Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/99 kr. 2
  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo
  • Yɛn Ahenni Som—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo
    Yɛn Ahenni Som—2000
  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Monwɛn Na Mo Ani Nna Hɔ
    Yɛn Ahenni Som—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1999
km 1/99 kr. 2

Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo

Asɛmti a wɔbɛka ho asɛm wɔ ɔmansin nhyiam dwumadi foforo a yebefi ase February mu ni: “Di Onyankopɔn Mmara So na Nya Nkwa.” (Mmeb. 4:4) Wobesi nea enti a Onyankopɔn mmara a yebedi so no nyɛ adesoa no so dua. Bio nso, ɛbɛkyerɛ yɛn sɛnea Onyankopɔn apɛdeyɛ de abotɔyam ne nokware anigye ne anidaso ma daakye ba.—Mat. 11:28-30; Yoh. 13:17.

Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔnam osetie a wɔyɛ ma Kristo ahyɛde so pɛ sɛ wɔbɔ wɔn asu wɔ nhyiam no ase no bɔ ɔhwɛfo guamtrani no amanneɛ, na ɔbɛyɛ ɛho nhyehyɛe a ɛfata.—Mat. 28:19, 20.

Wɔbɛma ɔkasa a wɔakyekyem de akyerɛkyerɛ akwan a mfaso wɔ so a yebetumi afa so adɔ Onyankopɔn ne yɛn nuanom mu. (Yoh. 13:34, 35; 1 Yoh. 5:3) Wɔde Dwom 19 ne 119 no mu afotu a ɛka koma nso bɛma wɔ dwumadi no mu. Ɛwom sɛ wɔkyerɛw afotu a efi honhom mu a ɛwɔ dwom nhoma yi mu mfe mpempem a atwam ni de, nanso yebehu sɛnea ɛso wɔ mfaso ma yɛn ankasa nnɛ.

Baguam ɔkasa a ɔmantam sohwɛfo na ɔbɛma no asɛmti ni: “Suro Onyankopɔn na Di Ne Mmara Nsɛm So.” (Ɔsɛnk. 12:13) Ɔmansin sohwɛfo no kasa a etwa to no bɛkyerɛ sɛnea mmerante ne mmabaa betumi anya wɔn asetra so mfaso a ɛkyɛn so mprempren ne nea enti a wobetumi anya daakye a enni awiei bi mu ahotoso. Ɔmantam sohwɛfo no de dwumadi no bɛba awiei bere a ɔbobɔ mfaso pii a efi “mmara a edi hene” a ɛne ɔdɔ a yɛde bɛtra ase no mu ba din no. (Yak. 2:8) Nokwarem no, eyi yɛ ɔmansin nhyiam a yɛn mu biara rempɛ sɛ ɛbɛpa ne ti so!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena