Yɛn Bo a Yɛasi—Sɛ Yɛbɛfa Yehowa Asetra Kwan So
1 “Onyankopɔn Asetra Kwan” Ɔmantam Nhyiam no mu ade titiriw biako ne tirimbɔ a wogye toom wɔ ɔkasa a edi akyiri no mu no. Ɛde mpaemuka yi na efii ase: “[Yefi], . . . koma nyinaa mu gye tom sɛ Onyankopɔn kwan ne asetra kwan a eye sen biara.” Kaakae saa tirimbɔ a yegyee so “YIW!” no mu nsɛntitiriw no bi.
2 Yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛma yɛn ho atew wɔ Yehowa anim, na yɛayi yɛn ho afi wiase nkekae mu. Yɛbɛkɔ so de Onyankopɔn apɛde adi kan wɔ yɛn asetra mu. Bere a yɛde N’asɛm, Bible di dwuma sɛ ade a ɛkyerɛ yɛn kwan no, yɛremman nkɔ nifa anaa benkum, na yɛnam saayɛ so asi so dua sɛ Onyankopɔn kwan korɔn sen wiase no kwan koraa.
3 Nnipa dodow no ara a wɔwɔ wiase no bu wɔn ani gu Onyankopɔn asetra kwan so na wotwa so aba bɔne. (Yer. 10:23) Enti ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ma yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini, Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn, nea ɔka sɛ: ‘Eyi ne kwan no, monnantew so’ no. (Yes. 30:21) Sɛnea wɔada no adi wɔ Kyerɛwnsɛm mu no, Yehowa asetra kwan korɔn wɔ biribiara mu. Nea ɛbɛyɛ na yɛafa saa kwan no so no, ehia sɛ yɛde nea Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn nyinaa di dwuma kosi ase.
4 Yehowa Nkyerɛkyerɛ Nhyehyɛe a Ɛkorɔn No: Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn ma yehu asetra mu atirimpɔw ankasa ne sɛnea yebenya yɛn asetra mu mfaso akosi ase. Ɔkyerɛkyerɛ yɛn ma yehu sɛnea yebetumi ama yɛn asetra atu mpɔn wɔ adwenem, abrabɔ fam, ne honhom fam. Ɔkyerɛkyerɛ yɛn ma yehu sɛnea yɛne yɛn nuanom, yɛn abusuafo, ne yɛn mfɛfo nnipa bɛtra ase asomdwoe mu. Ɔnam ne nkyerɛkyerɛ nhoma, Bible no ne n’ahyehyɛde no so na ɛyɛ eyi.
5 Yɛn asafo nhyiam ahorow di akoten kɛse wɔ eyi mu. Bere a yɛkɔ nhyiam ahorow anum no nyinaa daa na yenya mu kyɛfa no, ɛtete yɛn yiye sɛ asɛmpa no ho asomfo, na yenya Kristofo asetra mu ntetee a ɛkari pɛ. (2 Tim. 3:16, 17) Afei nso, yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini no nam ɔmansin ne ɔmantam nhyiam ahorow so de teokrase ntetee ma yɛn. Nea ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae ne sɛ sɛ yɛn akwahosan ne yɛn nsɛm tebea ma yɛn kwan a, yɛremma asafo nhyiam anaa ne fã biara mpa yɛn ti so da.
6 Ɛmmra sɛ efi nnɛ rekɔ no, yɛbɛkɔ so de nsi afa Onyankopɔn asetra kwan so, de ayi Yehowa ayɛ na ayɛ yɛn mfaso daa daa!—Yes. 48:17.