-
Hwehwɛ MmoaAhenni Som—2000 | March
-
-
Hwehwɛ Mmoa
1 Nsɛm a efi honhom mu a ɛse “emu yɛ den” no ka yɛn bere a emu yɛ den yi ho asɛm ma ɛfata. (2 Tim. 3:1) Ɛnde, dɛn na wubetumi ayɛ bere a wuhyia honhom fam nsɛnnennen a ebia wote nka sɛ wuntumi nnyina ano no?
2 So wubefi wo pɛ mu ne asafo no muni bi a ne ho akokwaw wɔ honhom mu aka ho asɛm? Ebia ebinom bɛtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛyɛ saa efisɛ ɛyɛ wɔn aniwu, na wɔmpɛ sɛ wɔbɛyɛ adesoa ama obi anaasɛ wonnye nni sɛ obi betumi aboa wɔn ankasa. Ɛyɛ nokware sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden di yɛn ankasa asɛyɛde ho dwuma sɛnea yebetumi de, nanso ɛsɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu hwehwɛ mmoa bere nyinaa wɔ nsɛm a ɛfa yɛn honhom fam yiyedi ho mu.—Gal. 6:2, 5.
3 Faako a Ɛsɛ sɛ Wufi Ase: Wubetumi akɔ wo nhoma adesua sohwɛfo nkyɛn akobisa no sɛ ebia wubetumi ne no ayɛ adwuma wɔ asɛnka mu anaa. Eyi bɛma woanya hokwan aka akyerɛ no sɛ wopɛ sɛ wunyin wɔ honhom mu. Sɛ ɔyɛ asafo mu ɔsomfo a, ma onhu sɛ wuhia honhom fam mmoa na ɔbɛka akyerɛ mpanyimfo no ma wɔaboa wo. Anaasɛ wubetumi akohu mpanyimfo no mu biara wɔ nsɛm a ɛhaw wo no ho.
4 Mmoa bɛn na wuhia? So biribi ama wo nnamyɛ abrɛ ase? So woyɛ ɔwofo a onni ɔhokafo a worebɔ mmɔden sɛ wobɛma wo mma abɛn asafo no kɛse? So woyɛ obi a wo mfe akɔ anim a wuhia mmoa? Anaasɛ ɔhaw bi rebu w’abam? Yɛn mmere a emu yɛ den yi ho dwuma a wubedi no betumi ayɛ den—nanso wubetumi ayɛ. Mmoa wɔ hɔ.
5 Sɛnea Mpanyimfo Boa: Mpanyimfo no dwen afoforo ho ankasa. Wobetie nea ɛhaw wo no. Sɛ adawurubɔfo afoforo hyia akwanside koro no ara a, mpanyimfo no besusuw ho bere a wɔhwɛ asafo no na wɔkyerɛkyerɛ wɔn no. Sɛ ‘nhwɛso ma nguankuw’ no, wɔayɛ krado bere nyinaa sɛ wɔne wo bɛbom ayɛ adwuma wɔ anigye so. (1 Pet. 5:3) Anuanom a wɔn ho akokwaw yi a wubetie wɔn bere a wosusuw Bible mu nnyinasosɛm ho no betumi ama wo som adwuma atu mpɔn na aboa wo wɔ w’asetra mu.—2 Tim. 3:16, 17.
6 Yesu ama yɛn ‘nnipa mu akyɛde’ pii. (Efe. 4:8 NW, ase hɔ asɛm.) Eyi kyerɛ sɛ mpanyimfo no wɔ hɔ sɛ wɔbɛsom wo. Wɔwɔ hɔ sɛ wɔbɛboa wo, na sɛnea yɛbɛka no no, ‘wɔyɛ wo dea.’ (1 Kor. 3:21-23) Enti, wo ne wɔn nkasa na nka w’ano ntom. Bisa mmoa a wuhia no.
-
-
Daniel Nkɔmhyɛ Nhoma No a YebesuaAhenni Som—2000 | March
-
-
Daniel Nkɔmhyɛ Nhoma No a Yebesua
1 Efi April 17 dapɛn no mfiase no, yebesua Tie Daniel Nkɔmhyɛ No! wɔ Asafo Nhoma Adesua ase. Yɛn mu pii akenkan nhoma a emu nsɛm yɛ nwonwa yi dedaw, nanso afei de yɛanya hokwan a ɛbɛma yɛanya so mfaso pii denam sua a yebesua abom no so. Yɛto nsa frɛ adawurubɔfo, anigyefo, ne mmofra nyinaa, na yɛhyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmmra adesua bere a yɛresua Bible mu nhoma a ɛne Daniel no mu nsɛm a emu dɔ yi dapɛn biara no.—Deut. 31:12, 13.
2 Adesua Nhyehyɛe ne Akwankyerɛ: Yɛayɛ adesua nhyehyɛe a yebegyina so asua Daniel Nkɔmhyɛ nhoma no wɔ Yɛn Ahenni Som yi mu. Hwɛ hu sɛ wubenya bi aka wo nhoma a wode bɛkɔ adesua no ho. Adesua nhyehyɛe yi kyerɛ nhoma no ti ne nkyekyem ne afei nkyekyem ahorow a yɛbɛkenkan afi Bible mu wɔ Daniel nhoma no mu a yebesua no dapɛn biara no. Ase hɔ nsɛm no kyerɛkyerɛ bere a yebesusuw nsɛm a ɛwɔ nhoma no mu bi ho ne ɔkwan a yɛbɛfa so mu. Yɛhyɛ nhoma mu adesua sohwɛfo no nkuran sɛ, sɛ wowie adesua no dapɛn biara a, ɔne kuw no nsusuw nkyekyem atitiriw a efi Daniel nhoma no mu wɔ Bible no mu a wɔahyehyɛ ma saa dapɛn no ho. Sɛ bere ma kwan a, mubetumi akenkan nkyekyem ahorow yi na moasusuw ho. Nkyekyem ahorow bi wɔ hɔ a yebeti mu dapɛn ahorow bi esiane sɛ yɛbɛkɔ so asusuw sɛnea yɛde bedi dwuma no ho nti.
3 Siesie Wo Ho Yiye Ma Adesua No: Yɛayɛ nsiesiei a ɛfata na ama yɛanya bere pii de asusuw ɔfa a wɔde ama dapɛn biara no ho yiye. Adesua anan nnɔɔso. Enti, bere a yɛde June 5 dapɛn no mu nhoma mu adesua aba awiei no, nea ɔhwɛ adesua no so no betumi ne kuw no asusuw Daniel 2:1-40 ho. Wɔ June 26 dapɛn no mu no, obetumi ne kuw no asusuw Daniel 3:1-30 ho. Wɔ September 4 dapɛn no mu no, ɛsɛ sɛ ɔne kuw no susuw mfonini ahorow ne kyerɛw nsɛm a ɛwɔ kratafa 139 no ho nso fefeefe. Ɛsɛ sɛ mususuw mfonini a ɛwɔ nkratafa 188 ne 189 no ho wɔ October 2 dapɛn no mu.
4 Siesie wo ho yiye ma adesua no dapɛn biara, na fa wo ho hyɛ mu. Ma w’ani nnye sɛ woka Yehowa ahyehyɛde a ɛwɔ asase so no ho na worenya nhumu ne nneɛma mu ntease a n’anokwafo a wɔasra wɔn no de ma no. (Dan. 12:3, 4) Fa anigye hyɛ afoforo nkuran ma wɔnkɔ nhoma mu adesua daa. Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa betie Onyankopɔn nkɔmhyɛ asɛm sɛnea wɔada no adi wɔ Daniel nhoma a ɛyɛ ahodwiriw no mu.—Heb. 10:23-25; 2 Pet. 1:19.
-