Sɛnea Wubenya Anigye Wɔ Asuafoyɛ Mu
ANIGYE a edi mu biako a obi betumi anya ne sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn yɔnko dwumayɛni. Ɛnnɛ, nea ɛka Onyankopɔn adwuma ho ne komapafo a wɔbɛboaboa wɔn ano aba Kristofo asafo no mu na wɔatetew wɔn ama nkwa sɛ Kristofo mprempren, na ama wɔanya nkwa akɔ wiase foforo no mu nso.—Mika 4:1-4; Mateo 28:19, 20; 2 Petro 3:13.
Ayɛ ade a ama Yehowa Adansefo a wɔwɔ Latin Amerika anya anigye kɛse sɛ wohu sɛ efi 1980 no, nnipa ɔpepem biako abɛyɛ Yesu Kristo asuafo. Wɔ asase a ɛsow aba a nnipa pii wɔ obu ma Bible na wogye di yi so no, bere nyinaa asomfo bi atumi aboa nnipa pii ma wɔahyira wɔn nkwa so ama Yehowa. Esiane osuahu pii a wɔanya nti, ebia wobetumi aka biribi afa anigye a wonya fi asuafoyɛ mu ho akyerɛ yɛn. Wɔn nyansahyɛ ahorow no bi betumi aboa wo ma woanya anigye wɔ asuafoyɛ no mu wɔ baabi a wote no.
Wɔn a Wobetumi Abɛyɛ“Nguan” a Yebehu Wɔn
Bere a Yesu somaa n’asomafo no sɛ wɔnkɔka asɛm no, ɔkae sɛ: “Kurow anaa akuraa biara a mobɛhyɛn mu no, mummisa nea ɔsɛ wɔ hɔ.” (Mateo 10:11) Sɛ wokɔsra nkurɔfo a, wobɛyɛ dɛn ahu wɔn a wubetumi aboa wɔn honhom fam no? Edward a ɔde bɛboro mfe 50 ayɛ bere nyinaa som adwuma no ka sɛ: “Wɔnam wɔn nsemmisa a efi komam ne abotɔyam a wonya bere a wufi Kyerɛwnsɛm mu bua wɔn nsemmisa no so na ɛkyerɛ saa.” Carol de ka ho sɛ: “Sɛ obi ka ne haw anaa ne dadwen kyerɛ me a, na ɔrepɛ mmoa ankasa. Mebɔ mmɔden sɛ menya nsɛm a ebetumi aboa no wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow mu. Obi ho anigye a wɔkyerɛ saa no taa kowie Bible adesua mu.” Nanso, ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw sɛ wubehu komapafo no. Luis ka sɛ: “Wɔn a na ɛte sɛ nea wɔwɔ anigye yiye no bɛyɛɛ wɔn a wɔn ani nnye ho koraa, nanso afoforo a mfiase no, na ɛte sɛ nea wɔsɔre tia no sesae bere a wɔtee nea Bible ka ankasa no.” Esiane sɛ Latin Amerikafo pii wɔ obu ma Bible no nti, ɔde ka ho sɛ, “mihu wɔn a metumi aboa wɔn honhom fam no bere a wɔyɛ krado sɛ wobetie nea Bible kyerɛkyerɛ bere a mede kyerɛ wɔn no.” Wɔn a “wɔfata” saa no a wɔboa wɔn ma wonya honhom fam nkɔso no de nokware anigye ne abotɔyam ba. Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi?
Bible Adesua Ase a Wubefi
Mpɛn pii no, nhoma ahorow a wɔde sua Bible a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ayɛ a wode bedi dwuma no ne ɔkwampa a ɛsen biara a wubetumi afa so aboa nkurɔfo ma wɔate Bible mu nokware no ase. (Mateo 24:45) Wobɛyɛ dɛn ama wɔanya anisɔ ama ɛbo a nhoma a wɔde sua Bible no som? Edward ka sɛ: “Esiane sɛ nnipa nsɛm tebea, nipasu, ne wɔn adwene gu ahorow nti, mebɔ mmɔden sɛ mɛyɛ fakaa bere a mifi adesua ase no.” Worentumi mfa ɔkwan koro no ara so nni obiara ho dwuma.
Wɔ ebinom fam no, ebehia ama bɔnnɔ so nkɔmmɔbɔ pii ansa na wode nhoma a wɔde sua Bible bi akyerɛ wɔn. Nanso, asɛmpatrɛwfo awarefo bi bɔ amanneɛ sɛ: “Mpɛn pii no, yefi adesua ase nsrahwɛ a edi kan no ara.” Saa ara na Ɔdansefo bi a waboa nnipa 55 ma wɔahyira wɔn ho so ka sɛ: “Ɔkwan titiriw a mefa so fi Bible adesua ase ne sɛ mekɔ Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma no mu tẽẽ.” Ɛwom sɛ nnipa pii mpɛ sɛ wosua biribiara de, nanso afoforo wɔ ɔpɛ sɛ wobesua biribiara a wogye di sɛ ɛbɛboa wɔn wɔ asetram. Mpɛn pii no, saafo yi ani gye ofie Bible adesua a yɛyɛ a yennye hwee no ho. Asɛmpatrɛwfo bi kyerɛkyerɛ eyi mu, na afei wɔka sɛ: “Mepɛ sɛ mekyerɛ wo sɛnea yɛyɛ no. Sɛ wopɛ a, wubetumi atoa so. Sɛ ɛnte saa a, ɛno yɛ w’ankasa w’asɛm.” Sɛ yɛka no saa a, nkurɔfo nsuro sɛ wɔbɛpene so.
Ɔdansefo foforo a waboa nnipa pii a wodi hia na wɔn nhomanim nkɔ anim no ka sɛ: “Mahu sɛ nkratawa no boa titiriw wɔ Bible adesua asefi mu.” Sɛ bere nyinaa akyerɛkyerɛfo no de nhoma biara di dwuma a, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛtwe adwene asi Bible no so titiriw. Carola ka sɛ: “Wɔ adesua a edi kan no mu no, mede mfonini ahorow ne kyerɛw nsɛm bɛyɛ anum di dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a nsɛntitiriw no bɛda adi na Bible no anyɛ te sɛ nea ɛyɛ den.”
Anigye a Wobɛma Atra Hɔ
Sɛ nnipa hu sɛ wɔrenya nkɔso a, wɔn ani gye, enti Jennifer kamfo kyerɛ sɛ: “Ma adesua no nyɛ anigye. Ma entu mpɔn.” Adesua no a wobɛyɛ no daa a wunnyaw adapɛn bi ntotom no nso boa wɔn ma wɔte nka sɛ wɔrenya nkɔso. Ɔkwampaefo titiriw bi a wɔtetee no akuraa ase kyerɛkyerɛ hia a ɛho hia sɛ wobɛma nkyerɛkyerɛmu no ayɛ tiawa na wasi nsɛntitiriw no so dua sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔn nhomanim nkɔ anim no betumi anya nkɔso no mu. Ɔka sɛ: “Wɔ m’akuraa ase no, na ɛsɛ sɛ yɛpete asase no so nsu bere a yɛadua so aba no. Sɛ na yɛma nsu no dɔɔso a, asase no ani bɛyɛ denneennen ma enti aba a ɛrefifi no ntumi mpuepue, na ewuwu. Saa ara na sɛ wode nsɛm pii hyɛ anigyefo a wɔyɛ foforo tirim a, ebetumi ayɛ den ama wɔn dodo na wɔagyae.” Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔrepɛ biribi ahu sua sɛ wɔde adwene besi asɛm biako so bere koro mu na ama wɔatumi anya nkɔso wɔ nsɛm asete mu. Yesu see n’asomafo no sɛ: “Mewɔ nsɛm pii bio meka mekyerɛ mo, nanso muntumi nsoa mprempren.”—Yohane 16:12.
Ɔkwan foforo a wobɛfa so ama anigye no atra hɔ ne sɛ wobɛhyɛ wɔn a wosra wɔn no nkuran ma wɔasusuw Onyankopɔn Asɛm ho bere a wokɔ no. Yolanda kamfo kyerɛ sɛ: “Gyaw asemmisa bi ma wɔn. Ma wɔn dwumadi bi ma wɔnnyɛ, te sɛ Bible no fã bi a wɔbɛkenkan anaa asɛm bi a ɛfa wɔn ho mu a wɔbɛhwehwɛ.”
Ɔdɔ a Wobenya Ama Yehowa
Sɛ woboa wo Bible asuafo ma wɔbɛyɛ ‘asɛm no yɛfo, na wɔannyɛ atiefo nko’ a, w’anigye bɛyɛ kɛse. (Yakobo 1:22) Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Yehowa ho dɔ kanyan nokware Kristofo. Pedro a ofi Mexico no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nnipa rentumi nnɔ obi a wonnim no, enti wɔ adesua no mfiase pɛɛ no, mifi Bible mu kyerɛ wɔn Onyankopɔn din, na mehwehwɛ hokwan de si Yehowa su horow so dua.” Wɔ nkɔmmɔbɔ no mu no, wubetumi ama wɔanya Yehowa ho anisɔ denam nkate a wowɔ ma no a wobɛda no adi so. Elizabeth ka sɛ: “Mebɔ mmɔden sɛ mɛka Yehowa papayɛ ho asɛm bere nyinaa. Bere a adesua no rekɔ so no, sɛ mihu nhwiren fɛfɛ bi, anomaa bi a ne ho yɛ fɛ, anaa agyinamoa ba bi a ɔredi agoru a, meka sɛ ɛyɛ Yehowa adwuma bere nyinaa.” Jennifer hyɛ nyansa sɛ: “Ka Onyankopɔn wiase foforo a wahyɛ ho bɔ no ho asɛm kyerɛ wɔn sɛ ɛyɛ nokwasɛm a wunim sɛ ɛbɛbam. Bisa nea wɔbɛpɛ sɛ wɔbɛyɛ wɔ wiase foforo no mu.”
Sɛ obi de anisɔ susuw nea osua wɔ Yehowa ho no ho a, ɛkɔ ne komam na ɛka no ma ɔde di dwuma. Nanso ɔrentumi nsusuw nsɛm ho gye sɛ ɔkae. Nsɛm atitiriw abiɛsa anaa anan a mode bere tiaa bi betĩ mu wɔ adesua biara akyi no yɛ ade a ɛbɛboa ma wɔakae biribi. Bible akyerɛkyerɛfo pii ma afoforofo kyerɛkyerɛw nsɛm atitiriw ne nsɛm foforo wɔ wɔn Bible akyi. Ɔsɛmpatrɛwfo bi a ofi England kyerɛkyerɛ mfaso foforo a wonya fi ntimu no mu sɛ: “Mibisa wɔn sɛnea asɛm no aboa wɔn. Eyi ma wɔde anisɔ susuw Yehowa akwan ne ne mmara ho.”
Ɔdansefo nokwafo bi a owiee Gilead adesuakuw a ɛto so abiɛsa no ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛda anigye adi. Ɛsɛ sɛ yɛn Bible asuafo no hu sɛ yegye nea yɛkyerɛkyerɛ no di.” Sɛ woda gyidi a ama woayɛ “adwuma no yɛfo” a ɔwɔ anigye no adi a, ebetumi aka afoforo.—Yakobo 1:25.
Ɔdansefo bi a waboa nnipa pii ma wɔsom Yehowa no ka sɛ: “Mihu sɛ, sɛ meboa nkurɔfo ma wohu wɔn mpae a wɔbɔ ho mmuae a, wɔte nka sɛ wɔbɛn Nyankopɔn. Mifi m’ankasa suahu mu ma wɔn nhwɛso ahorow te sɛ nea edi so yi: Bere a me ne me hokafo koduu baabi a wɔmaa yɛn dwumadi foforo wɔ hɔ sɛ akwampaefo no, na yɛwɔ nnuadewa kakraa bi, adaka mu margarine biako, na na yenni sika koraa. Yedii aduan no wiee anwummere, na yɛkae sɛ, ‘Seesei yenni biribiara ma ɔkyena.’ Yɛbɔɔ ho mpae kɔdae. Ade kyee anɔpatutuutu no, ɛhɔnom Ɔdansefo bi bae bɛdaa ne ho adi kae sɛ, ‘Mebɔɔ mpae sɛ Yehowa mfa akwampaefo mmra. Seesei, metumi ne mo ayɛ adwuma pii awiabere, nanso esiane sɛ mete akuraa nti, ɛsɛ sɛ me ne mo didi awia, enti mede aduan yi aba sɛ ɛyɛ a yɛadi.’ Ná ɛyɛ nantwinam ne nnuadewa pii bi. Meka kyerɛ me Bible asuafo bere nyinaa sɛ sɛ yɛhwehwɛ Yehowa Ahenni no kan a, ɔrennyaw yɛn.”—Mateo 6:33.
Fa Mmoa a Mfaso Wɔ So Ma
Nkurɔfo a yɛbɛyɛ wɔn Kristo asuafo no hwehwɛ pii sen Bible adesua a yɛbɛyɛ. Ɔsɛmpatrɛwfo bi a ɔde mfe pii som sɛ ɔhwɛfo kwantufo ka sɛ: “Nya bere ma wɔn. Nyɛ ntɛm mfi hɔ bere a moayɛ adesua no awie no. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, twɛn na mommɔ nkɔmmɔ kakra.” Elizabeth ka sɛ: “Minya wɔn ho anigye efisɛ ɛfa nkwa ho. Mpɛn pii no, midwen wɔn ho sɛ nea wɔyɛ me mma.” Adansefo foforo de nyansahyɛ ahorow yi mae: “Sɛ wɔyare a, kɔsra wɔn.” “Sɛ nhwɛso no, sɛ wonam asɛnka mu na wobɛn wɔn fie a, fa bere tiaa bi kɔsra wɔn na fa Adansefo foforo kyia wɔn.” Eva ka sɛ: “Tie onipa no yiye na te n’asetram nsɛm ne ne nsɛm tebea ase. Eyi ka ɔkwan a nnipa fa so yɛ wɔn ade wɔ nokware no ho no, na ebetumi asiw wɔn nkɔso kwan. Fa wɔn nnamfo, sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya ahotoso de aka wɔn haw ahorow akyerɛ wo.” Carol de ka ho sɛ: “Esiane sɛ ɛtɔ mmere bi a, nsakrae a nokware no de bɛba n’asetra mu no bɛma wahwere abusuafo ne nnamfo nti, nokware anigye a wobɛkyerɛ wɔ ne ho no ho hia. Mpɛn pii no, ɛyɛ papa sɛ osuani no behu baabi a yɛte na wanya ahotoso atumi aba yɛn nkyɛn bere biara.” Boa no ma ommu asafo no sɛ n’abusua foforo.—Mateo 10:35; Marko 10:29, 30.
Yolanda ka sɛ: “Ma w’ani nna hɔ na woatumi de mmoa a mfaso wɔ so ama. Tra wɔn nkyɛn wɔ asafo nhyiam horow ase, na boa wɔn ma wonso wɔn mma mu.” Kyerɛ a wobɛkyerɛ wɔn a wɔyɛ foforo sɛnea wɔbɛtete wɔn mma, sɛnea wɔbɛma wɔn ahotew ho gyinapɛn atu mpɔn, asiesie sɛnea wɔbɛma mmuae wɔ asafo nhyiam horow ase, na wɔama ɔkasa wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu mu no nyinaa yɛ asuafoyɛ adwuma no fã. Onuawa foforo de ka ho sɛ: “Ɛho hia sɛ yɛbɛtete afoforofo ama ɔsom adwuma no. Sɛ yebu yɛn ani gu ntetee yi fã so a, ɛma ebinom kɔ so suro sɛ wɔbɛyɛ asɛnka adwuma no, wɔhwere Yehowa som mu anigye a wɔwɔ no, na wontumi nnyina.” Enti fa ntetee pa ma wɔn wɔ afie afie asɛnka adwuma, sankɔhwɛ a wɔbɛyɛ, ne Bible adesua ase a wobefi no mu. Sɛ wuhu sɛ wo mmoa ne w’akwankyerɛ ama wo Bible asuafo renya nkɔso a, w’anigye bɛyɛ kɛse.
Hyɛ Wɔn Den ma Wonnyina
Obi a ɔboa afoforo ma wɔbɛyɛ asuafo a ɔwɔ suahu bɔ kɔkɔ sɛ: “Sɛ wɔbɔ Bible suani no asu a, ɛnyɛ den sɛ wubegyae adesua no.” Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no ne osuani no nyinaa kae sɛ Kristoni a wɔabɔ no asu foforo ho nkokwawee wɔ honhom fam koraa. Ɔwɔ pii yɛ wɔ nyin a obenyin wɔ gyidi mu, Onyankopɔn mmara ho anisɔ a ɔwɔ, ne ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa no mu. Ɛho hia sɛ wobɛhyɛ no nkuran ma wanya kokoam adesua ho su pa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛkɔ so anya nkɔso.—1 Timoteo 4:15.
Ebia obi a ɔyɛ foforo no behia mmoa na wanya nkɔso na wabɛyɛ anuanom fekuw no muni a ɔpɛ ahɔhoyɛ. Obehia akwankyerɛ wɔ anuanom sintɔ ahorow ho dwuma a obedi bere a ɔbɛn wɔn no mu. (Mateo 18:15-35) Ebia obehia mmoa na ama wabɛyɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ne ho akokwaw a n’ankasa tumi yɛ nhwehwɛmu. Ɔsɛmpatrɛwfo bi ka sɛ: “Bere a wɔbɔɔ osuani bi asu akyi no, na ɔpɛ sɛ otu mpɔn wɔ ɔkwan a ɔfa so kyerɛkyerɛ no mu, enti ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ meyɛ Bible adesua foforo dapɛn a edi hɔ no, nanso ehia sɛ mekaakae m’adwene wɔ atiri a midii kan suae no ho. Mesrɛ wo, wubetumi ne me asan asua emu biara bio, sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ahyɛ kyerɛw nsɛm ne mfonini no ho nkyerɛkyerɛmu no nsow, na afei matumi de adi dwuma bere a mekɔyɛ m’adesua no?’ Wabɛyɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa, na wɔbɔɔ ne Bible asuafo baanan asu wɔ nhyiam bi ase.”
Nea Enti a Mmɔden a Yɛbɔ De Yɛ Asuafo no Fata
Pamela ka sɛ: “Asuafo a yɛbɛyɛ no hwehwɛ sɛ yɛbɛma nnipa bebree abeyi Yehowa ayɛ. Ɛkyerɛ nkwa ma wɔn a wogye nokware no. M’ani gye ho sɛ mede nokware bɛkyerɛ afoforo ankasa—ɛyɛ anigye! Onii no hu sɛ asuafo no renya nkɔso nkakrankakra, wɔreyɛ nsakrae wɔ wɔn asetram, na wɔredi akwanside ahorow a sɛ ɛnyɛ Yehowa mmoa a, anka wɔrentumi nni so so. Wɔn a wɔabɛdɔ Yehowa no mu pii abɛyɛ me nnamfo a wɔbɛn me yiye.”
Ɔsɛmpatrɛwfo bi a ofi Germany ka sɛ: “Sɛ misusuw wɔn a maboa wɔn ma wɔabɛyɛ asuafo no ho a, mihu nnipa a na wɔyɛ ahufo yiye a wɔanya nkɔso kɛse sɛ Onyankopɔn asomfo a na ɛyɛ den sɛ megye adi. Mihu nnipa a wɔadi akwanside a ɛyɛ hu so, a ɛda adi sɛ Yehowa na ɔboaa wɔn. Mihu mmusua a bere bi na wɔn mu apaapae nanso mprempren wɔayɛ biako—mmofra a wɔwɔ anigye na wɔwɔ awofo a wɔn ani ku wɔn asɛyɛde ho. Mihu nnipa a wɔwɔ asetra a atirimpɔw wom a wɔreyi Yehowa ayɛ. Eyi yɛ anigye a wonya fi asuafoyɛ mu.”
Yiw, Yehowa Nyankopɔn yɔnko dwumayɛni a obi bɛyɛ wɔ asuafoyɛ adwuma no mu no ma onya anigye a wontumi mfa biribiara ntoto ho. Asɛmpatrɛwfo ne akwampaefo suahu ahorow no akyerɛ saa. Sɛ wufi ɔkra nyinaa mu de nyansahyɛ ahorow no di dwuma a, wubetumi anya anigye ne abotɔyam saa ara. Ɛdenam Yehowa mmoa so no, w’anigye bewie pɛyɛ.—Mmebusɛm 10:22; 1 Korintofo 15:58.