wɔn koma atu werɛ, munso wɔn a wɔyɛ mmerɛw mu” no ahyia?—1 Tesalonikafo 5:14.

Afei nso ayamhyehye bɛboa yɛn ma yɛato yɛn bo ase bere a afoforo di mfomso no. Wɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Momma wonyi anobow nyinaa ne bobɔne ne abufuw ne ano kurokuro ne abususɛm, ɛne bɔnepɛ nyinaa mfi mo mu. Na momma mo yam nyɛ yiye na ɛnhyehye mo mmoma mo ho, momfa mfirifiri mo ho, sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de firii mo no.”—Efesofo 4:31, 32.

Ayamhyehye bɛboa yɛn ma yɛakwati sɛ yebedi tumi wɔ ɔkwammɔne so. Bible se: “Monhyɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, abodwokyɛre.” (Kolosefo 3:12) Ahobrɛase adwene boa yɛn ma yenya tema ma wɔn a wɔhyɛ yɛn ase. Ayamhyehye hwehwɛ sɛ obi da ahobrɛase ne ntease adi sen sɛ ɔbɛyɛ katee. Ɛnsɛ sɛ nneɛma a yɛpɛ no frenkyemm nti, yɛne afoforo di te sɛ nea wɔyɛ mfiri bi. Afei nso, wɔ abusua no mu no, ɛsɛ sɛ okununom a wɔda ayamhyehye adi kae sɛ wɔn yerenom yɛ anwene a ɛyɛ mmerɛw. (1 Petro 3:7) Yesu ayamhyehye ho nhwɛso no a yebesusuw ho no betumi aboa yɛn wɔ eyi nyinaa mu.

Esiane sɛ Yesu nyaa tema a emu yɛ den maa nkurɔfo wɔ n’asase so som adwuma mu nti, yebetumi anya awerehyem sɛ mprempren ɔyɛ Sodifo ɔyamhyehyefo, na ɔbɛkɔ so ayɛ saa. Dwom 72 hyɛ ne ho nkɔm sɛ: “Obedi ɔman mu amanehunufo asɛm ama wɔn, na wagye ahiafo mma nkwa, na wabubu nhyɛsofo mu pasapasa. Obedi hene afi po so akosi po so, de afi asubɔnten no so akosi asase ano. Ɔbɛkora ɔbrɛfo ne ohiani so, na wagye ahiafo kra nkwa.”—Dwom 72:4, 8, 13.

Onyankopɔn Asɛm hyɛ nkɔm sɛ: ‘Trenee na ɔde bebu atɛn ama mmɔboroni, na ɔde asɛntrenee adi ama asase so amanehunufo. Obekum abɔnefo.’ Bere a nkɔmhyɛ no akyerɛkyerɛ sɛnea nkurɔfo a wɔn tirim yɛ den na wɔyɛ wɔn ade te sɛ mmoa bɛsakra wɔn akwan mu awie no, ɛtoa so sɛ: “Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so, na [Yehowa, NW] hu bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no.” (Yesaia 11:4-9) Nkɔmhyɛ yi de asase a nnipa a wonim Yehowa na wosuasua n’ayamhyehye akwan te so no ho bɔhyɛ ankasa na ɛma!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena