-
Bata Akenkan HoƆwɛn-Aban—1996 | May 15
-
-
mũ.” Afei nso, wɔn a wɔkenkan Kyerɛwnsɛm mu asɛm no nya asuade a mfaso wɔ so bi: Di Yehowa nokware, na wubenya nhyira kɛse.—Rut 2:12; 4:17-22; Mmebusɛm 10:22; Mateo 1:1, 5, 6.
16. Sɔhwɛ bɛn na Hebrifo baasa no hyiae, na ɔkwan bɛn so na asɛm yi betumi aboa yɛn?
16 Hebrifo a wɔfrɛ wɔn Sadrak, Mesak, ne Abednego ho asɛm no betumi aboa yɛn ma yɛadi Onyankopɔn nokware wɔ sɔhwɛ ahorow mu. Yɛ asɛm no ho mfonini bere a wɔkenkan Daniel ti 3 den no. Sika honi kɛse tenten bi si Dura asasetaw so, baabi a Babilon mpanyimfo ahyiam. Bere a wɔte asanku nnyigyei no, wɔhwe fam sɔre ohoni a Ɔhene Nebukadnesar de asi hɔ no. Kyerɛ sɛ, obiara yɛ saa, gye Sadrak, Mesak, ne Abednego nkutoo. Wofi obu mu ka no pintinn kyerɛ ɔhene no sɛ wɔrensom n’anyame no, na wɔrensɔre sika honi no. Wɔde Hebrifo baasa yi gu fononoo a adɔ aboro so mu. Nanso, dɛn na ɛba? Bere a ɔhene no hwɛ mu no, ohu mmarima a wosi pi baanan, a obiako “tebea te sɛ anyame ba bi.” (Daniel 3:25) Woyi Hebrifo baasa no fi fononoo no mu, na Nebukadnesar hyira wɔn Nyankopɔn no. Mfaso wɔ so sɛ woyɛɛ asɛm no ho mfonini wɔ w’adwenem. Na hwɛ asuade a ɛde ma wɔ nokware a wodi Yehowa wɔ sɔhwɛ mu ho!
Bible Akenkan Mu Mfaso a Mubenya sɛ́ Abusua
17. Ka nneɛma bi a mfaso wɔ so a w’abusua nam Bible a mobɛbom akenkan so betumi asua ho asɛm tiawa.
17 Mo abusua betumi anya mfaso pii, sɛ mugye bere bom kenkan Bible no daa a. Sɛ mufi ase fi Genesis a, mubetumi ahu adebɔ na moahu onipa mfitiase Paradise fie no. Mubetumi anya tete agyanom anokwafo no ne wɔn mmusua no suahu ahorow no mu kyɛfa, na moadi Israelfo akyi bere a wɔnam asase kesee so twa Po Kɔkɔɔ no. Mubetumi ahu sɛ abarimaa Dawid di Filistini bran Goliat so. Mo abusua no betumi ahu Yehowa asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no si, wobetumi ahu sɛe a Babilon asraafo dɔm sɛe no, na wobetumi ahu si a wɔsan sii wɔ Amrado Serubabel akwankyerɛ ase. Bere a woka nguanhwɛfo abrɛfo ho wɔ baabi a ɛbɛn Betlehem no, wubetumi ate Yesu awo ho amanneɛ a ɔbɔfo de ma no. Wubetumi anya n’asubɔ ne ne som adwuma ho nkyerɛkyerɛmu, wubetumi ahu sɛ ɔde ne desani nkwa rema sɛ agyede, na wubetumi anya ne wusɔre ho anigye no mu kyɛfa. Nea edi hɔ no, wubetumi ne ɔsomafo Paulo atutu akwan ahu sɛnea wɔhyehyɛɛ asafo ahorow bere a na Kristosom retrɛw no. Afei, wɔ Adiyisɛm nhoma no mu no, mo abusua betumi anya ɔsomafo Yohane anisoadehu kɛse a ɛfa daakye ho, a Kristo Mfirihyia Apem Nniso no ka ho, no mu kyɛfa.
18, 19. Abusua Bible akenkan ho nyansahyɛ ahorow bɛn na wɔde ama?
18 Sɛ morekenkan Bible no den sɛ abusua a, monkenkan ma emu nna hɔ, na monyɛ no anigye so. Sɛ morekenkan Kyerɛwnsɛm no afã bi a, obusuani biako—ebia agya no—betumi akenkan asɛm no. Mo a moaka no betumi ayɛ mo ho sɛ Bible mu nnipa, de nkate a ɛfata akenkan mo afã horow no.
19 Sɛ mokenkan Bible no sɛ abusua a, mo akenkan betumi atu mpɔn. Ɛda adi sɛ Onyankopɔn ho nimdeɛ a mowɔ no bɛyɛ kɛse, na ɛsɛ sɛ eyi twe mo bɛn no kɛse. Asaf too dwom sɛ: “Na me de, Onyankopɔn nkyɛn tra ye ma me, mede AWURADE [Yehowa, NW] mayɛ me guandɔbea, na maka wo nnwuma nyinaa.” (Dwom 73:28) Eyi bɛboa mo abusua no ma moayɛ sɛ Mose a “omiaa n’ani traa mu sɛnea ohu nea wonhu no,” a ɔne Yehowa Nyankopɔn no.—Hebrifo 11:27.
Akenkan ne Kristofo Som Adwuma No
20, 21. Ɔkwan bɛn so na akenkan a yebehu fa yɛn asɛmpaka adwuma no ho?
20 Ɛsɛ sɛ ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛsom ‘nea yenhu no no’ kanyan yɛn ma yedi akenkanfo pa a yɛbɛyɛ no ho dwuma. Akenkan a yenim no yiye no boa yɛn ma yefi Onyankopɔn Asɛm mu di adanse. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛboa yɛn ma yɛyɛ Ahenni asɛnka adwuma a Yesu kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnyɛ, bere a ɔkae sɛ: “Monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mateo 28:19, 20; Asomafo no Nnwuma 1:8) Yehowa nkurɔfo adwuma titiriw ne adansedi, na kenkan a yetumi kenkan no boa yɛn ma yedi ho dwuma.
21 Egye mmɔdenbɔ na obi atumi ayɛ ɔkenkanfo pa ne Onyankopɔn Asɛm no kyerɛkyerɛfo a ne ho akokwaw. (Efesofo 6:17) Enti, ‘bɔ mmɔden fa wo ho gyina Onyankopɔn anim sɛ obi a ɔfata, na okura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.’ (2 Timoteo 2:15) Ma Kyerɛwnsɛm mu nokware ho nimdeɛ a wowɔ ne nea wutumi yɛ sɛ Yehowa Dansefo no nyɛ kɛse denam akenkan ho a wobɛbata so.
-
-
Kenkan Onyankopɔn Asɛm No na Som No Nokware MuƆwɛn-Aban—1996 | May 15
-
-
Kenkan Onyankopɔn Asɛm No na Som No Nokware Mu
“Awurade, kyerɛ me wo kwan, mɛnantew wo nokware mu.”—DWOM 86:11.
1. Ne titiriw no, dɛn na nsɛmma nhoma yi a edii kan bae no ka faa nokware ho?
YEHOWA ma hann ne nokware. (Dwom 43:3) Afei nso, ɔma yetumi kenkan n’Asɛm, Bible no, na yesua nokware no. Nsɛmma nhoma yi Engiresi de a edii kan bae—July 1879—kae sɛ: “Atosɛm nwura pii atwa nokware no ho ahyia huu te sɛ nhwiren a ɛyɛ mmerɛw ketewaa bi a ɛwɔ nkyɛkyerɛ mu, na ɛreyɛ akum no. Sɛ wubetumi ahu a, ɛsɛ sɛ woma w’ani da hɔ bere nyinaa. Sɛ wubetumi ahu ne fɛ a ɛyɛ a, ɛsɛ sɛ woka atosɛm wura ne kateeyɛ nsɔe no gu nkyɛn. Sɛ wubenya a, ɛsɛ sɛ wokotow fa. Mma nokware nhwiren biako nnnɔɔ wo so. Sɛ biako dɔɔso a, anka foforo amma. Kɔ so ara boaboa ano, kɔ so hwehwɛ pii.” Onyankopɔn Asɛm akenkan ne ne sua ma yenya nokware nimdeɛ, na yɛnantew ne nokware mu.—Dwom 86:11.
-