Nsakrae a Wɔayɛ Wɔ Akwampaefo Nnɔnhwerew Ahwehwɛde Mu
1 Yɛn nyinaa ani sɔ sɛ yɛwɔ daa akwampaefo ne akwampaefo aboafo a wɔyɛ adwumaden wɔ asafo no mu. Baabi a asasesin no sua na wɔyɛ mu adwuma fefeefe bere nyinaa mpo no, akwampaefo nam Ahenni adwuma no a wɔde nsi yɛ no so ayɛ nhwɛso pa. Wɔahyɛ adawurubɔfo no nyinaa nkuran ma wɔayere wɔn ho rehwehwɛ wɔn a ‘wɔayi wɔn yam’ no.—Aso. 13:48.
2 Asafo ti no ahu sɛ nsɛnnennen a akwampaefo hyia no reyɛ kɛse, titiriw ɛdefa adwuma a wɔde bere fã yɛ a wobenya ayɛ na ama wɔatumi adi wɔn ankasa ahiade ho dwuma yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akɔ so ayɛ bere nyinaa som adwuma no ho. Sikasɛm tebea a ɛwɔ nsase pii so mprempren no nso ama ayɛ den kɛse sɛ afoforo de wɔn ho bɛhyɛ akwampae adwuma no mu, ɛwom mpo sɛ ɛwɔ wɔn komam de. Wɔasusuw saa nneɛma yi ne afoforo ho yiye nnansa yi.
3 Esiane nea ɛwɔ atifi hɔ no nti, Asafo ti no atew daa akwampaefo ne akwampaefo aboafo nnɔnhwerew ahwehwɛde no so. Efi 1999 rekɔ no, wɔbɛhwehwɛ sɛ daa akwampaefo de nnɔnhwerew 70 bɛyɛ adwuma ɔsram biara, anaa nnɔnhwerew 840 bɛyɛ adwuma afe biara. Wɔbɛhwehwɛ sɛ akwampaefo aboafo de nnɔnhwerew 50 bɛyɛ adwuma ɔsram biara. Esiane sɛ Asafo ti no yɛ nsiesiei boa akwampaefo atitiriw ne asɛmpatrɛwfo ma wɔde di wɔn asetram ahiade atitiriw ho dwuma nti, wɔnyɛɛ nsakrae biara wɔ nnɔnhwerew a wɔde yɛ adwuma no mu. Ne saa nti, wobetumi de wɔn adwene asi wɔn asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no so yiye.
4 Yɛwɔ anidaso sɛ nsakrae a wɔayɛ wɔ nnɔnhwerew ahwehwɛde mu yi bɛboa akwampaefo pii ma wɔakɔ so ayɛ ɔsom adwuma a ɛsom bo yi. Ɛsɛ sɛ ebue hokwan ma adawurubɔfo foforo pii nso de wɔn ho hyɛ daa akwampaefo ne akwampaefo aboafo adwuma no mu. Hwɛ nhyira ara a eyi de bɛbrɛ asafo no muni biara!